Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • jr ti 12 kr. 140-153
  • ‘Ɛnyɛ Nim A Onim Me Nti Na Ɔyɛɛ Saa?’

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • ‘Ɛnyɛ Nim A Onim Me Nti Na Ɔyɛɛ Saa?’
  • Onyankopɔn Asɛm A Ɔnam Yeremia so De Ama Yɛn
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • NEA ONYANKOPƆN A YEBEHU NO NO KYERƐ
  • “N’ADƆE WƆ HƆ DAA!”
  • ‘SƐ́ YEHOWA TE ASE WƆ ATƐNTRENEE MU YI!’
  • ‘MEREMFA MO HO ASƐM NHYƐ ME MU NKOSI DAA’
  • “Tie Yehowa Asɛm”
    Onyankopɔn Asɛm A Ɔnam Yeremia so De Ama Yɛn
  • Odiyifo A Ɔsomee Wɔ “Awiei Nna No Mu”
    Onyankopɔn Asɛm A Ɔnam Yeremia so De Ama Yɛn
  • So Da Biara Wubisa Sɛ, “Yehowa Wɔ He?”
    Onyankopɔn Asɛm A Ɔnam Yeremia so De Ama Yɛn
  • Nnɛyi Bible A Wɔhyew Atirimpɔw Yɛ Ɔkwa
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1980
Hwɛ Pii Ka Ho
Onyankopɔn Asɛm A Ɔnam Yeremia so De Ama Yɛn
jr ti 12 kr. 140-153

Ti Dumien

‘Ɛnyɛ Nim A Onim Me Nti Na Ɔyɛɛ Saa?’

1, 2. Dɛn nti na na nyansa nnim sɛ Yehoiakim besi ne dan no?

NÁ Ɔhene Yehoiakim resi ofie bi, na na ofie no bɛyɛ kɛse paa. Ná wayɛ nhyehyɛe sɛ anyɛ yiye koraa no obesi abansoro dan a ɛtoa so abien a emu adan bɛyɛ akɛseakɛse. Ná adan no ho mfɛnsere akɛse no bɛma owia hann ahyerɛn adan no mu na mframa pa nso afa mu bere nyinaa ma ɔhene no ne n’abusua ho adwo wɔn. Ná ɔde Lebanon nkyeneduru huamhuam na ɛbɛsɛm adan no mu. Ná ɔde adukɔkɔɔ a wɔkra fi amannɔne a atitiriw ne akunini a wofi aman foforo so ani gye ho paa na ɛbɛka adan no mu ma ayɛ fɛ.—Yer. 22:13, 14.

2 Ná ɔdan no ho ka bɛyɛ kɛse. Saa bere no, na ɛbɛyɛ sɛ ɔman no ahobammɔ ne tow a na Egypt regye afi ɔman no hɔ no ama ɔman no foto mu ayow. (2 Ahe. 23:33-35) Nanso, Yehoiakim nyaa ɔkwan bi a na ɔbɛfa so atua n’ahemfie foforo no ho ka no. Wantua adwumayɛfo a na wɔresi ɔdan no ka! Yehoiakim ne wɔn dii sɛ nkoa, na ɔma wɔyɛɛ adwumaden siam wɔn anim fifiri de boaa n’ahenni no.

3. Nsonsonoe bɛn na na ɛwɔ Yehoiakim ne n’agya ntam, na dɛn nti na woreka saa?

3 Onyankopɔn faa Yeremia so kasa tiaa Yehoiakim wɔ ne pɛsɛmenkominya no ho.a Ɔkaee ɔhene no sɛ na n’agya Ɔhene Yosia ada ayamye ne papayɛ soronko adi akyerɛ adwumayɛfo ne ahiafo. Na na Yosia adi wɔn asɛm mpo ama wɔn wɔ asɛnnibea. Yehowa twee Yehoiakim adwene sii sɛnea na Yosia ada tema adi akyerɛ abrɛfo no so, na obisaa Yehoiakim sɛ: ‘Ɛnyɛ nim a onim me nti na ɔyɛɛ saa?’—Monkenkan Yeremia 22:15, 16.

4. Dɛn nti na ɛsɛ sɛ woma hu a wubehu Yehowa no ho hia wo?

4 Bere a nneɛma rekɔ so sɛe wɔ Satan wiase yi mu no, yehia Yehowa mmoa ne n’ahobammɔ a ɔde ma wɔn a wonim no yiye no. Enti, ɛsɛ sɛ yɛbɛn Onyankopɔn kɛse bere nyinaa. Ehia nso sɛ yesuasua su pa a ɔwɔ no na ama yɛatumi aka asɛmpa no. Nanso, ebia wubebisa sɛ, ‘Kristoni bɛyɛ dɛn atumi ahu Yehowa sɛnea Ɔhene Yosia huu no no?’

NEA ONYANKOPƆN A YEBEHU NO NO KYERƐ

5, 6. (a) Dɛn na agya pa mma betumi asua afi ne hɔ? (b) Dɛn nti na ɛnsɛ sɛ yɛyɛ yɛn ade te sɛ Yehoiakim wɔ Yehowa a yebehu no no ho?

5 Wo de, susuw sɛnea mma tumi suasua sɛnea agya pa yɛ n’ade no ho hwɛ. Sɛ nhwɛso no, sɛ wohu sɛ wɔn agya kyɛ afoforo a ahia wɔn ade a, ɛda adi sɛ ɛbɛka wɔn ma wɔn nso ada ayamye adi. Sɛ wohu sɛnea wɔn agya da ɔdɔ ne obu adi kyerɛ wɔn maame no a, ebia ɛbɛboa wɔn ma wɔabɛyɛ nnipa a wɔwɔ tema ma mmarima ne mmea. Sɛ wɔte sɛ wɔn agya ne afoforo di no yiye, na odi nokware wɔ sikasɛm mu a, ɛbɛka wɔn nso ma wɔne afoforo adi no yiye na wɔadi nokware. Nokwarem no, sɛ mmofra a wɔte saa hu wɔn agya su ahorow ne n’akwan mu yiye a, ebia sɛ wɔn nso nyin a, wɔn ani begye ho sɛ wɔne afoforo bedi sɛnea wɔn agya yɛ no.

6 Saa ara na Kristoni a onim Yehowa sɛnea na Yosia nim no no mmu Yehowa sɛ ɔne Amansan Hene kɛkɛ. Sɛ Kristoni kenkan Bible a, ɔba behu sɛnea Onyankopɔn ne afoforo di, na ɛma ɔno nso ani ba begye ho sɛ obesuasua ne soro Agya no. Ɔdɔ a ɔwɔ ma Yehowa no mu yɛ den bere a osusuw nea Onyankopɔn pɛ ne nea ɔmpɛ ho da biara da no. Nanso, obi a obu n’ani gu Onyankopɔn mmara ne ne nkaesɛm so ma enti ɔpo akwankyerɛ biara a Onyankopɔn de ma no no renhu nokware Nyankopɔn no. Onipa a ɔte saa no te sɛ Yehoiakim a ɔde Yehowa asɛm a ɔnam Yeremia so kyerɛwee too ogya mu no.—Monkenkan Yeremia 36:21-24.

Kratafa 143 mfonini

Ɛsono sɛnea Yosia ne Yehoiakim mu biara yɛɛ n’ade wɔ Onyankopɔn asɛm ho

7. Dɛn nti na ɛsɛ sɛ wuhu Yehowa sɛnea Ɔhene Yosia huu no no?

7 Ɔsom a yɛde bɛma Yehowa ne nkwa a yebenya wɔ wiase foforo no mu ho anidaso a yɛwɔ no gyina hu a yebehu Yehowa yiye so. (Yer. 9:24) Momma yɛnhwehwɛ Onyankopɔn su ahorow no bi a wɔada no adi wɔ nhoma ahorow a Yeremia kyerɛwee mu no mu. Bere a yɛresusuw Onyankopɔn su ahorow ho no, hwehwɛ akwan bi a w’ankasa wubetumi afa so ahu no na woasuasua no sɛnea Ɔhene Yosia yɛe no.

Dɛn nti na yebetumi aka sɛ na Ɔhene Yosia nim Yehowa yiye? Yehowa a wubehu no sɛnea Yosia huu no no hwehwɛ sɛ woyɛ dɛn?

“N’ADƆE WƆ HƆ DAA!”

8. Dɛn ne adɔe?

8 Wɔ kasa ahorow pii mu no, ɛyɛ den sɛ wobenya asɛmfua anaa asɛm bi a egyina hɔ ma Onyankopɔn su a ɛne adɔe, anaa nokware dɔ. Bible mu nsɛm asekyerɛ nhoma bi kyerɛ sɛ nsɛmfua te sɛ pintinnyɛ, nokwaredi, ne ɔdɔ na ɛbom kyerɛkyerɛ Hebri asɛmfua a wɔkyerɛ ase adɔe no mu. Saa nsɛm asekyerɛ nhoma no toa so sɛ: “Sɛ wɔkyerɛ adɔe ase sɛ dɛn ara na sɛ nsɛmfua abiɛsa yi nni mu a, ɛremma ne ntease no nni mũ.” Enti obi a ɔda adɔe adi no nyɛ onipa pa kɛkɛ. Esiane sɛ odwen afoforo ho yiye nti, ɔbɔ mmɔden biara sɛ ɔbɛboa wɔn ma wɔn nsa aka wɔn ahiade, ne titiriw, nea ɛfa Onyankopɔn som ho. Ade titiriw a ɛma ɔda ahofama a ɛte saa adi ne sɛ ɔbɛsɔ ade nyinaa so Tumfoɔ Nyankopɔn no ani.

9. Dɛn na sɛnea Yehowa ne Israelfo no dii no ma ɛdaa adi?

9 Ɔkwan a eye sen biara a yebetumi afa so ate asɛmfua “adɔe” a wɔde di dwuma wɔ Bible mu no ase ne sɛ yebesua sɛnea Onyankopɔn ne n’asomfo anokwafo adi fi tete no ho ade. Yehowa bɔɔ Israelfo no ho ban maa wɔn aduan wɔ mfe 40 a wodii wɔ sare so no mu. Bere a woduu Bɔhyɛ Asase no so no, Onyankopɔn maa wɔn atemmufo a wobegye wɔn afi wɔn atamfo nsam na wɔasan de wɔn aba nokware som mu. Esiane sɛ Yehowa kɔɔ so bataa ɔman no ho wɔ mmere pa ne mmere bɔne mu wɔ saa mfehaha pii no nyinaa mu nti, otumi ka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Ɔdɔ a enni awiei na mede adɔ wo. Ɛno nti na mede adɔe atwe wo no.”—Yer. 31:3.b

10. Sɛnea wɔakyerɛkyerɛ Yudafo a na wɔwɔ Babilon no asɛm no mu no, ɔkwan bɛn na Yehowa fa so da adɔe adi wɔ sɛnea otie mpaebɔ mu?

10 Wɔ yɛn bere yi so no, Onyankopɔn kɔ so da adɔe adi wɔ akwan bi so a ɛma n’asomfo nya so mfaso tẽẽ. Wo de, susuw mpaebɔ ho hwɛ. Yehowa tie mpae a wofi komam bɔ nyinaa, nanso sɛ n’asomfo a wɔahyira wɔn nkwa so ama no no bɔ mpae a, ɔwɛn n’aso tie. Sɛ yɛkɔ so bɔ yɛn haw ahorow bi a abɛtena yɛn so ho mpae mfe pii mpo a, ne bo mfuw yɛn; na saa ara nso na ɛmfono no sɛ obetie yɛn mpaebɔ. Bere bi, Yehowa maa Yeremia kɔkaa asɛm bi kyerɛɛ Yudafo bi a na wɔwɔ nkoasom mu dedaw wɔ Babilon. Ná efi baabi a wɔwɔ reba baabi a na asɔrefie no wɔ no bɛboro kilomita 800, na na wɔmmɛn wɔn abusuafo ne wɔn nnamfonom a wɔwɔ Yuda no koraa. Ɛwom sɛ na wɔmmɛn asɔrefie no koraa de, nanso ɛno ansiw Yehowa kwan sɛ obetie mpae a wɔbɔ de hwehwɛɛ n’anim dom ne ayeyi a wɔde maa no no. Bere a mpae a wufi wo komam bɔ da so wɔ w’adwenem no, susuw awerɛkyekye a Yudafo no nyae bere a wɔtee Onyankopɔn asɛm a ɛwɔ Yeremia 29:10-12 no ho hwɛ.—Monkenkan.

Kratafa 144 mfonini

11, 12. (a) Dɛn na na Yehowa wɔ ma nkurɔfo a na wɔwɔ Yerusalem no? (b) Mmoa bɛn na obi a wɔama no nteɛso a ɛfata betumi anya?

11 Yehu Yehowa adɔe ho adanse foforo wɔ sɛnea ɔkɔ so da adwempa adi wɔ nneɛma ho no mu. Bere a na Yerusalem sɛe no rebɛn na kurow no mufo kɔɔ so tew atua—atua a na etia Onyankopɔn ankasa—no, dɛn na na ɛbɛba wɔn so? So na ɔkɔm na ebekunkum wɔn anaasɛ na wobewuwu wɔ Babilonfo nkrante ano? Ná wɔn a wobenya wɔn ti adidi mu no mpo betumi akodi mfe pii wɔ nkoasom mu anaasɛ wobewuwu wɔ ananafo asase so. Nanso, na Yehowa wɔ “asɛmpa” bi a ɛhyɛ nkuran ma wɔn a wonuu wɔn ho na wɔsakraa wɔn abrabɔ no. Ɔhyɛɛ bɔ sɛ ‘ɔbɛdan n’ani’ aba wɔn so. Ná ɔde wɔn befi Babilon a ɛwɔ akyirikyiri no ‘asan de wɔn aba ha,’ a nea ɛkyerɛ ne sɛ, na ɔbɛsan de wɔn aba wɔn ankasa asase so. (Yer. 27:22) Ɛno nti, na wɔbɛteɛm sɛ: “Monkamfo asafo Yehowa, na Yehowa ye, na n’adɔe wɔ hɔ daa!”—Yer. 33:10, 11.

12 Esiane Yehowa adɔe nti, ɔno na ɔhyɛ wɔn a wɔwɔ tebea ahorow a wɔ nnipa ani so no, emu yɛ den paa no nkuran. Ɛnnɛ, nkurɔfo bi wɔ hɔ a na anka wɔwɔ Kristofo asafo no mu a wɔmaa wɔn nteɛso a ehia na ɛfata wɔn. Ebia wɔn ahonim abu wɔn fɔ kɛse, na seesei ɛyɛ den ma wɔn sɛ wɔbɛsan ne Onyankopɔn nkurɔfo abɔ. Ebia wɔn adwene yɛ wɔn sɛ Yehowa rentumi mfa wɔn bɔne nkyɛ wɔn da, na ɔrensan nnye wɔn bio da. Ade nyinaa so Tumfoɔ Nyankopɔn no wɔ “asɛmpa” bi ma nnipa a wɔte saa nyinaa. Wobetumi aboa wɔn ma wɔayɛ nsakrae biara a ɛho hia wɔ wɔn nsusuwii ne wɔn nneyɛe mu. Na sɛnea yɛkaa ho asɛm wɔ nkyekyɛm dubiako no mu no, wobetumi agye wɔn nso atom—Yehowa ‘bɛsan de wɔn aba’ ne nkurɔfo a wɔwɔ anigye no mu.—Yer. 31:18-20.

13. Dɛn nti na ɛsɛ sɛ woma sɛnea Yehowa boaa Yeremia no hyɛ wo nkuran?

13 Yehowa yɛ adɔe Nyankopɔn, na ɔsan nso boa n’asomfo a wodi nokware no bere nyinaa. Wɔ Satan wiase no nna a edi akyiri yi mu no, yɛwɔ nea yebegyina so anya ahotoso sɛ Yehowa bɛhwɛ wɔn a wɔhwehwɛ n’Ahenni no kan no na ɔbɛbɔ wɔn nyinaa ho ban. Kae sɛ, bere a na aka nna kakra ma wɔasɛe Yerusalem no, ɛyɛ Yehowa na Yeremia de ne ho too no so sɛ ɔbɛma wanya aduan ne ahobammɔ. Onyankopɔn annyaw odiyifo no da. (Yer. 15:15; monkenkan Kwadwom 3:55-57.) Sɛ wokɔ ahokyere kɛse biara mu a, nya awerɛhyem sɛ Yehowa kae nokware a wudi ma no no. Esiane n’adɔe nti, ɔpɛ sɛ ɔboa wo sɛnea ɛbɛyɛ a ‘w’ase renhyew.’—Kwa. 3:22.

Yehowa adɔe no fã bɛn na ɛtwe wo bɛn no paa? Dɛn nti na wote nka saa?

‘SƐ́ YEHOWA TE ASE WƆ ATƐNTRENEE MU YI!’

14. Ntɛnkyea bɛn na woahu nnansa yi?

14 Nnipa binom ada afiase mfe pii wɔ bɔne a ɛnyɛ wɔn na wɔyɛe ho. Na aba mpo sɛ asɛnnibea bi abua onipa bi kumfɔ ma bere a wokum onipa no akyi ansa na ɛrebɛda adi sɛ ɛnyɛ ɔno na ɔyɛɛ bɔne no. Awofo a wɔwɔ aman bi so ho kyere wɔn araa ma wɔtɔn wɔn mma kɔ nkoasom mu sɛnea ɛbɛyɛ a abusua no benya sika atɔ aduan adi. Sɛ wote ntɛnkyea a ɛte saa ho asɛm nnɛ a, wote nka dɛn? Wususuw sɛ Yehowa nso te nka dɛn? Bible ka no pefee sɛ Yehowa pɛ sɛ oyi nneɛma a ɛde amanehunu ba nyinaa fi hɔ. Ɔno nkutoo ne obi a obetumi ayɛ saa. Enti, ahiafo ne nnipa a wɔn ho nni asɛm a wɔrehu amane nnɛ no betumi anya abotɔyam. Yehowa a ɔyɛ Onyankopɔn a obu atɛntrenee no reyɛ nhyehyɛe abegye wɔn afi ahohia a wɔwom seesei no mu.—Yer. 23:5, 6.

Kratafa 146 mfonini

15, 16. (a) Yehowa ho nokwasɛm bɛn na Yeremia twee adwene sii so? (b) Dɛn nti na wubetumi de wo ho ato Onyankopɔn mmara ne ne bɔhyɛ ahorow so?

