Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • Yewu a Ɛhe na Yɛkɔ?
    Dɛn na Yebetumi Asua Afi Bible Mu?
    • TI NSIA

      Yewu A Ɛhe Na Yɛkɔ?

      1-3. Obi wu a, nsɛm bɛn na nkurɔfo taa bisa, na nkyerɛkyerɛmu bɛn na ɔsom ahorow de ma?

      BIBLE ka sɛ ebedu bere bi na “owu nni hɔ bio.” (Adiyisɛm 21:4) Yeduu Ti 5 no, yehui sɛ agyede no betumi ama yɛanya daa nkwa. Nanso wu ara na nnipa rewu. (Ɔsɛnkafo 9:5) Wei nti obi wu a yɛtaa bisa sɛ, ‘Yewu a ɛhe na yɛkɔ?’

      2 Sɛ yɛn ho nnipa bi wu a, ɛde adwennwene bɛto yɛn so ma yebisa sɛ: ‘Ɛhe na ɔkɔ? Ohu nea ɛrekɔ so? Obetumi aboa yɛn anaa? Yebehu no bio?’

      3 Ɔsom biara ne nea ɛka wɔ asɛm yi ho. Ebinom se woyɛ papa a, wobɛkɔ ɔsoro, na woyɛ bɔne a wobɛkɔ hell anaa Ɔbonsam gya mu. Ebi nso gye di sɛ obi wu a, ɔdan honhom kɔ nananom a wɔawu nkyɛn. Afoforo nso kyerɛ sɛ, sɛ obi wu na wobu no atɛn a, obetumi aba ama wɔawo no bio sɛ nipa foforo anaa aboa mpo.

      4. Yɛhwɛ nea ɔsom ahorow ka fa owu ho no a, adwene bɛn na ɛwɔ akyi?

      4 Wohwɛ a wobɛka sɛ ɛsono nea ɔsom biara ka wɔ owu ho. Nanso yɛreka paa a, asɛm a wɔreka nyinaa yɛ baako. Ɛne sɛ onipa wu a, biribi te ne mu a ɛno de enwu. Nanso yemmisa sɛ asɛm yi yɛ nokware?

      YEWU A ƐHE NA YƐKƆ?

      5, 6. Yewu a ɛhe na yɛkɔ?

      5 Yehowa deɛ, onim tebea a onipa wu a ɔkɔ mu. Ose onipa wu a na wawu; ɔnkɔ baabiara. Yɛka sɛ obi awu a, nea ɛkyerɛ ara ne sɛ onni nkwa mu bio. Enti owufo nte biribiara nka, na ɔnkae hwee na kampɛsɛ wakɔtena baabi.a Sɛ yewu a, yenhu ade, yɛnte asɛm, na yentumi nnwen bio.

      6 Ɔhene Solomon kyerɛwee sɛ: “Awufo de, wonnim biribiara.” Nea wawu ntumi nnɔ obi anaa ɔntan no, na “adwuma ne adwene ne nimdeɛ ne nyansa biara nni Adamoa mu.” (Kenkan Ɔsɛnkafo 9:5, 6, 10.) Afei nso, Dwom 146:4 ka sɛ obi wu a, “ne nsusuwii” nyinaa yera.

      NEA YESU KA FAA OWU HO

      Awarefo bi te turo bi mu rehwɛ nhwiren

      Yehowa bɔɔ yɛn sɛ yɛntena asase so daa

      7. Dɛn na Yesu ka faa owu ho?

      7 Bere a Yesu adamfo Lasaro wui no, Yesu ka kyerɛɛ n’asuafo no sɛ: “Yɛn adamfo Lasaro ada.” Ka a Yesu kae sɛ Lasaro ada no nkyerɛ sɛ ɔregye n’ahome kɛkɛ. Efisɛ ɔsan kae sɛ: “Lasaro awu.” (Yohane 11:11-14) Enti ɔde owu totoo nna ho. Bio Yesu anka sɛ Lasaro wɔ soro anaa ɔkɔ ne nananom a wɔawuwu nkyɛn. Wanka nso sɛ Lasaro rehu amane wɔ Ɔbonsam gya bi mu, anaa ɔreba ama yɛawo no bio sɛ onipa anaa aboa. Ɛte sɛ nea na Lasaro ada hatee. Bible no fã foforo nso de owu toto obi a wada hatee ho. Obi te sɛ Stefano sei, bere a wokum no no, Bible ka sɛ “ɔdae wɔ owu mu.” (Asomafo Nnwuma 7:60) Ɔsomafo Paulo nso kyerɛwee sɛ Kristofo bi “adeda wɔ owu mu.”—1 Korintofo 15:6.

      8. Dɛn na ɛma yehu sɛ na Onyankopɔn mpɛ sɛ yewu?

      8 Onyankopɔn bɔɔ Adam ne Hawa sɛ wɔntena ase nkosi bere bi na akyiri yi wonwu anaa? Dabi! Yehowa bɔɔ wɔn sɛ nnipa a wɔwɔ ahoɔden, na na wɔbɛtena ase daa ama wɔn ani agye. Afei Yehowa de daa nkwa hyɛɛ wɔn komam, enti nnipa mpɛ sɛ wowu. (Ɔsɛnkafo 3:11) Hena na ɔwo mma a, ɔpɛ sɛ ne mma no nyin bɔ nkwakoraa ne mmerewa na wowu? Ɔwofo biara nni hɔ a n’ani begye ho saa. Yehowa nso mpɛ sɛ biribi saa to yɛn. Sɛ Onyankopɔn pɛ sɛ yɛtena ase daa a, ɛnde adɛn nti na yewu?

