Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • Dɛn na Wubehu Wɔ Yɛn Kristofo Nhyiam Ahorow Ase?
    Henanom Na Wɔreyɛ Yehowa Apɛde Nnɛ?
    • Adesua 5

      Dɛn na Wubehu Wɔ Yɛn Kristofo Nhyiam Ahorow Ase?

      Yehowa Adansefo bi a wɔwɔ Ahenni Asa so wɔ Argentina

      Argentina

      Yehowa Adansefo asafo nhyiam wɔ Sierra Leone

      Sierra Leone

      Yehowa Adansefo asafo nhyiam wɔ Belgium

      Belgium

      Yehowa Adansefo asafo nhyiam wɔ Malaysia

      Malaysia

      Nnipa pii agyae asɔre kɔ efisɛ wonnya Onyankopɔn akwankyerɛ ne awerɛkyekye biara wɔ hɔ. Ɛnde, dɛn nti na ɛsɛ sɛ wokɔ Kristofo nhyiam ahorow a Yehowa Adansefo yɛ no? Dɛn na wubehu wɔ hɔ?

      Ɛyɛ anigye sɛ wo ne nnipa a wɔwɔ ɔdɔ na wodwen afoforo ho bɛbɔ. Wɔ asomafo no bere so no, na wɔahyehyɛ Kristofo ayɛ wɔn asafo ahorow, na na wɔyɛ asafo nhyiam ahorow de som Onyankopɔn, sua Kyerɛwnsɛm no, na wɔhyehyɛ wɔn ho nkuran. (Hebrifo 10:24, 25) Sɛ wohyiam wɔ baabi a wɔda ɔdɔ adi saa no a, na wɔte nka sɛ wɔwɔ wɔn nuanom Kristofo a wɔyɛ nnamfo pa mu. (2 Tesalonikafo 1:3; 3 Yohane 14) Yesuasua nea wɔyɛe no na yɛn nso yenya anigye saa ara.

      Mfaso wɔ so sɛ yebehu sɛnea yɛde Bible mu nsɛm bɔ yɛn bra. Sɛnea na tetefo no hyia yɛ wɔn nhyiam a wɔaka ho asɛm wɔ Bible mu no, saa ara na mmarima, mmea, ne mmofra nyinaa bom hyia nnɛ. Akyerɛkyerɛfo a wɔfata de Bible no boa yɛn ma yehu sɛnea yɛde emu nsɛm no bɛbɔ yɛn bra da biara da. (Deuteronomium 31:12; Nehemia 8:8) Obiara tumi kyerɛ n’adwene wɔ afã a ɛyɛ atiefo nkɔmmɔbɔ mu, na obiara tumi to nnwom no bi, na ɛma yenya hokwan ka anidaso a yɛwɔ sɛ Kristofo no ho asɛm.—Hebrifo 10:23.

      Ɛyɛ nhyira sɛ yɛbɛhyɛ Onyankopɔn mu gyidi a yɛwɔ no mu den. Ɔsomafo Paulo ka kyerɛɛ asafo ahorow a na ɛwɔ ne bere so no mu biako sɛ: “Me ho pere me sɛ mehu mo, . . . sɛnea ɛbɛyɛ a . . . obiara benya nkuranhyɛ afi ne yɔnko hɔ denam ne yɔnko gyidi so, me ne mo nyinaa de.” (Romafo 1:11, 12) Sɛ yɛkɔ asafo nhyiam ahorow na yɛne yɛn mfɛfo gyidifo bɔ fekuw daa a, ɛhyɛ yɛn gyidi ne yɛn bo a yɛasi sɛ yɛbɛbɔ yɛn bra sɛ Kristofo no mu den.

      Yɛhyɛ wo nkuran sɛ bɔ mmɔden kɔ Kristofo nhyiam a edi hɔ no, na w’ankasa kohu nea yɛaka ho asɛm no. Wobegye wo fɛw so. Wokɔ yɛn nhyiam ahorow ase a, worentua hwee wɔ hɔ—wonnyigye sika biara.

      • Nhwɛso bɛn na yedi akyi yɛ yɛn asafo nhyiam ahorow no?

      • Sɛ yɛkɔ Kristofo nhyiam ahorow a, yɛbɛyɛ dɛn atumi anya so mfaso?

      SUA PII KA HO

      Sɛ wopɛ sɛ wuhu sɛnea Ahenni Asa a ɛwɔ wo mpɔtam hɔ so te ansa na woakɔ yɛn nhyiam no bi a, ka kyerɛ Yehowa Dansefo bi ma ɔmfa wo nkɔhwehwɛ hɔ.

  • Yɛyɛ Dɛn Nya Fekuw a Yɛne Yɛn Mfɛfo Kristofo Bɔ no so Mfaso?
    Henanom Na Wɔreyɛ Yehowa Apɛde Nnɛ?
    • Adesua 6

      Yɛyɛ Dɛn Nya Fekuw a Yɛne Yɛn Mfɛfo Kristofo Bɔ no so Mfaso?

      Yehowa Adansefo a wɔne wɔn mfɛfo Kristofo renya fekubɔ

      Madagascar

      Yehowa Dansefo bi a ɔreboa ne nua Kristoni

      Norway

      Asafo mu mpanyimfo bi a wɔakɔsra wɔn nua Kristoni

      Lebanon

      Yehowa Adansefo bi a wɔahyiam rebɔ fekuw

      Italy

      Sɛ ɛsɛ sɛ yɛfa kwaebirentuw anaa wim tebea a enye mu kɔ Kristofo nhyiam ahorow mpo a, yɛyɛ saa daa. Ɛmfa ho asetena mu nsɛnnennen a nnipa fa mu ne brɛ a wɔbrɛ bere a wɔapɔn adwuma no, dɛn nti na Yehowa Adansefo bɔ mmɔden paa sɛ wɔne wɔn mfɛfo gyidifo behyiam?

      Ɛboa yɛn paa. Bere a Paulo reka wɔn a yɛne wɔn bɔ fekuw wɔ asafo no mu ho asɛm no, ɔkae sɛ: “Yensusuw yɛn ho yɛn ho ho.” (Hebrifo 10:24) Asɛm a ɔkae no kyerɛ sɛ “yebesusuw biribi ho yiye,” a nea ɛkyerɛ ne sɛ, ɛsɛ sɛ yehu yɛn ho yɛn ho. Enti asɛm a ɔsomafo no kae no hyɛ yɛn nkuran sɛ ɛsɛ sɛ yedwen afoforo ho. Sɛ yɛbɔ mmɔden hu mmusua foforo a wɔwɔ Kristofo asafo no mu yiye a, yebehu sɛ ebinom atumi adi nsɛnnennen a ɛte sɛ yɛn de no so, na wobetumi aboa yɛn ma yɛn nso yɛadi yɛn de so.

      Ɛma yɛn nnamfofa mu yɛ den. Wɔn a yɛne wɔn bɔ fekuw wɔ yɛn asafo nhyiam ahorow ase no nyɛ amannifo kɛkɛ, na mmom wɔyɛ yɛn nnamfo paa. Wɔ mmere foforo mu nso yɛne wɔn bom gye yɛn ani wɔ ɔkwan a ɛfata so. Mfaso bɛn na yenya fi fekubɔ a ɛte saa so? Ɛboa yɛn ma yenya anisɔ kɛse ma yɛn ho yɛn ho, na ɛma ɔdɔ a yɛwɔ ma yɛn ho yɛn ho no mu yɛ den. Sɛ ɛba saa na sɛ yɛn nuanom rehyia nsɛnnennen bi a, yɛyɛ ntɛm boa wɔn efisɛ yɛne wɔn anya nnamfofa a emu yɛ den dedaw. (Mmebusɛm 17:17) Sɛ yɛne yɛn asafo mufo nyinaa bɔ a, yɛda no adi sɛ ‘yɛn mu biara dwen ne yɔnko ho.’—1 Korintofo 12:25, 26.

      Yɛhyɛ wo nkuran sɛ paw wɔn a wɔreyɛ Onyankopɔn apɛde no sɛ wo nnamfo. Wubenya nnamfo a wɔte saa wɔ Yehowa Adansefo mu. Yɛsrɛ wo, mma biribiara nsiw wo kwan sɛ wo ne yɛn bɛbɔ.

      • Dɛn nti na mfaso wɔ so sɛ yɛne yɛn nuanom bɛbɔ fekuw wɔ asafo nhyiam ahorow ase?

      • Bere bɛn na w’ani begye ho sɛ wobɛba yɛn asafo nhyiam no bi abehu nea yɛyɛ wɔ hɔ?

  • Dɛn na Yɛyɛ Wɔ Yɛn Nhyiam Ahorow Ase?
    Henanom Na Wɔreyɛ Yehowa Apɛde Nnɛ?
    • Adesua 7

      Dɛn na Yɛyɛ Wɔ Yɛn Nhyiam Ahorow Ase?

      Yehowa Adansefo asafo nhyiam wɔ New Zealand

      New Zealand

      Yehowa Adansefo asafo nhyiam wɔ Japan

      Japan

      Yehowa Dansefo kumaa bi a ɔrekenkan Bible wɔ Uganda

      Uganda

      Adansefo baanu bi a wɔreyɛ Bible mu nkɔmmɔbɔ ho ɔyɛkyerɛ wɔ Lithuania

      Lithuania

      Nea na tete Kristofo no yɛ wɔ wɔn nhyiam ahorow ase ara ne nnwonto, mpaebɔ, ne Kyerɛwnsɛm no a na wɔkenkan susuw ho—ná wɔnyɛ ɔsom mu amanne biara wɔ ase. (1 Korintofo 14:26) Sɛ woba yɛn nhyiam ahorow ase a, saa pɛpɛɛpɛ na wubehu sɛ yɛreyɛ.

      Nkyerɛkyerɛ no gyina Bible so, na mfaso wɔ so. Asafo biara hyiam dapɛn awiei de simma 30 tie ɔkasa a egyina Bible so, na wɔkyerɛkyerɛ yɛn ma yehu sɛnea Kyerɛwnsɛm no fa yɛn asetena ne mmere a yɛte mu yi ho. Wɔhyɛ yɛn nyinaa nkuran sɛ yɛnhwɛ yɛn ankasa Bible mu nni ɔkasafo no akyi. Sɛ wɔma ɔkasa no wie a, yɛde dɔnhwerew biako yɛ “Ɔwɛn-Aban” Adesua, na wɔhyɛ atiefo no nkuran ma wɔma mmuae bere a yɛresusuw Ɔwɛn-Aban a adesua nsɛm wom no mu asɛm bi ho no. Saa adesua yi boa yɛn ma yɛde Bible akwankyerɛ yɛ adwuma wɔ yɛn asetena mu. Yesua asɛnkoro no ara wɔ yɛn asafo ahorow bɛboro 110,000 a ɛwɔ wiase nyinaa no mu biara mu.

      Wɔboa yɛn ma yetumi kyerɛkyerɛ yiye. Yɛsan nso hyiam wɔ dapɛn no mu yɛ asafo nhyiam a ɛwɔ afã abiɛsa. Yɛato din Kristofo Abrabɔ ne Yɛn Asɛnka. Saa nhyiam yi, nsɛm a ɛwɔ Abrabɔ ne Asɛnka Adesua Nhoma a ɛba bosome biara no mu na yɛde yɛ. Ɔfã a edi kan ne Bible Mu Akorade, na ɛboa yɛn ma Bible no fã bi a asafo no mufo adi kan akenkan no, yenya mu asuade. Nea edi hɔ ne Ma W’ani Nku Asɛnka Ho, na yɛtaa hwɛ ɔyɛkyerɛ ahorow a yɛde sua nsɛm a yɛbɛka ne nkurɔfo abɔ Bible mu nkɔmmɔ. Saa ɔfã no, ɛyɛ a obi de afotu ma yɛn de boa yɛn ma yɛn akenkan ne yɛn nkyerɛkyerɛ tu mpɔn. (1 Timoteo 4:13) Adesua no fã a etwa to ne Kristofo Abrabɔ. Ɛno nso kyerɛ yɛn sɛnea yɛde Bible bɛbɔ yɛn bra. Ebi wɔ hɔ a, wɔyɛ no nsɛmmisa ma atiefo kyerɛ wɔn adwene, na ɛma yɛte Bible mu nsɛm ase paa.

      Sɛ woba yɛn asafo nhyiam ahorow no bi a, akyinnye biara nni ho sɛ Bible nkyerɛkyerɛ a edi mũ a wubenya no bɛma w’ani agye.—Yesaia 54:13.

      • Sɛ wokɔ Yehowa Adansefo nhyiam ahorow ase a, dɛn na wobɛte wɔ hɔ?

      • Asafo nhyiam ahorow a yɛyɛ no dapɛn biara no mu nea ɛwɔ he na w’ani begye ho sɛ wobɛkɔ bi?

      SUA PII KA HO

      Di kan kenkan nneɛma a wobesusuw ho wɔ asafo nhyiam ahorow a edi hɔ no bi. Hyɛ nneɛma a wubetumi asua afi Bible mu a ebetumi aboa wo wɔ w’asetena mu da biara da no nsow.

  • Dɛn Nti na Yesiesie Yɛn Ho Kama Kɔ Yɛn Asafo Nhyiam Ahorow?
    Henanom Na Wɔreyɛ Yehowa Apɛde Nnɛ?
    • Adesua 8

      Dɛn Nti na Yesiesie Yɛn Ho Kama Kɔ Yɛn Asafo Nhyiam Ahorow?

      Papa bi ne ne babarima resiesie wɔn ho akɔ asafo nhyiam

      Iceland

      Maame bi ne ne babea resiesie wɔn ho akɔ asafo nhyiam

      Mexico

      Yehowa Adansefo bi a wɔasiesie wɔn ho kama wɔ Guinea-Bissau

      Guinea-Bissau

      Abusua bi a wɔwɔ Philippines nam kwan so rekɔ asafo nhyiam

      Philippines

      So mfonini ahorow a ɛwɔ nhomawa yi mu no ama woahu sɛnea Yehowa Adansefo siesie wɔn ho kama bere a wɔrekɔ wɔn asafo nhyiam ahorow no? Dɛn nti na yɛn ntadehyɛ ne yɛn ahosiesie ho hia yɛn saa?

      Yɛde da obu adi kyerɛ yɛn Nyankopɔn. Ɛyɛ nokware sɛ ɛnyɛ nea aniwa hu nko na Onyankopɔn hwɛ. (1 Samuel 16:7) Nanso, sɛ yehyiam sɛ yɛresom Yehowa a, nea ɛda yɛn koma so ne sɛ yɛbɛda obu adi akyerɛ ɔno ne yɛn mfɛfo a yɛne wɔn som no no. Sɛ yɛrekɔ ɔtemmufo bi anim wɔ asɛnnibea a, ɛda adi sɛ obu a yɛwɔ ma ne dibea nti, yɛbɛhwɛ yɛn ntadehyɛ ne yɛn ahosiesie yiye. Saa ara na ahosiesie a yɛde kɔ yɛn asafo nhyiam ahorow no kyerɛ sɛ yɛn ani sɔ Yehowa Nyankopɔn, “asase nyinaa temmufo no,” ne baabi a yehyiam som no no.—Genesis 18:25.

      Yɛde da yɛn suban adi. Bible hyɛ Kristofo nkuran sɛ wɔmfa “fɛre ne adwenemtew” nhyɛ ntade a ɛfata. (1 Timoteo 2:9, 10) Sɛ yɛde “fɛre” hyɛ yɛn ntade a, yɛrenhyɛ ntade a ɛyɛ kyenkyenenn, nea ɛkanyan nna ho akɔnnɔ, anaa nea ɛma yɛn ho gu hɔ a ebetumi atwetwe afoforo adwene aba yɛn so. Afei nso “adwenemtew” boa yɛn ma yɛpaw ntade a ɛyɛ fɛ a ɛnyɛ basaa anaa ɛmfata. Saa nnyinasosɛm yi ma yɛn mu biara kwan ma ɔpaw ntade a ɔpɛ. Yɛn ahosiesie a ɛfata no ma ‘yɛn Agyenkwa no nkyerɛkyerɛ ho ba nyam,’ na ‘ɛhyɛ Onyankopɔn anuonyam’ bere a yemmue yɛn ano mpo. (Tito 2:10; 1 Petro 2:12) Sɛ yesiesie yɛn ho kama kɔ yɛn nhyiam ahorow a, ɛboa ma afoforo nya Yehowa som ho adwempa.

      Nnya adwene sɛ wunni ntade pa nti woremma Ahenni Asa so. Ɛho nhia sɛ yɛn ntade yɛ nea ne bo yɛ den anaa nea aba so ansa na yɛabu no sɛ ɛyɛ nea ɛfata anaa edi mũ.

      • Dɛn nti na sɛnea yesiesie yɛn ho no ho hia bere a yɛresom Onyankopɔn no?

      • Nnyinasosɛm bɛn na yegyina so paw ntade a yɛhyɛ ne sɛnea yesiesie yɛn ho?

  • Ɔkwan Pa Bɛn na Yebetumi Afa so Asua Ade Ansa na Yɛakɔ Asafo Nhyiam?
    Henanom Na Wɔreyɛ Yehowa Apɛde Nnɛ?
    • Adesua 9

      Ɔkwan Pa Bɛn na Yebetumi Afa so Asua Ade Ansa na Yɛakɔ Asafo Nhyiam?

      Yehowa Dansefo bi a ɔresua ade a wobesusuw ho wɔ asafo nhyiam ase

      Cambodia

      Yehowa Dansefo bi a ɔresua ade a wobesusuw ho wɔ asafo nhyiam ase
      Yehowa Dansefo bi a ɔpɛ sɛ ɔma mmuae wɔ asafo nhyiam ase

      Ukraine

      Sɛ wo ne Yehowa Dansefo bi sua Bible a, ɛda adi sɛ bere nyinaa wobɔ mmɔden di kan sua ade a mubesusuw ho no. Saa ara na ɛyɛ papa sɛ wubedi kan asua ade a wobesusuw ho wɔ asafo nhyiam ase no na ama woanya so mfaso kɛse. Sɛ yɛyɛ nhyehyɛe pa de sua ade daa a, yenya so mfaso pii.

      Hu bere ne baabi a wubesua ade. Bere bɛn na wubetumi de w’adwene asi ade a woresua no so yiye? So ɛyɛ anɔpatutuutu a wunnya mfii adwuma ase, anaa anadwo a mmofra no adeda? Sɛ wuntumi nsua ade bere tenten mpo a, wubetumi de bere pɔtee bi asi w’ani so, na woabɔ mmɔden sɛ woremma biribiara ntwitware w’akwan mu. Hwehwɛ baabi a ɛhɔ yɛ komm; dum radio, television, telefon, anaa yi biribiara a ɛbɛtwetwe w’adwene fi hɔ. Sɛ wobɔ mpae ansa na woasua ade a, ɛbɛboa wo ma woayi w’adwene afi ɛda no mu adwinnwen so, na ama woatumi de w’adwene asi Onyankopɔn Asɛm no so.—Filipifo 4:6, 7.

      Twitwa nsɛm no bi ase, na yɛ w’adwene sɛ wobɛma mmuae. Di kan hu nea asɛm a wobesusuw ho no fa ho. Susuw adesua no asɛmti ho, hwɛ sɛnea nsɛmti nketewa no mu biara fa asɛmti no ankasa ho, na hwɛ mfonini no mu biara, na afei susuw nsɛmmisa a wɔde yɛ ntĩmu a ɛtwe adwene si nsɛntitiriw so no ho. Ɛno akyi no, kenkan nkyekyɛm no mu biara, na hwehwɛ ɛho asɛmmisa no ho mmuae. Kenkan kyerɛw nsɛm a emu nsɛm nni adesua no mu no, na susuw sɛnea emu biara fa asɛm no ho ho. (Asomafo Nnwuma 17:11) Sɛ wuhu asɛmmisa no ho mmuae a, twitwa nsɛntitiriw kakra a ɛbɛma woakae asɛmmisa no ho mmuae no ase. Afei sɛ wokɔ asafo nhyiam na sɛ wopɛ sɛ woma mmuae a, wubetumi ama wo nsa so na wode w’ankasa wo nsɛm ama mmuae tiawa.

      Sɛ wudi kan susuw nneɛma a wobesua wɔ asafo nhyiam ahorow ase dapɛn biara ho a, wubenya nimdeɛ foforo aka ‘w’akorade dan’ a ɛne Bible mu nimdeɛ a wowɔ no ho.—Mateo 13:51, 52.

      • Nhyehyɛe bɛn na wubetumi ayɛ de adi kan asua nea yebesusuw ho wɔ asafo nhyiam ahorow ase no ho?

      • Wobɛyɛ dɛn atumi asua ade na ama woama mmuae wɔ asafo nhyiam ase?

      SUA PII KA HO

      Di akwankyerɛ a wɔde ama wɔ atifi hɔ no so fa sua Ɔwɛn-Aban Adesua anaa Asafo Bible Adesua. Ma nea ɔne wo sua Bible no mmoa wo na siesie mmuae a wobɛma wɔ asafo nhyiam a edi hɔ no ase.

  • Dɛn Ne Abusua Som?
    Henanom Na Wɔreyɛ Yehowa Apɛde Nnɛ?
    • Adesua 10

      Dɛn Ne Abusua Som?

      Abusua bi a wɔreyɛ abusua som

      South Korea

      Awarefo bi a wɔabom resua Bible

      Brazil

      Yehowa Dansefo bi a ɔresua Bible

      Australia

      Abusua bi a wɔresusuw Bible mu asɛm bi ho

      Guinea

      Efi tete na ayɛ Yehowa pɛ sɛ abusua biara mufo bɛbom ayɛ ade sɛnea ɛbɛyɛ a wɔne no benya abusuabɔ a emu yɛ den, na aka wɔn abom ma wɔayɛ biako. (Deuteronomium 6:6, 7) Ɛno nti na Yehowa Adansefo yi bere si hɔ dapɛn biara ne wɔn mmusua bom som—wɔde anigye susuw Bible mu nsɛm a ɛfa wɔn ahiade ho. Sɛ wo nkutoo na wote mpo a, wubetumi de saa bere no asua Bible mu asɛm bi de ahyɛ wo ne Onyankopɔn abusuabɔ mu den.

      Ɛyɛ bere a mode bɛbɛn Yehowa yiye. “Mommɛn Onyankopɔn na ɔbɛbɛn mo.” (Yakobo 4:8) Sɛ yesua Yehowa nipasu ne ne nneyɛe ho ade kɔ akyiri wɔ n’Asɛm no mu a, ɛbɛma yɛahu no yiye. Ɔkwan tiawa a wubetumi afa so ne w’abusua afi abusua som ase ne sɛ mode bere no bi bɛbom akenkan Bible no den. Mubetumi adi dapɛn biara Bible akenkan a ɛwɔ Teokrase Ɔsom Sukuu nhyehyɛe mu no akyi. Wubetumi de Bible akenkan no afã bi ama abusua no muni biara, na afei mo nyinaa betumi asusuw nea moasua afi Kyerɛwnsɛm no mu ho.

      Ɛyɛ bere a abusua no mufo no de bɛn wɔn ho yiye. Sɛ okunu ne ɔyere, awofo ne wɔn mma, bom sua Bible no sɛ abusua a, ɛhyɛ wɔn abusuabɔ mu den. Ɛsɛ sɛ ɛyɛ anigye ne asomdwoe bere ne ɛda a abusua no mufo nyinaa hwɛ kwan wɔ dapɛn no mu. Awofo betumi ahwɛ mfe a wɔn mma adi so apaw nsɛm a ɛfata a wɔne wɔn besusuw ho. Wobetumi ayi nsɛm no bi afi Ɔwɛn-Aban ne Nyan! mu anaa yɛn Intanɛt dwumadibea, jw.org. Mubetumi asusuw ɔhaw a mo mma hyiae wɔ sukuu mu ne ɔkwan a wɔbɛfa so agyina ano ho. Mopɛ nso a, monhwɛ JW Broadcasting (tv.jw.org) so dwumadi bi na mommɔ ho nkɔmmɔ. Mubetumi asua nnwom a wɔbɛto wɔ asafo nhyiam ase na sɛ muwie abusua som no a mode nnɔkɔnnɔkɔwade bi akeka mo ano.

      Saa bere titiriw yi a mobɛbom asom Yehowa dapɛn biara no bɛboa abusua no mufo nyinaa ma mo ani agye Onyankopɔn Asɛm no sua ho, na obehyira mo mmɔdenbɔ no so pii.—Dwom 1:1-3.

      • Dɛn nti na yeyi bere bi si hɔ de yɛ abusua som?

      • Dɛn na awofo betumi ayɛ ma abusua no mufo nyinaa ani agye saa bere no?

      SUA PII KA HO

      Bisa afoforo a wɔwɔ asafo no mu ma wɔnka nea wɔyɛ wɔ wɔn abusua som mu no bi ho asɛm nkyerɛ wo. San nso hwehwɛ Bible ho nhoma ahorow a wubetumi anya bi wɔ Ahenni Asa so de akyerɛkyerɛ wo mma Yehowa ho ade.

  • Dɛn Nti na Yɛkɔ Nhyiam Akɛse?
    Henanom Na Wɔreyɛ Yehowa Apɛde Nnɛ?
    • Adesua 11

      Dɛn Nti na Yɛkɔ Nhyiam Akɛse?

      Yehowa Adansefo a wɔwɔ ɔmantam nhyiam ase wɔ Mexico

      Mexico

      Wɔreyi nhoma bi adi wɔ ɔmantam nhyiam ase wɔ Germany

      Germany

      Yehowa Adansefo a wɔwɔ ɔmantam nhyiam ase wɔ Botswana

      Botswana

      Aberante bi a wɔrebɔ no asu wɔ Nicaragua

      Nicaragua

      Wɔreyɛ drama a wɔhyɛ tetefo ntade wom wɔ ɔmantam nhyiam ase wɔ Italy

      Italy

      Dɛn nti na saa nkurɔfo yi ani agye saa? Wɔwɔ yɛn nhyiam ahorow no bi ase. Sɛnea wɔka kyerɛɛ Onyankopɔn asomfo a wɔtenaa ase tete no sɛ wonhyiam mprɛnsa afe biara no, yɛn nso yɛhwɛ kwan sɛ yɛbɛkɔ nhyiam akɛse. (Deuteronomium 16:16) Afe biara yɛyɛ nhyiam ahorow abiɛsa: amansin nhyiam abien a yɛyɛ emu biara da koro, ne ɔmantam nhyiam a yɛyɛ no nnansa. Mfaso bɛn na yenya fi nhyiam ahorow yi so?

      Ɛma yɛne yɛn nuanom Kristofo abusuabɔ mu yɛ den. Sɛnea Israelfo no ani gyei sɛ wobeyi Yehowa ayɛ wɔ “asafo bagua kɛse mu” anaa nhyiam akɛse ase no, saa ara na yɛn nso yɛn ani gye sɛ yɛbɛbom asom wɔ nhyiam akɛse ase. (Dwom 26:12; 111:1) Saa nhyiam ahorow yi ma yenya hokwan ne Adansefo a wofi asafo afoforo mu anaa wɔn a wofi aman foforo so mpo hyiam nya fekubɔ. Sɛ edu awia a, yɛtena faako didi wɔ nhyiam no ase, na ɛno ma yenya hokwan de nya nnamfo wɔ saa nhyiam ahorow no ase. (Asomafo Nnwuma 2:42) Ɛhɔ na yehu ɔdɔ a ɛma “anuanom nyinaa” a wɔwɔ wiase yɛ biako no.—1 Petro 2:17.

      Ɛboa yɛn ma yenya nkɔso wɔ yɛn som mu. Israelfo no san nyaa Kyerɛwnsɛm no a wɔkyerɛkyerɛɛ mu ma ‘wɔtee nsɛm no ase’ no so mfaso. (Nehemia 8:8, 12) Yɛn nso yɛn ani sɔ Bible nkyerɛkyerɛ a yenya wɔ yɛn nhyiam ahorow ase no. Dwumadi no mu biara gyina Kyerɛwnsɛm no mu asɛmti bi so. Ɔkasa ahorow, ɔkasa a wɔakyekyɛm, ne nsɛm a wɔka na wɔyɛ ho ɔyɛkyerɛ ahorow a ɛka koma no ma yehu sɛnea yɛbɛyɛ Onyankopɔn apɛde wɔ yɛn asetenam. Sɛ yɛte osuahu ahorow a ɛfa wɔn a wɔregyina nsɛnnennen ano wɔ mmere a emu yɛ den yi mu sɛ Kristofo no a, ɛhyɛ yɛn den. Wɔ amantam nhyiam ase no, drama a wɔhyɛ tetefo ntade wom no ma yɛkae Bible mu nsɛm, na yenya asuade a mfaso wɔ so pii fi mu. Wɔ nhyiam biara ase no, wɔbɔ wɔn a wɔahyira wɔn ho so ama Onyankopɔn no asu.

      • Dɛn nti na nhyiam ahorow a yɛyɛ no yɛ anigye bere?

      • Sɛ wokɔ yɛn nhyiam no bi a, wobɛyɛ dɛn atumi anya so mfaso?

      SUA PII KA HO

      Sɛ wopɛ sɛ wuhu yɛn nuanom yiye a, yɛsrɛ wo sɛ kɔ yɛn nhyiam a edi hɔ no bi. Nea ɔne wo sua Bible no betumi de nhyiam no ho dwumadi nhyehyɛe ho krataa akyerɛ wo na ama woahu nsɛm a yesusuw ho no bi. Kyerɛw bere ne baabi a wɔbɛyɛ nhyiam a edi hɔ no wɔ wo kalenda so, na sɛ wubetumi a, woakɔ bi.

  • Ɔkwan Bɛn so na Wɔayɛ Ahenni no Ho Asɛm a Yɛka no Ho Nhyehyɛe?
    Henanom Na Wɔreyɛ Yehowa Apɛde Nnɛ?
    • Adesua 12

      Ɔkwan Bɛn so na Wɔayɛ Ahenni no Ho Asɛm a Yɛka no Ho Nhyehyɛe?

      Yehowa Adansefo a wɔreka asɛm no wɔ afie afie

      Spain

      Yehowa Dansefo bi a ɔreka asɛm no wɔ ahomegyebea bi

      Belarus

      Yehowa Dansefo bi a ɔredi adanse wɔ telefon so

      Hong Kong

      Yehowa Adansefo bi a wɔredi adanse wɔ baguam

      Peru

      Aka bere tiaa bi ma Yesu awu no, ɔkae sɛ: “Wɔbɛka ahenni ho asɛmpa yi wɔ asase so nyinaa de adi amanaman nyinaa adanse; ɛno ansa na awiei no bɛba.” (Mateo 24:14) Nanso, ɔkwan bɛn na na wɔbɛfa so ayɛ asɛnka adwuma yi wɔ wiase nyinaa? Ná wobedi nhwɛso a Yesu yɛe bere a na ɔwɔ asase so no akyi.—Luka 8:1.

      Yɛbɔ mmɔden sɛ yɛbɛkɔ nkurɔfo nkyɛn wɔ wɔn afie mu. Yesu tetee n’asuafo no ma wɔkaa asɛmpa no wɔ afie afie mu. (Mateo 10:11-13; Asomafo Nnwuma 5:42; 20:20) Wɔmaa asɛmpakafo a wɔtenaa ase wɔ asomafo no bere so no nsasesin pɔtee a na wɔka asɛm no wom. (Mateo 10:5, 6; 2 Korintofo 10:13) Ɛnnɛ nso, wɔayɛ yɛn asɛnka adwuma no ho nhyehyɛe yiye, na wɔama asafo biara asasesin a wɔyɛ mu adwuma. Eyi boa yɛn ma yedi ahyɛde a Yesu de mae sɛ ‘yɛnka asɛm no nkyerɛ nnipa na yenni adanse fefeefe’ no so.—Asomafo Nnwuma 10:42.

