Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g17 nɔma 4 kr. 8
  • Asomfena Nwonwafo a Ɔwɔ Arctic Mpɔtam

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Asomfena Nwonwafo a Ɔwɔ Arctic Mpɔtam
  • Nyan!—2017
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Adwuma Rebu Wo Kɔn Mu Anaa?
    Nyan!—2017
  • Afofantɔ​—Painted Lady​—Wɔahu Ne Ho Ahintasɛm No
    Nyan!—2013
  • Arctic Asase So Amoakua Amemene a Etumi Gyina Awɔw Ano
    Nyan!—2013
Nyan!—2017
g17 nɔma 4 kr. 8
Asomfena a ɔwɔ Arctic mpɔtam

Asomfena Nwonwafo a Ɔwɔ Arctic Mpɔtam

ASOMFENA a ɔwɔ Arctic mpɔtam tumi tu fi Arctic kɔ Antarctica, kyerɛ sɛ fi asase ti kosi ne ti. Efi teteete nyinaa na yesusuw sɛ, sɛ anomaa no kɔ na ɔsan ba a, ɛkyerɛ sɛ watwa bɛyɛ akwansin 22,000 (kilomita 35,200). Nanso, nnansa yi nhwehwɛmu ama yɛahu sɛ, anomaa no twa kwan tenten sen saa.

Sɛnea asomfena no tu fa Atlantic Po no so

Sɛ asomfena retwa kwan a, ɔnkɔ tee, sɛnea yehu wɔ mfonini no mu no

Wɔde afiri ketewa bi taree asomfena dodow bi ho. Yɛfrɛ afiri yi geolocators; ne mu duru nnu pɛn ti mpo, na sɛnea ɛyɛ adwuma no yɛ nwonwa paa. Afiri yi ama yɛahu sɛ, sɛ nnomaa yi bi kɔ na wɔsan ba a, ɛkyerɛ sɛ wɔatwa bɛyɛ akwansin 56,000 (kilomita 90,000). Aboa biara ntumi ntwaa kwan tenten saa da. Asomfena bi mpo deɛ, otwaa bɛyɛ akwansin 60,000 (kilomita 96,000)! Adɛn nti na wɔasesa akontaabu no?

Baabi a asomfena no befi n’akwantu ase biara, ɔnkɔ tee. Wohwɛ mfonini no a, wuhu sɛ ɔnam Atlantic Po no so a, n’akwantu no te sɛ nea ɔretwa nkyerɛwde S. Adɛn ntia? Efisɛ baabi a mframa no ani kyerɛ no, ɛhɔ na anomaa no bɛfa.

Asomfena tumi di bɛyɛ mfe 30 ansa na wawu. Ɛntɔ sɛ obewu no, obetumi atwa bɛboro akwansin ɔpepem 1.5 (kilomita ɔpepem 2.4). Ɛte sɛ nea obi akɔ bosome so asan aba bɛyɛ mprɛnsa anaa mpɛn nnan! Nhwehwɛmufo bi kaa sɛ: “Nea anomaa a ne mu duru boro gram 100 so kakraa bi tumi yɛ yi deɛ, ɛboro nnipa ntease so.” Nea ɛyɛ nwonwa koraa mpo ne sɛ, asomfena yi tu fi Arctic mpɔtam ahohuru bere mu, na okodu Antarctica ahohuru bere mu. Wei nti nhoma bi kaa sɛ, asomfena no hu “adekyee hann afe biara sen abɔde foforo biara.”—Life on Earth: A Natural History.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena