WIASE NSƐM
Amerika
Nsɛm a efi Atɔe Fam Nsase so ma yehu mfaso a ɛwɔ Bible mu afotusɛm so.
Wohwɛ Wo E-mail Pii a, Ebetumi Ahaw Wo Anaa?
Nhwehwɛmu bi a wɔyɛe wɔ Vancouver, Canada kyerɛ sɛ, sɛ nkurɔfo tew mpɛn dodow a wɔde hwɛ wɔn e-mail so na wɔhwɛ no bɛyɛ mprɛnsa da koro a, wɔn adwinnwen so betumi atew. Kostadin Kushlev a odii nhwehwɛmu no anim no kaa nea wohui no ho asɛm sɛ: “Ɛyɛ den ma nnipa bebree sɛ wɔbɛtew mpɛn dodow a wɔde hwɛ wɔn e-mail so, nanso sɛ wotumi tew so a, ɛbɛtew wɔn adwinnwen so.”
SUSUW HO: Yɛte “mmere a emu yɛ den” mu, enti sɛ biribi bɛboa yɛn ma yɛatew yɛn adwinnwen so a, wunnye nni sɛ ɛsɛ sɛ yegye tom de yɛ adwuma?—2 Timoteo 3:1.
Ɛpo mu Nam Asan Adɔre
Amanneɛbɔ a Adwumakuw bi a wɔbɔ nsumnam ne wuramnam ho ban de too gua kyerɛ sɛ, “Wɔahu sɛ po mu nwaw, mmɔnkɔ, ne mpataa asan redɔre bio fi bere a aban barae sɛ mma obiara nyi nam wɔ po mu mmeae pɔtee bi no.” (Wildlife Conservation Society) Wei kɔɔ so wɔ Belize ne Caribbean mmeae ahorow. Ɛtoa so sɛ: “Sɛ wode po a woyi mu nam toto nea wɔabara emu namyi ho a, wubehu sɛ nea wɔabara emu namyi no tumi dɔre wɔ bɛyɛ afe 1 kosi mfe 6 ntam. Nanso sɛ ɛpo no betumi asi ne dedaw mu bio koraa a, ɛno deɛ, ebegye mfe pii.” Asɛm a ɔpanyin a ɔda kuw no ano, Janet Gibson ka faa Belize ho ni: “Ɛyɛ nokware turodoo sɛ sɛ aban bara po mu nnamyi a, ɛbɛboa ma mpataa ne po mu nnam adɔre bio.”
SUSUW HO: Sɛ wohwɛ sɛnea ɛpo mu nnam ase tumi dɔre bio no a, ɛnkyerɛ wo sɛ Ɔbɔadeɛ nyansafo bi wɔ hɔ anaa?—Dwom 104:24, 25.
Awudisɛm a Ɛrekɔ so wɔ Brazil
Dawurubɔ adwuma a wɔfrɛ no Agência bɔ amanneɛ sɛ, awudisɛm renya nkɔanim wɔ Brazil. Wɔ afe 2012 mu no, nnipa bɛboro 56,000 na wokunkum wɔn. Asoɛe a ɛhwɛ Apɔwmuden so bɔ amanneɛ sɛ, ɛno ne afe a wodii nkurɔfo awu paa. Luís Sapori yɛ ɔmanfo bammɔ ho ɔbenfo. Ogye di paa sɛ awudisɛm a adɔɔso no kyerɛ sɛ nkurɔfo bra asɛe. Ɔkaa sɛ, sɛ nkurɔfo mfa ɔman mmara nyɛ hwee a, “ɛma wodi akakabensɛm.”
WONIM? Bible ka too hɔ sɛ bere bi bɛba a nnipa dɔ “ano bedwo” na amumɔyɛ adɔɔso.—Mateo 24:3, 12.