Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • hf ɔfã 4 afã 1-2
  • Sɛnea Mobɛhwɛ Mo Sikasɛm Yiye

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Sɛnea Mobɛhwɛ Mo Sikasɛm Yiye
  • W’abusua Betumi Anya Anigye
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • 1 MONYƐ NHYEHYƐE PA
  • 2 MONHWƐ NEA MOWƆ, NA MOMMFA NNEƐMA NNSIE MO HO
  • Sɛnea Wɔhwɛ Sika So
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2009
  • Wobu Sika Sɛn?
    Nyan!—2015
  • Sika
    Nyan!—2014
  • So Wotaa Gye Akyinnye Wɔ Sika Ho?
    Nyan!—1981
Hwɛ Pii Ka Ho
W’abusua Betumi Anya Anigye
hf ɔfã 4 afã 1-2
Awarefo bi ato wɔn bo ase resusuw wɔn sikasɛm ho

ƆFÃ 4

Sɛnea Mobɛhwɛ Mo Sikasɛm Yiye

“Agyinatu na ɛma tirimbɔ gyina.”​—Mmebusɛm 20:18

Sika yɛ ade a yentumi nkɔ nnya. Yehia sika na yɛatumi ahwɛ yɛn abusua. (Mmebusɛm 30:8) Bible mpo ka sɛ, “sika . . . bɔ onipa ho ban.” (Ɔsɛnkafo 7:12) Ɛtɔ da a, ɛyɛ den ma awarefo sɛ wɔbɛtena ase asusuw wɔn sikasɛm ho. Nanso mma sikasɛm mfa wantwiwantwi mma w’aware mu. (Efesofo 4:32) Awarefo de, sɛ ɛba sikasɛm a, ɛsɛ sɛ mugye mo ho di na moyɛ baako.

1 MONYƐ NHYEHYƐE PA

NEA BIBLE NO KA: “Mo mu hena na ɔpɛ sɛ osi aban na onni kan ntena ase nsēsē nhwɛ sɛ ɔwɔ nea ɛdɔɔso a ɔde bewie?” (Luka 14:28) Ɛho hia paa sɛ mobom yɛ mo sikasɛm ho nhyehyɛe. (Amos 3:3) Mopɛ sɛ motɔ biribi a, monhwɛ nea mo sika bɛso na munsi ho gyinae. (Mmebusɛm 31:16) Ɛnyɛ sɛ sika no wɔ hɔ araa nti, biribiara a na moretɔ. Ɛnsɛ sɛ mode ka hyɛ mo kɔn. Munnni mmmoro nea munya.​—Mmebusɛm 21:5; 22:7.

NEA WUBETUMI AYƐ:

  • Bosome so na muhu sɛ mo sika no bi aka a, mommom nsusuw ho nhwɛ nea mode bɛyɛ

  • Sɛ sika no anso a, monyɛ nhyehyɛe pɔtee a ɛbɛboa ma moatete nneɛma so. Sɛ́ anka mobɛkɔ akodidi abɔnten no, mubetumi anoa aduan wɔ fie adi

Awarefo bi resusuw nneɛma a ɛho hia sɛ wɔde wɔn sika yɛ ho

2 MONHWƐ NEA MOWƆ, NA MOMMFA NNEƐMA NNSIE MO HO

NEA BIBLE NO KA: “Di [biribiara] ho dwuma nokwaredi mu, ɛnyɛ Yehowa anim nko na mmom nnipa anim nso.” (2 Korintofo 8:21) Ma wo kunu anaa wo yere nhu sika a wunya ne nea wode yɛ no mu pefee.

Bere biara a wopɛ sɛ wode sika kɛse kɔyɛ biribi no, wo ne wo hokafo nsusuw ho ansa. (Mmebusɛm 13:10) Sɛ mususuw mo sikasɛm ho a, ɛbɛboa ma asomdwoe atena mo aware mu. Mmu sika a wunya no sɛ ɛyɛ wo nkutoo dea, na mmom bu no sɛ abusua no sika.​—1 Timoteo 5:8.

Awarefo bi redi gua, na wɔrehwɛ nneɛma a wɔakyerɛkyerɛw sɛ wɔbɛtotɔ no

NEA WUBETUMI AYƐ:

  • Munsusuw ho nhwɛ sika dodow a mopɛ sɛ mo mu biara de twitwa ne ho a ɛho renhia sɛ ɔbɔ ne yɔnko amanneɛ

  • Ntwɛn nkosi sɛ ɔhaw bi bɛsɔre ansa na moasusuw mo sikasɛm ho

NYA SIKA HO ADWEMPA

Ɛwom sɛ sika ho hia de, nanso mma sika nsɛe w’aware anaa ɛmfa wantwiwantwi mma mo ntam. (Mateo 6:25-34) Ɛnyɛ sika pii na ɛbɛma w’ani agye. Bible ka sɛ: “Monhwɛ yiye wɔ anibere biara ho.” (Luka 12:15) Biribiara nni hɔ a wubetumi de sika atɔ a ɛsom bo sen w’aware. Enti ma w’ani nsɔ nea wowɔ; ntoto wo ne Onyankopɔn adamfofa ase. Sɛ woyɛ saa a, w’abusua ani begye na wo nso wubenya Yehowa anim dom.​—Hebrifo 13:5.

BISA WO HO SƐ . . .

  • Dɛn na yebetumi ayɛ na ɛka ammene yɛn abusua no?

  • Bere bɛn na me ne me yere anaa me kunu tenaa ase susuw yɛn sikasɛm ho?

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena