Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • Kasa a Ɛkɔ Yɔɔ
    Nya Teokrase Ɔsom Sukuu Adesua so Mfaso
    • ADESUA 4

      Kasa a Ɛkɔ Yɔɔ

      Dɛn na ehia sɛ woyɛ?

      Kenkan na kasa wɔ ɔkwan bi so a wo nsɛm ne adwene a ɛwom no bɛkɔ yɔɔ. Sɛ kasa kɔ yɔɔ a, ɛtoatoam, anaasɛ ɛnyɛ nyaa dodo, na w’ano mfomfom, anaasɛ wunnyina nnwinnwen nsɛm a wobɛka ho.

      Dɛn nti na ɛho hia?

      Sɛ ɔkasafo bi kasa nkɔ yɔɔ a, atiefo no adwene betumi akyinkyin; wobetumi anya adwenhorow a ɛmfata. Asɛm no ntumi nkanyan wɔn.

      SƐ WOREKENKAN ade ma apue w’ano a, so w’ano fomfom wɔ nsɛm bi mu? Anaasɛ sɛ wosɔre gyina atiefo anim rebɛma ɔkasa a, wotaa hu sɛ wunnya nsɛm a ɛfata nka? Sɛ ɛte saa a, ɛnde na wo kasa nkɔ yɔɔ. Obi a ne kasa kɔ yɔɔ no kenkan ade na ɔkasa ma ne nsɛm ne adwene a ɛwom no kɔ yɔɔ a ɔmmrɛ ho. Eyi nkyerɛ sɛ sɛ ɔkasa a ɔnhome so, kyerɛ sɛ, ɔkasa ntɛmntɛm, anaa ɔkasa a onsusuw nea ɔka no ho. Ne kasa yɛ dɛ ankasa. Wɔhyɛ da twe adwene si kasa a ɛkɔ yɔɔ so wɔ Teokrase Ɔsom Sukuu no mu.

      Nneɛma ahorow pii na ɛmma kasa nkɔ yɔɔ. So ehia sɛ wususuw nea edidi so yi mu bi ho yiye? (1) Sɛ worekenkan ade akyerɛ afoforo a, nsɛmfua bi a wunnim a wuhyia betumi ama woagyinagyina. (2) Sɛ wohome wo kasa mu pii a, ɛremma ɛntoatoam. (3) Sɛ woansiesie wo ho a, ebetumi aba saa. (4) Sɛ worekasa akyerɛ kuw bi a, nea ɛntaa mma kasa nkɔ yɔɔ ne w’asɛm a wonhyehyɛ no nnidiso nnidiso. (5) Nsɛm mmoano pii a obi nni betumi ama wadwennwen nsɛm a ɛfata a ɛsɛ sɛ ɔka ho. (6) Sɛ wusisi nsɛm pii so dua a, ɛremma wo kasa nkɔ yɔɔ. (7) Kasa ho mmara a wunnim no yiye nso betumi de ɔhaw no aba.

      Sɛ wo kasa nkɔ yɔɔ a, atiefo a wɔwɔ Ahenni Asa so no rensɔre mfi adi nkɔ ankasa, nanso wɔn adwene bekyinkyin. Eyi mma wɔnte wo nsɛm no pii.

      Ɔkwan foforo so no, ahwɛyiye ho hia na amma ɔkasa a ɛsɛ sɛ emu yɛ hyew na ɛkɔ yɔɔ no ammunkam atiefo no so, anaasɛ mpo anhyɛ wɔn aniwu. Sɛ esiane amammerɛ mu nsonsonoe nti nkurɔfo bu wo kasa sɛ ɛyɛ penpen dodo a, ɛbɛma wo kasa no ayɛ nea mfaso nni so. Ɛfata sɛ yɛhyɛ no nsow sɛ ɛwom sɛ na ɔsomafo Paulo yɛ ɔkasafo a ne ho akokwaw de, nanso ɔne Korintofo no kasae wɔ “mmerɛw ne ehu ne ahopopo bebree mu” sɛnea ɛbɛyɛ na ɔntwetwe adwene mma ne ho so pii.—1 Kor. 2:3.

      Nneyɛe a Ɛsɛ sɛ Wɔkwati. Ɛyɛ nnipa pii su sɛ sɛ wɔrekasa a wɔbɛyɛ “ɛɛɛm” “ɛɛɛm.” Afoforo nso taa de “yiw” na efi asɛm biara ase, anaasɛ wɔde kasasin te sɛ “wunim” anaa “sɛ woahu” ka asɛm biara a wɔka ho. Ebetumi aba sɛ wonhyɛɛ mpɛn dodow a wotaa de nsɛm a ɛtete saa no di dwuma no nsow. Wubetumi asɔ wo ho ahwɛ ama obi atie wo na bere biara a wobɛka saa nsɛm yi no, watĩ mu akyerɛ wo. Ebia ɛbɛyɛ wo nwonwa.

      Nnipa binom taa tĩ wɔn nsɛm mu bere a wɔkenkan ade anaasɛ wɔkasa no. Kyerɛ sɛ, sɛ wofi kasamu bi ase a, bere a ensii no, na wɔagyina asan atĩ nsɛm a wɔaka dedaw no mu.

      Afoforo nso kasa ntɛmntɛm, nanso sɛ wofi asɛm bi ase a, wonwie na wɔadan kɔ foforo so. Ɛwom sɛ wɔn nsɛm no kɔ yɔɔ de, nanso sakra a wɔsakra mu mpofirim no mma ɛnkɔ yɔɔ.

      Sɛnea Wubetumi Atu Mpɔn. Sɛ wo haw ne sɛ wotaa gyinagyina wo kasa mu hwehwɛ nsɛm a ɛfata a wobɛka a, ehia sɛ wobɔ mmɔden boaboa nsɛm ano. Ne titiriw no, hyɛ nsɛm a wunnim a epue wɔ Ɔwɛn-Aban ne Nyan! ne nhoma ahorow a wokenkan mu no nsow. Hwɛ sɛnea wɔbɔ nsɛm yi din ne nea ɛkyerɛ wɔ nsɛm asekyerɛ nhoma mu, na fa nsɛm yi bi ka nsɛm a wunim dedaw no ho. Sɛ wunni nsɛm asekyerɛ nhoma biara a, hwehwɛ mmoa fi obi a ɔte kasa no yiye nkyɛn.

      Sɛ wode yɛ wo su sɛ wobɛkenkan ma apue bere nyinaa a, ɛbɛboa wo ma woatu mpɔn. Hyɛ nsɛm a ɛyɛ den no nsow, na ka ma empue mpɛn pii.

      Nea ɛbɛyɛ na w’akenkan akɔ yɔɔ no, ehia sɛ wote sɛnea wɔde nsɛm di dwuma bom wɔ kasamu mu no ase. Mpɛn pii no ɛsɛ sɛ wokeka nsɛmfua bom akuwakuw sɛnea ɛbɛyɛ a wobɛda adwene a ɔkyerɛwfo no de kyerɛwee no adi. Hyɛ sɛnea wɔaboaboa nsɛm yi ano no nsow yiye. Sɛ ɛbɛboa wo a, hyɛ ho agyirae. Ɛnyɛ wo botae ara ne sɛ wobɛkenkan nsɛm yiye, na mmom sɛ wobɛma adwene a ɛwom no ada adi yiye nso. Bere a woasusuw kasamu biako ho awie no, kɔ foforo so kosi sɛ wubesusuw nkyekyem no nyinaa ho awie. Hwɛ sɛnea adwene a ɛwom no kɔ yiye. Afei sua sɛ wobɛkenkan ma apue w’ano. Kenkan nkyekyem no mpɛn pii kosi sɛ wobɛkenkan a w’ano mfomfom anaasɛ wunnyinagyina baabi a ɛnsɛ sɛ wugyina. Afei toa so kenkan nkyekyem foforo.

      Nea edi hɔ ne sɛ wobɛma akɔ ntɛm kakra. Sɛ woahu sɛnea nsɛmfua di dwuma bom wɔ kasamu mu a, wubetumi ahu aboro asɛmfua biako wɔ bere koro mu, na woahwɛ nea ɛsɛ sɛ edi so kwan. Eyi bɛboa pii ma w’akenkan atu mpɔn.

      Wubetumi anya mfaso pii afi mpofirim akenkan a wubesua no daa no so. Sɛ nhwɛso no, kenkan daa asɛm ne emu nkyerɛkyerɛmu no den bere a wunnii kan nhwɛɛ mu no; taa yɛ saa. Sua sɛ wobɛma w’ani afa nsɛm akuwakuw a ɛda adwene mũ adi sen sɛ ɛbɛfa asɛmfua biako pɛ bere nyinaa.

      Wɔ nkɔmmɔbɔ mu no, kasa a ɛkɔ yɔɔ no hwehwɛ sɛ wususuw nsɛm ho ansa na woakasa. Fa yɛ wo su wɔ wo da biara da dwumadi mu. Si nsɛm a wopɛ sɛ woka ne sɛnea wobɛka no afa ho gyinae ansa na woafi ase akasa. Mpere wo ho. Bɔ mmɔden sɛ wobɛda nsusuwii a ɛtɔ asom adi bere a wunnyinagyina anaasɛ wonsakra wo nsɛm mu bere a adwene a ɛwom no nnaa adi nwiei no. Ɛbɛyɛ papa sɛ wode kasamu ntiantiaa a asete nyɛ den befi ase.

      Sɛ wunim nea wopɛ sɛ woka ankasa a, nsɛm no ankasa bɛba. Mpɛn pii no, enhia sɛ wopaw nsɛmfua bi a wode bedi dwuma. Nokwarem no, nea ɛbɛyɛ na woasua yɛ no, eye sɛ wobɛhwɛ ahu sɛ adwene a ɛwom no wɔ wo tirim, na afei bere a worekasa no, woasusuw nsɛmfua no ho. Sɛ woyɛ saa na wode w’adwene si adwene a ɛwom no so sen sɛ wode besi nsɛmfua so a, nsɛm no ankasa bɛba, na adwene a ɛwɔ wo tirim no bɛda adi sɛnea wopɛ. Nanso sɛ wunya fi ase susuw nsɛmfua ho sen sɛ wubesusuw adwene a ɛwom no ho a, wubegyinagyina wo kasa no mu. Sɛ wobobɔ so a, wubetumi ama wo kasa akɔ yɔɔ, su a ɛho hia a ɛma ɔkasa ne akenkan tu mpɔn.

      Bere a wɔmaa Mose dwumadi sɛ onnyina Yehowa ananmu ne Israel man ne Misraim Farao nkɔkasa no, ɔtee nka sɛ ɔrentumi nyɛ. Dɛn ntia? Na ne kasa nkɔ yɔɔ; ɛbɛyɛ sɛ na ɔpo dodow. (Ex. 4:10; 6:12) Mose yiyii ne ho ano, nanso Onyankopɔn annye emu biara antom. Yehowa paw Aaron kaa Mose ho sɛ ɔnyɛ ne kasamafo, nanso Yehowa ankasa nso boaa Mose ma otumi kasae. Ɛnyɛ ankorankoro ne akuw nketewa nko na Mose kasa kyerɛɛ wɔn, na mmom ɔkasa kyerɛɛ ɔman mũ nyinaa nso. (Deut. 1:1-3; 5:1; 29:2; 31:1, 2, 30; 33:1) Sɛ wufi ahonim pa mu yɛ wo fam de bere a wode wo ho to Yehowa so a, wo nso wubetumi de wo kasa ahyɛ Onyankopɔn anuonyam ma ayɛ yiye.

      SƐNEA WUBEDI DODOW PO SO

      Nneɛma pii na etumi ma obi po dodow. Ebia ɔkwan a ebinom fa so di so no ntumi mmoa afoforo saa ara. Nanso nea ɛbɛyɛ na woatumi adi so no, ebehia sɛ wokɔ so ara bɔ wo ho mmɔden.

      Sɛ wususuw mmuae a wobɛma wɔ asafo nhyiam ase ho a, so ehu ka wo anaasɛ wo ho popo? Bɔ mpae hwehwɛ Yehowa mmoa. (Fil. 4:6, 7) Fa w’adwene si Yehowa a wobɛhyɛ no anuonyam ne afoforo a wobɛboa wɔn no so. Nhwɛ kwan sɛ ɔhaw no betu ayera prɛko pɛ, na mmom ma w’adwene nkɔ sɛnea wubetumi adi so no so. Bere a wunya Yehowa nhyira na wo nuanom hyɛ wo nkuran no, wubenya ɔpɛ sɛ wobɛyɛ pii.

      Teokrase Ɔsom Sukuu no ma wunya hokwan a ɛbɛma wo ho akokwaw wɔ nnipakuw anim kasa mu. Ebia sɛnea wutumi kasa wɔ kuw ketewa a wɔboa wo na wɔpɛ sɛ wutumi di so mu no bɛyɛ wo nwonwa. Eyi betumi aboa wo ma woanya ahotoso de akasa wɔ tebea afoforo mu.

      Sɛ worekɔma ɔkasa a, siesie wo ho yiye. Ma w’adwene nyinaa nkɔ wo kasa no so. Fa nkate a ɛfata kasa. Sɛ wufi ase po dodow bere a worekasa no a, ɛnde bɔ mmɔden biara sɛ wobɛma wo nne aba fam na yɛ komm. Nka wo se nsi so. Ka nsɛm ntiantiaa. Nyɛ “ɛɛɛm” “ɛɛɛm” pii wɔ wo kasa mu.

      Sɛ wɔn a wɔpo dodow no binom hu nsɛmfua a kan no na ɛhaw wɔn no a, wɔkwati, na wɔde nsɛm a ɛne no wɔ asekyerɛ koro di dwuma mmom. Afoforo nso hwehwɛ kasa nnyigyei a ɛhaw wɔn kɛse no na wɔbobɔ so mpɛn pii.

      Sɛ wopo dodow bere a worebɔ nkɔmmɔ a, mma w’abam mmmu na nnyae nkɔmmɔ no bɔ. Wubetumi ahyɛ ɔfoforo no nkuran ma wakasa akosi sɛ wubetumi atoa so. Sɛ ɛbɛyɛ yiye a, kyerɛw asɛm tiawa bi, anaasɛ fa biribi a wɔatintim kyerɛ nea wo ne no rekasa no.

      SƐNEA WOBƐYƐ NO

      • Sɛ worekenkan nsɛmma nhoma ne nhoma horow a, hyɛ nsɛmfua foforo agyirae, hwehwɛ nea ɛkyerɛ ankasa, na afei fa di dwuma.

      • Anyɛ yiye koraa no, sua sɛnea wobɛkenkan ade ma apue w’ano simma anum kosi du da biara.

      • Siesie wo ho yiye paa ma akenkan dwumadi ahorow. Hyɛ nsɛm akuw a ɛma adwene a ɛwom no da adi no nsow titiriw. Hu sɛnea adwene a ɛwɔ nsɛm no mu kɔ yiye.

      • Wɔ wo da biara da nkɔmmɔbɔ mu no, sua sɛ wubedi kan adwene nsɛm ho, na afei ka kasamu ma ensi a wunnyinagyina wɔ mu.

      DWUMADI: Tɔ wo bo ase susuw Atemmufo 7:1-25 ho, na sua nkyekyem no nnidiso nnidiso. Hwɛ hu sɛ wobɛte nea ɛka no ase. Fa nsɛm asekyerɛ nhoma di dwuma, na hyɛ nsɛm a wunnim no nsow. Bɔ din pa biara den. Na afei kenkan nkyekyem biara den; hwɛ hu sɛ wobɛkenkan no pɛpɛɛpɛ. Sɛ wutumi kenkan saa nkyekyem no yiye a, kɔ nea edi so no, ne nea edidi so no nso so. Afei kenkan ti no nyinaa. Kenkan bio, nanso saa bere yi de, ma ɛnkɔ ntɛm kakra. San kenkan bio, na baabi a ɛbɛyɛ yiye no, ma ɛnkɔ ntɛm nsen kan no—nanso ɛnyɛ ntɛmntɛm dodo a ɛbɛma w’ano afomfom.

  • Ɔkasa Mu Home a Ɛfata
    Nya Teokrase Ɔsom Sukuu Adesua so Mfaso
    • ADESUA 5

      Ɔkasa Mu Home a Ɛfata

      Dɛn na ehia sɛ woyɛ?

      Gyina koraa wɔ wo kasa no mu fã bi a ɛfata. Ɛtɔ mmere bi a, wubetumi ahome wo kasa so kakra anaasɛ wobɛma wo nne aba fam bere tiaa bi. Sɛ ɔhome no di atirimpɔw a mfaso wɔ so ho dwuma a, ɛso ba mfaso.

      Dɛn nti na ɛho hia?

      Kasa mu home a wɔde di dwuma ɔkwan pa so no yɛ ade titiriw a ɛmma ɔkasa asete nyɛ den. Kasa mu home nso ma nsɛm a ɛho hia da adi.

      ƆKASA mu home a wɔde hyehyɛ baabi a ɛfata wɔ kasa mu no ho hia. Eyi yɛ nokware, sɛ́ ebia worema ɔkasa anaasɛ wo ne obi rekasa no. Sɛ home a ɛtete saa nnim a, nea wɔka no bɛyɛ te sɛ nsɛm a wɔworo no kwa sen sɛ adwene a ɛwom no bɛda adi yiye. Ɔkasa mu home a ɛfata boa ma wo kasa mu da hɔ. Wubetumi de adi dwuma wɔ ɔkwan bi so a ɛbɛma wo nsɛntitiriw aka atiefo no adwenem akyɛ.

      Wobɛyɛ dɛn atumi ahu bere a ɛsɛ sɛ wohome wɔ wo kasa mu? Bere tenten ahe na ɛsɛ sɛ wohome wɔ wo kasa mu?

      Home Fa Hyɛ Wo Kasa Mu Agyirae. Kasa mu home agyirae abɛyɛ ade titiriw wɔ kasa a wɔkyerɛw mu. Ebetumi akyerɛ sɛ asɛm bi asi, anaasɛ ebia ɛyɛ asɛmmisa. Wɔ kasa horow bi mu no, wɔde di dwuma na ama asɛm bi a wɔafa aka ada nsow. Kasa mu home agyirae bi nso kyerɛ abusuabɔ a ɛda kasamufã no afã horow ntam. Obi a ɔkenkan ade wɔ ne tirim betumi ahu kasa mu home agyirae ahorow no. Nanso sɛ ɔkenkan no den sɛnea ɛbɛyɛ na afoforo anya so mfaso a, ɛsɛ sɛ ne nne ma ntease a ɛwɔ kasa mu home agyirae biara mu no da adi wɔ asɛm a wɔakyerɛw no mu. (Sɛ wopɛ ho nsɛm pii a, hwɛ Adesua 1, “Akenkan a Emu Da Hɔ.”) Sɛ woanhome sɛnea agyirae no kyerɛ a, ebetumi ama ayɛ den sɛ afoforo bɛte nea wokenkan no ase, anaasɛ mpo ɛbɛma ntease a ɛwɔ asɛm no mu no asɛe.

      Kasa mu home akyi no, sɛnea wɔda adwene a ɛwɔ asɛm bi mu adi ne baabi a kasa mu home agyirae hyehyɛ no wɔ abusuabɔ. Odwontofo bi a wagye din kae bere bi sɛ: “Minnim sanku bɔ nkyɛn sankubɔfo pii. Nanso gyina a migyinagyina sɛnea ɛsɛ no na ɛma ɛyɛ dɛ.” Ɛte saa ara wɔ kasa mu. Ɔkasa mu home a wode bedi dwuma yiye no bɛma wo kasa a woasiesie no yiye no ayɛ dɛ na ntease abam kɛse.

      Sɛ woresiesie wo ho akɔkenkan ade wɔ baguam a, ebia wubehu sɛ ɛbɛyɛ papa sɛ wohyɛ asɛm a wobɛkenkan no agyirae. Fa wo kyerɛwdua san baabi a ebehia sɛ wohome, anaasɛ wugyina kakra no. Fa nsensanee abien a ɛbɛn ho hyɛ baabi a wopɛ sɛ wohome kyɛ no. Sɛ wuhu sɛ nsɛm bi akenkan yɛ wo den na ɛma wotaa home wɔ baabi a ɛnsɛ sɛ wohome a, fa pɛnsere twa ho ka kasasin a emu nsɛm kan yɛ wo den no nyinaa bom. Afei kenkan kasasin fi mfiase kosi awiei. Akasafo a wɔn ho akokwaw pii yɛ eyi.

      Home a wobɛhome wɔ wo da biara da kasa mu no nyɛ asɛnnennen mma wo efisɛ wunim nsɛm a wopɛ sɛ wode to gua no. Nanso, sɛ ayɛ wo su sɛ wohomehome wo kasa mu bere ne bere mu ɛmfa ho nea adwene a ɛwom no hwehwɛ sɛ woyɛ a, wo kasa no mu renyɛ hyew na emu renna hɔ. Wɔde nea wobɛyɛ na woatumi atu mpɔn ho nyansahyɛ ama wɔ Adesua 4 mu, “Kasa a Ɛkɔ Yɔɔ.”

      Home a Wɔde Dan Adwene Kɔ Asɛm Foforo So. Sɛ worefi asɛntitiriw bi so akɔ foforo so a, kasa mu home betumi ama w’atiefo no anya hokwan asusuw nsɛm ho, ayɛ nsakrae, ahu baabi a woadan kɔ no, na ama wɔate asɛm foforo a worebɛka no ase yiye. Sɛnea sɛ woreman afa ɔkwan foforo so wɔ kar kwan mu a ehia sɛ wotɔ wo bo ase no, saa ara na ehia sɛ wohome wɔ wo kasa mu bere a woredan afi adwene biako so akɔ foforo so no.

      Ade biako a enti akasafo binom pere wɔn ho fi adwene biako so kɔ foforo so bere a wɔnhome no ne sɛ wɔbɔ mmɔden sɛ wɔbɛka nsɛm pii dodo. Ebinom fam no, saa su no da sɛnea wɔkasa daa no adi. Ebia na saa na wɔn a wɔne wɔn te no nyinaa kasa. Nanso ɛno mma wɔnyɛ akyerɛkyerɛfo pa. Sɛ wowɔ asɛm bi a wopɛ sɛ woka a ehia sɛ wotie wo na wɔkae a, gye bere ma adwene a ɛwom no nna adi yiye. Hu sɛ kasa mu home hia na ama ɔkasa mu adwene ada adi yiye.

      Sɛ wobɛhwɛ nsɛm ntiantiaa so na ama ɔkasa a, ɛsɛ sɛ wohyehyɛ wo nsɛm no wɔ ɔkwan bi so a, ɛbɛma woahu baabi a ɛsɛ sɛ wohome wɔ nsɛntitiriw ntam no. Sɛ ɔkasa a wɔakyerɛw emu nsɛm nyinaa na wobɛkenkan a, hyɛ mmeae a wɔdan adwene fi asɛntitiriw biako so kɔ foforo so no agyirae.

      Home a wɔhome de dan adwene fi asɛm biako so kɔ foforo so no taa ware sen nea kasa mu home agyirae ma wɔyɛ no—nanso ɛnware dodo a ɛbɛma kasa no tie ayɛ anihaw. Sɛ ɛware dodo a, ɛma atiefo nya adwene sɛ woansiesie wo ho yiye ma enti worepɛ asɛm a wobɛka.

      Ɔhome Ma Ɛso Duasi. Kasa mu home a wɔde si asɛm bi so dua taa kanyan atiefo, ɛyɛ nea edi asɛm anaa asɛmmisa anim anaa akyi a wɔma emu yɛ den. Ɔhome a ɛte saa no ma atiefo no nya hokwan de susuw nea woaka no ho, anaasɛ ɛma wɔhwɛ nea ebedi so aba no kwan. Eyinom nyɛ pɛ. Si nea ɛfata sɛ wode di dwuma no ho gyinae. Nanso, kae sɛ nsɛm a ɛho hia titiriw nkutoo na wɔhome de si so dua. Anyɛ saa a, mfaso biara remma saa nsɛm no so.

      Bere a Yesu kenkan Kyerɛwnsɛm no wɔ Nasaret hyiadan mu no, ɔde ɔkasa mu home dii dwuma wɔ ɔkwan a etu mpɔn so. Mfitiase no, ɔkenkan adwuma a wɔde ahyɛ ne nsa no fii odiyifo Yesaia nhoma mmobɔwee no mu. Nanso ansa na ɔrekyerɛkyerɛ mu no, ɔbobɔw nhoma no de maa ɔsomfo no, na ɔtraa ase. Afei bere a wɔn a wɔahyiam wɔ hyiadan mu hɔ nyinaa rehwɛ no no, ɔkae sɛ: “Ɛnnɛ na kyerɛw asɛm yi aba mu mo asom.”—Luka 4:16-21.

      Sɛ Tebea no Hwehwɛ sɛ Wohome Wo Kasa Mu a, Yɛ Saa. Ɛtɔ da bi a, biribi betumi asi ma ɛho abehia sɛ wohome wo kasa mu. Ebia kar bi a ɛretwam dede a ɛreyɛ anaasɛ abofra bi a ɔresu bɛhwehwɛ sɛ wugyina wɔ nkɔmmɔ a wo ne ofiewura bi afi ase wɔ asɛnka mu no mu. Sɛ dede a ɛwɔ nhyiam no ase no ano nyɛ den pii a, wubetumi ama wo nne so na woatoa wo kasa no so. Nanso sɛ dede no ano yɛ den, na sɛ ɛkyɛ a, ɛsɛ sɛ wohome wo kasa no mu. W’atiefo no aso remma wo kasa no so saa bere no. Enti fa kasa mu ɔhome di dwuma yiye, a adwene no ne sɛ wobɛboa w’atiefo no ma wɔanya nneɛma pa a wopɛ sɛ woka kyerɛ wɔn no so mfaso kɛse.

      Home Wo Kasa Mu Fa Gye Mmuae. Ebia wɔbɛma wo kasa a wuntumi mmisa w’atiefo no nsɛm mma wonyi wo ano, nanso ehia sɛ woma atiefo no bua a wommue wɔn ano, na mmom wobebua wɔ wɔn tirim. Sɛ wubisa nsɛm a ɛbɛma w’atiefo no adwene nanso woanhome wo kasa no mu a, mfaso a ɛwɔ saa nsɛmmisa no so no bɛyera.

      Ɛwom, ɛnyɛ bere a wugyina asɛnka agua so rekasa nkutoo na ɛsɛ sɛ wohome wo kasa mu, na mmom bere a woredi afoforo adanse nso. Ɛte sɛ nea ebinom nhome wɔn kasa mu koraa no. Sɛ ɛno ne wo haw a, bɔ mmɔden paa sɛ wubesua ɔkasa su yi. Wubetu mpɔn wɔ wo ne afoforo nkɔmmɔbɔ ne asɛnka adwuma mu. Ɔkasa mu home yɛ kommyɛ bere, na nokwarem no wɔaka ho asɛm sɛ kommyɛ hyɛ asɛm agyirae, si so dua, twetwe adwene, na ɛma yɛn asom tumi dwo yɛn.

      Da biara da nkɔmmɔbɔ yɛ adwenkyerɛ. Sɛ wutie afoforo na wokyerɛ nea wɔka ho anigye a, ɛbɛma wɔn nso atie wo. Eyi hwehwɛ sɛ wobɛhome bere tenteenten ma wɔn nso anya kwan akasa bi.

      Sɛ yɛkɔ asɛnka a, yɛn adansedi tu mpɔn kɛse bere a yɛma ɛyɛ nkɔmmɔbɔ no. Bere a Adansefo pii akyia ofiewura no ama wagye so awie no, wohu sɛ ɛyɛ papa sɛ wɔbɛda wɔn asɛmti adi, na afei wɔabisa asɛm bi. Wɔhome wɔn kasa mu sɛnea ɛbɛyɛ na nea wɔne no rekasa no atumi ama mmuae, na afei wɔabua nea ofiewura no kae no. Bere a morebɔ nkɔmmɔ no, wubetumi ama ofiewura no kwan mpɛn pii ma wakasa. Wonim sɛ sɛ wohu onipa a wɔne no rekasa no adwene wɔ asɛm a wɔresusuw ho no ho a, wobetumi ayɛ pii de aboa no.—Mmeb. 20:5.

      Ɛwom, ɛnyɛ obiara na obebua nsɛmmisa yiye. Nanso ɛno ammu Yesu abam sɛ obegyina akyɛ kakra ma n’asɔretiafo mpo anya kwan akasa bi. (Marko 3:1-5) Onipa foforo a wo ne no rekasa a wobɛma no kwan ma wakasa no bɛhyɛ no nkuran ma wasusuw nneɛma ho, na ɛbɛma wada ne komam nsusuwii adi. Nokwarem no, yɛn som adwuma no atirimpɔw biako ne sɛ yɛbɛkanyan yɛn atiefo koma denam Onyankopɔn Asɛm mu nsɛmpɔw a ehia a yɛbɛka akyerɛ wɔn ma wɔagyina so asisi gyinae ahorow so.—Heb. 4:12.

      Kasa mu ɔhome a ɛfata a yɛde bedi dwuma wɔ yɛn som adwuma mu no yɛ adwinni a wodi ankasa. Sɛ yɛde kasa mu ɔhome di dwuma sɛnea ɛsɛ a, adwene a ɛwom no tumi da adi yiye na ɛma wɔkae kasa no bere tenten.

      SƐNEA WƆYƐ NO

      • Sɛ worekenkan ade den a, ma w’ani nku kasa mu home agyirae ho titiriw.

      • Tie akasafo a wɔn ho akokwaw yiye no, na hwɛ baabi a wɔhome wɔn kasa mu kyɛ no.

      • Sɛ woka biribi a wopɛ sɛ afoforo kae a, home wo kasa no mu ma ɛnkɔ wɔn mu.

      • Sɛ worebɔ nkɔmmɔ a, ma afoforo kwan ma wɔnka wɔn adwene, na afei tie wɔn mmuae. Ma wɔnkasa nwie. Ntwa wɔn ano.

      DWUMADI: Kenkan Marko 9:1-13 den; home wɔ baabi a kasa mu home agyirae hyehyɛ no. Mma akenkan no nnyɛ nyaa. Bere a woabobɔ so awie no, ma obi ntie na ɔmma wo nyansahyɛ ahorow wɔ baabi a ɛsɛ sɛ wutu mpɔn wɔ wo kasa mu ɔhome mu no.

  • Adwene a Ɛwom a Wosi So Dua Yiye
    Nya Teokrase Ɔsom Sukuu Adesua so Mfaso
    • ADESUA 6

      Adwene a Ɛwom a Wosi So Dua Yiye

      Dɛn na ehia sɛ woyɛ?

      Sɛ wubesi nsɛmfua ne kasasin so dua wɔ ɔkwan a ɛbɛyɛ mmerɛw ama atiefo sɛ wobehu adwene a ɛwɔ nea woreka no mu so.

      Dɛn nti na ɛho hia?

      Adwene a ɛwɔ kasa mu a wosi so dua yiye no boa ɔkasafo no ma n’atiefo yɛ aso ma no, na ɔhyɛ wɔn nkuran kanyan wɔn.

      SƐ WOKASA anaasɛ wokenkan ade ma epue w’ano a, ɛnyɛ nea ehia ara ne sɛ wobɛbobɔ nsɛmfua din yiye, na mmom sɛ wubesi nsɛntitiriw ne nsɛm a aba wom no so dua wɔ ɔkwan a ɛbɛma adwene a ɛwom no ada adi yiye so.

      Ɛnyɛ nea adwene a ɛwɔ kasa mu a wubesi so dua yiye kyerɛ ara ne sɛ wubesi nsɛmfua kakraa bi anaa pii so dua. Ɛsɛ sɛ wusi nsɛmfua a ɛfata so dua. Sɛ wusi nsɛm a ɛmfata so dua a, atiefo no rente nea woreka no ase, na ebia ɛbɛma wɔn adwene adan akɔ nneɛma foforo so. Ebi mpo a na asɛm no yɛ dɛ, nanso ɔkasa a wonsi emu nsɛm so dua yiye ntumi nkanyan atiefo.

      Wubetumi afa akwan horow pii a wɔde di dwuma bom no so: denam ɛnne a wɔma so so, nkate a emu yɛ den a wɔde ka so, nsɛm a wɔka no bɔkɔɔ a wɔmpere ho so, denam home a yɛhome de fi asɛm bi ase anaasɛ yɛde wie asɛm (anaasɛ ne nyinaa) so, ne nipaduam ahokeka ne anim yɛbea so. Wɔ kasa ahorow bi mu no, yebetumi asi asɛm bi so dua denam yɛn nne a yɛbɛma aba fam anaa yɛbɛma so so. Susuw asɛm no ne tebea no ho fa hwehwɛ nea ebehia titiriw.

      Sɛ woresusuw nea wubesi so dua ho a, susuw nea edidi so yi ho hwɛ. (1) Ɛnyɛ kasamu no nko na ɛkyerɛ nsɛmfua a ɛsɛ sɛ wosi so dua kɛse wɔ kasamu biara mu na mmom nsɛm a ɛfa ho no nso. (2) Wobetumi de adwene a ɛwɔ kasa mu a wosi so dua no adi dwuma afi adwene a ɛwɔ asɛm bi mu ase, sɛ ebia ɛyɛ asɛntitiriw bi anaasɛ adwene a wɔdan kɔ asɛm foforo bi so ara kwa. Ebetumi de nsusuwii bi nso aba awiei. (3) Ɔkasafo betumi asi adwene a ɛwɔ kasa mu so dua de akyerɛ sɛnea ɔte nka wɔ asɛm bi ho. (4) Yebetumi de adwene a ɛwɔ kasa mu a wosi so dua yiye nso adi dwuma de asi ɔkasa bi mu nsɛntitiriw so dua.

      Nea ɛbɛyɛ na wɔatumi de adwene a wosi so dua yiye adi dwuma wɔ saa kwan yi so no, ɛsɛ sɛ nea ɔma ɔkasa anaasɛ ɔkenkan ade wɔ baguam no te n’asɛm no ase yiye na ɔbɔ mmɔden sɛ ɔbɛma adu n’atiefo no komam. Ɛdefa akwankyerɛ a wɔde mae wɔ Esra bere so ho no, Nehemia 8:8 ka sɛ: “Wɔkenkan Onyankopɔn mmara nhoma no fann, na wɔkyerɛɛ ase ma wɔtee ne kenkan no ase.” Ɛda adi pefee sɛ wɔn a wɔkenkan Onyankopɔn Mmara na wɔkyerɛkyerɛɛ mu saa bere no huu hia a ehia sɛ wɔboa wɔn atiefo ma wɔte nea na wɔrekenkan no ase, na atumi aka wɔn tirim na wɔde adi dwuma.

      Dɛn na Ebetumi De Ɔhaw Aba. Nnipa pii tumi ma wɔn nsɛm mu da hɔ pefee wɔ wɔn da biara da nkɔmmɔbɔ mu. Nanso, sɛ wɔkenkan asɛm bi a obi akyerɛw a, etumi yɛ wɔn den sɛ wobehu nsɛm a ɛsɛ sɛ wɔpaw na wosi so dua. Ano aduru ara ne sɛ wɔbɛte asɛm no ase yiye. Ɛno hwehwɛ sɛ wosua nea wɔakyerɛw no yiye. Enti sɛ wɔma wo akenkan dwumadi wɔ asafo nhyiam ase a, ɛsɛ sɛ wusiesie wo ho yiye.

      Ebinom de nea wɔfrɛ no “nsɛm a wosi so dua bere ne bere mu” na edi dwuma sen sɛ wobesi nsɛntitiriw so dua. Wosi nsɛm so dua wɔ mmere pɔtee bi mu ɛmfa ho sɛ ebia mfaso wɔ so anaa mfaso nni so. Afoforo nso si adeyɛ nsɛm so dua, na ebia wɔasi nkabomde so dua. Sɛ asɛm a wosi so dua no mmoa mma adwene a ɛwom no nna adi a, ɛdan kasa su a ɛsɛe kasa ntɛm ara.

      Akasafo binom ma wɔn nne so de bɔ mmɔden sɛ wɔde besi nsɛntitiriw so dua wɔ ɔkwan a ɛma atiefo no te nka sɛ wɔreka wɔn anim so. Nokwarem no, ade pa biara ntaa mfi mu mma. Sɛ wosi adwene a ɛwɔ kasa mu so dua ma ɛyɛ kyenkyenee a, ebetumi ama atiefo no asusuw sɛ ɔkasafo no rebu wɔn animtiaa. Hwɛ sɛnea ɛbɛyɛ papa sɛ wo ne wɔn bɛkasa ɔdɔ so na woaboa wɔn ma wɔahu sɛ nea woreka no fi Kyerɛwnsɛm mu na ntease wom!

      Sɛnea Wubetu Mpɔn. Mpɛn pii no, obi a ontumi nsi kasa mu nsɛntitiriw so dua no nhu sɛ saa na ɔte. Obi foforo na ɛsɛ sɛ ɔtwe n’adwene si so. Sɛ ehia sɛ wutu mpɔn wɔ eyi mu a, wo sukuu sohwɛfo no bɛboa wo. Afei nso, nsuro sɛ wobɛhwehwɛ mmoa afi obi foforo a ɔyɛ ɔkasafo pa nkyɛn. Ma ontie sɛnea wokenkan na wokasa yiye, na ɔmma wo nyansahyɛ ahorow a ɛbɛma woatu mpɔn.

      Nea edi kan no, ebia wo fotufo no bɛhyɛ wo nkuran sɛ fa Ɔwɛn-Aban mu nsɛm sua yɛ. Akyinnye biara nni ho sɛ ɔbɛka akyerɛ wo sɛ yɛ kasamu biara mu nhwehwɛmu fa hu nsɛmfua anaa kasasin ahorow a ɛsɛ sɛ wusi so dua sɛnea ɛbɛyɛ a ɛrenyɛ den sɛ wɔbɛte ase. Obetumi abɔ wo nkae sɛ ma w’ani nku nsɛmfua bi a wɔakyerɛw akyeakyea no ho yiye. Kae sɛ nsɛmfua a ɛwɔ kasamu biara mu no yɛ adwuma bom. Mpɛn pii no, nsɛmfua akuw bi na ɛsɛ sɛ wusi so dua, ɛnyɛ asɛmfua bi a atew ne ho kɛkɛ. Wɔ kasa horow bi mu no, ebia wɔbɛhyɛ asuafo nkuran ma wɔahyɛ nea ɛnne nnyigyei agyirae kyerɛ ankasa no nsow yiye wɔ adwene a ɛwɔ kasa mu a wosi so dua no so.

      Sɛ́ ade a edi hɔ wɔ sua a woresua nea ɛsɛ sɛ wusi so dua mu no, wo fotufo no betumi ahyɛ wo nkuran ma woasusuw nsɛm akuwakuw a ɛdɔɔso sen kasamu no ankasa ho. Dɛn titiriw na wɔreka ho asɛm wɔ nkyekyem no nyinaa mu? Ɔkwan bɛn so na ɛsɛ sɛ ɛka nea wubesi so dua wɔ kasamu ahorow no mu no? Hwɛ asɛmti no, ne asɛmti ketewa a wɔde nkyerɛwee akɛse akyerɛw a asɛm no wom no. Abusuabɔ bɛn na eyinom ne nsɛm a wubesi so dua no wɔ? Eyinom nyinaa yɛ nsɛm a ɛsɛ sɛ wususuw ho. Nanso hwɛ yiye na woansi nsɛmfua pii so dua.

      Sɛ́ ebia worenhwɛ krataa so nkasa anaasɛ wobɛkenkan no, wo fotufo no betumi ahyɛ wo nkuran ma woama ntease a ɛwom no anya adwene a ɛwɔ kasa no mu a wubesi so dua no so nkɛntɛnso. Ehia sɛ wuhu mmeae a asɛm bi pɔw kosi anaasɛ baabi a ɔkasa no dan fi asɛntitiriw biako so kɔ foforo so no. Sɛ woma atiefo no hu eyinom a, wɔn ani begye. Wubetumi ayɛ eyi denam nsɛm te sɛ nea edi kan koraa no, nea edi hɔ no, awiei koraa no, ne saa nti, ne ntease wom sɛ, a wubesi so dua no so.

      Afei nso wo fotufo no bɛtwe w’adwene akɔ nsusuwii a wopɛ sɛ woda nkate soronko adi wɔ ho no so. Nea ɛbɛyɛ na woayɛ eyi no, wubetumi asi nsɛmfua te sɛ paa, nea ɛsen biara no, akyinnye biara nni ho sɛ, ɛmpare no, ehia sɛ, ne bere nyinaa so dua. Saa a wobɛyɛ no betumi anya sɛnea w’atiefo no te nka wɔ nea woreka no ho so nkɛntɛnso. Yɛbɛka eyi ho nsɛm pii wɔ Adesua 11, “Ɔhyew ne Nkate” mu.

      Nea ɛbɛyɛ na woatu mpɔn wɔ sɛnea wubesi adwene a ɛwɔ kasa mu so dua mu no, wɔbɛhyɛ wo nkuran ma woama nsɛntitiriw a wopɛ sɛ w’atiefo no kae no atra w’adwenem. Yebesusuw eyi ho akɔ akyiri wɔ asɛm a ɛfa baguam akenkan ho wɔ Adesua 7, “Nsɛntitiriw a Wosi So Dua,” ne afei nea ɛfa ɔkasa ho wɔ Adesua 37, “Nsɛntitiriw a Wɔma Ɛda Adi” no mu.

      Sɛ worebɔ mmɔden sɛ wubetu mpɔn wɔ w’asɛnka adwuma mu a, ma w’ani nku sɛnea wokenkan kyerɛw nsɛm ho yiye. Fa yɛ wo su sɛ wubebisa wo ho sɛ, ‘Dɛn nti na merekenkan kyerɛwsɛm yi?’ Sɛ́ ɔkyerɛkyerɛfo no, nsɛmfua din a wobɛbobɔ no yiye bere nyinaa no nkutoo nnɔɔso. Nkate mu mpo a wubefi akenkan kyerɛwsɛm no nnɔɔso. Sɛ worema obi asɛmmisa ho mmuae anaasɛ worekyerɛkyerɛ nokwasɛm titiriw bi mu a, eye sɛ wusi nsɛmfua anaa nsɛm a ɛfoa asɛm a moresusuw ho no so so dua wɔ kyerɛw nsɛm no mu. Anyɛ saa a, onipa a worekenkan akyerɛ no no rente ase.

      Esiane sɛ adwene a ɛwɔ kasa mu a wosi so dua kɛse no hwehwɛ sɛ wosi nsɛmfua ne kasasin ahorow bi so dua yiye nti, ɔkasafo a ne ho nkokwawee betumi ayɛ ma atra so. Nea ebefi mu aba no bɛyɛ sɛ obi a afei na ɔresua sanku bɔ no. Nanso sɛ ɔkɔ so sua a, “sanku no nnyigyei” mmiako mmiako no bɛbom ayɛ “dwom” a ɛyɛ dɛ.

      Bere a woasua kasa mu mfitiase nimdeɛ bi akyi no, wubetumi anya mfaso afi akasafo a wɔn ho akokwaw a wobɛhwɛ wɔn no so. Ɛrenkyɛ na woahu nea wubetumi anya afi akwan horow a wobɛfa so asi nsɛm so dua no mu. Na wubehu mfaso a ɛwɔ akwan horow a wɔfa so si nsɛm so dua ma nea woka mu da hɔ yiye a wode bedi dwuma no so. Hu a wubehu sɛnea wosi adwene a ɛwɔ kasa mu so dua no bɛma w’ankasa w’akenkan ne wo kasa atu mpɔn kɛse.

      Mma adwene a ɛwɔ kasa mu so duasi kakraa bi a wubesua no nkutoo nnnɔɔso mmma wo. Nea ɛbɛyɛ na wo kasa atu mpɔn no, kɔ so nya nkɔso kosi sɛ wo ho bɛkokwaw yiye wɔ sɛnea wosi adwene a ɛwɔ kasa mu so dua mu, na wubetumi de adi dwuma wɔ ɔkwan a ɛrenyɛ kyenkyenee wɔ w’atiefo asom so.

      SƐNEA WƆYƐ NO

      • Sua sɛnea wubehu nsɛntitiriw ne nsɛmfua akuwakuw a ɛwɔ kasamu mu. Ma w’ani nku nsɛm a ɛfa ho a wubegyina so ayɛ eyi no ho titiriw.

      • Bɔ mmɔden sɛ wubesi nsɛm so dua de akyerɛ (1) fi a wofi ɔkasa mu adwene biako so kɔ foforo so ne (2) sɛnea wote nka wɔ nea woreka no ho.

      • Sɛ wokenkan kyerɛw nsɛm a, fa yɛ wo su sɛ wubesi nsɛmfua a ɛboa nea enti a wotwee adwene sii so no so dua.

      DWUMADI AHOROW: (1) Paw kyerɛw nsɛm abien a wotaa de di dwuma wɔ asɛnka mu. Kyerɛ nea worebɔ mmɔden sɛ wode kyerɛwsɛm biara bɛkyerɛkyerɛ mu. Kenkan kyerɛw nsɛm no den wɔ ɔkwan bi so a ebesi nsɛmfua anaa nsɛm akuw a ɛfoa saa nsɛm no so dua so. (2) Sua Hebrifo 1:1-14. Dɛn nti na ɛsɛ sɛ wohyɛ da si nsɛmfua “adiyifo” (nky. 1), “Ɔba” (nky. 2), ne “abɔfo” (nky. 4, 5) so dua sɛnea ɛbɛyɛ a wobɛma ntease a ɛwɔ ti yi mu ada adi pefee? Sua sɛ wobɛkenkan ti no den na si adwene a ɛwom a ɛma ntease no da adi no so dua.

  • Nsɛntitiriw a Wosi So Dua
    Nya Teokrase Ɔsom Sukuu Adesua so Mfaso
    • ADESUA 7

      Nsɛntitiriw a Wosi So Dua

      Dɛn na ehia sɛ woyɛ?

      Sɛ worekenkan ade den a, mfa w’adwene nsi kasamu mmiako mmiako a ɛwom no so, na mmom fa si nsɛntitiriw a ɛwɔ nea worekenkan no nyinaa mu so.

      Dɛn nti na ɛho hia?

      Sɛ wusi nsɛntitiriw a ɛwom no so dua a, ɛbɛyɛ mmerɛw sɛ wɔbɛkae w’asɛm no.

      ƆKENKANFO a ne ho akokwaw hwɛ ade kɔ akyiri sen kasamu mmiako mmiako no, anaa nkyekyem a ɛwom no mpo. Sɛ ɔkenkan ade a, ɔde n’adwene si nsɛntitiriw a ɛwɔ nea ɔrekenkan no nyinaa mu no so. Eyi nya nea obesi so dua no so nkɛntɛnso.

      Sɛ wamfa saa kwan yi so a, nsɛntitiriw a ɛwɔ asɛm no mu renna adi. Wɔrenhu asɛntitiriw biara a ɛda adi pefee. Sɛ ɔkasa no ba awiei a, ebetumi ayɛ den sɛ wɔbɛkae emu asɛntitiriw bi.

      Mpɛn pii no, ani a wɔbɛma aku nsɛntitiriw a wobesi so dua ho yiye no bɛboa pii ma Bible mu asɛm bi a wɔrekenkan no atu mpɔn. Asɛm so dua a wubesi saa no betumi ama nkyekyem ahorow a wokenkan wɔ ofie Bible adesua anaa asafo nhyiam ahorow ase no adi mu yiye. Na ne titiriw no, ɛho behia paa bere a worema ɔkasa a wɔakyerɛw emu nsɛm nyinaa, sɛnea ɛtɔ mmere bi a wɔyɛ wɔ yɛn ɔmantam nhyiam ahorow ase no.

      Sɛnea Wobɛyɛ No. Wɔ sukuu no mu no, wobetumi de Bible no fã bi akenkan ama wo. Dɛn na ɛsɛ sɛ wusi so dua? Sɛ dwumadi a wɔde ama wo no fa asɛntitiriw bi anaa biribi titiriw a esii ho a, ɛbɛyɛ papa sɛ woma ɛda adi.

      Sɛ́ ebia ɔfã a wobɛkenkan no yɛ anwensɛm anaa nkɔmmɔbɔ, abebusɛm anaa asɛm bi a esii ho asɛm a wɔaka no, sɛ wokenkan ma emu da hɔ yiye a w’atiefo no benya so mfaso. (2 Tim. 3:16, 17) Sɛ wobɛyɛ eyi a, ɛsɛ sɛ wususuw nsɛm a wobɛkenkan no ne w’atiefo no ho.

      Sɛ ɛsɛ sɛ wokenkan nhoma bi den wɔ Bible adesua anaa asafo nhyiam ase a, nsɛntitiriw bɛn na ehia sɛ wusi so dua? Fa adesua asɛm no nsɛmmisa a wɔatintim no ho mmuae no yɛ nsɛntitiriw no. Bio nso ma adwene a ɛwɔ asɛmti ketewa a wɔakyerɛw no akɛse a asɛm no pue wom mu no nna adi.

      Wɔnhyɛ nkuran sɛ wode bɛyɛ wo su sɛ wobɛkyerɛw ɔkasa a wɔde ama wo wɔ asafo no mu no akenkan. Nanso, ɛtɔ da a, wɔkyerɛw ɔmantam nhyiam ase ɔkasa no bi mu nsɛm nyinaa ma wɔkenkan sɛnea ɛbɛyɛ a wɔbɛte asɛm koro no ara wɔ nhyiam ahorow no nyinaa ase. Nea ɛbɛyɛ na ɔkasafo no ada nsɛntitiriw a ɛwɔ ɔkasa a ɛte saa mu adi no, ɛsɛ sɛ odi kan hwehwɛ asɛm no mu yiye. Nsɛntitiriw bɛn na ɛwom? Ɛsɛ sɛ otumi hu eyinom. Emu nsɛntitiriw no nyɛ nsɛm a osusuw sɛ ɛyɛ anigye kɛkɛ. Ɛyɛ aba a ɛwom a wɔanwene asɛm no afa ho ankasa no. Ɛtɔ mmere bi a asɛntitiriw bi a wɔatwa no tiaa wɔ ɔkasa a wɔakyerɛw emu nsɛm nyinaa mu no twe adwene si asɛm bi a esii a wɔaka ho asɛm anaa asɛm bi nkyerɛkyerɛmu so. Mpɛn pii no, sɛ wɔde nkyerɛkyerɛmu no ma wie a, wɔka asɛm bi a tumi wom de wie. Sɛ ɔkasafo no hu nsɛntitiriw yi a, ɛsɛ sɛ ɔhyɛ no nsow wɔ ne krataa no so. Ɛntaa nnɔɔso, na ebetumi aba sɛ ɛmmoro anan anaa anum. Nea edi hɔ ne sɛ obesua sɛnea ɔbɛkenkan no wɔ ɔkwan bi so a ɛrenyɛ den mma atiefo no sɛ wobehu emu nsɛntitiriw no. Eyinom ne nea ehia titiriw wɔ ɔkasa no mu. Sɛ wosi nsɛm so dua yiye wɔ ɔkasa no mu a, ɛda adi sɛ wɔbɛkae saa nsɛntitiriw yi. Ɛno na ɛsɛ sɛ ɔkasafo no de yɛ ne botae.

      Akwan pii wɔ hɔ a ɔkasafo no betumi afa so asi nsɛm a ehia so dua na aboa atiefo no ma wɔahyɛ nsɛntitiriw no nsow. Sɛ yɛbɛbobɔ kakraa bi so a, obetumi ama kasa no mu ayɛ hyew, akɔ brɛoo anaa ntɛmntɛm kakra, ada nkate adi, anaa ɔde ne nipadua asi nsɛm so dua sɛnea ɛfata.

      NSƐM A ƐSƐ SƐ WOMA ƐTRA W’ADWENEM

      • Hwehwɛ nsɛm no mu sɛnea ɛbɛyɛ a wubehu nsɛntitiriw a kasa no gyina so no. Hyɛ eyinom nsow.

      • Sɛ worekenkan ade den a, ma kasa no mu nyɛ hyew, tɔ wo bo ase kenkan, na da nkate a ɛwom no adi sɛnea ɛfata, na ama emu nsɛntitiriw no atumi ada adi.

      DWUMADI: Paw Ɔwɛn-Aban mu asɛm a wobesua mu nkyekyem ahorow anum. Sensan adesua no mmuae a ɛwɔ saa nkyekyem no mu no ase. Kenkan nkyekyem no den sɛnea ɛbɛyɛ a ɛrenyɛ den mma otiefo no sɛ obehu mmuae no.

Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
Fi Mu
Kɔ Mu
  • Twi
  • Fa Mena
  • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
  • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
  • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
  • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • JW.ORG
  • Kɔ Mu
Fa Mena