Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g17 nɔma 4 kr. 10-11
  • Bere a Wo Mma Anyin na Wɔafi Fie

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Bere a Wo Mma Anyin na Wɔafi Fie
  • Nyan!—2017
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • ƆHAW NO
  • NEA ƐDE ƆHAW NO BA
  • NEA WUBETUMI AYƐ
  • Ɛdɛn Na Bible Ka Fa Aware Ho?
    Bible Nsɛmmisa Ho Mmuae
  • Nea Ɛbɛboa Awarefo a Wɔn Mfe Akɔ Anim Na Wɔannyae Aware
    Mmoa a Wɔde Ma Abusua No
  • Awofo—Montete Mo Mma Ma Wɔnnɔ Yehowa
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Nea Adesua Nsɛm Wom)—2019
  • “Momma Aware Ho Mmra Nyam”
    “Momfa Mo Ho Nsie Onyankopɔn Dɔ Mu”
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—2017
g17 nɔma 4 kr. 10-11
Papa bi te baabi rehwɛ TV, ɛnna ne yere nso te baabi foforo repam ade

MMOA A WƆDE MA ABUSUA NO | AWARE

Bere a Wo Mma Anyin na Wɔafi Fie

ƆHAW NO

Awarefo taa hyia ɔhaw kɛse paa wɔ wɔn aware mu bere a wɔn mma anyin na wɔafi fie no. Mmofra no kɔ a, ɛma awarefo no tumi yɛ te sɛ ahɔho a wonnim wɔn ho. Ɔbarima bi a yɛfrɛ no M. Gary Neuman yɛ obi a wɔaben wɔ abusua mu nsɛm ho. Ɔkyerɛw sɛ: “Awarefo pii nnim sɛnea wobetumi aka abom sɛ kan no, enti ɛyɛ a mitu wɔn fo. Seesei a mmofra no afi fie no, [awofo no] nni nneɛma pii a wɔbɛka ho asɛm anaa wɔbɛyɛ abom.”a

Ɔkwan bi so no, saa na w’aware te anaa? Sɛ saa a, ɛnde mubetumi ama aware no asan asɔ bio. Nanso yenni kan nhwɛ nneɛma bi a ɛbɛyɛ sɛ akɔfa ɔhaw no aba a enti ayɛ sɛ nea mo ntam atetew no.

NEA ƐDE ƆHAW NO BA

Mfe pii ni, moama mo mma ho ahia mo sen mo aware. Adwempa a awofo pii wɔ nti, wɔma wɔn mma ho hia wɔn sen wɔn aware. Wei nti wɔde wɔn adwene si asɛyɛde a wɔwɔ sɛ agya ne ɛna no so araa ma ɛka wɔn hɔ. Ebewie ase no, na wɔn werɛ afi nea ɛsɛ sɛ wɔyɛ ma wɔn aware sɔ. Mmofra no fi fie a na awofo no hu sɛ wɔn aware no nte sɛ kan no. Ɔbaa warefo bi a wadi mfe 59 kaa sɛ: “Bere a na mmofra no mfii fie no, anyɛ yiye koraa no na yɛyɛ nneɛma bom.” Nanso mmofra no fii fie no, dɛn na esii? Ɔkaa sɛ: “Me ne me kunu deɛ, na obiara nam ne baabi.” Bere bi mpo deɛ, ɔbaa no ka kyerɛɛ ne kunu sɛ: “Yɛn ho afono yɛn ho.”

Awarefo binom nsiesiee wɔn ho sɛ wobegye nsakrae a aba wɔn asetenam no atom. Nhoma bi kaa sɛ: “Awarefo bebree wɔ hɔ a, ɛte sɛ nea wɔaware foforo no.” (Empty Nesting) Awarefo pii hu no sɛ wɔn adwene nhyia, enti ɛma obiara fa ne kwan. Wobɛhwɛ no, na ayɛ sɛ wɔte dan baako mu kɛkɛ na mmom wɔnte sɛ awarefo.

Anigyesɛm ne sɛ, mubetumi akwati ɔhaw no, na moanya asetena foforo a moaba mu no so mfaso. Bible betumi aboa mo. Yɛnhwɛ sɛnea ebetumi ayɛ saa.