      ADƐN NTI NA YEWU?

      9. Mmara a Yehowa de maa Adam ne Hawa no, adɛn nti na yebetumi aka sɛ na ɛmmoro wɔn so?

      9 Yehowa ka kyerɛɛ Adam wɔ Eden turom hɔ sɛ: “Turom ha nnua nyinaa, di bi. Na papa ne bɔne ho nimdeɛ dua no de, nni bi, efisɛ da a wubedi bi no, owu na wubewu.” (Genesis 2:9, 16, 17) Ná mmara no mu da hɔ na na ɛnyɛ den. Afei nso, Yehowa ne obi a ɛsɛ sɛ ɔkyerɛ Adam ne Hawa papa ne bɔne. Sɛ wodi Yehowa mmara so a, ɛbɛkyerɛ sɛ wobu no na wogye tom sɛ ɔno na ɔfata sɛ odi wɔn so. Bio nso ɛbɛkyerɛ sɛ wɔn ani sɔ nea Yehowa ayɛ ama wɔn nyinaa.

      10, 11. (a) Ɔkwan bɛn na Satan faa so nyaa Adam ne Hawa? (b) Adɛn nti na yebetumi aka sɛ nea Adam ne Hawa yɛe no yɛ anidaho bɔne?

      10 Nea ɛyɛ yaw ne sɛ, Adam ne Hawa antie Yehowa. Satan bisaa Hawa sɛ: “Ɛyɛ ampa sɛ Onyankopɔn kae sɛ munnni turo yi mu dua biara so aba?” Hawa yii ano sɛ: “Yetumi di turo yi mu nnua so aba. Na mmom dua a esi turo no mfinimfini no aba de, Onyankopɔn aka sɛ, ‘Munnni bi, na mommfa mo nsa nnka na moanwu.’”—Genesis 3:1-3.

      11 Satan nso ka kyerɛɛ Hawa sɛ: “Ɛnyɛ owu na mubewu. Na Onyankopɔn nim sɛ da a mubedi bi no mo ani bebue na moayɛ sɛ Onyankopɔn ahu papa ne bɔne.” (Genesis 3:4-6) Ná Satan pɛ sɛ Hawa nya adwene sɛ ɛnsɛ sɛ ɔtena hɔ ma obi kyerɛ no nea eye ne nea enye, na mmom ɔno ara betumi ayɛ nea ɔpɛ. Afei nso Satan dii atoro kyerɛɛ Hawa; wamma wanhu nea ebefi asoɔden no mu aba. Satan ka kyerɛɛ Hawa sɛ ɔrenwu, enti Hawa dii aduaba no bi, na akyiri yi ɔmaa ne kunu bi dii. Ná Adam ne Hawa nim paa sɛ Yehowa aka sɛ ɛnsɛ sɛ wodi aduaba no. Enti di a wodii no kyerɛ sɛ wɔboapa buu wɔn ani guu Yehowa mmara no so. Wei ma yehu sɛ na wommu wɔn soro Agya a ɔdɔ wɔn no. Nea wɔyɛe no yɛ anidaho bɔne.

      12. Adɛn nti na yebetumi aka sɛ Adam ne Hawa hyɛɛ Yehowa awerɛhow paa?

      12 Nea yɛn nana Adam ne Hawa yɛe no, na obu nnim koraa. Hwɛ sɛnea ɛbɛhyɛ Ɔbɔadeɛ no awerɛhow! Sɛ wo na woatete wo babarima ne wo babea kama na wɔtew atua kɔbɔ bra bɔne a, anka wobɛte nka sɛn? Anka ɛrenyɛ wo yaw anaa?

      Bere a wɔbɔɔ Adam

      Adam fi dɔte mu, na dɔte mu na ɔsan kɔe

      13. Bere a Yehowa ka kyerɛɛ Adam sɛ “dɔte mu na wobɛsan akɔ” no, na ɔrepɛ akyerɛ sɛn?

      13 Asoɔden a Adam ne Hawa yɛe nti, wɔhweree anidaso a wɔwɔ sɛ wɔbɛtena ase daa no. Yehowa ka kyerɛɛ Adam sɛ: “Woyɛ dɔte na dɔte mu na wobɛsan akɔ.” (Kenkan Genesis 3:19.) Wei kyerɛ sɛ Adam bɛsan ayɛ dɔte sɛnea onnya mmaa wiase no na ɔte no. (Genesis 2:7) Adam yɛɛ bɔne no, owui, wankɔ baabiara.

      14. Adɛn nti na yewu?

      14 Sɛ Adam ne Hawa tiee Onyankopɔn a, anka wɔda so te ase. Nanso wɔantie no; wɔyɛɛ bɔne na wowui. Bɔne ayɛ sɛ yare kɛse bi a yɛn nana Adam ne Hawa de asan yɛn. Wɔde bɔne awo yɛn nyinaa, enti na yewu. (Romafo 5:12) Nanso Onyankopɔn ammɔ nnipa sɛ wonwu; Bible frɛ owu mpo sɛ “ɔtamfo.”—1 Korintofo 15:26.

      NOKWARE NO MA YƐDE YƐN HO

      15. Sɛ yehu nokwasɛm a ɛfa owu ho a, ɛboa yɛn sɛn?

      15 Nokwasɛm a ɛfa owu ho no ma yɛde yɛn ho fi atosɛm ho. Bible kyerɛ yɛn sɛ awufo nte yaw na wonni awerɛhow. Yɛrentumi ne wɔn nkasa, na wɔn nso ntumi ne yɛn nkasa. Yɛrentumi mmoa awufo na wɔn nso ntumi mmoa yɛn. Wɔrentumi nyɛ yɛn bɔne, enti ɛnsɛ sɛ yesuro wɔn. Ne nyinaa akyi no, asɔre pii ka sɛ obi wu a, ɔkɔtena baabi, na yebetumi atua sika ama asɔfo anaa nyame nipa bi ama wabɔ mpae ama no. Nanso sɛ yenim nea Bible ka fa owu ho a, obiara ntumi mfa saa nsɛm no nnaadaa yɛn.

      16. Awufo ho atosɛm bɛn na asɔre pii kyerɛkyerɛ?

      16 Satan pɛ sɛ ɔde atoro som daadaa yɛn ma yenya adwene sɛ awufo da so te ase. Enti asɔre pii kyerɛkyerɛ sɛ yewu a, biribi te yɛn mu a efi kɔtena baabi foforo. Wo nso ɛ? Saa na w’asɔre kyerɛkyerɛ, anaa nea Bible aka na wɔkyerɛkyerɛ? Satan de atosɛm na ɛtwe nkurɔfo fi Yehowa ho.

      17. Adɛn nti na ɛyɛ asefem sɛ nkurɔfo bɛka sɛ Yehowa bɛhyew nnipa wɔ Ɔbonsam gya mu?

      17 Nyamesomfo pii wɔ hɔ a wɔn nkyerɛkyerɛ yɛ asefem. Ebinom ka sɛ wɔde abɔnefo begu Ɔbonsam gya mu ahyew wɔn daa. Saa asɛm no yɛ atosɛm a egu Yehowa anim ase. Ɔremma nnipa nhu amane saa da! (Kenkan 1 Yohane 4:8.) Wuhu sɛ obi de abofra bi nsa ahyɛ gya mu sɛ ɔde retwe n’aso a, wobɛte nka sɛn? Nea wobɛka ara ne sɛ ne tirim yɛ den, na w’ani rennye ho mpo sɛ wobɛbɛn no. Saa pɛpɛɛpɛ na Satan pɛ sɛ yehu Yehowa.

      18. Adɛn nti na ɛnsɛ sɛ yesuro awufo?

      18 Nyamesomfo bi ka sɛ onipa wu a, ɔdan honhom. Wɔkyerɛkyerɛ sɛ ɛsɛ sɛ yedi awufo ni na yesuro wɔn efisɛ wɔyɛ ahonhom; wobetumi abɛyɛ yɛn nnamfo paa anaa atamfo a wɔn ho yɛ hu. Nnipa pii gye atosɛm yi di. Ɛno nti wosuro awufo, na wɔsom wɔn sen sɛ wɔbɛsom Yehowa. Nanso kae hu sɛ obi wu a, na wawu; ɔnte hwee. Enti ɛnsɛ sɛ yesuro awufo. Yehowa na ɔbɔɔ yɛn. Afei nso ɔno ne nokware Nyankopɔn, na ɔno nko ara na ɛsɛ sɛ yɛsom no.—Adiyisɛm 4:11.

      19. Sɛ yehu nea Bible ka fa owu ho a, ɛboa yɛn sɛn?

      19 Nea Bible ka fa owu ho a yebehu no ma yɛde yɛn ho fi atoro nkyerɛkyerɛ ho. Afei nso Yehowa ahyɛ bɔ sɛ ɔbɛma yɛanya nkwa ne anigye daakye. Enti sɛ yehu nokwasɛm a ɛfa owu ho a, ɛma yɛte saa bɔhyɛ no ase.

      20. Dɛn na ti a edi hɔ no bɛka ho asɛm?

      20 Bere bi Onyankopɔn somfo Hiob bisae sɛ: “Sɛ ɔbarima wu a, ɔbɛtena ase bio?” (Hiob 14:14) Enti ɛyɛ ampa sɛ onipa wu a, obetumi atena ase bio? Nea Onyankopɔn aka wɔ Bible mu no ka koma paa. Ɛno na yɛbɛka ho asɛm wɔ ti a edi hɔ no mu.

      a Ebinom gye di sɛ obi wu a, ɔkra anaa honhom bi wɔ ne mu a enwu. Sɛ wopɛ wei ho nsɛm pii a, hwɛ Nsɛm Bi Mu Nkyerɛkyerɛmu 17 ne 18.

      NSƐNTITIRIW

      NOKWASƐM 1: ONIPA WU A NA WAWU; ƆNKƆ BAABIARA

      “Awufo de, wonnim biribiara.”​—Ɔsɛnkafo 9:5

      Yewu a ɛhe na yɛkɔ?

      • Dwom 146:3, 4; Ɔsɛnkafo 9:6, 10

        Sɛ yewu a, yenhu ade, yɛnte asɛm, na yentumi nnwen bio.

      • Yohane 11:11-14

        Yesu de owu totoo nna ho.

      NOKWASƐM 2: ƐNYƐ YEHOWA PƐ NE SƐ NNIPA BEWU

      “Papa ne bɔne ho nimdeɛ dua no de, nni bi, efisɛ da a wubedi bi no, owu na wubewu.”​—Genesis 2:17

      Adɛn nti na yewu?

      • Genesis 3:1-6

        Satan dii atoro kyerɛɛ Hawa; wamma wanhu nea ebefi asoɔden no mu aba. Adam ne Hawa antie Yehowa, enti wɔyɛɛ bɔne na wowui.

      • Genesis 3:19

        Adam wui no, na onni baabiara bio.

      • Romafo 5:12

        Bɔne ayɛ sɛ yare kɛse bi a yɛn nana Adam ne Hawa de asan yɛn. Wɔde bɔne awo yɛn nyinaa, enti na yewu.

      • 1 Korintofo 15:26

        Bible frɛ owu ɔtamfo.

      NOKWASƐM 3: NOKWASƐM A ƐFA OWU HO NO MA YƐDE YƐN HO

      “Sɛ ɔbarima wu a, ɔbɛtena ase bio? . . . Mɛtwɛn akosi sɛ me home bɛba.”​—Hiob 14:14

      Sɛ yehu nokwasɛm a ɛfa owu ho a, atosɛm bɛn na yɛde yɛn ho fi ho?

      • 1 Yohane 4:8

        Ebinom ka sɛ wɔde abɔnefo begu Ɔbonsam gya mu ahyew wɔn daa. Saa nkyerɛkyerɛ no gu Yehowa anim ase. Ɔremma nnipa nhu amane saa da.

      • Adiyisɛm 4:11

        Nnipa pii suro awufo, na wɔsom wɔn sen sɛ wɔbɛsom Yehowa. Afei nso, ɔno ne nokware Nyankopɔn, na ɔno nko ara na ɛsɛ sɛ yɛsom no.

  • Awufo Bɛsɔre!
    Dɛn na Yebetumi Asua Afi Bible Mu?
    • TI NSON

      Awufo Bɛsɔre!

      1-3. Dɛn na ɛde yɛn nyinaa ayɛ nkoa, na dɛn na Yehowa bɛyɛ de agye yɛn?

      FA NO sɛ obi atwa asɛm ato wo so ama wɔabu wo atɛn de wo ato afiase wo nkwa nna nyinaa. Biribiara nni hɔ a ɛkyerɛ sɛ wubenya wo ti adidi mu. Wunni anidaso biara. Woto w’ani hwɛ w’anim ne w’akyi a, ogyefo biara nni hɔ. Emu hɔ ara na wotee sɛ obi a ɔwɔ tumi aka sɛ ɔbɛhwɛ ama wɔayi wo! Anka wobɛte nka sɛn?

      2 Owu de yɛn nyinaa ayɛ nkoa. Baabiara nni hɔ a yɛbɛfa aguan. Nanso Yehowa wɔ tumi a ɔde begye yɛn afi owu nsam. Waka mpo sɛ: “Ɔtamfo a otwa to a obetu no agu ne owu.”—1 Korintofo 15:26.

      3 Wo deɛ hwɛ sɛ da koro wobɛda asɔre na owu nni hɔ bio, anka wobɛte nka sɛn? Nanso ɛnyɛ owu nko na Yehowa beyi afi hɔ. Wɔn a wɔawuwu nso, ɔbɛsan de wɔn aba nkwa mu. Wo deɛ susuw ho hwɛ o, Yehowa ahyɛ bɔ sɛ “awufo” a wɔadan dɔte no mpo, ɔbɛma wɔatena ase bio. (Yesaia 26:19) Wei na Bible frɛ no owusɔre no.

      BERE A WO HO NIPA BI AWU

      4. (a) Sɛ yɛn busuani anaa yɛn adamfo wu a, ɛhe na yebetumi anya awerɛkyekye? (b) Nnipa mmiɛnsa bɛn na na wɔyɛ Yesu nnamfo paa?

      4 Sɛ yɛn busuani anaa yɛn adamfo paa wu a, yesu di yaw na ɛtɔ da a, yegye yɛn ho a ennye. Ɛba saa a, na yɛn ani atu aka yɛn nsam; yɛtwe yɛn mu sɛ dɛn mpo a, yɛrentumi nyɛ ho hwee. Nanso Bible kyekye yɛn werɛ. (Kenkan 2 Korintofo 1:3, 4.) Asɛm bi a esii ma yehu sɛ Yehowa ne Yesu nyinaa pɛ sɛ wonyan yɛn adɔfo a wɔawuwu no; ɛyɛ biribi a ɛda wɔn koma so paa. Bere a Yesu wɔ asase so no, na ɔtaa kɔsra Lasaro ne ne nuanom; Marta ne Maria. Ná wɔn mmiɛnsa nyinaa yɛ Yesu nnamfo. Bible ka sɛ: “Na Yesu dɔ Marta ne ne nuabea ne Lasaro.” Mpofirim na Lasaro wui.—Yohane 11:3-5.

      5, 6. (a) Bere a Yesu hui sɛ Lasaro abusuafo ne ne nnamfo resu no, dɛn na ɔyɛe? (b) Yɛhwɛ sɛnea na Yesu te nka wɔ owu ho no a, awerɛkyekye bɛn na yenya?

      5 Yesu kɔe sɛ ɔrekɔkyekye Marta ne Maria werɛ. Bere a Marta tee sɛ Yesu reba no, okohyiaa no kurotia. Ná ɛyɛ no dɛ sɛ wahu Yesu, nanso ɔka kyerɛɛ Yesu sɛ: “Awurade, sɛ wowɔ ha a, anka me nua no anwu.” Marta deɛ, na ɛyɛ no sɛ baabi a adu no Yesu ntumi nyɛ ho hwee. Yesu hui sɛ Marta nuabaa Maria resu, na ne werɛ howee ara ma ɔno nso sui. (Yohane 11:21, 33, 35) Ɔdɔfo wu yɛ yaw, ɛno nti na Yesu werɛ howee no.

      6 Yɛhwɛ sɛnea Lasaro wu no maa Yesu dii awerɛhow no a, ɛma awerɛkyekye paa. Ɛkyerɛ yɛn sɛ Yesu te nka te sɛ yɛn ara. Yenim nso sɛ Yesu te sɛ n’Agya. (Yohane 14:9) Yehowa wɔ tumi a ɔde beyi owu afi hɔ koraa, na obeyi afi hɔ nnansa yi ara.

      “LASARO, FI BRA!”

      7, 8. Adɛn nti na na Marta mpɛ sɛ woyi ɔbo no fi Lasaro da no ano? Dɛn na Yesu yɛe?

      7 Na wɔasie Lasaro wɔ ɔbodan bi mu, na bere a Yesu koduu hɔ no, na ɔbo tweri ano. Yesu kae sɛ: “Munyi ɔbo no.” Ná Marta mpɛ sɛ woyi, efisɛ na Lasaro amu no adi nnanan. (Yohane 11:39) Marta deɛ na onnim nea Yesu rebɛyɛ ama ne nua no.

      Yesu nyanee Lasaro ma n’abusuafo ne ne nnamfo ani gyei

      Bere a Lasaro sɔre fii awufo mu no, anigye a n’abusuafo ne ne nnamfo nyae deɛ, ɛnyɛ asɛm ketewa!​—Yohane 11:38-44

      8 Yesu teɛɛm frɛɛ Lasaro sɛ: “Lasaro, fi bra!” Marta ne Maria huu biribi a wonhuu bi da. “Ɔbarima a wawu no pue bae a wɔde ntama akyekyere ne nan ne ne nsa.” (Yohane 11:43, 44) Lasaro na wanyan yi! Afei de wabɛka n’abusuafo ne ne nnamfo ho bio. Ná wotumi so ne mu bam no, na wotumi ne no kasa. Anwonwasɛm! Yesu anyan Lasaro.

      “ABEAWA, MISE WO SƐ, SƆRE!”

      9, 10. (a) Tumi a Yesu de nyanee nkurɔfo no, onya fii he? (b) Adɛn nti na owusɔre ahorow a Bible aka ho asɛm no ho hia yɛn?

      9 Yesu de n’ankasa tumi na enyanee awufo anaa? Dabi. Ansa na ɔrenyan Lasaro no, ɔbɔɔ Yehowa mpae srɛɛ no sɛ ɔmma no tumi. (Kenkan Yohane 11:41, 42.) Ɛnyɛ Lasaro nko ara na Yesu nyanee no. Bible ka abeawa bi a wadi mfe 12 a na ɔyare paa ho asɛm. Ne papa de Yairo, na na wayɛ hahaaha; ɔsrɛɛ Yesu sɛ ɔnsa ne ba no yare. Ná odi no bakoro. Bere a ɔne Yesu rekasa no, mmarima bi bɛbɔɔ no amanneɛ sɛ: “Wo babea no awu! Dɛn nti na woda so rehaw ɔkyerɛkyerɛfo no?” Nanso Yesu ka kyerɛɛ Yairo sɛ: “Nsuro, wo de, nya gyidi na obenya nkwa.” Afei ɔne Yairo kɔɔ ne fi. Aka kakra ma wɔadu fie hɔ no, Yesu hui sɛ nkurɔfo resu. Yesu ka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Munnyae su, onwui na mmom wada.” Ɛbɛyɛ sɛ na abeawa no maame ne ne papa nhu nea Yesu repɛ akyerɛ. Yesu pamoo nnipa no nyinaa fii hɔ na ɔfaa abofra no maame ne ne papa kɔɔ baabi a abofra no da no. Yesu soo abofra no nsa ka kyerɛɛ no sɛ: “Abeawa, sɔre!” Bere a awofo no hui sɛ wɔn ba no asɔre renantew no, anigye a wonyae deɛ ɛnyɛ asɛm ketewa! Yesu anyan wɔn babea no. (Marko 5:22-24, 35-42; Luka 8:49-56) Efi saa da no, bere biara a wobehu wɔn ba no, wɔbɛkae nea Yehowa nam Yesu so ayɛ ama wɔn no.a

      10 Wɔn a Yesu nyanee wɔn no, akyiri yi wɔsan wui. Nanso yɛkenkan wɔn ho asɛm a, ɛma yenya anidaso. Ɛma yehu sɛ Yehowa pɛ sɛ onyan awufo, na ɔbɛyɛ nso.

      NEA YESUA FI OWUSƆRE A BIBLE AKA HO ASƐM NO MU

      Petro nyanee Dorka ma nkurɔfo hui

      Ɔsomafo Petro nyanee Kristoni bea bi a wɔfrɛ no Dorka.​—Asomafo Nnwuma 9:36-42

      Okunafo bi ayɛ ne ba a Elia anyan no no atuu

      Elia nyanee okunafo bi babarima.​—1 Ahemfo 17:17-24

      11. Sɛnea Ɔsɛnkafo 9:5 kyerɛ no, Lasaro wui no na tebea bɛn mu na ɔwɔ?

      11 Bible ma yehu pefee sɛ “awufo de, wonnim biribiara.” Lasaro wui no, na onnim nea ɛrekɔ so. (Ɔsɛnkafo 9:5) Sɛnea Yesu kae no, na Lasaro ayɛ sɛ obi a wada. (Yohane 11:11) Bere a Lasaro wɔ adamoa mu no, na ‘onnim biribiara.’

      12. Yɛyɛ dɛn hu sɛ Lasaro wusɔre no yɛ asɛm paa a esii?

      12 Bere a Yesu nyanee Lasaro no, nkurɔfo pii hui. Yesu atamfo huu nea ɛkɔɔ so no maa wɔn ho dwiriw wɔn. Ná Lasaro te ase, enti obiara hui sɛ wanyan no ampa. (Yohane 11:47) Nnipa pii kɔsraa Lasaro, na ɛma wogye dii sɛ Onyankopɔn na ɔsomaa Yesu. Anyɛ Yesu atamfo dɛ, enti na wɔpɛ sɛ wokum Yesu ne Lasaro.—Yohane 11:53; 12:9-11.

      13. Dɛn na ɛma yegye di sɛ Yehowa benyan awufo?

      13 Yesu kae sɛ “wɔn a wɔwɔ nkae ada mu nyinaa” bɛsɔre. (Yohane 5:28) Nea asɛm yi kyerɛ ne sɛ obiara a Yehowa pɛ sɛ onyan no no, ɔbɛkae no de no aba nkwa mu bio. Nanso sɛ Yehowa betumi anyan obi a, ɛsɛ sɛ otumi kae ne ho nsɛm nyinaa. Enti obetumi akae? Nsoromma ɔpepem huhaa na ɛwɔ soro. Bible ka sɛ Yehowa nim ebiara din. (Kenkan Yesaia 40:26.) Sɛ Yehowa tumi kae nsoromma no nyinaa din a, ɛnde ɛnyɛ den koraa sɛ wɔn a obenyan wɔn nyinaa, ɔbɛkae wɔn ho biribiara. Sɛ yɛde wei nyinaa to nkyɛn a, Yehowa na ɔbɔɔ biribiara, enti ɔwɔ tumi a ɔde benyan nnipa aba nkwa mu.

      14, 15. Dɛn na asɛm a Hiob kae no ma yehu wɔ owusɔre ho?

      14 Ná ɔtreneeni Hiob nso gye di sɛ awufo bɛsɔre. Obisae sɛ: “Sɛ ɔbarima wu a, ɔbɛtena ase bio?” Afei ɔka kyerɛɛ Yehowa sɛ: “Wobɛfrɛ, na me nso megye wo so. Efisɛ w’ani begyina wo nsa ano adwuma.” Ná Hiob nim paa sɛ Yehowa yam a anka bere aso ama wanyan awufo.—Hiob 14:13-15.

      15 Nea woasua afa owusɔre ho no ka wo sɛn? Ebia worebisa wo ho sɛ, ‘Na m’abusuafo ne me nnamfo a wɔawuwu no nso ɛ? Yehowa benyan wɔn anaa?’ Yɛabehu sɛ Yehowa pɛ sɛ onyan awufo, na ɛno nko ara mpo ma yɛn akomatɔyam. Afei wɔn a wobenya owusɔre no, ma yɛnhwɛ nea Bible ka fa wɔn ho ne baabi a wɔbɛtena.

      WƆBƐTE “NE NNE NA WƆAFI ADI”

      16. Wɔn a wobenyan aba asase so no, wɔn asetena bɛyɛ sɛn?

      16 Tete no, wɔn a wonyanee wɔn no, asase yi ara so na wɔsan ne wɔn abusuafo ne wɔn nnamfonom bɛtenae. Saa ara na owusɔre a ɛreba no nso bɛyɛ. Nanso ɛno de, ɛbɛyɛ papa asen tete deɛ no. Adɛn ntia? Efisɛ wɔn a wobenyan wɔn no bɛtena asase so afebɔɔ; wɔrenwu bio. Sɛ wɔsan ba a, asetena a wobenya deɛ, ɛnyɛ ebi koraa na yɛte ho yi. Ɛhɔ deɛ, akokoakoko oo, nsɛmmɔnedi oo, yare oo, ebi nni hɔ.

      17. Henanom na wobenya owusɔre?

      17 Henanom na wobenya owusɔre? Yesu kae sɛ, “wɔn a wɔwɔ nkae ada mu nyinaa bɛte ne nne na wɔafi adi.” (Yohane 5:28, 29) Afei Adiyisɛm 20:13 ka sɛ: “Ɛpo yii emu awufo mae, na owu ne Adamoa yii emu awufo mae.” Enti nnipa mpempem pii benya owusɔre. Ɔsomafo Paulo nso kae sɛ: “Wɔn a wɔteɛ ne wɔn a wɔnteɛ” bɛsɔre afi awufo mu. (Kenkan Asomafo Nnwuma 24:15.) Dɛn na asɛm yi kyerɛ?

      Sɛ wonyan awufo a, wɔne wɔn adɔfo bɛbom atena Paradise

      Awufo bɛsɔre na wɔasan ne wɔn adɔfo abom atena Paradise

      18. Henanom ne “wɔn a wɔteɛ” a wobenya owusɔre no?

      18 “Wɔn a wɔteɛ” no bi ne Yehowa asomfo anokwafo a wɔtenaa ase ansa na Yesu reba asase so no. Wɔn mu bi ne Noa, Abraham, Sara, Mose, Rut ne Ester, na wobenya owusɔre abɛtena asase yi so. Saa mmarima ne mmea anokwafo yi, wubetumi akenkan wɔn mu bi ho asɛm wɔ Hebrifo ti 11. Ɛnde, Yehowa asomfo anokwafo a nnɛ wɔrewuwu no nso ɛ? Wɔka “wɔn a wɔteɛ” no ho, na wobenya owusɔre.

      19. Henanom ne “wɔn a wɔnteɛ” no? Hokwan bɛn na Yehowa de bɛma wɔn?

      19 Bible ka “wɔn a wɔnteɛ” a wobenya owusɔre a, egyina hɔ ma nnipa mpempem pii a wɔanhu Yehowa na wowuwui. Ɛwom sɛ wɔawuwu deɛ, nanso Yehowa kae wɔn. Yehowa benyan wɔn na wɔanya kwan asua ne ho ade asom no.

      20. Ɛnyɛ obiara na obenya owusɔre, adɛn ntia?

      20 Enti wɔn a wɔawuwu no, wɔn nyinaa na wobenya owusɔre? Dabi. Yesu kaa sɛ nnipa bi rennya owusɔre. (Luka 12:5) Hena na ɔbɛkyerɛ sɛ obi benya owusɔre anaa onnya? Yehowa ne Ɔtemmufo no, enti sɛ obi benyan oo, ɔrennyan oo, ne nsam na ɛwɔ. Nanso wama Yesu tumi sɛ ɔnyɛ “ateasefo ne awufo temmufo.” (Asomafo Nnwuma 10:42) Sɛ obi ansesa na sɛ Yehowa anaa Yesu bu no atɛn sɛ ɔbɔnefo a, ɔrennya owusɔre.—Hwɛ Nsɛm Bi Mu Nkyerɛkyerɛmu 19.

      WOBENYAN EBINOM AKƆ SORO

      21, 22. (a) Wɔn a wɔbɛkɔ soro no, nipadua bɛn na wɔde bɛkɔ? (b) Hena na Yehowa dii kan nyanee no kɔɔ soro?

      21 Bible san ka sɛ nnipa bi bɛkɔ soro. Wɔn a wɔbɛkɔ soro no, sɛ wonyan wɔn a, wɔrennya honam nipadua. Mmom wobenya honhom nipadua.

      22 Yesu na odii kan nyaa saa owusɔre no. (Yohane 3:13) Bere a Yesu wui no, ne nnansa so na Yehowa nyanee no. (Dwom 16:10; Asomafo Nnwuma 13:34, 35) Ɛnyɛ honam nipadua na Yesu de nyanee. Ɔsomafo Petro kyerɛkyerɛɛ mu sɛ “wokum no honam mu nanso wɔma ɔtenaa ase honhom mu.” (1 Petro 3:18) Onyankopɔn nyanee Yesu sɛ honhom a ɔwɔ tumi! (1 Korintofo 15:3-6) Bible ka sɛ ebinom nso benya saa owusɔre no bi.

      23, 24. Henanom ne “nguankuw ketewa” a Yesu kaa wɔn ho asɛm no? Wɔn dodow yɛ sɛn?

      23 Ansa na Yesu rewu no, ɔka kyerɛɛ n’asuafo anokwafo no sɛ: “Merekɔ akosiesie baabi ama mo.” (Yohane 14:2) Wei kyerɛ sɛ n’akyidifo bi benya owusɔre akɔka ne ho wɔ soro. Wɔn dodow yɛ sɛn? Yesu kaa sɛ wɔnnɔɔso; ɔfrɛɛ wɔn “nguankuw ketewa.” (Luka 12:32) Ɔsomafo Yohane kyerɛɛ wɔn dodow. Ohuu Yesu sɛ ogyina “Sion Bepɔw so [ɔsoro], na mpem ɔha aduanan nnan” ka ne ho.—Adiyisɛm 14:1.