15 Wɔ Yeremia bere so no, na ebinom nim Onyankopɔn su a ɛkorɔn a ɛne atɛntrenee no. Sɛ nhwɛso no, odiyifo no kaa asɛm bi a na ɛkyerɛ sɛ Israelfo betumi asakra afi wɔn bɔne ho ma enti ɔkaa asɛm bi de dii nsakrae a na wobetumi ayɛ yi ho adanse sɛ: ‘Sɛ́ Yehowa te ase wɔ nokware ne atɛntrenee ne trenee mu yi!’ (Yer. 4:1, 2) Saa asɛm no yɛ nokware efisɛ Yehowa rentumi mmu atɛnkyea da. Nanso, adanse foforo pii wɔ hɔ a ɛkyerɛ sɛ Yehowa dɔ atɛntrenee.

16 Onyankopɔn di n’asɛm so bere nyinaa na ɔnyɛ nyaatwom. Bere a nnipa pii hyɛ afoforo bɔ a wonni so no, Yehowa de, ɔhyɛ bɔ a odi so. Abɔde mu mmara mpo a wahyehyɛ a yenya so mfaso no yɛ adwuma pɛpɛɛpɛ. (Yer. 31:35, 36) Yebetumi nso anya ne bɔhyɛ ne ne n’atemmu ahorow mu ahotoso, efisɛ ɛyɛ papa bere nyinaa.—Monkenkan Kwadwom 3:37, 38.

17. (a) Sɛ Yehowa rebu atɛn a, dɛn na ɔyɛ? (b) Dɛn nti na wubetumi anya sɛnea mpanyimfo di asɛm wɔ asafo no mu mu ahotoso? (Hwɛ adaka a ɛne “Wobu Atɛn Ma Yehowa,” a ɛwɔ kratafa 148 no.)

17 Sɛ Yehowa rebu atɛn a, onnyina sɛnea nnipa hu asɛm no so kɛkɛ na obu atɛn. Ɔhwɛ ade tra nea nnipa hu so sɛnea ɛbɛyɛ a obehu nokware a ɛwɔ asɛm no mu nyinaa. Ɔsan nso hwehwɛ adwene a wɔn a asɛm no fa wɔn ho no kura mu. Ɛnnɛ, nnuruyɛfo tumi fa akwan ne mfiri soronko bi so yɛ ɔyarefo bi koma mu nhwehwɛmu bere a koma no reyɛ adwuma, na wɔnam so hu sɛnea onipa no koma te ankasa. Anaasɛ wotumi yɛ asaabo a ɛresɔn mogya so ayi efĩ a ɛwom afi mu no mu nhwehwɛmu. Yehowa betumi ayɛ nneɛma a ɛsen saa koraa. Ɔhwehwɛ onipa sɛnkyerɛnne kwan so koma ne adwene a okura, ne sɛnkyerɛnne kwan so asaabo a ɛno na ɛkyerɛ sɛnea onipa no te nka ankasa no mu. Enti obetumi ahu nea ɛkaa obi ma ɔyɛɛ n’ade wɔ ɔkwan bi so ne sɛnea ɔte nka wɔ nea ɔyɛe no ho. Na nea ade nyinaa so Tumfoɔ no nam nhwehwɛmu a ɛkɔ akyiri a ɔyɛ so hu no nyɛ no nwonwa. Onipa a ɔyɛ ɔtemmufo a ɔwɔ nhumu sen biara mpo nto Yehowa. Yehowa de, ɔde nneɛma a ɔyɛ nhwehwɛmu hu no di dwuma wɔ ɔkwan ɛteɛ na ɛfata so, na ɛno so na ogyina bu yɛn atɛn.—Monkenkan Yeremia 12:1a; 20:12.

WOBU ATƐN MA YEHOWA

Yehowa nam n’Asɛm no ne Kristofo asafo no so atete mpanyimfo ma wɔahu akwan a ɔfa so bu atɛn. Wama wɔn tumi sɛ wonsi n’ananmu nsiesie ɔhaw ahorow a ɛsɔre wɔ asafo no mu. Anuanom mmarima a wɔte saa no nyɛ pɛ, na wontumi nhu nea ɛwɔ obi komam sɛnea Yehowa tumi hu no. Nanso, wɔpɛ sɛ wɔne wɔn mfɛfo asomfo di no sɛnea ade nyinaa so Tumfoɔ Nyankopɔn no ne nnipa di no. Esiane sɛ wɔpɛ sɛ ‘wobu atɛn wɔ trenee mu’ sɛnea Yehowa ankasa yɛ nti, wɔbɔ mpae hwehwɛ Onyankopɔn akwankyerɛ, na wɔbɔ mmɔden sɛ wɔde Bible nnyinasosɛm a ɛfata bedi dwuma. (Yer. 11:20) Ne saa nti, wowɔ nea enti a ɛsɛ sɛ wunya asafo mu mpanyimfo no mu ahotoso, “efisɛ wɔn na wɔhwɛ mo kra so sɛ nnipa a wobebu ho akontaa.”—Heb. 13:17.