NEA WUBETUMI AYƐ

Si wo bo sɛ wubegye nsakrae no atom. Bible ka biribi fa mmofra a wɔanyin ho. Ɛka sɛ: “Ɔbarima begyaw ne papa ne ne maame hɔ.” (Genesis 2:24) Sɛ wowɔ mma a, wo botae ne sɛ wobɛtete wɔn ama wɔanya su pa, na sɛ wonyin na wofi wo nkyɛn a wɔde abɔ bra. Woma wei tena w’adwenem a, w’ani begye mpo sɛ wo mma no anyin na wɔatumi ate wɔn ho.—Bible mu asɛm: Marko 10:7.

Nokwasɛm ne sɛ, wo mma deɛ, wonyin sɛ dɛn ara a wɔyɛ wo mma. Nanso seesei deɛ, wɔnhyɛ w’ase bio. Mmom sɛ biribi kyere wɔn adwene a wobetumi aba wo nan so. Sɛ wuhu nneɛma saa a, wo ne wo mma no ntam bɛkɔ so ayɛ kama, na wubenya kwan de w’adwene asi wo hokafo so.b—Bible mu asɛm: Mateo 19:6.

Nea ɛhaw mo no, monka ho asɛm. Sɛnea mo asetena foforo no aka wo no, ka ho asɛm kyerɛ wo hokafo. Afei sɛ ɔno nso reka sɛnea ɔte nka a, tie. Nya ntoboase na te no ase. Ebia ebegye bere kakra ansa na mo ntam asan ayɛ sɛ kan no, nanso sɛ mumia mo ani a mubenya so mfaso.—Bible mu asɛm: 1 Korintofo 13:4.

Mompɛ nneɛma a mubetumi ayɛ abom. Botae bi a mopɛ sɛ mudu ho anaa biribi a mo ani gye ho a mopɛ sɛ mobom yɛ no, mo mmienu nka ho asɛm. Esiane sɛ motetee mmofra nti, moanya osuahu pii. Adɛn nti na momfa nsi mo ani so sɛ mode bɛboa afoforo?—Bible mu asɛm: Hiob 12:12.

Nneɛma a ɛma mudii kan dɔɔ mo ho no, monhyɛ mu gya. Su a ɛmaa obiara ani begyee ne yɔnko ho no, monnwennwene ho. Nneɛma a moabom ayɛ sɛ awarefo ne ɔhaw ahorow a moabom agyina ano no, monkaakae. Wei bɛma mo asetena foforo no ayɛ anigye paa. Anokwa, mo mmienu nyinaa, sɛ moyere mo ho sɛ mode wei bɛyɛ adwuma a, mo aware no bɛsan asɔ, na ɔdɔ a mudii kan nya maa mo ho no, moahyɛ mu den.

a Efi nhoma a wɔato din Emotional Infidelity mu.

b Sɛ woda so ara retete wo mma a, kae sɛ wo ne wo hokafo yɛ “ɔhonam koro.” (Marko 10:8) Sɛ mmofra hu sɛ wɔn awofo ntam yɛ kama a, ɛma mmofra no koma tɔ wɔn yam.

KYERƐWSƐM ATITIRIW

  • “Ɔbarima begyaw ne papa ne ne maame hɔ.”​—Marko 10:7.

  • “Nea Onyankopɔn aka abom no, mma onipa biara nntetew mu.”​—Mateo 19:6.

  • “Ɔdɔ wɔ abodwokyɛre na ne yam ye.”​—1 Korintofo 13:4.

  • “Nyansa nni nkwakoraa mu anaa?”​—Hiob 12:12.

Salvatore ne ne yere Aurora

SALVATORE NE NE YERE AURORA

“Yebehui sɛ seesei yɛwɔ bere pii, na ehia sɛ yɛde bere no yɛ biribi. Enti yesii gyinae sɛ yɛbɛboa nnipa bebree. Ebi ne awarefo a wonnyinii pii ne mmusua a wɔwɔ mmofra nketewa. Yɛn ani gye ho sɛ yɛbɛboa nkurɔfo na yɛne wɔn akyɛ osuahu a yɛanya no.”

Carlo ne ne yere Caterina

CARLO NE NE YERE CATERINA

“Edii nna ansa na yɛregye atom sɛ yɛn asetena asesa. Mfe pii, na yɛn mma ho nkɔmmɔ nko ara na yɛbɔ. Seesei deɛ, esiane sɛ yɛyɛ nneɛma bom nti, yɛtaa bɔ nneɛma a yɛn ani gye ho ne yɛn ankasa ho nkɔmmɔ. Nkakrankakra aka yɛn hɔ.”

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena