Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • Wiase No Agye Nsam Anaa Ennyee Nsam?
    Nyan!—2017 | No. 6
    • Ɔsɛe Da Ho Wɔɔkye

      ASƐM A ƐDA SO | WIASE NO AGYE NSAM ANAA?

      Wiase No Agye Nsam Anaa Ennyee Nsam?

      BERE a yefii afe 2017 ase no, nyansahufo de awerɛhosɛm bi too gua. January mu no, nyansahufo bi kaa sɛ wiase no abɛn ɔsɛe bi a ebi mmaa da. Nyansahufo no ayɛ biribi a wɔfrɛ no Ɔsɛe Da Ho Wɔɔkye. Wɔpɛ sɛ wɔkyerɛ sɛ ɛrenkyɛ wiase nyinaa bɛsɛe, enti wɔapia saa wɔɔkye no akɔ n’anim bɛyɛ anibu 30. Seesei wohwɛ Ɔsɛe Da Ho Wɔɔkye no so a, aka simma mmienu ne anibu 30 ama abɔ anadwo dumien. Kyerɛ sɛ ɔsɛe a ɛreba wiase nyinaa so no, bɛboro mfe 60 ni no, afei na abɛn sen bere foforo biara.

      Nyansahufo no abɔ wɔn tirim sɛ, edu afe 2018 a, wɔbɛsan ahwɛ sɛnea wiase no abɛn n’awiei. Enti saa Ɔsɛe Da Ho Wɔɔkye yi, ɛbɛkɔ so ara ada no adi sɛ ɔsɛe bi a ebi mmaa da abɛn paa? Wudwen ho sɛn? Wiase no agye nsam anaa? Ebia ɛbɛyɛ den sɛ wubebua saa asɛmmisa no? Ade yi, abenfo mpo adwene nhyia wɔ asɛm yi ho. Ɛnyɛ obiara na ogye di sɛ ɔsɛe bi reba a yɛrentumi nyɛ ho hwee.

      Nokwasɛm ne sɛ, nnipa ɔpepem pii gye di sɛ daakye papa bi da yɛn anim. Wɔka sɛ wɔwɔ adanse a ɛkyerɛ sɛ nnipa ne asase yi bɛtena hɔ daa, na yɛn asetena nso betu mpɔn. Enti saa adanse no, yebetumi agye adi? Wiase no agye nsam anaa ennyee nsam?

      “Ɔsɛe Da Ho Wɔɔkye no yɛ wɔɔkye bi a aman bebree agye atom sɛ ɛno na ɛkyerɛ bere a nyansahu ne mfiridwuma a ɛyɛ hu bɛsɛe yɛn wiase yi. Ade a edi kan a ebetumi asɛe wiase ne nuklea topae. Nneɛma foforo nso wɔ hɔ a, sɛ wɔhyɛ da oo wɔanhyɛ da oo, ebetumi apira nnipa na asɛe asase no, nanso yɛrentumi nsiesie ɔhaw a ɛde bɛba no. Saa nneɛma no bi ne mfiridwuma a etumi sesa wim tebea, nkwammoaa ho nyansahu, ne kɔmputa ho mfiridwuma.”​—Bulletin of the Atomic Scientists.

  • Nnipa Rehwehwɛ Mmuae No
    Nyan!—2017 | No. 6
    • ASƐM A ƐDA SO | WIASE AGYE NSAM ANAA?

      Nnipa Rehwehwɛ Mmuae No

      AMANNEƐBƆ a yɛte no, bebree nye koraa. Sɛ wote a, ɛyɛ a wo yam hye wo anaa wobɔ hu? Sɛ saa a, ɛnde ɛnyɛ wo nko ara. Afe 2014 no, Barack Obama a na ɔyɛ ɔmampanyin wɔ United States no kaa sɛ, esiane sɛ yɛte kaseɛbɔ a enye fi nsɛm ho amanneɛbɔfo hɔ nti, nnipa pii ka sɛ “wiase no agye nsam . . . na obiara ntumi nyɛ ho hwee.”

      Nanso, bere a ɔkaa saa asɛm no, ankyɛ koraa na ɔkaa nneɛma a seesei wɔde regugu akwan mu de adi wiase haw no mu bebree ho dwuma. Nneɛma a aban no de agugu akwan mu no, ɔfrɛɛ bi “asɛmpa,” na ɔkaa sɛ ɔwɔ “anidaso paa” ne “akwanhwɛ kɛse.” Ɔkwan bi so no, na ɔrekyerɛ sɛ, sɛ nnipa de adwempa bɔ wɔn ho mmɔden a, ɛno na ebetumi ayɛ wiase haw no ho biribi na wiase nyinaa ansɛe.

      Nnipa pii ne no yɛ adwene. Ɛho nhwɛso ne sɛ, ebinom de wɔn ho to nyansahu so, na wɔka sɛ mfiridwuma a ɛrenya nkɔanim no bedi wiase haw ho dwuma. Kɔmputa ho ɔbenfo bi de ahotoso kaa sɛ, ebedu afe 2030 no, na “yɛn mfiridwuma no akɔ n’anim mpɛn apem, na ebedu afe 2045 de, na akɔ n’anim mpɛn ɔpepem baako.” Ɔde kaa ho sɛ: “Yɛrebɔ yɛn ho mmɔden. Ɔhaw a yehyia no, ebi mmɛkaa ho. Nanso sɛnea yetumi di ɔhaw no ho dwuma no de, kɔ ara na ɛrekɔ anim.”

      Wiase no koraa, asɛe akodu he? Enti ɛrenkyɛ wiase nyinaa bɛsɛe ampa? Ɛwom, nyansahufo ne amanyɔfo ka nsɛm a anidaso wom, nanso nnipa pii adwenem da so ara yɛ wɔn nãã wɔ daakye no ho. Adɛn ntia?

      Nuklea topae bi apae

      AKODE A ƐSƐE NNEƐMA PII. Ɛmfa ho mmɔden biara a Amanaman Nkabom ne ahyehyɛde afoforo abɔ no, wontumi mmaa nuklea topae so ntewee. Mmom no, sɛ wɔhyɛ mmara fa akode ho a, atumfoɔ a wɔn asɛm yɛ den no di ho fɛw. Aman a wɔagye din sɛ wɔyɛ nuklea topae no, seesei wɔn ani abere reyɛ topae afoforo a etumi sɛe ade sen kan de no. Aman nso a anka bere bi wonni topae a etumi sɛe nneɛma pii no, seesei, wotumi sɛe nnipa pii.

      Seesei, aman bebree asiesie wɔn ho ama nuklea akodi. Eyi nti, ɛmfa ho sɛ “asomdwoe” wɔ hɔ mpo no, wiase ayɛ huhuuhu. Nhoma bi kaa sɛ: “Nhwɛso bi ni. Akode bi wɔ hɔ a, sɛ wɔsoma kɔ baabi a, wogyaa no ma ɛno ara si gyinae ‘kunkum’ nkurɔfo. Onipa biara nkyerɛ akode no nea ɔnyɛ, na eyi betumi ahaw adwene paa.”​—Bulletin of the Atomic Scientists.

      Ɔbarima bi da mpa so wɔ ayaresabea

      YƐN AKWAHOSAN DA ASIANE MU. Sɛ ɛba no apɔwmuden mu a, nyansahu ntumi nyɛ ahe biara mmoa yɛn. Nneɛma a etumi bɔ yɛn yare no, yɛ ara na ɛreyɛ kɛse. Ebi ne mogya mmoroso, kɛseyɛ mmoroso, ne nnubɔnenom. Nyarewa a ɛnsan te sɛ kokoram, komayare, ne asikreyare nso rekunkum nnipa pii. Nyarewa afoforo nso redi nnipa pii dɛm; ebi ne adwenemyare. Nnansa yi nso, nyarewa bi a ɛyɛ hu akunkum nnipa pii. Ebi yɛ Ebola ne Zika. Ne tiatwa mu ne sɛ: Yare agye nnipa nsam, na ɛte sɛ nea yɛrentumi nyi mfi hɔ da!

      Wɔde efĩ resɛe mframa ne nsu

      NNIPA RESƐE ASASE SO NNEƐMA. Sɛe ara na nnwumakuw no resɛe mframa a yɛhome no. Afe biara, nnipa ɔpepem pii wuwu esiane mframa bɔne a wɔhome nti.

      Ankorankoro, kuromafo, ne aban nnwumakuw bi da so ara tow nwura gu po mu. Nwura no bi fi ayaresabea, afuw mu, ne nnwumakuw ahorow mu. Nhoma bi ka sɛ: “Saa nneɛma fĩ a awuduru wom no kunkum mmoa ne afifide a ɛwɔ po mu no, na etumi kum nnipa a wodi po mu nam no nso.”​—Encyclopedia of Marine Science.

      Nsu pa a yɛwɔ nyinaa nso resa. Robin McKie a ɔwɔ Britain no yɛ obi a ɔkyerɛw nyansahu nhoma. Ɔkaa sɛ: “Nsu ho ayɛ nã paa wɔ wiase, na ɛbɛka wiase no fã biara.” Amanyɔfo gye tom sɛ, nnipa paa na ama nsu ho ayɛ nã, na ɛde ɔhaw kɛse ba.

      Mframa gyampantrudu

      ATOYERƐNKYƐM REKUM NNIPA. Ahum, mframa gyampantrudu, ne asasewosow de nsuyiri ba, ɛma mmepɔw dwiriw, na ɛsɛe nneɛma foforo pii. Saa atoyerɛnkyɛm yi akunkum nnipa bebree, na asɛe nneɛma pii nso. U.S. Ɔman Wimhyɛn ne Ahunmu Asoɛe no yɛɛ nhwehwɛmu bi huu sɛ, “ahum akɛse, ɔhyew a ano yɛ den, ɔpɛ ne nsuyiri akɛse” betumi asisi paa. Enti nneɛma a Onyankopɔn abɔ bɛsɛe nnipa ampa?

      Ɛnyɛ dɛn ara a, nneɛma foforo a ebetumi de yɛn nkwa ato asiane mu no, wubetumi adwen bi ho. Nanso, sɛ wudwinnwen nneɛma bɔne a nnɛ ɛrekɔ so no nyinaa ho a, worennya daakye ho nkyerɛkyerɛmu a ɛtɔ asom. Ebinom bɛka sɛ, sɛ wutie amanyɔfo ne nyansahufo nso a, saa ara na ɛte. Nanso sɛnea yɛadi kan aka no, nsɛmmisa a ɛfa wiase ne daakye ho no, nnipa bebree anya ho mmuae a ɛtɔ asom. Saa mmuae no, yebenya no wɔ he?

  • Dɛn na Bible Aka?
    Nyan!—2017 | No. 6
    • Ɔbarima bi wɔ Onyankopɔn wiase foforo a wɔahyɛ ho bɔ no mu

      Nea Ɔsɛe Da Ho Wɔɔkye no kyerɛ sɛ ɛbɛto wiase no, ɛremma saa, efisɛ Onyankopɔn ahyɛ bɔ sɛ daakye papa bi da hɔ ma nnipa ne asase no

      ASƐM A ƐDA SO | WIASE NO AGYE NSAM ANAA?

      Dɛn na Bible Aka?

      TEBEA bɔne a wiase no wom ɛnnɛ no, Bible no kaa ho asɛm too hɔ mfehaha pii. Nea ɛkyɛn saa mpo no, Bible ma yehu sɛ daakye papa bi da yɛn anim. Nea Bible aka no, ɛnsɛ sɛ yebu yɛn ani gu so ntɛm ara, efisɛ emu nsɛm bebree abam pɛpɛɛpɛ ma ɛyɛ nwonwa.

      Wo de, yɛmfa Bible nkɔmhyɛ a edidi so yi nyɛ ho nhwɛso:

      • “Ɔman bɛsɔre atia ɔman na ahenni atia ahenni, na aduankɔm ne asasewosow bɛba mmeaemmeae.”​—Mateo 24:7.

      • “Nna a edi akyiri mu no, mmere a emu yɛ den bɛba. Efisɛ nnipa bɛyɛ ahopɛ, sikanibere, ahohoahoa, ahantan, wɔn a wɔka abususɛm, awofo so asoɔdenfo, bonniayɛfo, wɔn a wonni nokware, wɔn a wonni tema, wɔn a wontumi ne wɔn nyɛ apam, dinsɛefo, wɔn a wontumi nni wɔn ho so, wɔn a wɔyɛ keka, wɔn a wɔmpɛ papa, wɔn a woyi afoforo ma, wɔn a wɔyɛ asobrakye, wɔn a wɔyɛ ahomaso, wɔn a wɔdɔ anigyede sen Onyankopɔn.”​—2 Timoteo 3:1-4.

      Nkɔmhyɛ yi reka wiase a asɛe ho asɛm, na ɛno na ebinom ka sɛ agye nsam no. Ɔkwan bi so no, wiase no agye nsam ampa. Nanso agye nnipa nsam. Bible ma yehu sɛ, nnipa nni tumi ne nyansa a wohia na ama wɔatumi atu wiase haw ase. Kyerɛw nsɛm a edidi so yi ma yehu saa:

      • “Ɛwɔ ɔkwan bi a ɛteɛ onipa ani so, nanso n’awiei yɛ owu kwan.”​—Mmebusɛm 14:12.

      • “Onipa di onipa so ma ewie no bɔne.”​—Ɔsɛnkafo 8:9.

      • “Enni onipa nsam, sɛnea . . . obetutu n’anammɔn.”​—Yeremia 10:23.

      Sɛ wogyaa wiase no ma nnipa sɛ wɔnyɛ nea wɔpɛ biara a, anka wiase nyinaa bɛsɛe. Nanso ɛremma saa da! Adɛn ntia? Nea Bible aka ni:

      • Onyankopɔn de “asase atim ne nnyinaso so; na ɛrenhinhim da biara da.”​—Dwom 104:5.

      • “Awo ntoatoaso kɔ, na awo ntoatoaso ba, na asase de, etim hɔ daa.”​—Ɔsɛnkafo 1:4.

      • “Treneefo benya asase no adi, na wɔatena so daapem.”​—Dwom 37:29.

      • “Asase no so nnɔbae bɛdɔɔso; ebebu so akodu mmepɔw atifi.”​—Dwom 72:16.

      Nea Bible kyerɛkyerɛ yi ma yenya mmuae a emu da hɔ. Asase a wɔresɛe no, aduan ne nsu a ɛho ayɛ nã, anaa yare a ekunkum nnipa bebree rentumi ntɔre nnipa ase. Nuklea topae rentumi nsɛe wiase no nyinaa. Adɛn ntia? Efisɛ yɛn asase no daakye da Onyankopɔn nsam. Ɛwom, Onyankopɔn ama nnipa kwan sɛ wɔmpaw nea wɔpɛ nanso wobetwa wɔn gyinaesi no so aba. (Galatifo 6:7) Wiase no nte sɛ keteke bi a ate afa so rekɔhwe ase a obiara ntumi nyɛ ho hwee. Onyankopɔn de nneɛma agu akwan mu ma enti nnipa wɔ baabi a wobetumi asɛe nneɛma akodu.​—Dwom 83:18; Hebrifo 4:13.

      Nanso Onyankopɔn bɛyɛ nea ɛkyɛn saa. Ɔde “asomdwoe bebree” bɛba. (Dwom 37:11) Yehowa Adansefo ɔpepem pii asua Bible no ahu sɛ daakye papa bi da yɛn anim. Saa anidaso ho asɛm no, kakraa bi pɛ na yɛaka wɔ ha.

      Yehowa Adansefo te sɛ abusua a wɔwɔ wiase nyinaa. Nnipa a wɔwɔ mu no yɛ mmarima ne mmea a ɛsono mfe wɔadi ne baabi a wofi. Wɔsom nokware Nyankopɔn a ne din de Yehowa no. Edin no wɔ Bible mu. Wonsuro daakye, efisɛ Bible aka sɛ: “Nea Yehowa a ɔbɔɔ ɔsoro, nokware Nyankopɔn a ɔnwenee asase na ɔyɛe de tim hɔ, nea wammɔ no hunu na mmom ɔnwenee sɛ wɔntena so no, se ni: ‘Mene Yehowa, na obiara nni hɔ bio.’”​—Yesaia 45:18.

      Nea Bible kyerɛkyerɛ fa nnipa ne asase daakye ho no, kakraa bi na yɛaka ho asɛm no. Sɛ wopɛ ho nsɛm pii a, hwɛ Asɛmpa a Efi Onyankopɔn Hɔ! nhomawa no, adesua 5. Yehowa Adansefo na wotintimii. Ɛsan wɔ Intanɛt so wɔ www.pr418.com/tw

      Wubetumi nso ahwɛ video a yɛato din Dɛn Nti Na Onyankopɔn Bɔɔ Asase? Ɛwɔ www.pr418.com/tw. (Kɔ NHOMA > VIDEO)

Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
Fi Mu
Kɔ Mu
  • Twi
  • Fa Mena
  • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
  • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
  • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
  • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • JW.ORG
  • Kɔ Mu
Fa Mena