18, 19. Dɛn na Onyankopɔn atɛntrenee a yebehu no betumi ama yɛayɛ?

18 Sɛ mpo ɛtɔ mmere bi na w’ahonim bu wo fɔ wɔ mfomso ahorow bi a wudii wɔ mmere bi a atwam ho a, wubetumi anya biribi a edi mũ a wubegyina so anya Yehowa mu ahotoso. Mma wo werɛ mmfi da sɛ Yehowa nyɛ kwaadubɔfo a n’asɛm yɛ den a ɔhwehwɛ biribi a obegyina so atwe w’aso, na mmom, ɔyɛ Ɔtemmufo a ɔwɔ ayamhyehye a ɔpɛ sɛ ɔboa wo. Sɛ w’ahonim kɔ so haw wo wɔ nneɛma bi a woyɛe wɔ mmere bi a atwam anaa asɛm bi a ɛwɔ wo ne obi ntam ho a, srɛ Yehowa ma ‘onni w’asɛm’ mma wo, anaa ɔmmoa wo mma wunyi ɛyaw a woredi no mfi wo mu sɛnea ɛbɛyɛ a wubetumi ayi w’adwene afi asɛm no so.c Onyankopɔn betumi aboa wo ma woahu sɛ n’ani sɔ ɔsom adwuma a wokɔ so yɛ no paa.—Monkenkan Kwadwom 3:58, 59.

19 Ntease wom sɛ Onyankopɔn a obu atɛntrenee no pɛ sɛ wɔn a wɔrehwehwɛ n’anim dom no ankasa nso bu atɛntrenee. (Yer. 7:5-7; 22:3) Ɔkwan titiriw a yɛfa so da Onyankopɔn atɛntrenee adi ne sɛ yɛbɛka asɛmpa no akyerɛ obiara. Sɛ wode nsi yɛ sankɔhwɛ ne Bible adesua ahorow a, woda Onyankopɔn atɛntrenee a ɛkorɔn no bi adi wɔ ɔkwan a mfaso wɔ so ankasa so. Ɛno ne dɛn? Onyankopɔn pɛ sɛ nnipa ahorow nyinaa sua ne ho ade na wonya nkwagye. (Kwa. 3:25, 26) Hwɛ sɛnea ɛyɛ hokwan kɛse sɛ wobɛyɛ Onyankopɔn yɔnko dwumayɛni na woada n’atɛntrenee adi wɔ saa nkwagye adwuma no mu!

Ɔkwan bɛn so na Yehowa atɛntrenee ma wunya awerɛkyekye? Ɔkwan bɛn so na wubetumi ada Onyankopɔn atɛntrenee adi de akyekye afoforo werɛ?

‘MEREMFA MO HO ASƐM NHYƐ ME MU NKOSI DAA’

20. (a) Sɛnea Onyankopɔn ne nnipa di ho asɛm bɛn na Yeremia kaa ho asɛm? (b) ‘Ahonu’ fa Yehowa bɔne fafiri ho dɛn? (Hwɛ adaka a ɛne “Ɔkwan Bɛn so na Yehowa ‘Nu Ne Ho’?” no.)

20 Nnipa pii bu Yeremia ne Kwadwom nhoma no sɛ ɛyɛ nhoma a ɛkasa tia nneyɛe bɔne nkutoo. Wɔn a wokura adwene a ɛte saa no bu wɔn ani gu bɔne fafiri ho asɛm a ɛka koma a Yehowa ka kyerɛɛ ne nkurɔfo a wɔakyerɛw ho nsɛm wɔ saa nhoma ahorow yi mu no so. Yehowa ka kyerɛɛ Yudafo no sɛ: “Monnan mfi mo akwammɔne ho ɛ, na munsiesie mo akwan ne mo nneyɛe.” Bere foforo nso, Yeremia tuu wɔn fo sɛ: “Momma mo akwan ne mo nneyɛe nyɛ yiye, na muntie [Yehowa, NW] mo Nyankopɔn na [Yehowa, NW] nnũ ne ho bɔne a ɔkae mo ho no ho.” (Yer. 18:11; 26:13, Akuapem Twi Bible) Wɔ yɛn bere yi so no, Yehowa kɔ so de bɔne firi wɔn a wofi wɔn komam nu wɔn ho na wogyae wɔn nneyɛe bɔne nyinaa no.