      24 Bere bɛn na Kristofo a wɔn dodow si 144,000 no benya owusɔre? Bible ma yehu sɛ, sɛ Kristo bɛyɛ ɔhene wɔ soro a, saa bere no na wɔn wusɔre no befi ase. (1 Korintofo 15:23) Yɛrekasa yi, Kristo afi ase redi hene, na nnipa 144,000 no, wɔn mu dodow no ara anyan afi owu mu kɔ soro. Wɔn a wɔda so te nkwa mu seesei wɔ asase so no, wowui ara na wɔanyan wɔn kɔ soro. Nanso daakye nnipa dodow no ara benyan afi awufo mu abɛtena Paradise asase so.

      25. Dɛn na yebesua wɔ ti a edi hɔ no mu?

      25 Ɛrenkyɛ koraa Yehowa beyi owu afi hɔ, na obiara renwu bio! (Kenkan Yesaia 25:8.) Ɛnde, wɔn a wɔrekɔ soro no, dɛn na wɔrekɔyɛ wɔ hɔ? Bible ma yehu sɛ wɔne Yesu bɛyɛ ahemfo na wɔadi Ahenni bi so. Saa ahenni no, yebesua ho ade akɔ akyiri yi wɔ ti a edi hɔ no mu.

      a Bible ka owusɔre afoforo ho asɛm. Wɔn a wonyanee no, na ebi yɛ mmofra, mpanyimfo, mmea ne mmarima, Israelfo ne wɔn a wɔnyɛ Israelfo. Wubetumi akenkan ho asɛm wɔ 1 Ahene 17:17-24; 2 Ahene 4:32-37; 13:20, 21; Mateo 28:5-7; Luka 7:11-17; 8:40-56; Asomafo Nnwuma 9:36-42; 20:7-12.

      NSƐNTITIRIW

      NOKWASƐM 1: YEHOWA BEYI OWU AFI HƆ

      “Ɔtamfo a otwa to a obetu no agu ne owu.”​—1 Korintofo 15:26

      Yɛn ho nipa bi wu a, awerɛkyekyesɛm bɛn na yenya fi Bible mu?

      • 2 Korintofo 1:3, 4

        Sɛ yɛn busuani anaa yɛn adamfo a yɛpɛ n’asɛm paa wu a, yesu di yaw ara ma yegye yɛn ho a ennye. Nanso Bible ma yenya awerɛkyekye.

      • Yesaia 25:8; 26:19

        Yehowa wɔ tumi a ɔde beyi owu afi hɔ koraa. Wɔn a wɔawuwu mpo, obenyan wɔn aba nkwa mu.

      NOKWASƐM 2: YEBETUMI ANYA OWUSƆRE NO MU GYIDI

      “Abeawa, mise wo sɛ, sɔre!”​—Marko 5:41

      Dɛn na ɛma yegye di sɛ awufo bɛsɔre?

      • Yohane 11:1-44

        Yesu nyanee Lasaro.

      • Marko 5:22-24, 35-42

        Yesu nyanee abeawa bi.

      • Yohane 11:41, 42

        Yehowa na ɔmaa Yesu tumi a ɔde nyanee awufo.

      • Yohane 12:9-11

        Nnipa pii de wɔn ani hui sɛ Yesu renyan awufo. N’atamfo mpo hui sɛ otumi nyan awufo.

      NOKWASƐM 3: YEHOWA BENYAN AWUFO MPEMPEM PII

      “Wobɛfrɛ, na me nso megye wo so. Efisɛ w’ani begyina wo nsa ano adwuma.”​—Hiob 14:13-15

      Henanom na wobenya owusɔre?

      • Yohane 5:28, 29

        Obiara a Yehowa pɛ sɛ onyan no no, ɔbɛkae no de no aba nkwa mu.

      • Asomafo Nnwuma 24:15

        Wɔn a wɔteɛ ne wɔn a wɔnteɛ bɛsɔre afi awufo mu.

      • Yesaia 40:26

        Sɛ Yehowa tumi kae nsoromma nyinaa din a, ɛnde ɛnyɛ den koraa sɛ wɔn a obenyan wɔn nyinaa, ɔbɛkae wɔn ho biribiara.

      NOKWASƐM 4: EBINOM WƆ HƆ A WOBENYAN WƆN AKƆ SORO

      “Merekɔ akosiesie baabi ama mo.”​—Yohane 14:2

      Henanom na wobenyan wɔn akɔ soro?

      • 1 Petro 3:18

        Yesu na Yehowa dii kan nyanee no kɔɔ soro.

      • Luka 12:32

        Yesu kae sɛ n’akyidifo kakraa bi pɛ na wobenya owusɔre akɔ soro.

      • Adiyisɛm 14:1

        Yehowa ayi nnipa 144,000 sɛ wɔnkɔ soro.

Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
Fi Mu
Kɔ Mu
  • Twi
  • Fa Mena
  • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
  • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
  • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
  • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • JW.ORG
  • Kɔ Mu
Fa Mena