      Yɛbɔ mmɔden sɛ yɛbɛkɔ nkurɔfo nkyɛn wɔ baabiara a yebenya wɔn. Yesu san kaa asɛm no kyerɛɛ nkurɔfo wɔ mmeae bi te sɛ mpoano anaa asubura a nnipa pii taa kɔ ho de yɛɛ nhwɛso maa yɛn. (Marko 4:1; Yohane 4:5-15) Yɛn nso yɛne afoforo bɔ Bible mu nkɔmmɔ wɔ baabiara a yebetumi ayɛ saa—mmɔnten so, nnwumam, mmeae a nkurɔfo tena gye wɔn ahome, anaa wɔ telefon so. Sɛ yenya hokwan a ɛfata nso a, yedi nkurɔfo a yɛne wɔn te mpɔtam, wɔn a yɛne wɔn yɛ adwuma, wɔn a yɛne wɔn kɔ sukuu, ne yɛn abusuafo adanse. Eyi nyinaa ama nnipa ɔpepem pii a wɔwɔ wiase nyinaa ate “nkwagye ho asɛmpa” no.—Dwom 96:2.

      So wubetumi akae obi a wopɛ sɛ woka Onyankopɔn Ahenni no ho asɛmpa ne nea asɛmpa no bɛma wanya daakye no ho asɛm akyerɛ no? Ntena anidaso asɛm yi so. Ka ho asɛm kyerɛ no ntɛm ara!

      • “Asɛmpa” bɛn na ɛsɛ sɛ yɛka?

      • Dɛn na Yehowa Adansefo reyɛ de asuasua ɔkwan a Yesu faa so kaa asɛm no?

      SUA PII KA HO

      Ma nea ɔne wo sua Bible no nkyerɛ wo sɛnea wubetumi afa anifere kwan so aka nea woasua afi Bible mu no ho asɛm akyerɛ nnipa a wunim wɔn no mu biako.

  • Hena Ne Ɔkwampaefo?
    Henanom Na Wɔreyɛ Yehowa Apɛde Nnɛ?
    • Adesua 13

      Hena Ne Ɔkwampaefo?

      Bere nyinaa ɔsɛmpakafo a ɔreyɛ asɛnka adwuma no

      Canada

      Bere nyinaa asɛmpakafo a wɔreyɛ asɛnka adwuma no

      Afie afie

      Akwampaefo a wɔreyɛ Bible adesua

      Bible adesua

      Ɔkwampaefo a ɔresua Bible

      Yɛn ankasa adesua

      Wɔtaa frɛ obi a odi kan kɔ asase a obiara nkɔɔ so da na ɔbɔ kwan anaa ɔpae kwan ma afoforo fa so no “ɔkwampaefo.” Ná Yesu yɛ ɔkwampaefo a ɔte saa. Wɔsomaa no baa asase so sɛ ɔmmɛka nkwagye ho asɛm na ɔmmɔ kwan mma afoforo mfa so nnya nkwa. (Mateo 20:28) Ɛnnɛ, n’akyidifo resuasua no, na wɔde bere pii ‘reyɛ asuafo.’ (Mateo 28:19, 20) Wɔn mu bi atumi ayɛ nea yɛfrɛ no akwampae adwuma no.

      Ɔkwampaefo yɛ obi a ɔde ne bere nyinaa yɛ asɛmpaka adwuma. Yehowa Adansefo nyinaa yɛ asɛmpa no ho adawurubɔfo. Nanso, wɔn mu binom ayɛ wɔn nhyehyɛe yiye ma wɔsom sɛ daa akwampaefo. Wɔde nnɔnhwerew 70 yɛ asɛnka adwuma no ɔsram biara. Wɔn mu pii de wɔn bere fã yɛ honam fam adwuma na ama wɔatumi ayɛ eyi. Wɔpaw afoforo nso sɛ akwampaefo atitiriw ma wɔkɔyɛ asɛnka adwuma no wɔ mmeae bi a wohia Ahenni adawurubɔfo pii. Wɔde nnɔnhwerew 130 anaa nea ɛboro saa na ɛka asɛm no ɔsram biara. Akwampaefo no ani sɔ nneɛma kakra a wɔwɔ, na wɔwɔ ahotoso sɛ Yehowa bɛma wɔn nsa aka nneɛma a wohia wɔ wɔn asetena mu. (Mateo 6:31-33; 1 Timoteo 6:6-8) Wɔn a wontumi mfa wɔn bere nyinaa nyɛ akwampae adwuma no tumi yɛ akwampaefo aboafo bere biara a wobetumi, na wɔma wɔn asɛnka adwuma nya nkɔanim ma wɔde nnɔnhwerew 30 anaa 50 ka asɛm no ɔsram bi mu.

      Ɔdɔ a obi wɔ ma Onyankopɔn ne nnipa na ɛkanyan no ma ɔyɛ akwampae adwuma. Sɛnea Yesu hui wɔ ne bere so no, ɛnnɛ yɛn nso yehu sɛ nnipa pii nni Onyankopɔn ho nimdeɛ ma enti wɔn asɛm yɛ mmɔbɔ. (Marko 6:34) Nanso, yɛwɔ nimdeɛ a yebetumi de aboa wɔn seesei ma wɔanya daakye ho anidaso a edi mũ. Ɔdɔ a ɔkwampaefo wɔ ma ne yɔnko na ɛkanyan no ma oyi ne yam de ne bere ne n’ahoɔden boa afoforo ma wɔte asɛmpa no. (Mateo 22:39; 1 Tesalonikafo 2:8) Ɛno ma ɔkwampaefo no gyidi yɛ den, ɔbɛn Onyankopɔn kɛse, na onya anigye pii.—Asomafo Nnwuma 20:35.

      • Hena ne ɔkwampaefo?

      • Dɛn na ɛkanyan ebinom ma wɔde wɔn bere nyinaa yɛ akwampae adwuma?

  • Sukuu Bɛn na Wɔyɛ Ma Akwampaefo?
    Henanom Na Wɔreyɛ Yehowa Apɛde Nnɛ?
    • Adesua 14

      Sukuu Bɛn na Wɔyɛ Ma Akwampaefo?

      Bere nyinaa asɛmpakafo bi a wɔreka asɛm no

      United States

      Adesuafo bi a wɔwɔ Gilead Ɔwɛn Aban Bible Sukuu
      Adesuafo bi a wɔresua ade akɔyɛ asɛmpatrɛw adwuma

      Gilead Sukuu, Patterson, New York

      Awarefo bi a wɔyɛ asɛmpatrɛwfo reka asɛm no wɔ Panama

      Panama

      Wonim Yehowa Adansefo sɛ wɔyɛ nkurɔfo a wosua Onyankopɔn asɛm fi teteete. Wɔyɛ sukuu soronko ma wɔn a wɔde wɔn bere nyinaa yɛ Ahenni asɛnka adwuma no sɛnea ɛbɛyɛ a wobetumi ‘ayɛ wɔn som adwuma no pɛpɛɛpɛ.’—2 Timoteo 4:5.

      Akwampaefo Ɔsom Sukuu. Sɛ daa ɔkwampaefo bi yɛ bere nyinaa som adwuma no afe biako a, wɔma ɔkɔ sukuu a wɔyɛ no nnansia wɔ Ahenni Asa bi so no bi. Nea enti a wɔyɛ sukuu yi ne sɛ wɔde bɛboa ɔkwampaefo no ma wabɛn Yehowa yiye, na watu mpɔn kɛse wɔ asɛnka adwuma no afã horow nyinaa mu, na wakɔ so ayɛ ne som adwuma no.

      Ahenni Asɛmpakafo Sukuu. Wɔde asram abien na ɛkɔ sukuu yi, na wɔde tete akwampaefo a wɔn ho akokwaw a wɔwɔ ɔpɛ sɛ wobetu afi wɔn kurom akɔsom wɔ baabi a wohia mmoa. Sɛ wɔyɛ saa a, ɔkwan bi so no, na wɔreka sɛ, “Mini, soma me,” na wɔyɛ eyi de suasua Yesu Kristo, Ɔsɛmpakafo a ɔsen biara no. (Yesaia 6:8; Yohane 7:29) Ebia wɔn kurom a wobefi akɔtena akyirikyiri baabi no bɛma ɛho abehia sɛ wɔyɛ wɔn ho awiɛmfoɔ. Ebetumi aba sɛ baabi a wɔbɛkɔ no amammerɛ, wim tebea, ne nnuan a wodi no yɛ soronko koraa. Ebia ebehia sɛ wosua kasa foforo mpo. Sukuu yi boa mmarima ne mmea asigyafo ne awarefo a wɔadi mfe 23 kosi 65 ma wonya Kristofo su ahorow a wobehia ne nimdeɛ a ɛbɛma Yehowa ne n’ahyehyɛde no de wɔn adi dwuma kɛse.

      Ɔwɛn-Aban Gilead Bible Sukuu. Wɔ Hebri kasa mu no, “Gilead” kyerɛ “Adanse Abokuw.” Efi bere a wɔhyɛɛ Gilead sukuu no ase wɔ afe 1943 mu no, wɔasoma asɛmpatrɛwfo bɛboro 8,000 a wɔatete wɔn ma wɔadi adanse “akɔpem asase ano” ma asow aba pii. (Asomafo Nnwuma 13:47) Bere a wɔn a wɔawie sukuu yi bi kɔɔ Peru nea edi kan no, na asafo biako mpo nni ɔman no mu. Seesei asafo bɛboro 1,000 na ɛwɔ hɔ. Bere a edi kan a wɔde asɛmpatrɛwfo kɔɔ Japan no, na adansefo a wɔwɔ ɔman no mu no dodow nnu du. Seesei wɔn dodow boro 200,000. Wosua Onyankopɔn Asɛm no nso yiye wɔ asram anum a wɔde kɔ Gilead sukuu no mu. Wɔn a wɔsom sɛ akwampaefo atitiriw anaa asɛmpatrɛwfo, anaa wɔn a wɔsom wɔ baa dwumadibea anaa amansin so ahwɛfo no na wɔto nsa frɛ wɔn ma wɔkɔ sukuu yi bi kogye ntetee a ɛkɔ akyiri a ɛbɛboa wɔn ma wɔahyɛ asɛnka adwuma a yɛyɛ wɔ wiase nyinaa no mu den.

      • Dɛn nti na wɔyɛ Akwampaefo Ɔsom Sukuu no?

      • Wɔyɛ Ahenni Asɛmpakafo Sukuu no ma henanom?

Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
Fi Mu
Kɔ Mu
  • Twi
  • Fa Mena
  • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
  • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
  • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
  • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • JW.ORG
  • Kɔ Mu
Fa Mena