21. Dɛn na Yehowa pɛ sɛ ɔyɛ bere a ɔde obi bɔne firi no no?

21 Nanso, Yehowa nka bɔne a ɔde firi ho asɛm kɛkɛ. Ɔde bɔne firi ankasa. Yehowa maa Yeremia tuu ne nkurɔfo no fo sɛ: ‘San bra, O ɔkobɔfo Israel. Meremmuna m’anim nkyerɛ mo bio. Meremfa mo ho asɛm nhyɛ me mu nkosi daa.’ (Yer. 3:12) Onyankopɔn nnkɔ so mma ne bo mmfuw anaasɛ ɔnnkɔ so nni yaw wɔ ne nkurɔfo mu biara a ɔde ne bɔne afiri no no ho. Mmom no, ɛwom sɛ onii no ayɛ bɔne de, nanso nea Yehowa pɛ ne sɛ obesiesie ɔne onii no ntam a asɛe no. Ɛmfa ho bɔne a ebia onipa no ayɛ no, sɛ saa ɔdebɔneyɛfo no nu ne ho ankasa na ɔhwehwɛ Onyankopɔn hɔ bɔne fafiri a, Yehowa ‘san gye no,’ na onya n’anim dom ne ne nhyira. (Yer. 15:19) Ɛsɛ sɛ saa nkuranhyɛsɛm yi ma obiara a seesei ɔne nokware Nyankopɔn no ntam asɛe no san ba ne nkyɛn. So wunnye ntom sɛ bɔne a Yehowa de firi no twe yɛn bɛn no?—Monkenkan Kwadwom 5:21.

ƆKWAN BƐN SO NA YEHOWA ‘NU NE HO’?

Yehu sɛnea Onyankopɔn fafiri dɔɔso wɔ sɛnea ɔne wɔn a wɔyɛ bɔne nanso akyiri yi wonya adwenesakra no di no mu. Sɛ ohu sɛ wɔasesa wɔn abrabɔ na wɔretie no a, ‘onu ne ho.’ (Yer. 18:8; 26:3, Akuapem Twi Bible) Ɔkwan bɛn so?

Onyankopɔn yɛ pɛ na onni mfomso wɔ atemmu mu ma enti onnu ne ho sɛnea onipa nu ne ho bere a wabu atɛnkyea koraa wɔ asɛm bi mu no. Mmom no, Yehowa nu ne ho, a nea ɛkyerɛ ne sɛ, ɔyɛ nsakrae wɔ sɛnea ɔne nnipa di no mu, na ogyina nsakrae a ohu sɛ nnipa ayɛ so na ɔyɛ saa.

Eyi nyɛ asotwe a woyi fi obi so kɛkɛ. Sɛnea Yehowa te nka wɔ abɔnefo a wɔanu wɔn ho ho no na ɛsesa. Sɛnea nhomanimfo bi kyerɛ no, Hebri adeyɛ asɛm a wɔkyerɛɛ ase “manu me ho” a ɛwɔ kyerɛw nsɛm a wɔatwe adwene asi so wɔ atifi hɔ mu no kura adwene a ɛne sɛ “obi gu ahome.” Eyi ma yehu sɛ, sɛ Yehowa hu sɛ obi anu ne ho wɔ ne komam a, wɔ sɛnkyerɛnne kwan so no, ogu ahome de kyerɛ sɛ ne koma atɔ ne yam. Onyankopɔn betumi ada ɔdɔ adi akyerɛ onipa a wanu ne ho no sɛnea ɔda ɔdɔ adi kyerɛ wɔn a wɔwɔ n’anim dom no. Ebia nea ɔyɛɛ bɔne no betwa ne nneyɛe so aba de, nanso Onyankopɔn ani gye nsakrae a wayɛ no ho. Ɛma Onyankopɔn gow “mmusu,” anaa asotwe a anka ɔde bɛba no so no mu. (Yer. 26:13) Ɔtemmufo a ɔyɛ onipa bɛn na ɔbɛhwɛ sɛ obi anu ne ho ampa wɔ saa kwan yi so? Yehowa de, n’ani gye ho sɛ ɔbɛyɛ saa.—Yer. 9:24.

Kratafa 152 mfonini

22, 23. Bere a wusuasua sɛnea Yehowa de bɔne firi no, dɛn na ɛsɛ sɛ wode yɛ wo botae?

22 Sɛ obi yɛ wo biribi anaa ɔka asɛm ma ɛyɛ wo yaw a, so wubesuasua Yehowa? Onyankopɔn ka faa tete Yudafo no ho sɛ ‘obedwira’ wɔn a ɔde wɔn bɔne firii wɔn no ho. (Monkenkan Yeremia 33:8.) Yehowa tumi dwira anaa ɔtew nkurɔfo ho, a nea ɛkyerɛ ne sɛ, ɔnkae bɔne a ɔde afiri nkurɔfo a wɔanu wɔn ho no bio, na ɔma nnipa no san nya hokwan fi ase yɛ ne som adwuma no bio. Nokwarem no, sɛ Onyankopɔn de obi bɔne firi no a, ɛnkyerɛ sɛ watew onipa no ho afi bɔne a onya fii awo mu no ho ma afei wabɛyɛ onipa a wayɛ pɛ a bɔne biara nni ne ho. Nanso, yebetumi asua biribi afi asɛm a Onyankopɔn ka faa dwira a odwira nnipa ho no mu. Yebetumi abɔ mmɔden ama yɛn werɛ afi bɔne a onipa foforo no de ayɛ yɛn no, a sɛnkyerɛnne kwan so no nea ɛkyerɛ ne sɛ, yɛredwira adwene a yɛanya wɔ saa nipa no ho wɔ yɛn koma mu. Ɔkwan bɛn so?

