Dwom 50
Onyankopɔn Ayɛ Ɔdɔ Ho Nhwɛso Ama Yɛn
1. Yehowa ayɛ nhwɛso ama yɛn;
Ɔdɔ yɛn,
Yɛn nyinaa.
Ɔdɔ ho nhwɛso no bɛbɔ yɛn ho ban,
Na yɛayɛ den,
Na yɛayɛ den.
Fa ne kwan no so, wubenya ahotɔ.
Ɔkwan trenee no, ɛkɔ nnwuma pa mu.
Asomdwoe kwan no, ɛma yɛyɛ biako.
Nyankopɔn kwan,
Ɛyɛ ɔdɔ kwan.
2. Nyankopɔn kwan no, ɛma yɛdɔ yɛn nua
Nokwarem,
Fi komam.
Yɛbɛbɔ mmɔden na yɛaboa anuanom
B’ribiara mu,
B’ribiara mu.
Ɛbɛma yɛde mfomso akyekyɛ;
Ɛbɛma yɛanya ɔdɔ a edi mũ;
Ɛbɛma yɛasɛ ɔsoro Nyankopɔn.
Yɛwɔ ɔdɔ,
Yɛwɔ onuadɔ.
3. Nyankopɔn dɔ no ma yetumi som no
Daa nyinaa,
Daa nyinaa.
Yɛde anigye betie Nyankopɔn daa,
Ato ne dwom,
Ato ne dwom.
Yɛbɛbɔ ne din akyerɛ obiara.
Yɛbɛka n’asɛm no de akosi daa.
Wɔbɛte asɛm no ase daa nyinaa;
Ɛno ne dɔ,
Nokware dɔ no.
(Hwɛ Rom. 12:10; Efe. 4:3; 2 Pet. 1:7 nso.)