Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g17 nɔma 6 kr. 10-11
  • New Zealand Nsrahwɛ

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • New Zealand Nsrahwɛ
  • Nyan!—2017
Nyan!—2017
g17 nɔma 6 kr. 10-11
Milford Sound, New Zealand

Milford Sound

NSASE NE NNIPA

New Zealand Nsrahwɛ

New Zealand a ɛda map so

BƐYƐ mfe 800 a atwam ni no, abusuakuw bi a wɔfrɛ wɔn Maorifo fii Polynesia baabi twaa kilomita mpempem pii faa po so kɔɔ New Zealand. Baabi a wɔkɔtenae no, na ɛnte sɛ nsupɔw a wɔagyaw wɔ wɔn akyi no. Efisɛ baabi a wofi no, na ɛhɔ yɛ hyew. Nanso ɛha de, mmepɔw, asukyenee, asutare a ɛyɛ hyew, ne sukyerɛmma nko ara. Bɛyɛ mfe 500 akyi no, abusuakuw foforo bi a wofi Europe nso bɛtenaa hɔ. Ɛnnɛ, wɔn a wofi New Zealand no dodow no ara gye Anglo-Saxon ne Polynesia amammerɛ tom. Nnipa dodow a wɔwɔ New Zealand no, wɔn mu bɛyɛ ɔha mu nkyekyɛm 90 tete nkurow akɛse mu. Ɔman no ahenkurow a wɔfrɛ no Wellington no, ɛno ne ahenkurow a ɛda anafo fam paa wɔ wiase nyinaa.

Atɛkyɛ a ɛrehuru wɔ Supɔw a ɛda Atifi Fam wɔ New Zealand

Atɛkyɛ a ɛrehuru wɔ Supɔw a ɛda Atifi Fam

Afe biara, ahɔho bɛyɛ ɔpepem mmiɛnsa kɔhwɛ New Zealand ɛmfa ho sɛ ɛyɛ ɔman a ate ne ho no. Eyi nyɛ nwonwa efisɛ mmeae ahorow a ɛyɛ fɛ paa wɔ hɔ.

Dua bi a yɛfrɛ no Aya a n’ahaban kɔla te sɛ dwetɛ

Dua bi a a yɛfrɛ no Aya a n’ahaban kɔla te sɛ dwetɛ tumi nyin yɛ tenten boro anammɔn 30 (mita 10)

Anomaa bi a ontumi ntu a yɛfrɛ no takahe

Ná wosusuw sɛ anomaa bi a ontumi ntu a yɛfrɛ no takahe no ase ahyew kosii sɛ wohuu bi wɔ afe 1948

Nneɛma a ɛwɔ New Zealand no, ebi ne mmoa ne afifide ahorow a ɛyɛ soronko. Sɛ yɛreka nnomaa ahorow a wontumi ntu a, ɛdɔɔso wɔ ɔman yi mu sen wiase baabiara. Afei aboa bi wɔ hɔ a ɔte sɛ ketew. Wɔfrɛ no tuatara, na otumi di mfe 100! Sɛ yɛreka mmoa a wɔma wɔn mma nufu a, nea efi hɔ ara ne bonsu, dɔlfen ne ampan ahorow bi. Dodow no ara mfi ɔman no mu.

Bɛyɛ mfe 120 ni na Yehowa Adansefo ayɛ adwuma wɔ New Zealand. Wɔde kasa bɛyɛ 19 na ɛkyerɛkyerɛ afoforo Bible no. Polynesia kasa bi te sɛ Niuean, Rarotongan, Samoan, ne Tongan ka ho.

Maorifo a wɔresaw

Maorifo a wɔhyɛ wɔn kurom atade na wɔabom resa

SO WUNIM?

Wonyaa din New Zealand fii edin Zeeland mu; ɛyɛ ɔmantam bi a ɛwɔ Netherlands. Maorifo din a ɛne Aotearoa kyerɛ “Asase a Mununkum Fitaa Tenten Wɔ So.”

Ɛwom sɛ wɔn a wofi New Zealand dodow no ara ka Borɔfo kasa de, nanso wɔasan afi ase reka wɔn kurom kasa Maori no na wɔkyerɛ wɔ sukuu ahorow mu nso. Yehowa Adansefo wɛbsaet a ɛne jw.org no wɔ Maori kasa mu.

  • EMU NNIPA DODOW: ƆPEPEM 4.7

  • AHENKUROW: WELLINGTON

  • ASASE: SUPƆW A ƐDA ATIFI FAM NO, OGYA A ƐPAE FI MMEPƆW MU, ATƐKYƐ A ƐREHURU NE NSUHYEW A EPUW FI ASASE MU WƆ HƆ. SUPƆW A ƐDA ANAFO FAM NO, NSUKYENEE MPEMPEM WƆ SO

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena