Dwom 104
Ma Yɛnkamfo Yehowa
Nea Yɛaprente
1. Ma yɛnkamfo
Yehowa daa!
Ɔma yɛn nkwa; ɔma yɛn anigye.
Yɛbɛsom no,
Ayi n’ayɛ.
Yehu ne dɔ wɔ ne tumidi mu.
Yɛto n’ayeyi dwom bɔ ne din daa.
2. Ma yɛnkamfo
Yehowa daa!
Otie yɛn mpaebɔ ma yɛn ade pa.
Ɔwɔ tumi;
Ɔhyɛ yɛn den.
Ne honhom boa anokwafo nyinaa.
Yɛbɔ ne din, kamfo ne tumi daa.
3. Ma yɛnkamfo
Yehowa daa!
Ɔw’rɛkyekyefo a yegye no di,
Ɔbɛma yɛn
Abotɔyam.
Nnipa benya Ahenni nhyira.
Yɛde anigye bɛkamfo no daa!
(Hwɛ Dw. 94:18, 19; 145:21; 147:1; 150:2 nso.)