Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • Ɔkwan Bɛn so na Mpanyimfo no Boa Asafo No?
    Henanom Na Wɔreyɛ Yehowa Apɛde Nnɛ?
    • Adesua 15

      Ɔkwan Bɛn so na Mpanyimfo no Boa Asafo No?

      Asafo mu panyin bi a ɔne asafo no mufo rekasa

      Finland

      Asafo mu panyin bi a ɔrekyerɛkyerɛ wɔ asafo no mu

      Ɔkyerɛkyerɛ

      Asafo mu mpanyimfo bi a wɔrehyɛ asafo no mufo nkuran

      Nsrahwɛ adwuma

      Asafo mu panyin bi a ɔreka asɛm no wɔ baguam

      Adansedi

      Yenni asɔfo a yetua wɔn ka wɔ yɛn ahyehyɛde no mu. Mmom no, wɔpaw ahwɛfo a wɔfata ‘sɛ wɔnhwɛ Onyankopɔn asafo no so’ sɛnea na wɔyɛ wɔ Kristofo asafo no mfiase no. (Asomafo Nnwuma 20:28) Saa mpanyimfo yi yɛ Kristofo mmarima a wɔn ho akokwaw a wodi asafo no anim na wɔhwɛ so, ‘ɛnyɛ ɔhyɛ so, na mmom wofi wɔn pɛ mu; ɛnyɛ adifudepɛ nso nti, na mmom anigye so.’ (1 Petro 5:1-3) Adwuma bɛn na wɔyɛ ma yɛn?

      Wɔhwɛ yɛn so, na wɔbɔ yɛn ho ban. Asafo mu mpanyimfo no de akwankyerɛ ma asafo no na wɔboa yɛn ma yɛkɔ so bata Yehowa ho. Esiane sɛ mpanyimfo no nim sɛ Onyankopɔn na ɔde adwuma a ɛho hia yi ahyɛ wɔn nsa nti, wɔnhyɛ Onyankopɔn nkurɔfo so, mmom no, wɔboa yɛn ma esi yɛn yiye na ɛma yɛn ani gye. (2 Korintofo 1:24) Sɛnea oguanhwɛfo de nsi hwɛ ne nguan no mu biara no, saa ara na mpanyimfo no bɔ mmɔden sɛ wobehu asafo no muni biara.—Mmebusɛm 27:23.

      Wɔkyerɛ yɛn sɛnea yɛbɛyɛ Onyankopɔn apɛde. Dapɛn biara, mpanyimfo no hwɛ asafo nhyiam ahorow so sɛnea ɛbɛyɛ a wɔbɛhyɛ yɛn gyidi den. (Asomafo Nnwuma 15:32) Saa mmarima a wɔwɔ ahofama yi san di asɛmpaka adwuma no anim, wɔne yɛn bom yɛ asɛnka adwuma no, na wɔtete yɛn wɔ asɛnka adwuma no afã nyinaa mu.

      Wɔhyɛ yɛn mu biara nkuran. Nea ɛbɛyɛ na asafo mu mpanyimfo no aboa yɛn mu biara ma yɛne Yehowa abusuabɔ mu ayɛ den no, wotumi sra yɛn wɔ yɛn afie mu anaa Ahenni Asa so, na wɔboa yɛn de Kyerɛwnsɛm no kyekye yɛn werɛ.—Yakobo 5:14, 15.

      Adwuma a mpanyimfo no yɛ wɔ asafo no mu akyi no, wɔn mu dodow no ara san yɛ honam fam nnwuma, na wɔwɔ mmusua mu asɛyɛde ahorow a egye bere pii a ɛsɛ sɛ wodi ho dwuma. Ɛfata sɛ yɛde obu ma saa anuanom mmarima a wɔyɛ adwumaden yi.—1 Tesalonikafo 5:12, 13.

      • Adwuma bɛn na asafo mu mpanyimfo yɛ?

      • Dɛn na mpanyimfo no yɛ de kyerɛ sɛ wodwen yɛn mu biara ho?

      SUA PII KA HO

      Hena na ɔfata sɛ ɔsom sɛ asafo mu panyin anaa ɔsomfo? Wubetumi akenkan Kyerɛwnsɛm mu ahwehwɛde a ɛma mmarima bi fata sɛ wɔsom sɛ asafo mu mpanyimfo ne asomfo no ho asɛm wɔ 1 Timoteo 3:1-10, 12, ne Tito 1:5-9.

  • Adwuma Bɛn na Asafo mu Asomfo Yɛ?
    Henanom Na Wɔreyɛ Yehowa Apɛde Nnɛ?
    • Adesua 16

      Adwuma Bɛn na Asafo mu Asomfo Yɛ?

      Asafo mu somfo a ɔrehwɛ nhoma kyekyɛ so

      Myanmar

      Asafo mu somfo a ɔrema ɔkasa a egyina Kyerɛwnsɛm no so

      Asafo nhyiam dwumadi

      Asafo mu somfo a ɔrehwɛ asɛnka nhyiam so

      Asɛnka kuw

      Asafo mu somfo a ɔreboa ma wɔasiesie Ahenni Asa so

      Ahenni Asa so asiesie

      Bible ka Kristofo mmarima akuw abien a wodi asɛyɛde a ɛwɔ asafo no mu ho dwuma ho asɛm, wɔne “ahwɛfo ne asafo mu asomfo.” (Filipifo 1:1) Yɛwɔ mmarima dodow bi a wɔresom saa wɔ asafo biara mu. Adwuma bɛn na asafo mu asomfo yɛ ma yenya so mfaso?

      Wɔboa asafo mu mpanyimfo no. Asafo mu asomfo yɛ mmarima a wɔne Yehowa wɔ abusuabɔ a emu yɛ den, yetumi de yɛn ho to wɔn so, na wɔyɛ nsi; wɔn mu bi yɛ mmerante na ebinom nso yɛ mpanyin. Wɔyɛ nnwuma a ɛho hia wɔ asafo no mu, nanso mpɛn pii no, wɔn de no nyɛ ɔkyerɛkyerɛ ne nguanhwɛ adwuma. Eyi ma asafo mu mpanyimfo no nya kwan de wɔn adwene si ɔkyerɛkyerɛ ne nguanhwɛ adwuma no so.

      Wɔyɛ nnwuma a mfaso wɔ so. Asafo mu asomfo binom adwuma a wɔde ahyɛ wɔn nsa ne sɛ wobegye wɔn a wɔba asafo nhyiam no nyinaa fɛw so. Wɔma ebinom hwɛ akasam afiri, nhoma kyekyɛ, ne asafo no sikasɛm so, na wɔkyekyɛ asasesin a wɔkɔ asɛnka wom ma asafo no mufo. Wɔboa nso ma wosiesie Ahenni Asa so. Asafo mu mpanyimfo no tumi ma wɔboa wɔn a wɔn mfe akɔ anim no. Ɔpɛ mu a asafo mu asomfo fi yɛ adwuma biara a wɔde hyɛ wɔn nsa no ma asafo no mufo nyinaa nya obu ma wɔn.—1 Timoteo 3:13.

      Wɔyɛ Kristofo mmarima a wɔyɛ nhwɛso pa. Nea wogyina so paw asafo mu asomfo yɛ suban pa a wɔda no adi sɛ Kristofo. Sɛ wɔyɛ dwumadi ahorow wɔ asafo nhyiam ase a, wɔhyɛ yɛn gyidi den. Sɛ wɔyɛ nhwɛso pa wɔ asɛnka adwuma no ho a, ɛma yɛn nso yɛbɔ yɛn ho mmɔden. Esiane sɛ wɔne asafo mu mpanyimfo bom yɛ adwuma nti, wɔboa ma anigye ne biakoyɛ ba asafo no mu. (Efesofo 4:16) Bere rekɔ so no, wɔn nso betumi abɛfata sɛ asafo mu mpanyimfo.

      • Asafo mu asomfo yɛ mmarima bɛn?

      • Dɛn na asafo mu asomfo yɛ de boa ma asafo no dwumadi kɔ so pɛpɛɛpɛ?

      SUA PII KA HO

      Bere biara a wobɛkɔ Ahenni Asa so no, gye bere kakra fa hu asafo mu mpanyimfo anaa asomfo no mu biako kosi sɛ wubehu wɔne wɔn mmusua nyinaa.

  • Ɔkwan Bɛn so na Amansin so Ahwɛfo Boa Yɛn?
    Henanom Na Wɔreyɛ Yehowa Apɛde Nnɛ?
    • Adesua 17

      Ɔkwan Bɛn so na Amansin so Ahwɛfo Boa Yɛn?

      Ɔmansin sohwɛfo bi ne ne yere

      Malawi

      Ɔmansin sohwɛfo bi a ɔreyɛ asɛnka nhyiam

      Asɛnka kuw

      Ɔmansin sohwɛfo bi a ɔreka asɛm no wɔ baguam

      Asɛnka adwuma

      Ɔmansin sohwɛfo ne asafo mu mpanyimfo reyɛ nhyiam

      Mpanyimfo nhyiam

      Kristofo Hela Kyerɛwnsɛm no taa bɔ Barnaba ne ɔsomafo Paulo din. Saa mmarima yi somee sɛ ahwɛfo akwantufo, na wɔsrasraa asafo ahorow a na ɛwɔ hɔ tete no. Dɛn ntia? Ná wodwen wɔn nuanom Kristofo no ho yiye paa. Paulo kae sɛ, ɔpɛ sɛ ‘ɔsan kɔ anuanom nkyɛn’ kɔhwɛ sɛnea wɔn ho te. Ná wayɛ krado sɛ obetwa akwansin (kilomita) ɔhaha pii akɔhyɛ wɔn den. (Asomafo Nnwuma 15:36) Saa na ahwɛfo akwantufo a wɔsom yɛn nnɛ no nso pɛ sɛ wɔyɛ.

      Wɔba bɛhyɛ yɛn nkuran. Ɔmansin sohwɛfo biara som asafo ahorow 20 anaa nea ɛte saa, na odi dapɛn biako wɔ asafo biara mu, na ɔyɛ saa mprenu afe biara. Yebetumi anya mfaso pii afi saa mmarima a wɔwɔ osuahu yi hɔ, na sɛ wɔaware a, yebetumi anya pii afi wɔn yerenom nso hɔ. Wɔbɔ mmɔden sɛ wobehu mpanyin ne mmofra a wɔwɔ asafo no mu nyinaa, na wɔde anigye hwɛ kwan sɛ wɔne yɛn bɛbom akɔ asɛnka na wɔne yɛn akɔyɛ yɛn Bible adesua ahorow. Saa ahwɛfo yi ne asafo mu mpanyimfo no kɔsrasra asafo no mufo, wɔhyɛ yɛn den, na wɔma ɔkasa ahorow a ɛhyɛ nkuran wɔ asafo nhyiam ne nhyiam akɛse ase.—Asomafo Nnwuma 15:35.

      Wɔkyerɛ obiara ho anigye. Asafo ahorow no nkɔso ho hia amansin so ahwɛfo no paa. Wohyia asafo mu mpanyimfo ne asomfo ne wɔn susuw nkɔso a asafo no anya ho, na wɔde afotu a mfaso wɔ so ma wɔn wɔ sɛnea wobedi wɔn asɛyɛde ahorow ho dwuma ho. Wɔboa akwampaefo no ma wɔyɛ asɛnka adwuma no yiye, na wɔn ani gye ho sɛ wobehu wɔn a wɔaba nokware no mu foforo na wɔate sɛnea wɔrenya nkɔso ho asɛm. Saa anuanom mmarima yi mu biara fi ne komam de ne ho ma sɛ yɛn ‘yɔnko dwumayɛni ma yɛn yiyedi.’ (2 Korintofo 8:23) Ɛsɛ sɛ yesuasua wɔn gyidi ne sɛnea wɔde wɔn ho ma Onyankopɔn som no.—Hebrifo 13:7.

      • Dɛn nti na amansin so ahwɛfo srasra asafo ahorow no?

      • Wobɛyɛ dɛn atumi anya wɔn nsrahwɛ so mfaso?

      SUA PII KA HO

      Kyerɛw bere a ɔmansin sohwɛfo bɛba abɛsra mo asafo no hyɛ wo kalenda so sɛnea ɛbɛyɛ a ɔkasa ahorow a ɔbɛma wɔ Ahenni Asa so no rempa wo ti so. Sɛ wopɛ sɛ ɔno anaa ne yere bɛtena wo Bible adesua mu wɔ saa dapɛn no mu na ama woatumi ahu no yiye a, ka kyerɛ nea ɔne wo sua ade no.

  • Dɛn na Yɛyɛ De Boa Yɛn Nuanom a Wɔakɔ Ahokyere Mu?
    Henanom Na Wɔreyɛ Yehowa Apɛde Nnɛ?
    • Adesua 18

      Dɛn na Yɛyɛ De Boa Yɛn Nuanom a Wɔakɔ Ahokyere Mu?

      [Mfonini wɔ kratafa 21]

      Dominican Republic

      [Mfonini wɔ kratafa 21]

      Japan

      [Mfonini wɔ kratafa 21]

      Haiti

      Sɛ asiane bi si a, Yehowa Adansefo yɛ nhyehyɛe ntɛm kɔboa wɔn nuanom a wɔakɔ ahokyere mu no. Mmɔdenbɔ a ɛte saa no ma yehu ɔdɔ ankasa a yɛwɔ ma yɛn ho yɛn ho no. (Yohane 13:34, 35; 1 Yohane 3:17, 18) Akwan bɛn na yɛfa so boa?

      Yeyi sika de boa. Bere a ɔkɔm kɛse bi sii Yudea no, tete Kristofo a wɔwɔ Antiokia no de sika kɔboaa wɔn nuanom Kristofo a wɔwɔ hɔ no. (Asomafo Nnwuma 11:27-30) Saa ara na sɛ yɛte sɛ yɛn nuanom a wɔwɔ wiase no fã baabi rehu amane a, yeyi ntoboa wɔ yɛn asafo mu de kɔboa wɔn a wɔakɔ ahokyere mu no ma wɔn nsa ka honam fam nneɛma a wohia.—2 Korintofo 8:13-15.

      Yɛde mmoa a ɛho hia ma. Asafo mu mpanyimfo a wɔwɔ baabi a asiane asi no bɔ mmɔden sɛ wobehu baabi a asafo no muni biara wɔ, na wɔhwɛ sɛ biribiara nyɛɛ wɔn. Atoyerɛnkyɛm bere mu aboafo betumi ahwɛ ma wɔn nsa aka aduan, nsu pa, ntade, baabi a wɔbɛda ne nnuru. Adansefo pii a wɔwɔ nneɛma bi ho nimdeɛ tu wɔn ho ma bɔ ka kɔboa wɔn a wɔakɔ ahokyere mu no anaasɛ wosiesie afie ne Ahenni Asa ahorow a asɛe no. Biakoyɛ a yɛde yɛ adwuma wɔ yɛn ahyehyɛde no mu ne osuahu a yɛanya afi yɛn nuanom a yɛne wɔn bom yɛ adwuma mu no ma yetumi boaboa yɛn ho ano ntɛm kɔboa bere a asiane bi asi no. Ɛwom sɛ “wɔn a yɛne wɔn bɔ abusua wɔ gyidi mu no” na yɛboa wɔn de, nanso sɛ ebetumi ayɛ yiye a, yɛboa afoforo nso, a yɛnhwɛ ɔsom a wɔwɔ mu.—Galatifo 6:10.

      Yɛde Kyerɛwnsɛm no kyekye afoforo werɛ na yɛboa wɔn ma wonya abotɔyam. Wɔn a asiane ato wɔn hia awerɛkyekye paa. Wɔ mmere a ɛte saa mu no, yenya nkuranhyɛ fi Yehowa a ɔyɛ “awerɛkyekye nyinaa Nyankopɔn” no hɔ. (2 Korintofo 1:3, 4) Yɛde anigye ka Bible mu bɔhyɛ ahorow ho asɛm kyerɛ wɔn a wɔn koma atu no, na yɛma wonya awerɛhyem sɛ ɛrenkyɛ Onyankopɔn Ahenni bɛma asiane a ɛma nnipa di yaw na wohu amane no nyinaa afi hɔ.—Adiyisɛm 21:4.

      • Sɛ asiane sisi a, dɛn nti na Adansefo no tumi yɛ ntɛm kɔboa?

      • Awerɛkyekyesɛm a ɛwɔ Bible mu bɛn na yebetumi aka akyerɛ wɔn a asiane ato wɔn?

  • Hena Ne Akoa Nokwafo ne Ɔbadwemma No?
    Henanom Na Wɔreyɛ Yehowa Apɛde Nnɛ?
    • Adesua 19

      Hena Ne Akoa Nokwafo ne Ɔbadwemma No?

      Yesu rekasa kyerɛ n’asuafo
      Yehowa Dansefo a ɔresua Bible ho nhoma bi

      Yɛn nyinaa nya honhom fam aduan so mfaso

      Yehowa Adansefo akwankyerɛ kuw no mufo baanu

      Aka bere tiaa bi ma Yesu awu no, ɔne n’asuafo baanan—Petro, Yakobo, Yohane, ne Andrea—bɔɔ nkɔmmɔ wɔ kokoam. Bere a Yesu reka ba a na ɔbɛba wɔ nna a edi akyiri mu ho sɛnkyerɛnne ho asɛm no, obisaa asɛm bi a ɛho hia sɛ: “Hena koraa ne akoa nokwafo ne ɔbadwemma a ne wura de no asi n’asomfo so sɛ ɔmma wɔn aduan bere a ɛsɛ mu no?” (Mateo 24:3, 45; Marko 13:3, 4) Yesu a ɔyɛ asuafo no “wura” no maa wɔn awerɛhyem sɛ ɔbɛpaw nkurɔfo a wɔbɛma n’akyidifo honhom fam aduan bere nyinaa wɔ awiei bere mu. Ná henanom na wɔbɛbom ayɛ akoa no?

      Wɔyɛ Yesu akyidifo kuw ketewaa bi a wɔde honhom asra wɔn. “Akoa” no ne Yehowa Adansefo Akwankyerɛ Kuw no. Wɔma wɔn mfɛfo a wɔyɛ Yehowa asomfo aduan wɔ bere a ɛsɛ mu. Saa akoa nokwafo yi na yɛhwɛ kwan sɛ wɔbɛkɔ so ama yɛn ‘aduan wɔ bere a ɛsɛ mu.’—Luka 12:42.

      Wɔhwɛ Onyankopɔn fie so. (1 Timoteo 3:15) Yesu de asɛyɛde a emu yɛ duru hyɛɛ akoa no nsa sɛ wɔnhwɛ adwuma a Yehowa ahyehyɛde no fã a ɛwɔ asase so reyɛ no so. Wɔn na wɔhwɛ nneɛma a yɛde yɛ asɛnka adwuma no so, wɔde asɛnka adwuma no ho akwankyerɛ ma, na wɔnam yɛn asafo ahorow no so kyerɛkyerɛ yɛn. Enti, nea ɛbɛyɛ na “akoa nokwafo ne ɔbadwemma” no ama yɛanya nea yehia na wɔama yɛn nsa aka wɔ bere a ɛsɛ mu no, wɔnam nhoma ahorow a yɛde yɛ asɛnka adwuma no, asafo nhyiam ne nhyiam akɛse so ma yɛn honhom fam aduan.

      Akoa no nkyinkyim Bible mu nokware ahorow no, na ɔyɛ adwuma a wɔde ahyɛ ne nsa sɛ ɔnka asɛmpa no ma enti ɔyɛ ɔnokwafo, na ɔyɛ ɔbadwemma nso wɔ sɛnea ofi nyansam hwɛ Kristo nneɛma a ɛwɔ asase so no mu. (Asomafo Nnwuma 10:42) Yehowa rehyira adwuma a akoa no reyɛ no so ma nnipa pii aba asafo no mu, na wama yɛn honhom fam aduan pii.—Yesaia 60:22; 65:13.

      • Hena na Yesu paw no sɛ ɔmma n’asuafo honhom fam aduan?

      • Akwan bɛn so na akoa no yɛ ɔnokwafo ne ɔbadwemma?

  • Ɔkwan Bɛn so na Akwankyerɛ Kuw no Yɛ Adwuma Nnɛ?
    Henanom Na Wɔreyɛ Yehowa Apɛde Nnɛ?
    • Adesua 20

      Ɔkwan Bɛn so na Akwankyerɛ Kuw no Yɛ Adwuma Nnɛ?

      Akwankyerɛ kuw a na ɛwɔ asomafo no bere so

      Akwankyerɛ kuw a na ɛwɔ asomafo no bere so

      Kristofo a na wɔwɔ asomafo no bere so rekenkan krataa bi a efi akwankyerɛ kuw no hɔ

      Wɔrekenkan akwankyerɛ kuw no krataa

      Wɔ asomafo no bere so no, nnipakuw ketewaa bi—“asomafo no ne mpanyimfo a wɔwɔ Yerusalem”—a na wɔwɔ akwankyerɛ kuw no mu no na na wogyina Kristofo asafo a wɔasra emufo nyinaa no ananmu sisi gyinae a emu yɛ duru. (Asomafo Nnwuma 15:2) Nea Kyerɛwnsɛm no ka a wosusuw ho ne Onyankopɔn honhom no akwankyerɛ a na wodi akyi no na ɛma wɔyɛɛ adwenkoro sisii gyinae. (Asomafo Nnwuma 15:25) Saa nhwɛso no ara na wodi akyi nnɛ.

      Onyankopɔn de wɔn redi dwuma ma wɔayɛ n’apɛde. Anuanom mmarima a wɔasra wɔn a wɔwɔ Akwankyerɛ Kuw no mu no ani gye Onyankopɔn Asɛm no ho kɛse, na wɔwɔ osuahu pii wɔ sɛnea wɔyɛ ɔsom adwuma no ho ntotoe ne sɛnea wɔma nsɛmmisa bi a ɛfa Yehowa som ho ho mmuae. Wohyiam dapɛn biara susuw anuanom a wɔwɔ wiase nyinaa ahiade ho. Sɛnea wɔyɛe wɔ asomafo no bere so no, ɛnnɛ nso wɔnam nkrataakyerɛw anaa ahwɛfo akwantufo ne afoforo so de akwankyerɛ a egyina Bible so ma. Eyi boa ma Onyankopɔn nkurɔfo nya adwenkoro na wɔyɛ wɔn ade wɔ biakoyɛ mu. (Asomafo Nnwuma 16:4, 5) Akwankyerɛ Kuw no hwɛ ma wosiesie honhom fam aduan, wɔhyɛ yɛn nyinaa nkuran sɛ yɛmfa Ahenni no ho asɛm a yɛka no nni kan, na wɔhwɛ ma wɔpaw anuanom mmarima de asɛyɛde hyɛ wɔn nsa.

      Wɔma Onyankopɔn honhom no kyerɛ wɔn kwan. Akwankyerɛ Kuw no hwehwɛ akwankyerɛ fi Amansan Hene Yehowa, ne Yesu a ɔyɛ asafo no Ti no hɔ. (1 Korintofo 11:3; Efesofo 5:23) Akwankyerɛ Kuw no mufo no mmu wɔn ho sɛ wɔyɛ akannifo wɔ Onyankopɔn nkurɔfo so. Wɔne Kristofo a wɔasra wɔn no nyinaa ‘di Oguammaa Yesu akyi baabiara a ɔbɛkɔ.’ (Adiyisɛm 14:4) Akwankyerɛ Kuw no ani sɔ mpae a yɛbɔ ma wɔn no.

      • Henanom na na wɔwɔ akwankyerɛ kuw no mu wɔ asomafo no bere so?

      • Ɔkwan bɛn so na Akwankyerɛ Kuw a ɛwɔ hɔ nnɛ no hwehwɛ akwankyerɛ fi Onyankopɔn hɔ?

      SUA PII KA HO

      Kenkan Asomafo Nnwuma 15:1-35 na hwɛ sɛnea akwankyerɛ kuw a na ɛwɔ asomafo no bere so no nam Kyerɛwnsɛm no ne honhom kronkron mmoa so susuw nsɛm ho na wosiesiee akasakasa bi a ɛsɔree.

  • Dɛn Ne Betel?
    Henanom Na Wɔreyɛ Yehowa Apɛde Nnɛ?
    • Adesua 21

      Dɛn Ne Betel?

      Yehowa Adansefo baanu a wɔreyɛ adwuma wɔ Mfoniniyɛ Adwumayɛbea wɔ Betel

      Mfoniniyɛ Adwumayɛbea, U.S.A.

      Yehowa Dansefo bi a ɔreyɛ adwuma wɔ baabi a wontintim nhoma wɔ Betel wɔ Germany

      Germany

      Yehowa Dansefo bi a ɔreyɛ adwuma wɔ baabi a wɔhoro nneɛma wɔ Kenya Betel

      Kenya

      Wɔn a wɔhwɛ adidibea a wɔde nneɛma resisi didipon so wɔ Colombia

      Colombia

      Betel yɛ Hebri din a ɛkyerɛ “Onyankopɔn Fie.” (Genesis 28:17, 19) Ɛyɛ din a ɛfata ma adan a Yehowa Adansefo asisi wɔ wiase nyinaa a ɛhɔ na wofi hwɛ asɛnka adwuma no so na wɔde mmoa ma no. Akwankyerɛ Kuw no som wɔ wiase nyinaa adwumayɛbea ti a ɛwɔ New York State, U.S.A. no, na ɛhɔ na wofi hwɛ Betel afie a ɛwɔ aman pii so no so. Sɛ́ kuw no, wɔfrɛ wɔn a wɔsom wɔ mmeae a ɛte saa no Betel abusua. Wɔte sɛ abusua, wɔte faako, wɔbom yɛ adwuma, wodidi bom, na wɔde biakoyɛ bom sua Bible no.—Dwom 133:1.

      Betel yɛ beae soronko a abusua no mufo da ahofama adi. Wɔ Betel fie biara mu no, wubehu Kristofo mmarima ne mmea a wɔatu wɔn ho ama reyɛ Onyankopɔn apɛde, na wɔde wɔn bere nyinaa reyɛ Ahenni adwuma no. (Mateo 6:33) Wɔn mu biara nnye akatua, na mmom wɔma wɔn aduan ne dabere ne sika kakra a wɔde totɔ wɔn ho nneɛma nketenkete. Obiara a ɔwɔ Betel wɔ adwuma a ɔyɛ; ebinom yɛ adwuma wɔ ɔfese, gyaade, anaa adidibea. Afoforo yɛ adwuma wɔ baabi a wotintim anaa wɔpam nhoma, baabi a wosi nneɛma, ne baabi a wosiesie mfiri. Ebinom nso siesie adan mu anaa wɔyɛ nnwuma foforo.

      Betel yɛ beae a wɔyɛ adwumaden de boa Ahenni no ho asɛm a yɛreka no. Betel abusua biara botae titiriw ne sɛ wɔbɛma nnipa pii ate nokware a ɛwɔ Bible mu no ho asɛm. Ɛho nhwɛso biako ne nhomawa yi. Akwankyerɛ Kuw no na ɛhwɛ ma wɔkyerɛwee, na wɔde faa kɔmputa so kɔmaa akuw ɔhaha pii a wɔkyerɛ nhoma ase a wɔwɔ wiase nyinaa no. Wɔde mfiri a etintim nhoma ntɛmntɛm na etintimii wɔ Betel afie no bi mu, na wɔde menaa asafo ahorow bɛboro 110,000. Wɔ adwuma yi fã biara mu no, Betel mmusua boa kɛse ma wɔyɛ adwuma a egye ntɛmpɛ sen biara a ɛno ne asɛmpaka adwuma no.—Marko 13:10.

      • Henanom na wɔsom wɔ Betel, na ɔkwan bɛn so na wɔhwɛ wɔn?

      • Adwuma a egye ntɛmpɛ bɛn na Betel fie biara boa?

  • Dɛn na Wɔyɛ Wɔ Baa Dwumadibea?
    Henanom Na Wɔreyɛ Yehowa Apɛde Nnɛ?
    • Adesua 22

      Dɛn na Wɔyɛ Wɔ Baa Dwumadibea?

      Mmarima bi a wɔreyɛ asɛnka adwuma ho nhyehyɛe ama baa dwumadibea a ɛwɔ Solomon Islands

      Solomon Islands

      Yehowa Dansefo bi a ɔreyɛ adwuma wɔ baa dwumadibea wɔ Canada

      Canada

      Lɔre a wɔde fa nhoma kɔma asafo ahorow no

      South Africa

      Betel abusua mufo yɛ nnwuma ahorow wɔ hɔ de boa asɛnka adwuma a wɔyɛ wɔ ɔman biako anaa aman bi mu. Abusua no mufo bi kyerɛ asafo nhoma ahorow ase, wotintim nsɛmma nhoma, wɔpam nhoma, wɔyɛ adwuma wɔ baabi a wɔde nhoma gu, baabi a wɔyɛ video anaa wɔkyere nsɛm gu mpaawa so, anaasɛ wɔyɛ nnwuma ahorow ma aman foforo.

      Baa Boayikuw na ɛhwɛ adwuma no so. Akwankyerɛ Kuw no de adwuma a wɔyɛ wɔ baa dwumadibea biara hyɛ Baa Boayikuw a asafo mu mpanyimfo a wɔn ho akokwaw paa baasa anaa nea ɛboro saa na wɔwom nsa. Boayikuw no de nkɔso a wonya ne nsɛnnennen biara a wohyia wɔ ɔman biara a wɔhwɛ wɔn dwumadi so ho amanneɛbɔ kɔma Akwankyerɛ Kuw no. Amanneɛbɔ a ɛte saa no boa Akwankyerɛ Kuw no ma wohu nsɛm a ɛsɛ sɛ wɔde ba nhoma ahorow a wɔbɛyɛ mu, ne nea yebesusuw ho wɔ asafo nhyiam ne nhyiam akɛse ase. Akwankyerɛ Kuw no soma n’ananmusifo ma wɔkɔsrasra baa dwumadibea ahorow bere nyinaa, na wɔde akwankyerɛ ma Baa Boayikuw no wɔ sɛnea ɛsɛ sɛ wɔyɛ wɔn nnwuma ho. (Mmebusɛm 11:14) Wɔyɛ nhyehyɛe soronko a emu bi ne ɔkasa a Asafo ti nanmusini no ma de hyɛ aman a baa dwumadibea no hwɛ wɔn dwumadi so no mufo nkuran.

      Wɔboa asafo ahorow a ɛwɔ ɔman a wɔhwɛ so mu no. Anuanom a wɔwɔ baa dwumadibea a asɛyɛde hyɛ wɔn nsa no na wɔhwɛ ma wɔtew asafo foforo. Wɔn ara nso na wɔhwɛ akwampaefo, asɛmpatrɛwfo, ne amansin so ahwɛfo a wɔsom wɔ aman a baa dwumadibea no hwɛ so no dwumadi so. Ɛyɛ wɔn na wɔyɛ amansin ne amantam nhyiam ho nhyehyɛe, wɔhwɛ ma wosisi Ahenni Asa ahorow, na wɔhwɛ ma wɔde nhoma ahorow a asafo ahorow no hia kɔma wɔn. Biribiara a wɔyɛ wɔ baa dwumadibea no boa ma asɛnka adwuma no kɔ so fɛfɛɛfɛ.—1 Korintofo 14:33, 40.

      • Dɛn na Baa Boayikuw ahorow yɛ de boa Akwankyerɛ Kuw no?

      • Dɛn na wodi ho dwuma wɔ baa dwumadibea?

      SUA PII KA HO

      Obiara betumi akɔ yɛn baa dwumadibea ahorow no mu biara, efi Dwoda kosi Fida, ma wɔde no akɔhwehwɛ hɔ. Yɛhyɛ wo nkuran sɛ yɛ saa. Sɛ worekɔ hɔ a, siesie wo ho te sɛ nea worekɔ asafo nhyiam. Sɛ wokɔhwɛ baabi a yɛfrɛ no Betel no a, ɛbɛhyɛ wo gyidi den.

  • Ɔkwan Bɛn so na Wɔkyerɛw Yɛn Nhoma Ahorow na Wɔkyerɛ Ase?
    Henanom Na Wɔreyɛ Yehowa Apɛde Nnɛ?
    • Adesua 23

      Ɔkwan Bɛn so na Wɔkyerɛw Yɛn Nhoma Ahorow na Wɔkyerɛ Ase?

      Obi a ɔreyɛ adwuma wɔ Akyerɛw Dwumadibea, U.S.A.

      Akyerɛw Dwumadibea, U.S.A.

      Nsɛm asekyerɛfo bi a wɔwɔ South Korea

      South Korea

      Ɔbarima bi a ɔwɔ Armenia a okura nhoma bi a Yehowa Adansefo akyerɛ ase

      Armenia

      Abeawa bi a ɔwɔ Burundi a okura nhoma bi a Yehowa Adansefo akyerɛ ase

      Burundi

      Ɔbea bi a ɔwɔ Sri Lanka a okura nsɛmma nhoma bi a Yehowa Adansefo akyerɛ ase

      Sri Lanka

      Nea ɛbɛyɛ na yɛayɛ nea yebetumi biara de aka “asɛmpa” no akyerɛ “aman ne mmusuakuw ne kasa ne nkurɔfo nyinaa” no, yetintim nhoma ahorow wɔ kasa bɛboro 750 mu. (Adiyisɛm 14:6) Yɛyɛ dɛn tumi yɛ adwuma a ɛyɛ den yi? Nhoma akyerɛwfo a wɔwɔ aman ahorow so ne nsɛm asekyerɛfo na woyi wɔn yam boa ma yɛyɛ nhoma yi. Wɔn nyinaa yɛ Yehowa Adansefo.

      Wodi kan kyerɛw nsɛm no wɔ Borɔfo kasa mu. Akwankyerɛ Kuw no na ɛhwɛ Akyerɛw Dwumadibea a ɛwɔ yɛn adwumayɛbea ti no dwumadi so. Saa dwumadibea yi na ɛhwɛ akyerɛwfo a wɔyɛ adwuma wɔ yɛn adwumayɛbea ti ne baa dwumadibea ahorow bi dwumadi so. Akyerɛwfo a yɛwɔ wɔ aman ahorow so no boa ma wotumi kyerɛw nsɛm a ɛfa nnipa a wofi aman ahorow so ho ma enti nnipa a wofi aman pii so ani gye yɛn nhoma ahorow no akenkan ho.

      Wɔde nsɛm a wɔakyerɛw wɔ Borɔfo mu no kɔma nsɛm asekyerɛfo no. Sɛ wɔhwɛ nsɛm a wɔakyerɛw no mu wie na wogye tom a, wɔde fa kɔmputa so kɔma nsɛm asekyerɛfo akuw a wɔwɔ wiase nyinaa ma wɔkyerɛ ase kenkan mu, na afei wɔhwɛ mu hwɛ sɛ biribiara yɛ pɛpɛɛpɛ anaa. Wɔbɔ mmɔden sɛ wɔbɛpaw “nsɛmpa a ɛyɛ nokware” a ɛwɔ wɔn kurom kasa mu na ɛyɛ Borɔfo no nkyerɛase pɛpɛɛpɛ a ɛbɛma wɔn akenkanfo no ate asɛm no ase.—Ɔsɛnkafo 12:10.

      Kɔmputa boa ma nkyerɛase no kɔ so ntɛmntɛm. Kɔmputa rentumi nyɛ adwuma a akyerɛwfo ne nsɛm asekyerɛfo yɛ no. Nanso, nsɛm asekyerɛ nhoma, nhoma ahorow, ne nneɛma foforo a wɔde yɛ nhwehwɛmu a ɛwɔ kɔmputa so no boa ma nkyerɛase no tumi kɔ so ntɛmntɛm. Yehowa Adansefo ahyehyɛ kɔmputa so dwumadi bi a wɔfrɛ no Multilanguage Electronic Publishing System (MEPS). Wotumi de kyerɛw kasa ɔhaha pii, na wɔde hyehyɛ nsɛm de mfonini ka ho ma wotintim.

      Dɛn nti na yɛbɔ mmɔden yɛ eyinom nyinaa, na yetintim nhoma wɔ kasa ahorow a nnipa mpem kakraa bi na wɔka mpo mu? Nea enti a yɛyɛ saa ne sɛ ɛyɛ Yehowa pɛ sɛ “ogye nnipa ahorow nyinaa ma wobenya nokware no ho nimdeɛ a edi mũ.”—1 Timoteo 2:3, 4.

      • Ɔkwan bɛn na yɛfa so kyerɛw yɛn nhoma ahorow no?

      • Dɛn nti na yɛkyerɛ yɛn nhoma ahorow ase kɔ kasa ahorow pii mu?

  • Yɛyɛ Dɛn Nya Sika De Yɛ Wiase Nyinaa Adwuma No?
    Henanom Na Wɔreyɛ Yehowa Apɛde Nnɛ?
    • Adesua 24

      Yɛyɛ Dɛn Nya Sika De Yɛ Wiase Nyinaa Adwuma No?

      Obi a ɔreyi ntoboa
      Yehowa Adansefo bi a wɔreyɛ asɛnka adwuma

      Nepal

      Atuhoamafo a wosisi Ahenni Asa wɔ Togo

      Togo

      Atuhoamafo bi a wɔreyɛ adwuma wɔ baa dwumadibea wɔ Britain

      Britain

      Afe biara, yɛn ahyehyɛde no tintim Bible ne Bible ho ­nhoma ahorow ɔpepem pii, na yɛkyekyɛ ma ɔmanfo a ɛbo biara nna so. Yesisi Ahenni Asa ne baa dwumadibea ahorow, na yɛhwɛ siesie. Yɛhwɛ wɔn a wɔsom wɔ Betel ne asɛmpatrɛwfo mpempem pii, na sɛ asiane bi si a, yɛkɔ kɔboa. Enti ebia wubebisa sɛ, ‘Moyɛ dɛn nya sika de yɛ ­eyinom nyinaa?’

      Yenyi ntotoso du du, wonnye yɛn tow, na yennyigye sika nso. Ɛwom sɛ asɛmpaka adwuma a yɛyɛ no gye sika pii de, nanso yɛnsrɛsrɛ sika. Bɛboro mfe ɔha ni, Ɔwɛn-Aban a ɛto so abien a wotintimii no kae sɛ yegye di sɛ Yehowa taa yɛn akyi ma enti “yɛrensrɛ nkurɔfo sɛ wɔmmoa yɛn da”​—na yɛnyɛɛ saa nso da!​—Mateo 10:⁠8.

      Ntoboa a afoforo fi wɔn pɛ mu yi na yɛde yɛ yɛn adwuma no. Nnipa pii ani sɔ Bible nkyerɛkyerɛ adwuma a yɛyɛ no na woyi sika de boa. Adansefo no ankasa ani gye sɛ wɔde wɔn bere, wɔn ahoɔden, wɔn sika, ne wɔn nneɛma foforo bɛboa ma wɔde ayɛ Onyankopɔn apɛde wɔ wiase nyinaa. (1 Beresosɛm 29:9) Ntoboa nnaka sisi Ahenni Asa so ne yɛn amansin ne amantam nhyiam ase a wɔn a wɔpɛ sɛ woyi ntoboa no betumi de agu mu. Obi pɛ nso a, obetumi ayi ntoboa wɔ yɛn wɛbsaet hɔ, jw.org. Mpɛn pii no, wɔn a woyi ntoboa de boa adwuma no yɛ wɔn a wonni sika pii. Wɔte sɛ okunafo a ɔde nkaprɛ mma abien guu sika nnaka mu wɔ asɔrefie hɔ a Yesu kaa ne ho asɛm pa no. (Luka 21:​1-4) Enti obiara betumi ‘ayi biribi asie’ bere ­nyinaa na ɔde ama “sɛnea wasusuw wɔ ne komam” no.—1 Korintofo 16:2; 2 Korintofo 9:7.

      Yɛwɔ ahotoso sɛ Yehowa bɛkɔ so aka wɔn a wɔpɛ sɛ ‘wɔde wɔn ahonyade hyɛ no anuonyam’ no koma ma ­wɔaboa Ahenni adwuma no sɛnea ɛbɛyɛ a n’apɛde bɛyɛ hɔ.—Mmebusɛm 3:9.

      • Dɛn na ɛma yɛn ahyehyɛde no yɛ soronko wɔ ɔsom afoforo ho?

      • Dɛn na yɛde ntoboa a afoforo fi wɔn pɛ mu yi no yɛ?

  • Dɛn Nti na Yesisi Ahenni Asa, na Yɛyɛ Dɛn Tumi Sisi?
    Henanom Na Wɔreyɛ Yehowa Apɛde Nnɛ?
    • Adesua 25

      Dɛn Nti na Yesisi Ahenni Asa, na Yɛyɛ Dɛn Tumi Sisi?

      Atuhoamafo a wosisi Ahenni Asa wɔ Bolivia

      Bolivia

      Ahenni Asa bi a ɛwɔ Nigeria, sɛnea na ɛte
      Ahenni Asa bi a ɛwɔ Nigeria, bere a wɔsan sii no foforo

      Nigeria, sɛnea na ɛte ne bere a wosii no foforo

      Baabi a wɔresi Ahenni Asa wɔ Tahiti

      Tahiti

      Sɛnea edin Ahenni Asa kyerɛ no, ɛhɔ na yesusuw Bible nkyerɛkyerɛ titiriw a ɛne Onyankopɔn Ahenni a na ɛyɛ Yesu asɛnka adwuma no asɛmti no ho.—Luka 8:1.

      Ɛyɛ mmeae a yɛsom Onyankopɔn nokwarem wɔ mpɔtam a ɛwɔ no. Ɛhɔ na yɛyɛ nhyehyɛe fi adi kɔka Ahenni ho asɛmpa no. (Mateo 24:14) Ɛsono Ahenni Asa ahorow no akɛse ne ne nsusuwso, nanso ɛnyɛ adan a ɛyɛ konkuronn, na emu pii wɔ hɔ a asafo bɛboro biako na wohyiam wɔ hɔ. Nnansa yi, yɛasisi Ahenni Asa foforo mpempem pii (sɛ wɔkyekyɛm a wosi anum da biara) sɛnea ɛbɛyɛ a asafo ahorow a ɛredɔɔso no benya baabi ahyiam. Yɛyɛ dɛn tumi sisi Ahenni Asa yi?—Mateo 19:26.

      Ntoboa a yeyi gu foto bi mu na yɛde sisi. Yɛde saa ntoboa ahorow no kɔ baa dwumadibea ma wɔde bɔ asafo ahorow a wɔpɛ sɛ wosi Ahenni Asa anaa wosiesie wɔn de no bosea.

      Atuhoamafo a ɛsono wɔn nimdeɛ ne wɔn asetenam nsɛm a wonnye akatua na wosisi. Wɔahyehyɛ Ahenni Asa Adansi Akuw wɔ aman pii so. Ahenni Asa adansi akuw ne atuhoamafo a wɔwɔ ɔman bi mu fi asafo biako mu kɔ foforo mu, wɔkɔ nkuraase mpo, na wɔboa asafo ahorow a ɛwɔ hɔ no ma wosisi Ahenni Asa. Wɔ aman foforo so no, wɔapaw adansifo a wɔfata ma wɔhwɛ sisi Ahenni Asa ahorow anaa wosiesie wɔ ɔmantam bi mu. Ɛwom sɛ adwumfo pii a wɔn ho akokwaw wɔ adansi mu a wɔwɔ ɔmantam bi mu tu wɔn ho ma boa ma wosi asa biara de, nanso wɔn a wotu wɔn ho ma yɛ adwuma no mu dodow no ara yɛ asafo a ɛwɔ hɔ no mufo. Yehowa honhom ne sɛnea ne nkurɔfo fi ɔkra nyinaa mu yɛ adwuma no na ɛma yetumi yɛ saa adwuma yi nyinaa.—Dwom 127:1; Kolosefo 3:23.

      • Dɛn nti na yɛfrɛ mmeae a yehyiam som no Ahenni Asa?

      • Dɛn na ɛma yetumi sisi Ahenni Asa wɔ wiase nyinaa?

  • Yɛbɛyɛ Dɛn Atumi Aboa ma Wɔasiesie Yɛn Ahenni Asa So?
    Henanom Na Wɔreyɛ Yehowa Apɛde Nnɛ?
    • Adesua 26

      Yɛbɛyɛ Dɛn Atumi Aboa ma Wɔasiesie Yɛn Ahenni Asa So?

      Yehowa Adansefo a wɔresiesie wɔn Ahenni Asa so wɔ Estonia

      Estonia

      Yehowa Adansefo a wɔresiesie wɔn Ahenni Asa so wɔ Zimbabwe

      Zimbabwe

      Yehowa Dansefo a ɔresiesie nneɛma a asɛe wɔ Ahenni Asa so wɔ Mongolia

      Mongolia

      Yehowa Dansefo a ɔreka Ahenni Asa ho wɔ Puerto Rico

      Puerto Rico

      Onyankopɔn din kronkron no na ɛda Yehowa Adansefo Ahenni Asa biara so. Enti, yebu no sɛ ɛyɛ hokwan sɛ yɛbɛboa ma ɔdan no ho atew, yɛasiesie biribiara kama ma ɛhɔ ayɛ fɛ, na ɛyɛ ɔsom kronn a yɛde ma Yehowa no fã a ɛho hia. Yɛn nyinaa betumi aboa.

      Sɛ wɔpɔn asafo nhyiam a, tu wo ho ma siesie hɔ bi. Sɛ wɔpɔn asafo nhyiam biara a, anuanom mmarima ne mmea de anigye siesie Ahenni Asa no so kakra, na wosiesie agyananbea hɔ nso. Mmeae bi wɔ hɔ a wosiesie Ahenni Asa no so yiye pɛnkoro dapɛn biara ma ɛhɔ tew, ebi nso wɔ hɔ a ɔsram biara na wɔyɛ saa. Asafo mu panyin anaa ɔsomfo na ɔhwɛ adwuma no so, na mpɛn pii no ɔhwɛ nhyehyɛe a wɔayɛ a ɛwɔ krataa so na ɛyɛ saa adwuma no. Ebinom tu wɔn ho ma prapra hɔ popa hɔ, anaa wɔde nsu hohoro fam, popa nneɛma ho, tetew ntontan a ɛwɔ nsɛmso so anaa nnua a wɔde akuru ɔdan no so ho. Wɔpopa nkongua ho hyehyɛ, siesie agyananbea de nnuru hohoro hɔ, wɔhohoro mpomma ne nhwehwɛ anim, kɔtow nwura gu, anaa wosiesie ɔdan no ho ne akyi nyinaa bere a ɛho hia sɛ wɔyɛ saa. Anyɛ yiye koraa no, pɛnkoro wɔ afe biara mu no, yɛde da koro si hɔ siesie Ahenni Asa no so ma ɛhɔ tew nwann. Sɛ yɛma yɛn mma yɛ nnwuma no bi a, na yɛrekyerɛkyerɛ wɔn ma wɔanya obu ama baabi a yɛsom no.—Ɔsɛnkafo 5:1.

      Boa ma wonsiesie biribiara a ehia sɛ wosiesie. Afe biara wɔhwehwɛ Ahenni Asa no so ne sɛnea akyi nyinaa te yiye. Yegyina nea wohu no so yɛ nhyehyɛe siesie biribiara kama bere nyinaa, na ɛno mma yɛnsɛe sika sɛnea ɛnsɛ. (2 Beresosɛm 24:13; 34:10) Ahenni Asa a wɔhwɛ siesie no yiye ma ɛhɔ tew no fata beae a yɛsom yɛn Nyankopɔn no. Sɛ yɛyɛ adwuma a wɔyɛ wɔ hɔ no bi a, yɛda no adi sɛ yɛdɔ Yehowa, na yɛn ani sɔ baabi a yɛsom no no. (Dwom 122:1) Eyi nso di adanse pa wɔ mpɔtam hɔ.—2 Korintofo 6:3.

      • Dɛn nti na ɛnsɛ sɛ yebu yɛn ani gu beae a yɛsom no so?

      • Nhyehyɛe bɛn na wɔayɛ de siesie Ahenni Asa so ma ɛhɔ tew?

  • Yɛbɛyɛ Dɛn Atumi Anya Nhomakorabea a Ɛwɔ Ahenni Asa so no so Mfaso?
    Henanom Na Wɔreyɛ Yehowa Apɛde Nnɛ?
    • Adesua 27

      Yɛbɛyɛ Dɛn Atumi Anya Nhomakorabea a Ɛwɔ Ahenni Asa so no so Mfaso?

      Ɔbarima bi a ɔreyɛ nhwehwɛmu wɔ nhomakorabea wɔ Ahenni Asa so

      Israel

      Yehowa Dansefo bi a ɔreboa aberante bi ma wayɛ nhwehwɛmu

      Czech Republic

      Abeawa kumaa bi a ɔrekyerɛw ne din wɔ ne nnwom nhoma mu

      Benin

      Ɔbarima bi a ɔde Watchtower Library reyɛ nhwehwɛmu

      Cayman Islands

      So wopɛ sɛ woyɛ nhwehwɛmu bi na wunya Bible mu nimdeɛ pii? So wopɛ sɛ wunya kyerɛwsɛm anaa onipa bi, beae, anaa ade pɔtee bi a wɔaka ho asɛm wɔ Bible mu ho nsɛm pii? Anaa aba w’adwenem da sɛ Onyankopɔn Asɛm no betumi aboa wo ma woanya wo haw bi ano aduru? Sɛ ɛte saa a, wubetumi akɔyɛ nhwehwɛmu wɔ nhomakorabea a ɛwɔ Ahenni Asa so no.

      Yenya nneɛma a ɛboa ma yɛyɛ nhwehwɛmu wɔ hɔ. Ebetumi aba sɛ wunni Bible ho nhoma ahorow a ɛwɔ wo kasa mu a Yehowa Adansefo atintim no nyinaa bi. Nanso, nhoma a wɔatintim no nnansa yi no mu dodow no ara bi wɔ nhomakorabea a ɛwɔ Ahenni Asa so no. Ebia wubenya Bible nkyerɛase ahorow, nsɛm asekyerɛ nhoma a edi mũ, ne nneɛma foforo a yɛde yɛ nhwehwɛmu wɔ hɔ. Wubetumi akɔyɛ nhwehwɛmu wɔ nhomakorabea hɔ bere a asafo nhyiam nnya mfii ase ne bere a yɛapɔn. Sɛ kɔmputa wɔ hɔ a, wubetumi anya Watchtower Library wɔ so. Eyi yɛ kɔmputa dwumadi a yɛn nhoma ahorow pii wɔ so, na ɔfã bi wɔ hɔ a ɛma nhwehwɛmu yɛ mmerɛw a wubetumi de ahwehwɛ asɛm bi, asɛmfua, anaa kyerɛwsɛm bi.

      Ɛboa wɔn a wɔyɛ Abrabɔ ne Asɛnka Adesua dwumadi no. Nhomakorabea a ɛwɔ Ahenni Asa so no betumi aboa wo yiye bere a woresiesie wo dwumadi no. Abrabɔ ne Asɛnka Adesua sohwɛfo no na ɔhwɛ nhomakorabea no so. Ɔno na ɔhwɛ ma wɔde nhoma a aba foforo no bi gu hɔ na ɔhwɛ ma wɔhyehyɛ no kama. Ɔno anaa nea ɔne wo sua Bible no betumi akyerɛ wo sɛnea wubetumi anya nsɛm a wuhia no. Nanso, ɛnsɛ sɛ wofa nhoma biara fi nhomakorabea a ɛwɔ Ahenni Asa so no. Nokwasɛm ne sɛ, ɛsɛ sɛ yɛhwɛ nhoma ahorow no yiye, na ɛnsɛ sɛ yɛkyerɛkyerɛw mu.

      Bible ka sɛ, sɛ yebenya “Onyankopɔn ho nimdeɛ” a, ɛsɛ sɛ yefi yɛn pɛ mu hwehwɛ nimdeɛ te “sɛ akorade a ahintaw.” (Mmebusɛm 2:​1-⁠5) Nhomakorabea a ɛwɔ Ahenni Asa so no betumi aboa wo ma woafi ase ahwehwɛ nimdeɛ.

      • Nneɛma a yɛde yɛ nhwehwɛmu bɛn na ɛwɔ nhomakorabea a ɛwɔ Ahenni Asa so?

      • Henanom na wobetumi aboa wo ma wode nhomakorabea no adi dwuma yiye?

      SUA PII KA HO

      Sɛ wopɛ sɛ wufi ase hyehyɛ w’ankasa nhomakorabea a, kɔ baabi a wogye nhoma no kɔhwɛ nhoma a wubetumi anya bi wɔ hɔ. Nea ɔne wo sua Bible no betumi akyerɛ wo nhoma ahorow a wubetumi agye de afi ase.

  • Dɛn na Wubetumi Ahu Wɔ Yɛn Intanɛt Dwumadibea Hɔ?
    Henanom Na Wɔreyɛ Yehowa Apɛde Nnɛ?
    • ADESUA 28

      Dɛn na Wubetumi Ahu Wɔ Yɛn Intanɛt Dwumadibea Hɔ?

      Ɔbea bi a ɔreyɛ nhwehwɛmu wɔ ne laptop so

      France

      Abusua bi a wɔde kɔmputa redi dwuma

      Poland

      Ɔbea bi a ɔrehwɛ mum kasa video wɔ Intanɛt so

      Russia

      Yesu Kristo ka kyerɛɛ n’akyidifo sɛ: “Momma mo kanea nhyerɛn nnipa anim, na wɔahu mo nnwuma pa na wɔahyɛ mo Agya a ɔwɔ soro no anuonyam.” (Mateo 5:​16) Ɛno nti, yɛde abɛɛfo mfiri a ebi ne Intanɛt redi dwuma yiye na ama yɛatumi ayɛ saa. Wubehu Yehowa Adansefo gyidi ne wɔn nnwuma ho nsɛm wɔ yɛn websaet a ɛne jw.org no. Dɛn na ɛwɔ hɔ?

      Nsɛm a wɔtaa bisa ho mmuae a Bible de ma. Wubetumi anya nsɛm a ɛho hia sen biara a nkurɔfo abisa no bi ho mmuae wɔ hɔ. Nneɛma a ebetumi aboa wo no bi ne nkratawa a yɛato din Enti Amanehunu To Betwa Da Bi? ne So Ɛyɛ Ampa sɛ Awufo Bɛsan Atena Ase Bio? Wubenya bi wɔ kasa bɛboro 600 mu wɔ wɛbsaet hɔ. Wubetumi nso anya Wiase Foforo Nkyerɛase Bible no wɔ kasa bɛboro 130 mu ne nhoma ahorow bi a yɛde sua Bible te sɛ Dɛn na Yebetumi Asua Afi Bible Mu? ne Ɔwɛn-Aban ne Nyan! a aba foforo. Wubetumi akenkan saa nhoma ahorow yi pii mu nsɛm wɔ wɛbsaet hɔ anaa woabɔ atie. Wopɛ nso a wubetumi atwe ne MP3, PDF, anaa EPUB. Wubetumi mpo atintim nkratafa kakra wɔ obi a n’ani gye asɛm no ho ankasa kasa mu na wo ne no akosusuw ho! Video pii a ɛwɔ mum kasa ahorow mu wɔ hɔ. Wubetumi atwe Bible a wɔakenkan, Bible drama ahorow, ne nnwom a ɛyɛ dɛ na woabɔ atie bere biara a wopɛ.

      Yehowa Adansefo ho nokwasɛm. Nneɛma a wɔde gu hɔ no bi nso ne yɛn adwuma a yɛreyɛ wɔ wiase nyinaa no ho nsɛm foforo ne ɛho video, nsɛm a asisi a ɛfa Yehowa Adansefo ho, ne mmoa a yɛde ma wɔn a atoyerɛnkyɛm ato wɔn no ho nsɛm. Wubetumi ahu nhyiam ahorow a wɔrebɛyɛ ho amanneɛbɔ ne baa dwumadibea ahorow address wɔ hɔ.

      Yɛnam eyinom so rema nokware hann no ahyerɛn adu asase ano nohoa tɔnn. Nkurɔfo a wɔte asasepɔn biara so, a Antarctica ka ho, rehu nokware hann no. Yɛbɔ mpae sɛ ‘Yehowa asɛm nkɔ so ntrɛw ntɛmntɛm’ nkɔ asase nyinaa so na ɛnhyɛ Onyankopɔn anuonyam.—2 Tesalonikafo 3:1.

      • Ɔkwan bɛn so na jw.org reboa nnipa pii ma wɔahu nokware a ɛwɔ Bible mu no?

      • Dɛn na wopɛ sɛ woyɛ ho nhwehwɛmu wɔ yɛn wɛbsaet hɔ?

      KƆKƆBƆ BI NI:

      Wɔn a wɔsɔre tia yɛn no abuebue Intanɛt dwumadibea ahorow bi a wɔde ka atosɛm fa yɛn ahyehyɛde no ho. Wɔn botae ne sɛ wɔde bɛtwe nkurɔfo afi Yehowa som ho. Ɛnsɛ sɛ yɛkɔ saa dwumadibea ahorow hɔ.—Dwom 1:1; 26:​4; Romafo 16:17.

Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
Fi Mu
Kɔ Mu
  • Twi
  • Fa Mena
  • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
  • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
  • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
  • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • JW.ORG
  • Kɔ Mu
Fa Mena