SƐNEA WUBEGYINA ADWINNWEN ANO
Dɛn Na Ɛde Adwinnwen Ba?
Apɔwmuden adwumakuw bi a agye din a wɔfrɛ no Mayo Clinic de too gua sɛ: “Mmarima ne mmea mpanyimfo pii ka sɛ, ade rekye a ade resa nyinaa, na wɔn adwinnwen redɔɔso.” Wɔtoaa asɛm no so sɛ, “Wiase a yɛte mu nnɛ yi, obi nnim ɔkyena asɛm; biribiara tumi si.” Ma yɛnhwɛ nneɛma a etumi sisi a ɛkɔfa adwinnwen bɛto yɛn so no bi:
awaregyae
bere a obi dɔfo awu
yare a emu yɛ den
akwanhyia a ɛyɛ hu
nsɛmmɔnedi
adagyew a nkurɔfo nni wɔ wɔn asetena mu
atoyerɛnkyɛm—nea ɛno ara ba, ne nea nnipa kɔfa ba
nhyɛso a ɛkɔ so wɔ sukuu mu anaa adwuma mu
adwumasɛm ne sikasɛm ho dadwen