23 Fa no sɛ wɔde agude bi a ɛyɛ abusua agyapade ama wo sɛ akyɛde. Sɛ ɛho yɛ fĩ anaa nkekae ba ho a, so wobɛpere wo ho atow akyene? Worenyɛ saa. Ebia wobɛbɔ mmɔden de ntoboase atwitwiw ho ayi nkekae anaa efĩ biara a ɛwɔ ho no afi ho. Wopɛ sɛ wuhu ne fɛ, sɛnea sɛ owia tɔ so a ɛhyerɛn no. Saa ara na wubetumi abɔ mmɔden ayi ɛyaw anaa abufuw biara a woanya wɔ onua anaa onuawa a ɔhyɛɛ wo abufuw no ho no afi wo mu. Bɔ mmɔden sɛ worenkɔ so nnwen nsɛm a ɛyɛ yaw a ɔka kyerɛɛ wo anaa nea ɔde yɛɛ wo no ho. Bere a wobɔ mmɔden ma wo werɛ fi nea ɔde yɛɛ wo no, wudwira adwene ne nkae a woanya wɔ onipa a wode ne bɔne afiri no no ho wɔ wo koma mu. Bere a woayi saa nipa no ho adwemmɔne biara afi wo mu no, wubetumi asan ne no anya adamfofa a emu yɛ den, adamfofa a na ɛte sɛ nea asɛe koraa no.

24, 25. Sɛ wuhu Yehowa yiye te sɛ Ɔhene Yosia a, mfaso bɛn na wubenya?

24 Yehowa su ahorow ne sɛnea ɔne nnipa di a sɛ yɛba behu no yiye a, yebehu no mu kakraa bi pɛ na yɛasusuw ho no. Yetumi hu sɛ mfaso a sɛ yehu Yehowa yiye a yebenya no yɛ ade a ɛsɛ sɛ ɛkanyan yɛn kɛse ma yɛsom no wɔ ɔkwan a ɛsɔ n’ani so. Sɛ yɛba behu Yehowa yiye sɛnea Ɔhene Yosia huu no no a, yebenya anigye pii wɔ yɛn asetena mu, na anigye nso yɛ Onyankopɔn su foforo.

25 Sɛ yehu Yehowa yiye a, ɛbɛma yɛne afoforo ntam ayɛ papa. Sɛ yɛbɔ mmɔden da adɔe, atɛntrenee, ne bɔne fafiri adi sɛnea Yehowa yɛ no a, yɛne yɛn nnamfonom a wɔwɔ Kristofo asafo no mu no nnamfofa mu bɛyɛ den na ɛbɛyɛ nea ɛsom bo kɛse ma yɛn. Bio nso, yebehu sɛ yetumi kyerɛkyerɛ yiye bere a yɛkɔyɛ sankɔhwɛ wɔ yɛn asasesin mu na yɛyɛ Bible adesua ahorow a etu mpɔn no. Wɔn a wɔn ani gye asɛm no ho no ani begye Kristofo su a yɛda no adi no ho. Ɛno bɛma yɛatumi aboa wɔn yiye ma wɔasom Yehowa wɔ ɔkwan a ɛsɔ n’ani so na wɔafa “ɔkwan pa no” so.—Yer. 6:16.

Dɛn na wusua fi asɛm a ɛwɔ Kwadwom 5:21 no mu?

a Sɛ wopɛ sɛ wuhu awerɛhosɛm a ɛtoo Yehoiakim a, hwɛ nhoma yi Ti 4, nkyekyɛm 12.

b The New English Bible no kyerɛ asɛm a Yehowa kae no ase sɛ: “Mifi tete na madɔ mo yiye, na meda so ara dwen mo ho paa.”

c Sɛ onua anaa onuawa bi ayɛ nneɛma bi a ebu Onyankopɔn mmara so pefee a, ɛsɛ sɛ wɔma asafo mu mpanyimfo no te sɛnea ɛbɛyɛ a wobetumi adi asɛm no ho dwuma na wɔde Kyerɛwnsɛm no aboa no.—Yak. 5:13-15.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena