Dwom 48
Yɛne Yehowa Bɛnantew Daa
Nea Yɛaprente
(Mika 6:8)
1. Yɛne yɛn Agya Nyankopɔn
Bɛnantew akosi daa nyinaa.
N’ayamye no dɔɔso ma yɛn;
Ɔde ma wɔn a wɔhwehwɛ no!
Wayɛ nhyehyɛe bi ama yɛn.
Momma yɛnsɔ ne nsa daa.
Yehyira yɛn ho so ma no;
Yedi Yehowa akyi daa.
2. Nnipa atemmu no abɛn;
Ɛrenkyɛ wiase yi betwa mu.
Atamfo twa yɛn ho hyia daa;
Ebetumi ama yɛasuro.
Nanso Yehowa hwɛ yɛn so;
Yɛpɛ sɛ yɛbɛn no paa.
Yɛbɛsom no akosi daa.
Dɔ wo Nyankopɔn daa nyinaa.
3. Nyankopɔn ayɛ nhyehyɛe pa.
Ɔnam ne honhom ne n’Asɛm so,
Ɛne Kristo asafo no.
Ɔma yehu sɛ otie mpaebɔ.
Yɛne Yehowa bɛnantew,
Adepa na yɛbɛyɛ;
Yebesua n’ayamye no bi;
Yɛde ahobrɛase som no.
(Hwɛ Gen. 5:24; 6:9; 1 Ahe. 2:3, 4 nso.)