Dwom 21
Anigye Ne Mmɔborɔhunufo!
Nea Yɛaprente
1. Mmɔb’rɔhunufo ani gye!
Wɔn ho yɛ fɛ ma Nyankopɔn.
Wɔkyerɛ trenee adɔfo
Sɛ Nyankopɔn pɛ mmɔb’rɔhun’.
Ɔnam Yesu so huu mmɔbɔ;
Wayɛ agyede ho nhyehyɛe.
Ohu treneefo no mmɔbɔ,
Efisɛ obiara yɛ mm’rɛw.
2. Mmɔb’rɔhunufo wɔ nhyira;
Bɔne faf’ri nti wɔnsuro.
Mmɔb’rɔhunufo ani gye,
Efisɛ Kristo agye wɔn.
Wɔn nso hu obiara mmɔbɔ;
Wɔbɛtrɛw asɛmpa no mu;
Wɔka sɛ, “Munnya anigye,
Afei Ahenni no aba.”
3. Mmɔb’rɔhunufo rensuro,
B’re a Yehowa bu atɛn.
Obehu wɔn nyinaa mmɔbɔ,
Efisɛ wɔn nso hu mmɔbɔ.
Enti momma yenhu mmɔbɔ;
Ma yɛn nyinaa mfa mmɔ yɛn bra.
Kristo ne n’Agya yɛɛ nhwɛso;
Momma yenhu nnipa mmɔbɔ.
(Hwɛ Luka 6:36; Rom. 12:8; Yak. 2:13 nso.)