Dwom 9
Kamfo Yehowa, Yɛn Nyankopɔn No!
Nea Yɛaprente
1. Kamfo no! Kamfo Yehowa!
Ma obiara nhu ne din no!
Bɔ kɔkɔ! Ne da no abɛn;
Ma obiara ntie ahyɛde no.
Yɛn Nyankopɔn no aka sɛ ɛnnɛ
N’abakan no redi hene.
Kɔ nnipa nkyɛn, kɔka asɛm no,
Ma wɔnhu sɛ ogye abɛn!
(NNYESO)
Kamfo no! Kamfo Yehowa;
Ma obiara nhu ne kɛseyɛ!
2. Kamfo no! To Yehowa dwom!
To ah’rusi dwom ma ne din!
Fa koma, Anisɔ koma
Ne akokod’ru kamfo ne din.
Yɛn Nyankopɔn nnwuma yɛ akɛse,
Nanso oye ma obiara.
Ɔwɔ ayamye, adɔe ne ɔdɔ,
Ɔno na yɛbɛkamfo no.
(NNYESO)
Kamfo no! Kamfo Yehowa;
Ma obiara nhu ne kɛseyɛ!
(Hwɛ Dw. 89:27; 105:1; Yer. 33:11 nso.)