Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • “Baabiara a Asubɔnten No Bɛkɔ No, Biribiara a Ɛwɔ Hɔ Benya Nkwa”
    Nokware Som—Yehowa Ama So Bio!
    • Hesekiel nam asubɔnten bi mu, na ɔbarima bi a ne ho te sɛ kɔbere gyina asubɔnten no ho rehwɛ no.

      TI 19

      “Baabiara a Asubɔnten No Bɛkɔ No, Biribiara a Ɛwɔ Hɔ Benya Nkwa”

      HESEKIEL 47:9

      NEA ƐWOM: Anisoadehu a ɛfa asubɔnten a ɛresen fi asɔrefi hɔ ho no, sɛnea enyaa mmamu tete mmere mu, sɛnea ɛrenya mmamu nnɛ, ne sɛnea ebenya mmamu daakye

      1, 2. Sɛnea Hesekiel 47:1-12 ka no, dɛn na Hesekiel hui, na dɛn na ɔbɔfo no ka kyerɛɛ no? (Hwɛ mfoni a ɛwɔ ti yi mfiase no.)

      ASƆREFI ho anisoadehu a Hesekiel nyae no, ɔsan huu ade foforo bi a ɛyɛ nwonwa wom: Ohui sɛ na nsu bi resen fi asɔrefi hɔ! Ná nsu no ani tew paa, na wo de, hwɛ sɛ ɔde n’ani di akyi rehwɛ baabi a ɛretene kɔ no. (Kenkan Hesekiel 47:1-12.) Ná nsu no resen fi kronkronbea no kwan ano; afei nsu no pue fii asɔrefi no mu. Baabi a nsu no pue fii no, na ɛbɛn ɔpon a ɛwɔ apuei fam no. Ɔbɔfo a na odi Hesekiel anim no de no fii asɔrefi hɔ, na wɔrekɔ nyinaa, na ɔbɔfo no resusuw kwan a wɔretwa no. Bere a wɔrekɔ no, ɛwom ara a na ɔbɔfo no aka akyerɛ Hesekiel sɛ onsi nsu no mu. Odiyifo no hui sɛ bere a nsu no retene kɔ no, na dɔ ara na emu redɔ. Ankyɛ koraa na nsu no yiri bɛyɛɛ asubɔnten a emu dɔ paa, enti na Hesekiel rentumi nnantew mfa mu ntwa, gye sɛ ɔboro!

      2 Ɔbɔfo no ka kyerɛɛ Hesekiel sɛ asubɔnten no bɛtene akɔbɔ Ɛpo a Awu no mu. Ɛpo a Awu no, emu nsu yɛ nkyenenkyene, na nneɛma a nkwa wom ntumi ntena mu. Nanso bere a asubɔnten no kɔbɔɔ mu no, baabiara a nsu no kɔe no, ɛsaa po no mu nsu yare. Wei maa mpataa pii baa po no mu. Afei, Hesekiel hui sɛ nnua ahorow pii sisi asubɔnten no ho. Saa nnua no, bosome biara ɛsow aba foforo a ahoɔden wom, na ne nhaban no, wɔde sa yare. Nneɛma a Hesekiel hui yi nyinaa, yebetumi aka sɛ ɛmaa ne koma tɔɔ ne yam, na ɛma onyaa anidaso. Nanso yemmisa sɛ, asɔrefi ho anisoadehu no fã yi, na ɛfa Hesekiel ne ne mfɛfo a na ɔne wɔn wɔ Babilon no ho sɛn? Na yɛn a yɛwɔ hɔ nnɛ nso, ɛfa yɛn ho sɛn?

      Sɛn Na Na Asubɔnten a Ɛwɔ Hesekiel Anisoadehu Mu No Fa Yehowa Nkurɔfo No Ho?

      3. Adɛn nti na na tete Yudafo no nim paa sɛ asubɔnten a Hesekiel hui wɔ anisoadehu mu no nyɛ asubɔnten a ɛwɔ hɔ ankasa?

      3 Ná tete Yudafo no nim paa sɛ asubɔnten a Hesekiel hui wɔ anisoadehu mu no, ɛnyɛ asubɔnten a ɛwɔ hɔ ankasa. Mmom, ɛbɛyɛ sɛ Bible mu asɛm yi ma wɔkaee nkɔmhyɛ foforo a na ɛno nso fa nokware som a wɔbɛma so bio no ho. Saa nkɔmhyɛ no, ɛbɛyɛ sɛ bɛboro mfe ahanu a na atwam no na odiyifo Yoel kyerɛwee. (Kenkan Yoel 3:18.) Bere a Yudafo a na wɔwɔ Babilon no kenkan asɛm a honhom kaa odiyifo Yoel ma ɔkyerɛwee no, wɔanhwɛ kwan sɛ “nsã dɔkɔdɔkɔ bɛsosɔ” afi mmepɔw so anaa “nufusu bɛsen” afi nkoko so ankasa; saa ara nso na wɔanhwɛ kwan sɛ nsu ankasa “bepue afi Yehowa fi.” Asubɔnten a odiyifo Hesekiel hui wɔ anisoadehu mu no nso, ɛbɛyɛ sɛ Yudafo no annya adwene sɛ ɛyɛ asubɔnten ankasa.a Ɛnde, asɛm bɛn na na Yehowa reka? Yɛhwɛ Bible mu a, nsɛm bi wom a ɛboa yɛn paa ma yɛte nneɛma bi a ɛwɔ anisoadehu no mu ase. Nanso, nea yɛde yɛn adwene besi so ne nneɛma mmiɛnsa bi a ɛwɔ anisoadehu no mu a ɛma yenya awerɛhyem sɛ Yehowa dɔ yɛn.

      Asubɔnten bi.

      NKYERƐKYERƐMU A ƐWƆ ADAKA 19A MU: Nsubɔnten a Efi Yehowa Hɔ a Ɛde Nhyira Nam

      4. (a) Asubɔnten a Hesekiel hui wɔ anisoadehu mu no, na ɛbɛma Yudafo no ahwɛ kwan sɛ wobenya nhyira afi Yehowa hɔ. Ɛyɛ nhyira bɛn? (b) Yɛhwɛ sɛnea Bible de nsɛmfua “asubɔnten” ne “nsu” di dwuma a, sɛn na ɛma yenya awerɛhyem sɛ Yehowa behyira ne nkurɔfo? (Hwɛ adaka a wɔato din “Nsubɔnten a Efi Yehowa Hɔ a Ɛde Nhyira Nam.”)

      4 Asubɔnten a ɛde nhyira nam. Bible taa de nsubɔnten ne nsu gyina hɔ ma nhyira a efi Yehowa hɔ. Hesekiel hui sɛ asubɔnten bi a ɛte saa resen fi asɔrefi hɔ. Enti yebetumi aka sɛ, anisoadehu no maa Onyankopɔn nkurɔfo no hui sɛ, sɛ wɔkɔ so som Yehowa nokwarem a wobenya ne nhyira. Nhyira bɛn na yɛreka ho asɛm yi? Ɛne sɛ, na asɔfo no bɛsan de Onyankopɔn asɛm akyerɛkyerɛ wɔn bio. Ɛnyɛ ɛno nko, sɛ wofi ase bɔ afɔre wɔ asɔrefi hɔ a, na wobetumi anya awerɛhyem bio sɛ Yehowa de wɔn bɔne bɛkyɛ wɔn. (Hes. 44:15, 23; 45:17) Ɛba saa a, na wɔn ho bɛsan atew te sɛ nea wɔde nsu a ani tew a ɛresen fi asɔrefi hɔ no aguare wɔn.

      5. Sɛ na obi suro sɛ anhwɛ a na nhyira no bi anso no so a, sɛn na asubɔnten a Hesekiel hui wɔ anisoadehu mu no bɛka ne koma ato ne yam?

      5 Yemmisa sɛ, nhyira no, na ɛbɛdɔɔso ma aso obiara so anaa? Ná ɛnsɛ sɛ obiara suro sɛ anhwɛ a na nhyira no bi anso no so. Nea enti a ɛte saa ne sɛ, anisoadehu no ma yehu sɛ bere a nsu no retene kɔ anim no, wohwɛ sɛnea na emu retrɛw no a, na ɛyɛ nwonwa. Bere a nsu no pue fii asɔrefi hɔ no, na ɛresen nkakrankakra, nanso ɛkɔɔ n’anim bɛyɛ kwansin baako no, na ayiri adan asubɔnten! (Hes. 47:3-5) Wei kyerɛ sɛ, sɛ Yudafo no san kɔtena wɔn kurom na wɔn dodow kɔ anim mpo a, Yehowa nhyira mu bɛtrɛw ama obiara anya bi. Enti asubɔnten no maa Yudafo no hui sɛ Yehowa nhyira bebu so!

      6. (a) Ɛbɔ bɛn na Yehowa nam anisoadehu yi so hyɛɛ ne nkurɔfo no? (b) Kɔkɔbɔ bɛn nso na ɛwɔ anisoadehu no mu? (Hwɛ ase hɔ asɛm no.)

      6 Nsu a ɛma nkwa. Hesekiel anisoadehu no mu no, asubɔnten no sen kɔbɔɔ Ɛpo a Awu no mu. Ɛbaa saa no, po no fã kɛse no ara, nkwa baa mu. Hyɛ no nsow sɛ nsu no maa mpataa ahorow pii baa Ɛpo a Awu no mu. Mpataa ahorow a ɛbaa Ɛpo a Awu no mu no, na ɛte sɛ mpataa ahorow a ɛwɔ Ɛpo Kɛse, anaa Mediterranea Po no mu. Biribi foforo wɔ anisoadehu no mu a ɛma yehu sɛ mpataa pii baa Ɛpo a Awu no mu. Ɛne sɛ, na nkurow mmienu bi da po no ano, na na nkurow no ntam kwan ware. Sɛ wufi kurow baako so rekɔ foforo so a, wubehu sɛ na nkurɔfo redi mpataa ho gua wɔ mpoano hɔ. Ɔbɔfo no san kaa sɛ: “Baabiara a asubɔnten no bɛkɔ no, biribiara a ɛwɔ hɔ benya nkwa.” Nanso wei kyerɛ sɛ nsu a ɛsen fii Yehowa fi hɔ no kɔɔ Ɛpo a Awu no fã biara? Daabi. Ɔbɔfo no kyerɛkyerɛɛ mu sɛ, po no afã bi a na ɛyɛ atɛkyɛ no, nsu a ɛma nkwa no annu hɔ. Saa mmeae no de, na “ɛbɛyɛ nkyenenkyene.”b (Hes. 47:8-11) Enti Yehowa nam anisoadehu yi so hyɛɛ ne nkurɔfo bɔ sɛ nokware som bɛma wɔanya nkwa na wɔanya nkɔso. Nanso na kɔkɔbɔ bi wɔ anisoadehu no mu. Ɛne sɛ: Ɛnyɛ obiara na obegye Yehowa nhyira no atom; ɛnyɛ obiara nso na obenya ayaresa.

      7. Nnua a na esisi asubɔnten no ho wɔ anisoadehu no mu no, awerɛhyem bɛn na ɛmaa Yudafo no nyae?

      7 Nnua a ɛma nnipa aduan na ɛsa wɔn yare. Afei ma yɛnhwɛ nnua a esisi asubɔnten no ho no. Ɛma asubɔnten no ho yɛ fɛ, nanso ɛsan kyerɛ biribi. Saa nnua no, na n’aba yɛ dɛ, na na ɛsow aba foforo bosome biara! Enti wo de, hwɛ sɛ Hesekiel ne ne manfo no redwinnwen nnua a ɛte saa ho. Akyinnye biara nni ho sɛ, na ɛbɛma wɔn ani agye. Saa nnua no ne n’aba no ho asɛm yi ma wonyaa awerɛhyem sɛ na Yehowa bɛma wɔn honhom fam aduan adi. Dɛn bio na na wobenya? Hyɛ no nsow sɛ, na wɔde saa nnua no nhaban ‘bɛsa yare.’ (Hes. 47:12) Ná Yehowa nim sɛ, ne nkurɔfo a wɔresan aba wɔn asaase so no, nea na wobehia paa ne honhom fam ayaresa, na ɔhyɛɛ bɔ sɛ ɔbɛma wɔanya. Ɔkwan a ɔfaa so yɛɛ saa no, nokware som a wɔbɛma so bio ho nkɔmhyɛ afoforo ka ho asɛm. Yesusuw saa nkɔmhyɛ ahorow no ho wɔ nhoma yi Ti 9.

      8. Dɛn na ɛma yehu sɛ na Hesekiel anisoadehu no benya mmamu kɛse?

      8 Nanso, yɛsan hui wɔ Ti 9 no sɛ, Israelfo a wɔsan baa wɔn asaase so no, wohuu nkɔmhyɛ ahorow yi mmamu ketewaa bi. Ɛyɛɛ dɛn na wɔanhu nkɔmhyɛ no mmamu nyinaa? Ɛyɛ wɔn ankasa na wɔyɛe. Mpɛn pii na nkurɔfo no san kɔfaa wɔn akwammɔne so. Ná wɔtaa yɛ asoɔden, na na wɔtoto nokware som ase. Enti, na ɛbɛyɛ dɛn na Yehowa ahyira wɔn korakora? Wɔn a na wodi nokware no, nneɛma bɔne a na wɔn mfɛfo no reyɛ no ma wodii yaw, na na wonhu nea enti a wɔn nuanom reyɛ saa. Nanso, Yehowa asomfo anokwafo yi, na wonim sɛ Yehowa bɔhyɛ nni huammɔ da; ɛbam bere nyinaa. (Kenkan Yosua 23:14.) Enti, da bi bɛba a Hesekiel anisoadehu no benya ne mmamu kɛse. Ɛyɛ bere bɛn?

      Asubɔnten No Resen Nnɛ!

      9. Asɔrefi ho anisoadehu a Hesekiel nyae no, bere bɛn na na ebenya ne mmamu kɛse?

      9 Sɛnea yehui wɔ nhoma yi Ti 14 no, asɔrefi ho anisoadehu a Hesekiel nyae no, na ebenya ne mmamu kɛse wɔ “awiei nna no mu.” Sɛnea na wɔbɛma nokware som so saa bere no de, na ebi mmae da. (Yes. 2:2) Anisoadehu a Hesekiel nyae no fã a yɛreka ho asɛm yi, sɛn na ɛrenya mmamu nnɛ?

      10, 11. (a) Ɛnnɛ, nhyira bɛn na yɛrenya a ɛte sɛ asubɔnten? (b) Nhyira a efi Yehowa hɔ no, sɛn na emu atrɛw ama aso nnipa pii so wɔ nna a edi akyiri yi mu?

      10 Asubɔnten a ɛde nhyira nam. Nsu a na ɛresen fi Yehowa fi no, ɛma yɛkae nhyira a yɛrenya nnɛ. Ɛyɛ nhyira bɛn? Ɛyɛ biribiara a Yehowa de ma yɛn a ɛboa ma yɛne no ntam yɛ papa. Emu kɛse paa ne Kristo agyede afɔre no. Ɛno na wɔnam so tew yɛn ho, na ɛma wotumi de yɛn bɔne kyɛ yɛn. Afei nso, Kyerɛwnsɛm no ka sɛ, nokwasɛm a ɛwɔ Onyankopɔn Asɛm mu no, ɛte sɛ nkwa nsu a etumi tew yɛn ho. (Efe. 5:25-27) Saa nhyira yi, sɛn na ɛresen wɔ yɛn bere yi so?

      11 Afe 1919 mu no, na Yehowa asomfo bɛyɛ 5,000 pɛ na wɔwɔ wiase, na na wɔn nsa ka honhom fam aduan a wohia. Wei maa wɔn ani gyei paa. Efi saa bere no, wɔn dodow kɔɔ anim. Ɛnnɛ, Onyankopɔn nkurɔfo dodow boro ɔpepem nwɔtwe. Yemmisa sɛ, Bible mu nokwasɛm a ɛte sɛ nsu no, ɛso yɛn nyinaa so anaa? Yiw! Yɛn nsa ka honhom fam aduan a yehia ma ɛboro so. Yɛhwɛ mfe ɔha a atwam no a, Onyankopɔn nkurɔfo nsa kaa Bible, nhoma, nsɛmma nhoma, nhomawa, ne nkratawa ɔpepepem pii. Sɛnea yɛabehu no, asubɔnten a Hesekiel hui wɔ anisoadehu mu no, bere a ɛretene kɔ anim nyinaa na emu retrɛw. Saa ara na nnɛ, honhom fam aduan adɔɔso paa. Enti nnipa a Onyankopɔn Asɛm ho sukɔm de wɔn wɔ wiase nyinaa no, wɔn nsa ka bi. Yefii ase tintim Bible ho nhoma no, akyɛ paa. Seesei nea yɛde abɛka ho ne jw.org wɛbsaet no. Wokɔ hɔ a, wubenya honhom fam aduan pii. Nneɛma a egu hɔ no, ɛwɔ kasa bɛboro 1,000 mu! Saa Bible mu nokwasɛm a ɛte sɛ nsu no, sɛn na aboa nnipa komapafo?

      12. (a) Nokwasɛm a ɛwɔ Bible mu no, sɛn na yɛahu sɛ aboa nkurɔfo? (b) Kɔkɔbɔ bɛn na ɛwɔ anisoadehu no mu a ɛso wɔ mfaso nnɛ? (Hwɛ ase hɔ asɛm no nso.)

      12 Nsu a ɛma nkwa. Ɔbɔfo no ka kyerɛɛ Hesekiel sɛ: “Baabiara a asubɔnten no bɛkɔ no, biribiara a ɛwɔ hɔ benya nkwa.” Nokwasɛm a ɛwɔ Bible mu no, wo de, hwɛ sɛnea aboa wɔn a wɔaba yɛn honhom fam paradise no mu nyinaa. Saa nokwasɛm yi ama nnipa ɔpepem pii anya nkwa ne ayaresa wɔ honhom fam. Nanso, kɔkɔbɔ bi nso wɔ anisoadehu no mu a ɛso wɔ mfaso nnɛ. Ɛne sɛ: Ɛnyɛ obiara na ɔbɛkɔ so atena nokware no mu. Yɛbɛkae a, anisoadehu a Hesekiel nyae no mu no, ohuu awora ne atɛkyɛ wɔ Ɛpo a Awu no afã bi. Saa ara na nnipa bi wɔ hɔ a, ebedu baabi no, wɔremfa nokware a ɛwɔ Bible mu no mmɔ wɔn bra, na wɔbɛtwe wɔn ho afi Yehowa ho.c Mommma yɛnnyɛ saa da!—Kenkan Deuteronomium 10:16-18.

      13. Nnua a na esisi asubɔnten no ho wɔ anisoadehu no mu no, dɛn na yebetumi asua afi mu?

      13 Nnua a ɛma nnipa aduan na ɛsa wɔn yare. Yɛhwɛ nnua a na esisi asubɔnten no ho wɔ anisoadehu no mu a, ɛma yenya nkuranhyɛ bi nnɛ anaa? Ɛma yenya bi paa! Kae sɛ, saa nnua no, bosome biara na ɛsow aba foforo a ɛyɛ dɛ. N’ahaban no nso, na wɔde sa yare. (Hes. 47:12) Weinom ma yehu sɛ, Onyankopɔn a yɛresom no no, oyi ne yam ma yɛn honhom fam aduan, na ɔsa yɛn yare nso wɔ honhom fam. Wiase a yɛte mu nnɛ yi, emu nnipa yare na wodi kɔm wɔ honhom fam, kyerɛ sɛ, wɔnte nokwasɛm a ɛwɔ Bible mu no ase. Nanso wo de, hwɛ nneɛma pa a Yehowa de ma yɛn. Sɛ wokenkan asɛm bi wɔ yɛn nhoma bi mu, woto dwom a yɛde wie ɔmansin anaa ɔmantam nhyiam bi, anaa wohwɛ video bi anaa JW Broadcasting dwumadi bi wie a, ɛyɛ a wote nka sɛn? Ɛyɛ a w’ani nnye sɛ wo nsa aka saa honhom fam aduan no anaa? Anokwa, Yehowa ma yedidi yiye. (Yes. 65:13, 14) Afei yemmisa sɛ, nokwasɛm a ɛwɔ Bible mu a Yehowa de ma yɛn no, etumi sa yɛn yare honhom fam anaa? Yenya afotu pa fi Onyankopɔn Asɛm mu, na ɛboa yɛn wɔ akwan pii so. Ebi ne sɛ, ɛma yɛtwe yɛn ho fi ɔbrabɔne ne anibere ho, na afei nso ɛboa yɛn na yɛn gyidi ansɛe. Wei da nkyɛn a, sɛ Kristoni bi yɛ bɔne a emu yɛ duru a, Yehowa ayɛ nhyehyɛe a ɛboa no ma onya honhom fam ayaresa. (Kenkan Yakobo 5:14.) Enti yɛhwɛ Hesekiel anisoadehu no a, nhyira a nnua no ma nnipa nya no, yebetumi aka paa sɛ yɛanya bi.

      14, 15. (a) Hesekiel anisoadehu no mu no, baabi a na ɛyɛ atɛkyɛ a nsu no ansa no yare no, dɛn na yebetumi asua afi mu? (b) Asubɔnten a ɛwɔ Hesekiel anisoadehu no mu no, sɛn na yenya so mfaso nnɛ?

      14 Yehu sɛ, baabi a na ɛyɛ atɛkyɛ no, nsu no ansa no yare. Ɛno nso, yebetumi asua biribi afi mu. Ɛne sɛ, nhyira a Yehowa ama ɛresen te sɛ nsu wɔ yɛn asetenam no, ɛnsɛ sɛ yɛpo. Sɛ yɛannya ayaresa a, ɛbɛyɛ awerɛhow paa. Yɛbɛyɛ te sɛ wiase yi mu nnipa pii a wɔyareyare no. (Mat. 13:15) Enti, asubɔnten a ɛde nhyira nam no, momma yɛmma kwan mma ɛmmoa yɛn, na yɛn ani nnye. Wo de, ma yɛnhwɛ nneɛma bi a yɛyɛ wɔ yɛn som mu. Yɛde anigye sua nokwasɛm a ɛwɔ Onyankopɔn Asɛm mu a ɛte sɛ nsu a ani tew no. Yɛka saa nokwasɛm no kyerɛ nkurɔfo wɔ asɛnka mu. Afei nso, yɛn nsa ka akwankyerɛ pa, awerɛkyekye, ne mmoa fi asafo mu mpanyimfo a akoa nokwafo no atete wɔn no hɔ. Sɛ yedwinnwen weinom nyinaa ho a, ɛma yɛkae asubɔnten a Hesekiel hui wɔ anisoadehu mu no. Baabiara a asubɔnten no sen kɔ no, ɛma nkwa, na ɛsa yare!

      15 Nanso, sɛn na asubɔnten ho anisoadehu no benya mmamu daakye? Sɛnea yebehu no, nhyira a asubɔnten no de nam no, Paradise a ɛreba no mu na yebehu ne kɛse paa.

      Sɛnea Anisoadehu No Benya Mmamu Wɔ Paradise

      16, 17. (a) Asubɔnten a ɛwɔ anisoadehu no mu no, adɛn nti na yɛreka sɛ emu bɛtrɛw kɛse paa wɔ Paradise? (b) Asubɔnten a ɛde nhyira nam no, sɛn na yebenya so mfaso wɔ Paradise?

      16 Fa no sɛ wowɔ Paradise. Wo nnamfo ne w’abusuafo atwa wo ho ahyia. Baabi a wobɛfa biara, anigye nko ara. Nneɛma a ɛbɛkɔ so wɔ Paradise no, sɛ wusua asubɔnten a Hesekiel nyaa ho anisoadehu no ho ade a, ebetumi aboa wo ama woatwa ho mfoni yiye wɔ w’adwene mu. Adɛn nti na yɛreka saa? Wo de, nneɛma mmiɛnsa a ɛwɔ anisoadehu no mu a ɛma yenya awerɛhyem sɛ Yehowa dɔ yɛn no, momma yɛnsan nsusuw ho bio.

      17 Asubɔnten a ɛde nhyira nam. Asubɔnten a ɛwɔ anisoadehu no mu no, emu bɛtrɛw kɛse paa wɔ Paradise, efisɛ nhyira a ɛde bɛba no, ɛbɛyɛ honhom fam de ne honam fam de. Yesu Mfirihyia Apem Nniso no mu no, Onyankopɔn Ahenni bɛboa anokwafo ama wɔanya agyede no so mfaso a ɛkyɛn so koraa. Nkakrankakra, bɔne ne sintɔ befi yɛn ho! Enti yɛrenyare bio. Yɛrenhia dɔkotafo, anɛɛsefo, ayaresabea, ne apɔwmuden nsiakyibaa bio! Nnipa ɔpepem pii a wobenya nkwa wɔ Armagedon no, wobenya nhyira a nkwa nsu no de nam no bi. Saa nkurɔfo no ne “nnipakuw kɛse” a wobetwa “ahohiahia kɛse no.” (Adi. 7:9, 14) Enti nhyira a nkwa nsu a ɛbɛsen saa bere no de bɛba no, ɛrenyɛ asɛm ketewa. Nanso, sɛ yɛde toto nhyira a ebedi ɛno akyi aba no ho a, yebehu sɛ nea edi kan no yɛ ketewaa bi koraa. Sɛnea Hesekiel anisoadehu no ma yehu no, asubɔnten no mu bɛtrɛw ama afoforo pii anya nhyira a ɛde nam no bi.

      Mmerante ne mmabaa a wɔte apɔw de anigye reyɛ adwuma wɔ Paradise. Asubɔnten bi resen wɔ wɔn akyi.

      Paradise ba a, asubɔnten a ɛde nhyira nam no bɛma obiara anya apɔwmuden; yɛn nyinaa bɛyɛ mmerante ne mmabaa (Hwɛ nkyekyɛm 17)

      18. Mfirihyia Apem no mu no, sɛn na “nkwa nsu asubɔnten” no beyiri?

      18 Nsu a ɛma nkwa. Mfirihyia Apem no mu no, “nkwa nsu asubɔnten” no beyiri. (Adi. 22:1) Wobenyan awufo pii, na wobenya hokwan a ɛbɛma wɔatena ase daa wɔ Paradise. Awufo a wobenyan wɔn no, wɔyɛ ɔpepem pii; sɛ yɛbɛka mpo a, wɔyɛ ɔpepepem pii! Nnipa bebrebe a wɔawuwu a wonni tumi biara a seesei wɔadan dɔte no, Yehowa nhyira a ɔnam Ahenni no so de bɛba no bɛso wɔn so. Obenyan wɔn aba nkwa mu. (Yes. 26:19) Nanso, saa nkurɔfo a wobenyan wɔn no, wɔn nyinaa na wɔbɛtena ase daa anaa?

      19. (a) Dɛn na ɛma yehu sɛ Yehowa bɛda nokwasɛm afoforo adi wɔ Paradise? (b) Dɛn na nnipa bi bɛyɛ daakye a ɛbɛma wɔayɛ te sɛ mmeae a na ‘ɛyɛ nkyenenkyene’ no?

      19 Nea wɔn mu biara bɛyɛ na ɛbɛkyerɛ. Wunim biribi, wobebuebue nhoma mmobɔwee foforo mu saa bere no. Enti Yehowa bɛda nokwasɛm foforo adi, na yebenya akwankyerɛ foforo nso. Nkwa nsu a Yehowa de bɛma yɛn saa bere no, weinom nyinaa ka ho bi. Saa nneɛma a yebenya yi, sɛ wudwinnwen ho a, ɛmma w’ani nnye anaa? Nanso, akwankyerɛ a yebenya no, ebinom remfa nyɛ adwuma; wɔbɛyɛ Yehowa so asoɔden. Ebetumi aba sɛ ebinom bɛtew atua wɔ Mfirihyia Apem no mu, nanso saa nkurɔfo no rentumi nsɛe asomdwoe a ɛwɔ Paradise no. (Yes. 65:20) Wei ma yɛkae biribi a Hesekiel hui wɔ anisoadehu no mu. Ná mmeae bi wɔ hɔ a ɛyɛ atɛkyɛ, na annya ayaresa; ‘ɛyɛɛ nkyenenkyene.’ Enti nkwa nsu a Yehowa de bɛma yɛn no, ebinom bɛyɛ wɔn adwene sɛ wɔrennom. Hwɛ sɛnea nyansa nnim koraa sɛ wɔbɛyɛ saa! Mfirihyia Apem no akyi no, nnipa bi bɛtew atua, na wɔakɔka Satan ho. Wɔn a wɔbɛpo Yehowa nniso a ɛyɛ papa no, wɔn nyinaa awiei bɛyɛ baako: wobewu, na wɔrennya owusɔre biara bio.—Adi. 20:7-12.

      20. Nhyehyɛe bɛn na ɛbɛboa yɛn wɔ Mfirihyia Apem no mu a ɛma yɛkae nnua a Hesekiel hui no?

      20 Nnua a ɛma nnipa aduan na ɛsa wɔn yare. Yehowa mpɛ sɛ daa nkwa bɛbɔ yɛn mu biara. Enti ɔbɛsan ayɛ nhyehyɛe a ɛte sɛ nnua a Hesekiel hui wɔ anisoadehu mu no, sɛnea ɛbɛboa yɛn ama yɛatumi akura anidaso a ɔde ama yɛn no mu. Nanso, nhyira a Yehowa de bɛma yɛn wɔ Paradise no de, ɛbɛyɛ honam fam de ne honhom fam de. Mfirihyia Apem no mu no, Yesu Kristo ne 144,000 a wɔka no ho no bedi ade wɔ soro. Afei nso, Yesu ne 144,000 no bɛyɛ adwuma sɛ asɔfo, na wɔde mfaso a ɛwɔ Kristo agyede afɔre no so bɛboa nnipa anokwafo ama bɔne ne sintɔ biara afi wɔn ho. (Adi. 20:6) Enti yebenya honam fam ne honhom fam ayaresa. Wei ma yɛkae nnua a Hesekiel hui sɛ esisi asubɔnten no ho no. Ná saa nnua no sow aba a ahoɔden wom, na na wɔde ne nhaban no sa yare. Hesekiel anisoadehu no, ɛne nkɔmhyɛ bi a ɛka koma a ɔsomafo Yohane kyerɛwee di nsɛ paa. (Kenkan Adiyisɛm 22:1, 2.) Nnua a Yohane hui no, na wɔde ne nhaban “sa amanaman no yare.” Enti nnipa anokwafo ɔpepem pii benya asɔfodwuma a 144,000 no bɛyɛ no so mfaso.

      Hesekiel ahu sɛ nsu bi a ɛresen nkakrankakra ayiri adan asubɔnten.

      NKYERƐKYERƐMU A ƐWƆ ADAKA 19B MU: Nsu a Ɛresen Nkakrankakra No Yiri Bɛyɛɛ Asubɔnten!

      21. Sɛ wususuw asubɔnten a Hesekiel hui wɔ anisoadehu no mu ho a, ɛka wo sɛn, na dɛn na yebesusuw ho wɔ ti a edi hɔ no mu? (Hwɛ adaka a wɔato din “Nsu a Ɛresen Nkakrankakra No Yiri Bɛyɛɛ Asubɔnten!”)

      21 Sɛ wususuw asubɔnten a Hesekiel hui wɔ anisoadehu mu no ho a, ɛmma wo koma ntɔ wo yam, na ɛmma wunnya anidaso anaa? Nokwasɛm ne sɛ, mmere pa da yɛn anim! Afei hwɛ asɛm yi: Nkɔmhyɛ ahorow a ɛboa ma yehu nea ɛbɛkɔ so wɔ Paradise no, mfe mpempem pii ni na Yehowa ma wɔkyerɛw too hɔ. Na efi saa bere no de besi nnɛ, watɔ ne bo ase reto nsa afrɛ nnipa sɛ wɔmmra mmehu sɛnea nkɔmhyɛ no benya mmamu kɛse, na wonhu sɛnea Paradise asetena bɛyɛ ankasa. Wobɛkɔ hɔ bi anaa? Ebia wubebisa wo ho sɛ, ‘Enti me paa, metumi anya Paradise atena?’ Momma yɛnhwɛ sɛnea Hesekiel nkɔmhyɛ no fã a etwa to no ma yɛn awerɛhyem.

      a Biribi foforo wɔ hɔ a enti yebetumi aka sɛ, ɛbɛyɛ sɛ Yudafo no annya adwene sɛ nsu a ɛresen no yɛ asubɔnten ankasa. Ɛne sɛ, Hesekiel kae sɛ, nsu a ɛretene no, efi asɔrefi a esi bepɔw tenteenten bi so na ɛreba. Nanso, Yudafo a na wɔkae sɛnea wɔn asaase no te no, na wonim sɛ bepɔw tenten biara saa nni wɔn kurom hɔ a asɔrefi si so. Ɛno da nkyɛn a, anisoadehu no mu no, ɛte sɛ nea asubɔnten no sen kɔbɔɔ Ɛpo a Awu no mu a biribiara ansiw no kwan. Nanso wohwɛ sɛnea na Bɔhyɛ Asaase no te a, na ɛrentumi nyɛ yiye saa.

      b Nkurɔfo a wɔkyerɛkyerɛ Bible mu nsɛm mu no, wɔn mu binom ka sɛ wei nso yɛ nhyira. Nea enti a wɔka saa ne sɛ, esiane sɛ wɔde nkyene kora nneɛma so nti, sɛ wokɔ Ɛpo a Awu no mpɔtam hɔ a, efi bere tenten na nkurɔfo ayɛ nkyene ho adwuma wɔ hɔ, na ɛyɛ adwuma a mfaso wɔ so paa. Nanso hyɛ no nsow sɛ, kyerɛwsɛm no ka no pefee sɛ saa mmeae a na ɛyɛ atɛkyɛ no, “ɛrennya ayaresa.” Nkwa amma mu, anaa annya ayaresa, efisɛ nsu a ɛma nkwa a efi Yehowa fi no annu hɔ. Enti ɛha yi de, ɛbɛyɛ sɛ atɛkyɛ a na ɛyɛ nkyenenkyene no, ɛnyɛ nhyira.—Dw. 107:33, 34; Yer. 17:6.

      c Yesu mfatoho a ɛfa asau ho no, ɛne saa asɛm yi di nsɛ. Asau no kyeree mpataa pii, nanso ɛnyɛ ne nyinaa na na ɛyɛ “papa.” Mpataa a enye no, wɔtow gui. Enti Yesu bɔɔ kɔkɔ sɛ, ebetumi aba sɛ, nnipa a wɔba Yehowa ahyehyɛde no mu no, bere bi akyi no, wɔn mu dodow bi renni nokware.—Mat. 13:47-50; 2 Tim. 2:20, 21.

      DƐN NA WOASUA AFA NOKWARE SOM HO?

      1. Hesekiel anisoadehu a ɛfa asubɔnten no ho no, sɛn na enyaa mmamu tete mmere mu?

      2. Sɛn na anisoadehu yi renya mmamu nnɛ?

      3. Nhyira a asubɔnten a Hesekiel hui wɔ anisoadehu mu no de nam no, sɛn na yebehu ne kɛse paa wɔ Kristo Mfirihyia Apem Nniso no mu?

  • ‘Monkyɛ Asaase No Sɛ Mo Agyapade’
    Nokware Som—Yehowa Ama So Bio!
    • Asubɔnten bi akɔbɔ po mu; asaase a wɔbɛkyekyɛ no atwa asubɔnten no ho ahyia.

      TI 20

      ‘Monkyɛ Asaase No Sɛ Mo Agyapade’

      HESEKIEL 45:1

      NEA ƐWOM: Nea asaase no a wɔbɛkyekyɛ mu no kyerɛ

      1, 2. (a) Dɛn na Yehowa ka kyerɛɛ Hesekiel sɛ ɔnyɛ? (b) Nsɛmmisa bɛn na yebesusuw ho?

      HESEKIEL nyaa anisoadehu bi, na ɛbɛyɛ sɛ nea ohui no ma ɔkaee nneɛma bi a esisii wɔ Mose ne Yosua bere so. Saa nneɛma no sisii no, na ɛreyɛ adi mfe 900. Saa bere no, Yehowa kyerɛɛ Mose baabi a Bɔhyɛ Asaase no ahye deda, na akyiri yi Yehowa kyerɛɛ Yosua sɛnea ɔbɛkyekyɛ asaase no ama Israel mmusuakuw no. (Num. 34:1-15; Yos. 13:7; 22:4, 9) Nanso bere a Hesekiel nyaa anisoadehu no wɔ afe 593 A.Y.B. mu no, Yehowa ka kyerɛɛ ɔne Yudafo a wɔka no ho no sɛ, wɔnkyekyɛ Bɔhyɛ Asaase no mma Israel mmusuakuw no bio!—Hes. 45:1; 47:14; 48:29.

      2 Saa anisoadehu yi, na ɛfa Hesekiel ne ne mfɛfo Yudafo no ho sɛn? Adɛn nti na anisoadehu no hyɛ Onyankopɔn nkurɔfo a wɔwɔ hɔ nnɛ nkuran? Ebenya mmamu kɛse daakye anaa?

      Anisoadehu No Ma Yenya Nneɛma Nnan Bi Ho Anidaso

      3, 4. (a) Anisoadehu a etwa to a Hesekiel nyae no maa Yudafo no nyaa anidaso sɛ nneɛma nnan bi bɛkɔ so. Ɛyɛ nneɛma bɛn? (b) Saa nneɛma no, emu nea ɛwɔ he na yebesusuw ho wɔ ti yi mu?

      3 Anisoadehu a etwa to a Hesekiel nyae no, wubehu wɔ ne nhoma no ti mmaako mmaako nkron mu. (Hes. 40:1–48:35) Anisoadehu no maa Yudafo no nyaa anidaso sɛ, sɛ wɔsan kɔ Israel a, na nneɛma nnan bi bɛkɔ so. Saa anidaso no maa wɔn koma tɔɔ wɔn yam. Nneɛma bɛn na na ɛbɛkɔ so? Nea edi kan, na wɔbɛsan asom Onyankopɔn nokwarem wɔ n’asɔrefi hɔ. Nea ɛto so mmienu, na Israel man no benya asɔfo ne ahwɛfo a wodi nokware ama wɔadi wɔn anim. Nea ɛto so mmiɛnsa, na obiara a ɔbɛsan aba Israel no benya asaase atena so. Nea ɛto so nnan, na Yehowa ne wɔn bɛtena bio.

      4 Saa nneɛma yi, yehuu sɛnea na mmienu a edi kan no bɛbam wɔ nhoma yi Ti 13 ne Ti 14. Mmienu a yedii kan susuw ho no ne nokware som a na wɔbɛma so bio, ne ahwɛfo a wodi nokware a na wobedi nkurɔfo no anim. Ti a yɛadu so yi mu no, yɛbɛhwɛ nea ɛto so mmiɛnsa no. Ɛno ne sɛnea wɔbɛkyekyɛ asaase no ama nkurɔfo no. Ti a edi hɔ no, yebesusuw ɛbɔ a Yehowa hyɛe sɛ ɔne ne nkurɔfo bɛtena no ho.—Hes. 47:13-21; 48:1-7, 23-29.

      ‘Asaase Yi Bɛyɛ Mo Agyapade’

      5, 6. (a) Hesekiel anisoadehu no mu no, asaase bɛn na na wɔbɛkyekyɛ no? (Hwɛ mfoni a ɛwɔ ti yi mfiase no.) (b) Adɛn nti na Yehowa de asaase a na wɔbɛkyekyɛ no ho anisoadehu maa Hesekiel?

      5 Kenkan Hesekiel 47:14. Yehowa de asaase bi kyerɛɛ Hesekiel wɔ anisoadehu mu, na ɔma ohui sɛ, ɛrenkyɛ saa asaase no bɛyɛ sɛ “Eden turo.” (Hes. 36:35) Afei Yehowa kaa sɛ: “Eyi ne asaase a mobɛkyɛ ama Israel mmusuakuw 12 no sɛ wɔn agyapade.” (Hes. 47:13) “Asaase” a na wɔbɛkyɛ no, ɛno ne Israel asaase a na Yehowa nkurɔfo bɛsan akɔtena so no. Afei Yehowa kyerɛɛ mmeae a asaase mũ no nyinaa ahye deda wɔ atifi fam, anaafo fam, apuei fam, ne atɔe fam. Wubehu wei wɔ Hesekiel 47:15-21.

      6 Adɛn nti na Yehowa de asaase a wɔkyekyɛe ho anisoadehu no maa Hesekiel? Yɛabehu sɛ, Yehowa kyerɛɛ mmeae a asaase no ahye deda pɛpɛɛpɛ. Wei maa Hesekiel ne Yudafo a wɔka no ho no nyaa awerɛhyem sɛ, sɛnea ɛte biara wɔbɛsan akɔtena asaase a ɛda wɔn koma so no so. Nkyerɛkyerɛmu a ɛkɔ akyiri a Yehowa de mae yi, wo de, hwɛ sɛnea ɛbɛyɛ sɛ ɛmaa Yudafo no nyaa anidaso na wɔn ani gyei! Yemmisa sɛ, Onyankopɔn nkurɔfo yi a wɔtenaa ase tete no, wɔkyekyɛɛ asaase maa wɔn sɛ wɔn agyapade anaa? Yiw, wɔkyekyɛ maa wɔn.

      Asubɔnten bi akɔbɔ po mu; asaase a wɔbɛkyekyɛ no atwa asubɔnten no ho ahyia.

      7. (a) Efi afe 537 A.Y.B. mu no, asɛm bɛn na esii, na dɛn na ɛma yɛkae? (b) Asɛmmisa bɛn na yebedi kan asusuw ho?

      7 Bere a Hesekiel nyaa anisoadehu yi akyi bɛyɛ mfe 56 wɔ afe 537 A.Y.B. mu no, Israelfo mpempem pii fii ase sɛ wɔreba Israel asaase so abɛtena so bio. Saa asɛm yi a esii tete no, ɛma yɛkae biribi a ɛte saa a ɛrekɔ so wɔ Onyankopɔn nkurɔfo mu wɔ yɛn bere yi so. Ɛne sɛ, ɔkwan bi so no, Onyankopɔn nkurɔfo a wɔwɔ hɔ nnɛ nso, wɔatwa asaase bi ama wɔn. Ɛyɛ asaase bɛn? Yehowa ama n’asomfo akɔtena honhom fam asaase bi so. Enti yebetumi aka sɛ, sɛ yɛhwɛ sɛnea Yehowa maa tetefo no san kɔtenaa Bɔhyɛ Asaase no so a, ɛbɛma yɛahu nneɛma pii afa honhom fam asaase a Onyankopɔn de ama ne nkurɔfo nnɛ no ho. Nanso ansa na yɛbɛka ɛno ho asɛm no, momma yenni kan nhwehwɛ asɛmmisa yi ho mmuae. Ɛne sɛ: “Adɛn nti na yebetumi aka paa sɛ honhom fam asaase bi wɔ hɔ nnɛ?”

      8. (a) Ɔman bɛn na Yehowa de besii honam fam Israel man no ananmu? (b) Dɛn ne honhom fam asaase anaa honhom fam paradise no? (d) Bere bɛn na ɛbae, na henanom na wɔte mu?

      8 Ná Yehowa adi kan ama Hesekiel anya anisoadehu bi. Saa anisoadehu no mu no, Yehowa daa no adi sɛ, nkɔmhyɛ ahorow a ɛfa Israelfo a wɔbɛsan aba wɔn asaase so ho no, ebenya mmamu kɛse bere a ‘n’akoa Dawid’ a ogyina hɔ ma Yesu Kristo afi ase redi hene no. (Hes. 37:24) Saa asɛm no sii afe 1914 Y.B. Eduu saa bere no, na Yehowa de honhom fam Israel man bi asi honam fam Israel man no ananmu dedaadaw. Honhom fam Israel man no, Kristofo a wɔde honhom asra wɔn na wɔwom. (Kenkan Mateo 21:43; 1 Petro 2:9.) Nanso honhom fam Israel man a Yehowa de sii honam fam Israel man no ananmu no da nkyɛn a, ɔsan de honhom fam asaase anaa honhom fam paradise bi nso sii honam fam Israel asaase no ananmu. (Yes. 66:8) Sɛnea yehui wɔ nhoma yi Ti 17 no, honhom fam paradise no ne sɛnea nokware Nyankopɔn no ahyira yɛn na wabɔ yɛn ho ban ma yetumi som no no. Efi afe 1919 reba no, Kristofo a wɔasra wɔn no nkaefo no resom Yehowa wɔ saa asaase no so. (Hwɛ adaka 9B, “Adɛn Nti Na Ɛyɛ Afe 1919?”) Bere bi akyi no, Kristofo a wɔwɔ anidaso sɛ wɔbɛtena asaase so anaa “nguan foforo” no nso fii ase bɛtenaa honhom fam asaase yi so bi. (Yoh. 10:16) Ɛnnɛ, honhom fam paradise no renya nkɔso, na emu retrɛw. Nanso honhom fam paradise no mu nhyira no, Armagedon akyi na yebehu ne kɛse paa.

      Wɔkyekyɛɛ Asaase No Mu Pɛpɛɛpɛ

      9. Sɛnea na ɛsɛ sɛ wɔkyekyɛ asaase no ankasa no, ɛho akwankyerɛ bɛn na Yehowa de mae?

      9 Kenkan Hesekiel 48:1, 28. Yɛabehu sɛ Yehowa kyerɛɛ mmeae a asaase mũ no nyinaa ahye deda wɔ atifi fam, anaafo fam, apuei fam, ne atɔe fam. Owiei no, ɔtɔɔ ne bo ase kyerɛɛ sɛnea ɛsɛ sɛ wɔkyekyɛ asaase no ankasa. Ɔkyerɛe sɛ, sɛ wɔrekyɛ asaase no a, womfi ase mfi atifi fam, na wɔmfa mmesi anaafo fam. Wɔnkyɛ mu 12; ɛnsɛ sɛ wɔma ebi yɛ kɛse sen bi. Wɔmfa asaase a ɛda atifi fam paa no mma Dan abusuakuw no. Afei wɔntoa so nkyekyɛ ara, na wɔmfa nea ɛda anaafo fam paa no mma Gad abusuakuw no. Nsaasesin 12 no, wohwɛ a, wubehu sɛ emu biara fi ase fi asaase mũ no nyinaa hye a ɛda apuei fam no so, na ɛkɔka Ɛpo Kɛse anaa Mediterranea Po a ɛda atɔe fam no.—Hes. 47:20.

      10. Anidaso bɛn na ɛbɛyɛ sɛ anisoadehu no fã yi maa Yudafo no nyae?

      10 Ɛnde, anidaso bɛn na ɛbɛyɛ sɛ anisoadehu no fã yi maa Yudafo no nyae? Hesekiel tɔɔ ne bo ase kyerɛɛ wɔn sɛnea na wɔbɛkyekyɛ asaase no. Ɛbɛyɛ sɛ wei ma wohui sɛ, wɔrenkyekyɛ asaase no biarabiara, na mmom wɔbɛhyɛ da ayɛ nhyehyɛe a wɔde bɛkyekyɛ. Afei nso, anisoadehu no kyerɛe sɛ wɔbɛkyɛ asaase no mu pɛpɛɛpɛ ama mmusuakuw 12 no. Wei maa Yudafo no hui sɛ, sɛ wɔsan kɔ wɔn man mu a, wɔn mu biara benya n’ankasa asaase a ɔbɛtena so. Ná ɛremma sɛ obi bɛsan aba ɔman no mu a ɔrennya asaase anaa ofie ntena mu.

      Ɔbarima bi a ne ho te sɛ kɔbere rekyerɛ Hesekiel asaase a wɔbɛkyekyɛ no.

      NKYERƐKYERƐMU A ƐWƆ ADAKA 20A MU: Asaase No a Wɔkyekyɛe

      11. Anisoadehu a ɛfa asaase a wɔkyekyɛe ho no, dɛn na yebetumi asua afi mu? (Hwɛ adaka a wɔato din “Asaase No a Wɔkyekyɛe.”)

      11 Ɛnnɛ, nneɛma bɛn na yebetumi asua afi saa anisoadehu yi mu a ɛbɛhyɛ yɛn den? Bere a Israelfo san kɔtenaa Bɔhyɛ Asaase no so no, ɛnyɛ asɔfo, Lewifo, ne abirɛmpɔn no nko ara na wonyaa asaase tenaa so, na mmom mmusuakuw 12 no mufo nyinaa. (Hes. 45:4, 5, 7, 8) Saa ara na ɛte nnɛ wɔ honhom fam paradise no mu. Ɛnyɛ Kristofo a wɔasra wɔn no ne “nnipakuw kɛse” no mufo a wodi nneɛma anim no nko ara na wonya baabi tena wɔ honhom fam paradise no mu, na mmom nnipakuw kɛse no mufo a aka nyinaa nso nya baabi tena.a (Adi. 7:9) Enti ɛmfa ho ɔsom hokwan biara a yɛwɔ wɔ ahyehyɛde no mu no, yɛte honhom fam paradise no mu bi, na adwuma a ɛhyɛ yɛn nsa no di mũ paa. Saa asɛm yi, ɛma yɛn koma tɔ yɛn yam paa!

      Mfoni ahorow a ɛkyerɛ nneɛma a Onyankopɔn nkurɔfo a wɔwɔ hɔ nnɛ reyɛ: 1. Onuawa bi reboa ne maame a ne mfe akɔ anim ama wanom n’aduru. 2. Ɔsɛmpatrɛwfo bi retete ababaa bi a ɔyɛ ɔdawurubɔfo wɔ asɛnka mu. Wɔredi adanse wɔ mpoano. 3. Ɔbaatankoro bi ne ne mma mmienu resua Bible. 4. Gerrit Lösch redi Betel abusua no anim ama wɔayɛ daa asɛm. 5. Onuawa bi a ne mfe akɔ anim rebɔ mpae. Krataa bi a wɔakyerɛw anuanom a wogu afiase din wɔ so ne Bible da ne srɛ so. 6. Onua bi resiesie adwonsɔe wɔ Ahenni Asa so. 7. Onua bi atu ne ho ama reyɛ adwuma wɔ Nhyiam Asa bi so. Ɔrekyerɛ baabi a wɔmfa kar nsisi. 8. Anuanom bi rekyere nsɛm gu afiri so wɔ baabi a wɔkyerɛ kasa ase.

      Ɛmfa ho asɛyɛde a ɛhyɛ yɛn nsa wɔ Onyankopɔn ahyehyɛde no mu no, Yehowa ani sɔ nea yɛyɛ no (Hwɛ nkyekyɛm 11)

      Nsonsonoe Titiriw Mmienu Bi—Ɛfa Yɛn Ho Sɛn?

      12, 13. Asaase no a wɔkyekyɛ maa mmusuakuw no, akwankyerɛ pɔtee bɛn na Yehowa de mae wɔ ho?

      12 Akwankyerɛ a Yehowa de maa Hesekiel sɛ wɔnhwɛ so nkyekyɛ asaase no, ɛbɛyɛ sɛ emu bi yɛɛ Hesekiel nwonwa paa. Nea enti a ɛte saa ne sɛ, sɛ ɔde toto akwankyerɛ a Onyankopɔn de maa Mose no ho a, na nsonsonoe wom. Yɛnhwɛ nsonsonoe no mu mmienu. Baako fa asaase no ho; baako nso fa nkurɔfo a na wɔbɛtena asaase no so ho.

      13 Nea edi kan, asaase no. Yehowa ka kyerɛɛ Mose sɛ, sɛ ɔrekyɛ asaase no a, ɔmma mmusuakuw a emufo dɔɔso no de nyɛ kɛse nsen mmusuakuw a emufo nnɔɔso no de. (Num. 26:52-54) Nanso, Hesekiel anisoadehu no mu de, Yehowa hyɛɛ da kaa sɛ, wɔrekyɛ asaase no a, ɛsɛ sɛ mmusuakuw no nyinaa nya “pɛpɛɛpɛ [“obiara de bɛyɛ sɛ ne nua de,” ase hɔ asɛm].” (Hes. 47:14) Enti, nsaase 12 no mu biara, efi n’atifi fam hye so besi n’anaafo fam hye so no, na ɛsɛ sɛ emu biara kɛse yɛ pɛ. Nsaase no a na wɔbɛkyekyɛ mu pɛpɛɛpɛ saa no, na ɛkyerɛ sɛn? Bɔhyɛ Asaase no, na nsu wɔ so, na wudua nnɔbae wɔ so a, na ɛyɛ yiye paa. Enti asɛm a Yehowa kaa sɛ wɔnkyekyɛ asaase no mu pɛpɛɛpɛ no, nea ɛkyerɛ ne sɛ, nnepa a ɛwɔ Bɔhyɛ Asaase no so no, ɛbɛso Israelni biara so, ɛmfa ho abusuakuw a ofi mu.

      14. Akwankyerɛ a Yehowa de mae a na ɛfa ahɔho ho no, na ɛkɔ akyiri sen nea ɔde mae wɔ Mose Mmara no mu no. Adɛn nti na yɛreka saa?

      14 Nea ɛto so mmienu, nkurɔfo a na wɔbɛtena asaase no so. Mose Mmara no bɔɔ ahɔho ho ban, na ɛma wonyaa hokwan som Yehowa, nanso asaase de, wɔamma wɔn bi. (Lev. 19:33, 34) Nanso wo de, hwɛ asɛm bi a Yehowa ka kyerɛɛ Hesekiel. Ná ɛkɔ akyiri sen nea na waka wɔ Mose Mmara no mu no. Yehowa ka kyerɛɛ no sɛ: “Abusuakuw a ɔhɔho bi abɛsoɛ mu no, wɔn asaase so na momma no agyapade.” Saa ahyɛde a Yehowa de mae yi yii nsonsonoe kɛse bi a na ɛda “Israel man mma” ne ahɔho a wɔabɛsoɛ wɔn mu ntam no fii hɔ. (Hes. 47:22, 23) Asaase a Hesekiel hui wɔ anisoadehu mu no, ohui sɛ nkurɔfo a wɔte so no, obiara nsen ne yɔnko, na wɔde baakoyɛ resom Onyankopɔn.—Lev. 25:23.

      15. Akwankyerɛ a na ɛfa asaase no ne nkurɔfo a wɔbɛtena so ho no, ɛma yehu nokwasɛm bi a ɛfa Yehowa ho a ɛnsesa da. Ɛyɛ nokwasɛm bɛn?

      15 Asaase no ne nkurɔfo a wɔte so no ho akwankyerɛ titiriw mmienu a Yehowa de maa Hesekiel no, yebetumi aka sɛ ɛmaa Yehowa nkurɔfo no koma tɔɔ wɔn yam. Ná wonim sɛ, sɛ wɔyɛ Israel man mma oo, wɔyɛ ahɔho a wɔsom Yehowa oo, Yehowa bɛkyɛ asaase no pɛpɛɛpɛ ama wɔn. (Esra 8:20; Neh. 3:26; 7:6, 25; Yes. 56:3, 8) Akwankyerɛ a Yehowa de maa Hesekiel no san sii nokwasɛm bi a ɛka koma so dua. Ɛne sɛ, Yehowa somfo biara som bo ma no. Saa nokwasɛm yi, ɛnsesa da. (Kenkan Hagai 2:7.) Ɛnnɛ, sɛ yɛwɔ anidaso sɛ yɛbɛkɔ soro oo, yɛbɛtena asaase so oo, saa nokwasɛm no ka yɛn koma paa.

      16, 17. (a) Yɛasusuw asaase no ne nkurɔfo a wɔbɛtena so no ho akɔ akyiri. Dɛn na yesua fi mu? (b) Dɛn na yebesusuw ho wɔ ti a edi hɔ no mu?

      16 Yɛasusuw asaase no ne nkurɔfo a wɔbɛtena so no ho akɔ akyiri. Dɛn na yesua fi mu? Ɛne sɛ, ɛnnɛ ehia sɛ yɛma obiara hu sɛ Yehowa asomfo a yɛwɔ wiase nyinaa no, obiara nsen ne yɔnko, na afei nso yɛyɛ baako. Yehowa nyiyi nnipa mu. Enti ɛsɛ sɛ yebisa yɛn ho sɛ: ‘Sɛnea Yehowa nyiyi nnipa mu no, saa na me nso mete anaa? Me komam paa no, mibu me nua Kristoni biara ɛmfa ho wiase baabi a ofi ne n’asetenam nsɛm anaa?’ (Rom. 12:10) Honhom fam paradise no, yɛn soro Agya Yehowa ama yɛn mu biara kwan sɛ yɛntena mu na yemfi yɛn kra nyinaa mu nsom no, na yennya ne nhyira. Wei ma yɛn ani gye paa.—Gal. 3:26-29; Adi. 7:9.

      Anuanom mmea bi a ɛsono baabi a wofi ne mfe a wɔadi reyɛ abusua som wɔ onuawa bi a ɔte mmubuafo akongua mu fi.

      Yehowa nyiyi nnipa mu, na obu nkurɔfo paa. Saa na yɛte anaa? (Hwɛ nkyekyɛm 15, 16)

      17 Yɛabehu sɛ Hesekiel anisoadehu a etwa to no, nneɛma nnan bi wom a ɛma anidaso. Ade a ɛto so nnan no, yebehu wɔ anisoadehu no awiei. Ɛno ne sɛ, Yehowa hyɛɛ bɔ sɛ ɔne ne nkurɔfo no bɛtena. Saa bɔhyɛ no, dɛn na yebetumi asua afi mu? Yebenya ho mmuae wɔ ti a edi hɔ no mu.

      a Sɛ wopɛ sɛ wuhu hokwan ne asɛyɛde soronko a Yehowa de ama asɔfo ne obirɛmpɔn no wɔ honhom fam paradise no mu a, hwɛ nhoma yi Ti 14.

      DƐN NA WOASUA AFA NOKWARE SOM HO?

      1. Dɛn na ɛma wugye di paa sɛ honhom fam paradise bi wɔ hɔ nnɛ?

      2. Dɛn na ɛma wugye di sɛ wote honhom fam paradise no mu bi, na adwuma a ɛhyɛ wo nsa no di mũ paa?

      3. Anisoadehu a ɛfa sɛnea na wɔbɛkyekyɛ asaase no ho no, dɛn na ɛma wuhu fa Yehowa ho?

  • “Wɔbɛfrɛ Kurow No Yehowa Wɔ Hɔ”
    Nokware Som—Yehowa Ama So Bio!
    • Kurow a wɔfrɛ no ‘Yehowa Wɔ Hɔ’ no, sɛ obi gyina bepɔw tenten bi so na ɔto n’ani hwɛ a, sei na obehu no.

      TI 21

      “Wɔbɛfrɛ Kurow No Yehowa Wɔ Hɔ”

      HESEKIEL 48:35

      NEA ƐWOM: Nea kurow no ne ntoboa no kyerɛ

      1, 2. (a) Asaase no fã a na wobetwa ato hɔ no, dwuma titiriw bɛn na na wɔde bedi? (Hwɛ mfoni a ɛwɔ ti yi mfiase no.) (b) Anidaso bɛn na anisoadehu no maa Yehowa nkurɔfo no nyae?

      ANISOADEHU a etwa to a Hesekiel nyae no mu no, Yehowa ma ohui sɛ wobetwa asaase no fã bi ato hɔ de adi dwuma titiriw bi. Ná wɔremfa saa asaase no mma Israel abusuakuw bi sɛ wɔn agyapade, mmom na wɔde bɛma Yehowa sɛ ntoboa. Yehowa san kaa kurow soronko bi ho asɛm kyerɛɛ Hesekiel, na na edin a ɛda kurow no so yɛ nwonwa. Saa nsɛm yi maa Yehowa nkurɔfo no nyaa anidaso titiriw bi. Ɛne sɛ: Sɛ wɔsan kɔtena wɔn asaase a ɛda wɔn koma so no so a, Yehowa ne wɔn bɛtena.

      2 Hesekiel kaa ntoboa no ho asɛm kɔɔ akyiri. Momma yensusuw saa asɛm no ho, efisɛ Yehowa asomfo anokwafo a yɛwɔ hɔ nnɛ betumi asua nneɛma pii afi mu.

      Asaase no fã a wɔfrɛ no ‘ntoboa mũ no nyinaa’ ne kurow a wɔfrɛ no ‘Yehowa Wɔ Hɔ’ no, sɛ obi gyina bepɔw tenten bi so na ɔto n’ani hwɛ a, sei na obehu no. Asɔrefi a Hesekiel hui wɔ anisoadehu mu no si bepɔw tenten bi so, na Yehowa anuonyam ama asɔrefi no rehyerɛn. Asubɔnten bi resian fi bepɔw no so.

      “Ntoboa Kronkron” Ne “Kurow No”

      Asaase no fã a Yehowa twa too hɔ a wɔfrɛ no ‘ntoboa no,’ ɛho map ni. Asaase no fã a wɔfrɛ no ‘ntoboa mũ no nyinaa’ no, wɔde adaka bi atwa ho ahyia.

      NKYERƐKYERƐMU A ƐWƆ ADAKA 21A MU: “Asaase a Mubetwa Ayɛ Ntoboa No”

      3. Asaase a Yehowa yi sii nkyɛn no, na mmeae nnum na ɛwɔ so. Sɛn na wɔfrɛɛ emu biara, na dɛn na na wɔde emu biara bɛyɛ? (Hwɛ adaka a wɔato din “Asaase a Mubetwa Ayɛ Ntoboa No.”)

      3 Asaase a wotwa too hɔ no, woyii ne fã bi sii nkyɛn. Asaase no fã a woyi sii nkyɛn no, ɛwɔ afã nnan a ne nyinaa tenten yɛ pɛ. Efi atifi rekɔ anaafo yɛ basafa 25,000 (akwansin nwɔtwe anaa kilomita 13), na efi apuei rekɔ atɔe nso yɛ basafa 25,000. Saa asaase a ɛwɔ afã nnan yi, wɔfrɛɛ no “ntoboa mũ no nyinaa.” Wɔkyekyɛɛ asaase no mu mmiɛnsa. Ná baako wɔ atifi, baako wɔ mfinimfini, ɛnna baako wɔ anaafo. Wɔde ɔfã a ɛwɔ atifi no maa Lewifo no. Wɔde mfinimfini de no maa asɔfo no, na ɛhɔ ara nso na na wobesi asɔrefi no. Saa afã mmienu no na wɔfrɛɛ no “ntoboa kronkron” no. Ɔfã a ɛwɔ anaafo no, ɛno na na ɛyɛ ketewa, na wɔfrɛɛ no “asaase no fã a aka.” Ɛhɔ na wɔde yɛɛ “ɔmanfo asaase.” Saa asaase no so na na wɔbɛkyekye kurow no.—Hes. 48:15, 20.

      4. Ntoboa a na wobeyi ama Yehowa ho kyerɛwtohɔ no, dɛn na yebetumi asua afi mu?

      4 Ntoboa a woyi maa Yehowa ho kyerɛwtohɔ no, dɛn na yebetumi asua afi mu? Wohwɛ kyerɛwtohɔ no a, wubehu sɛ Yehowa kaa sɛ wonni kan ntwa asaase no bi mma no sɛ ntoboa titiriw ansa na wɔakyɛ asaase no fã a aka no ama mmusuakuw no. Yehowa nam wei so kyerɛe sɛ, asaase no fã a na wobetwa ato hɔ sɛ ɛhɔ na wɔbɛsom no no, ɛsɛ sɛ wɔma ɛho hia wɔn paa. (Hes. 45:1) Akyinnye biara nni ho sɛ, sɛnea na wɔbɛkyekyɛ asaase no, Yehowa nkurɔfo no suaa nneɛma pii fii mu. Ná ɛsɛ sɛ wodi kan twa bi ma Yehowa. Wei ma wohui sɛ, ɛsɛ sɛ wɔde Yehowa som di kan wɔ biribiara mu. Ɛnnɛ, saa ara na ɛsɛ sɛ yɛn nso yɛde biribiara a ɛfa Yehowa som ho di kan. Enti nneɛma bi te sɛ Onyankopɔn Asɛm a yebesua, Kristofo nhyiam a yɛbɛkɔ, ne asɛnka adwuma no de, ɛnsɛ sɛ yɛtoto no ase koraa. Sɛ yesua biribi fi nea Yehowa kae sɛ wɔnyɛ no mu a, yɛde ne som bedi kan wɔ yɛn asetenam da biara da.

      “Kurow No Bɛda Mfinimfini”

      5, 6. (a) Kurow no, na ɛbɛyɛ henanom dea? (b) Dɛn na kurow no rentumi nnyina hɔ mma, na adɛn nti na yɛreka saa?

      5 Kenkan Hesekiel 48:15. “Kurow no” ne asaase a atwa ho ahyia no, dɛn na ɛma yehu? (Hes. 48:16-18) Anisoadehu no mu no, Yehowa ka kyerɛɛ Hesekiel sɛ: ‘Kurow no asaase bɛyɛ Israel fi nyinaa dea.’ (Hes. 45:6, 7) Enti, kurow no ne asaase a atwa ho ahyia no, na ɛnka “ntoboa kronkron” a na ‘wobetwa ama Yehowa’ no ho. (Hes. 48:9) Seesei a yɛahu sɛ kurow no ne asaase a atwa ho ahyia no nka ntoboa kronkron no ho no, momma yɛnhwɛ kurow no ho nneɛma bi ne nea yebetumi asua afi mu.

      6 Sɛ yebehu nneɛma bi a yebetumi asua afa kurow no ho a, ɛsɛ sɛ yedi kan hu nea kurow no rentumi nnyina hɔ mma. Ɛrentumi nnyina hɔ mma Yerusalem kurow no a wɔsan kyekyee a na asɔrefi si mu no. Adɛn nti na yɛreka saa? Efisɛ kurow a Hesekiel hui wɔ anisoadehu mu no, na asɔrefi biara nsi mu. Afei nso, na ennyina hɔ mma kurow foforo bi a ɛwɔ asaase a Israelfo no san kɔtenaa so no so. Adɛn ntia? Efisɛ bere a Israelfo no san kɔɔ wɔn asaase so no, nkurow a wɔkyekyee no, emu biara nni hɔ a na ɛte sɛ kurow a Hesekiel hui wɔ anisoadehu mu no, na saa ara na wɔn asefo nso ankyekye kurow bi a ɛte saa. Afei nso, na kurow no rentumi nnyina hɔ mma kurow bi a ɛwɔ soro. Adɛn ntia? Efisɛ asaase a wɔkyekyee kurow no wɔ so no, na ɛyɛ “baabi a obiara tumi kɔ [anaa ɛnyɛ asaase kronkron].” Saa kurow no, wɔankyekye wɔ asaase a na wɔatwa ato hɔ ama Yehowa som nkutoo no so.—Hes. 42:20.

      7. Kurow a Hesekiel hui no, na ɛyɛ kurow bɛn, na ɛbɛyɛ sɛ egyina hɔ ma dɛn? (Hwɛ mfoni a ɛwɔ ti yi mfiase no.)

      7 Ɛnde, kurow a Hesekiel hui no, na ɛyɛ kurow bɛn? Momma yɛnhyɛ no nsow sɛ, anisoadehu a Hesekiel huu asaase no wom no, ɛno ara mu nso na ohuu kurow no. (Hes. 40:2; 45:1, 6) Onyankopɔn Asɛm ma yehu sɛ, asaase no gyina hɔ ma honhom fam asaase bi, enti kurow no nso bɛyɛ honhom fam kurow. Ɛnde yemmisa sɛ, sɛ yɛte asɛmfua “kurow” a, dɛn na ɛba yɛn adwene mu? Nea ɛba yɛn adwene mu ne nnipakuw bi a wɔabom te faako na wɔwɔ nhyehyɛe ahorow a ɛboa ma nneɛma kɔ so pɛpɛɛpɛ wɔ hɔ. Kurow a Hesekiel hui no, na biribiara kɔ so pɛpɛɛpɛ wom, na na n’afã nnan no nyinaa tenten yɛ pɛ. Enti ɛbɛyɛ sɛ kurow no gyina hɔ ma asoɛe bi a ɛhwɛ toto nneɛma.

      Kurow a wɔfrɛ no ‘Yehowa Wɔ Hɔ’ no, sɛ obi gyina bepɔw tenten bi so na ɔto n’ani hwɛ a, sei na obehu no.

      8. Henanom na asoɛe a ɛhwɛ toto nneɛma no hwɛ wɔn so, na adɛn nti na yɛreka saa?

      8 Henanom na saa asoɛe no hwɛ wɔn so? Anisoadehu a Hesekiel nyae no ma yehu sɛ, saa kurow no yɛ adwuma wɔ honhom fam asaase no so. Enti Onyankopɔn nkurɔfo na saa asoɛe no kyerɛ wɔn kwan. Anisoadehu no kyerɛe sɛ, baabi a wɔkyekyee kurow no, obiara tumi kɔ hɔ, anaa ɛnyɛ asaase kronkron. Ɛno nso kyerɛ sɛn? Ɛkyerɛ sɛ, kurow no gyina hɔ ma asoɛe bi a ɛwɔ asaase so, na mmom ɛnyɛ nea ɛwɔ soro. Saa asoɛe no yɛ adwuma de boa wɔn a wɔwɔ honhom fam paradise no mu nyinaa.

      9. (a) Saa asoɛe yi a ɛwɔ asaase so no, henanom na wɔwom nnɛ? (b) Dɛn na Yesu bɛyɛ wɔ Mfirihyia Apem no mu?

      9 Asoɛe yi a ɛhwɛ toto nneɛma wɔ asaase so no, henanom na wɔwom? Wohwɛ anisoadehu a Hesekiel nyae no a, wubehu sɛ onii a ɔda aban asoɛe no ano no, wɔfrɛɛ no “obirɛmpɔn.” (Hes. 45:7) Ná ɔyɛ ɔhwɛfo wɔ kurow no mu, nanso na ɔnyɛ ɔsɔfo anaa Lewini. Enti obirɛmpɔn yi ma yɛn adwene kɔ ahwɛfo a wɔwɔ Kristofo asafo no mu so, titiriw wɔn a wɔmfaa honhom nsraa wɔn no. Ahwɛfo yi ka “nguan foforo” no ho. Wɔyɛ Kristo ahenni a ɛwɔ soro no asomfo a wɔwɔ asaase so. Wɔbrɛ wɔn ho ase, na Onyankopɔn nkurɔfo a wɔhwɛ wɔn so no, wodwen wɔn ho. (Yoh. 10:16) Mfirihyia Apem nniso a ɛreba no mu no, Yesu bɛpaw “mpanyimfo” a wɔfata de nnwuma ahyehyɛ wɔn nsa wɔ “asaase nyinaa so.” (Dw. 45:16) Mpanyimfo no bɛboa Onyankopɔn nkurɔfo wɔ Mfirihyia Apem no mu, na akwankyerɛ a ɔsoro Ahenni no de bɛma wɔn na wɔde bɛyɛ wɔn adwuma no.

      “Yehowa Wɔ Hɔ”

      10. Kurow no din de sɛn, na awerɛhyem bɛn na ɛma obi nya?

      10 Kenkan Hesekiel 48:35. Kurow no din de “Yehowa Wɔ Hɔ.” Saa din yi, ɛma awerɛhyem sɛ, obiara a ɔbɛtena kurow no mu no bɛte nka sɛ Yehowa wɔ hɔ. Saa kurow no a Yehowa de kyerɛɛ Hesekiel no, na ɛda asaase no mfinimfini. Enti na ɛte sɛ nea Yehowa reka akyerɛ ne nkurɔfo no sɛ: ‘Me ne mo bɛtena bio!’ Saa asɛm yi ka koma paa!

      11. Hesekiel anisoadehu a ɛfa kurow no ne kurow no din ho no, dɛn na yebetumi asua afi mu?

      11 Hesekiel nkɔmhyɛ no fã yi, dɛn na yebetumi asua afi mu? Kurow no din ma Onyankopɔn asomfo nya awerɛhyem sɛ, Yehowa ka n’asomfo anokwafo a wɔwɔ asaase so nnɛ no ho, na ɔne wɔn bɛtena daa. Kurow no din san ma yehu nokwasɛm titiriw bi. Ɛne sɛ: Ɛnyɛ nea enti a wɔkyekyee kurow no ne sɛ wɔde tumi bɛhyɛ nnipa bi nsa, na mmom sɛ́ ɛbɛhwɛ atoto nneɛma sɛnea Yehowa pɛ; ɔdɔ ne ntease mu. Ɛho nhwɛso ne sɛ, Yehowa mfa nhyɛɛ asoɛe no nsa sɛ ɛnkyekyɛ asaase no mu sɛnea wɔn ankasa pɛ. Mmom, Yehowa hwɛ kwan sɛ asaase anaa hokwan biara a ɔde ama obi no, wɔn a wɔwɔ asoɛe no mu no bɛhwɛ de obiara de ama no. ‘Mmɔborɔwafo’ mpo, na ɛsɛ sɛ wɔde wɔn de ma wɔn.—Mmeb. 19:17; Hes. 46:18; 48:29.

      12. (a) Ade foforo bɛn na ɛda nsow wɔ kurow no ho, na dɛn na ɛma yehu? (b) Anisoadehu no fã yi, ade titiriw bɛn na ahwɛfo a wɔwɔ Kristofo asafo no mu betumi asua afi mu?

      12 Kurow a ne din de “Yehowa Wɔ Hɔ” no, ade foforo bɛn na ɛda nsow wɔ ho? Nkurow a na ɛwɔ hɔ tete no, na wɔto afasu twa ho hyia de bɔ ho ban, na na wɔmma ɛho apon nnɔɔso. Nanso saa kurow yi de, ɛwɔ apon 12! (Hes. 48:30-34) Apon pii a ɛdeda kurow no ano no (kurow no afã nnan no mu biara wɔ apon mmiɛnsa) ma yehu sɛ, mpanyimfo a wɔhwɛ kurow no so no, Onyankopɔn nkurɔfo nyinaa tumi bɛn wɔn, na bere biara a wohia mpanyimfo no, wɔn nsa ka wɔn. Afei nso, apon 12 a ɛdeda kurow no ho no ma yehu sɛ obiara, kyerɛ sɛ, “Israel fi nyinaa” tumi kɔ mu. (Hes. 45:6) Sɛnea apon pii deda kurow no ano a enti obiara tumi kɔ mu no, ahwɛfo a wɔwɔ Kristofo asafo no mu betumi asua biribi titiriw afi mu. Ɛne sɛ, Yehowa pɛ sɛ wɔyɛ nkurɔfo a honhom fam paradise no mufo tumi bɛn wɔn. Afei nso, sɛ wɔn mu bi hia ahwɛfo no a, ɛnsɛ sɛ ɛyɛ den sɛ wɔn nsa bɛka wɔn.

      Asafo mu panyin bi ne mmofra bi rebɔ nkɔmmɔ wɔ Ahenni Asa so; ɔrehwɛ mfoni bi a mmofra no adrɔdrɔ.

      Ahwɛfo a wɔwɔ Kristofo asafo no mu no, obiara tumi bɛn wɔn, na bere biara a obi behia wɔn nso, ne nsa ka wɔn (Hwɛ nkyekyɛm 12)

      Onyankopɔn Nkurɔfo ‘Bɛba Abɛsom’ Na ‘Wɔayɛ Kurow No Mu Adwuma’

      13. Yehowa kaa nkurɔfo bi a na wɔbɛyɛ nnwuma ahorow ho asɛm. Dɛn na ɔka faa adwuma a wɔn mu biara bɛyɛ ho?

      13 Asaase a na wɔbɛkyekyɛ ho anisoadehu a Hesekiel nyae no, ohuu nneɛma pii wom. Momma yɛnsan nkɔ so bio, na yɛnhwɛ nneɛma foforo bi a Hesekiel hui. Yehowa kaa nkurɔfo bi a wɔbɛyɛ nnwuma ahorow ho asɛm. Asɔfo no, na ‘wɔbɛsom wɔ kronkronbea hɔ.’ Wɔn na na wɔbɛbɔ afɔre ahorow na wɔakɔ Yehowa anim akɔsom no. Lewifo no nso, na ‘wɔbɛsom wɔ asɔrefi hɔ.’ Wɔn na na ‘wɔbɛhwɛ asɔrefi hɔ ayɛ emu som adwuma nyinaa ne biribiara a ɛsɛ sɛ wɔyɛ wɔ hɔ.’ (Hes. 44:14-16; 45:4, 5) Afei nso, na adwumayɛfo bi bɛyɛ adwuma de aboa kurow no. Henanom ne saa adwumayɛfo yi?

      14. Sɛ yɛhwɛ adwumayɛfo a na wɔbɛyɛ adwuma de aboa kurow no a, dɛn na ɛma yɛkae?

      14 Adwumayɛfo a na wɔbɛyɛ adwuma de aboa kurow no, na wofi “Israel mmusuakuw nyinaa” mu. Adwuma bɛn na na wɔbɛyɛ de aboa kurow no? Ná wɔn adwuma ne sɛ wɔbɛdɔw mfuw ama ‘kurow no mu adwumayɛfo adi mu nnɔbae.’ (Hes. 48:18, 19) Adwuma a na adwumayɛfo no yɛ no, ɛma yɛkae hokwan bi a yɛn nso yɛanya nnɛ anaa? Yiw. Ɛnnɛ, yɛn a yɛwɔ honhom fam paradise no mu nyinaa anya hokwan sɛ yɛbɛboa Kristo nuanom a wɔasra wɔn no ama wɔayɛ adwuma a ɛhyɛ wɔn nsa no. Afei nso, yɛanya hokwan sɛ yɛbɛboa “nnipakuw kɛse” no mufo a Yehowa de ahyɛ wɔn nsa sɛ wonni nneɛma anim no. (Adi. 7:9, 10) Ɔkwan titiriw baako a yɛbɛfa so aboa anuanom yi ne sɛ yebefi yɛn komam atie akwankyerɛ a akoa nokwafo no de ma yɛn no.

      15, 16. (a) Ade foforo bɛn na ɛwɔ Hesekiel anisoadehu no mu a yebetumi asua biribi afi mu? (b) Nnwuma bɛn na yɛanya hokwan reyɛ a ɛte sɛ nea na adwumayɛfo no bɛyɛ no?

      15 Ade foforo wɔ Hesekiel anisoadehu no mu a ɛboa yɛn ma yehu biribi fa asɛnka adwuma a yɛreyɛ no ho. Ɛyɛ dɛn? Yehowa kyerɛe sɛ, wuyi Lewifo no si nkyɛn a, mmusuakuw 12 a aka no bɛyɛ adwuma wɔ mmeae mmienu: asɔrefi no adiwo hɔ ne kurow no asaase a wodua nnɔbae wɔ so no so. Saa mmeae yi mu biara no, dɛn na na wɔbɛyɛ wɔ hɔ? Asɔrefi no adiwo hɔ no, na mmusuakuw no nyinaa bɛba hɔ abɛbɔ afɔre de ‘asom’ Yehowa. (Hes. 46:9, 24) Kurow no asaase no nso, na mmusuakuw no nyinaa bɛba so abɛyɛ mfuw de aboa kurow no. Dɛn na yebetumi asua afi adwumayɛfo yi hɔ?

      16 Nnwuma a na adwumayɛfo no bɛyɛ wɔ Hesekiel anisoadehu no mu no, ɛnnɛ nnipakuw kɛse no mufo anya hokwan reyɛ nnwuma bi a ɛte saa. Wɔbɔ ayeyi afɔre de som Yehowa “wɔ n’asɔrefi.” (Adi. 7:9-15) Akwan a wɔfa so bɔ ayeyi afɔre ne sɛ wɔyɛ asɛnka adwuma no. Afei nso, wɔkɔ Kristofo nhyiam a wɔma mmuae, na wɔto nnwom de yi Yehowa ayɛ. Saa nneɛma yi a wɔyɛ de som Yehowa no, wobu no sɛ ɛno na ɛho hia paa wɔ wɔn asetena mu. (1 Be. 16:29) Weinom da nkyɛn a, nneɛma foforo pii wɔ hɔ a Onyankopɔn nkurɔfo bebree yɛ de boa ahyehyɛde no. Ebi ne sɛ, wɔboa ma wosisi Ahenni Asa ne Betel adan ahorow, na wosiesie saa adan yi nso. Afei nso, nnwuma foforo pii a Yehowa ahyehyɛde no yɛ no, wɔboa ma ɛkɔ so. Ebinom nso de wɔn sika boa. Enti yɛbɛka a, nnwuma ahorow a wɔyɛ yi nyinaa, ɛte sɛ nea wɔreyɛ mfuw wɔ asaase no so, na wɔyɛ ne nyinaa de ‘hyɛ Onyankopɔn anuonyam.’ (1 Kor. 10:31) Wɔde nsi ne anigye na ɛyɛ saa nnwuma yi, efisɛ wonim sɛ “afɔrebɔ a ɛtete saa no sɔ” Yehowa ani paa. (Heb. 13:16) Saa nnwuma yi, woayere wo ho reyɛ bi anaa?

      Nkurɔfo kurakura nnɔbae, na ebinom rehwɛ anantwi ne nguan wɔ kurow a wɔfrɛ no ‘Yehowa Wɔ Hɔ’ no pon ano.

      Hesekiel kaa nnwuma bi a na ɛbɛkɔ so wɔ kurow no apon ano ho asɛm. Dɛn na yebetumi asua afi mu? (Hwɛ nkyekyɛm 14-16)

      “Yɛretwɛn Ɔsoro Foforo Ne Asaase Foforo”

      17. (a) Anisoadehu a Hesekiel nyae no, sɛn na ebenya mmamu kɛse daakye? (b) Adwuma a asoɛe no bɛyɛ wɔ Mfirihyia Apem no mu no, henanom na wobenya so mfaso?

      17 Anisoadehu a Hesekiel nyae a ɛfa ntoboa no ho no, ebenya mmamu kɛse daakye anaa? Yiw! Wo de hwɛ: Hesekiel hui sɛ asaase no fã a wɔfrɛ no “ntoboa kronkron” no, na ɛda asaase no mfinimfini. (Hes. 48:10) Saa ara na Armagedon akyi no, ɛmfa ho baabiara a yɛbɛtena wɔ asaase so no, Yehowa ne yɛn bɛtena. (Adi. 21:3) Mfirihyia Apem no mu no, Yehowa bɛpaw asoɛe bi wɔ asaase so. Wɔn a wɔwɔ saa asoɛe no na Onyankopɔn de bɛhyɛ wɔn nsa sɛ wɔnhwɛ mmoa ne nkurɔfo. Adwuma a asoɛe no bɛyɛ wɔ Mfirihyia Apem no mu no, emu bɛtrɛw akɔ wiase baabiara. Wɔde akwankyerɛ pa bɛma wɔn a wɔyɛ “asaase foforo” no mufo nyinaa.—2 Pet. 3:13.

      18. (a) Adɛn nti na yebetumi anya awerɛhyem sɛ biribiara a saa asoɛe no bɛyɛ no, ɛne Onyankopɔn apɛde behyia? (b) Awerɛhyem bɛn na kurow no din ma yenya?

      18 Adɛn nti na yebetumi anya awerɛhyem sɛ biribiara a saa asoɛe no bɛyɛ no, ɛne Onyankopɔn apɛde behyia pɛpɛɛpɛ? Efisɛ Onyankopɔn Asɛm ma yehu pefee sɛ, saa asoɛe anaa kurow a ɛwɔ asaase so a ɛwɔ apon 12 no, ɛte sɛ kurow bi a ɛwɔ soro a ɛno nso wɔ apon 12. Saa kurow no ne Yerusalem Foforo no, na egyina hɔ ma 144,000 a wɔne Kristo bedi ade no. (Adi. 21:2, 12, 21-27) Wei ma yehu sɛ gyinae biara a Onyankopɔn Ahenni no besi wɔ soro no, ɛno ara na asoɛe a ɛwɔ asaase so no bɛhwɛ de ayɛ adwuma. Anokwa, kurow no din a ɛne “Yehowa Wɔ Hɔ” no, ɛma yɛn mu biara nya awerɛhyem sɛ nokware som ase betim, na ebenya nkɔso daa wɔ Paradise. Daakye papa bi da yɛn anim ampa!

      DƐN NA WOASUA AFA NOKWARE SOM HO?

      1. Anisoadehu a ɛfa ntoboa a na ɛsɛ sɛ wɔde ma Yehowa ho no, sɛn na ɛboa wo ma wuhu nea ɛsɛ sɛ wode di kan wɔ w’asetena mu?

      2. Wobɛyɛ dɛn aboa ama nnwuma a akoa nokwafo no yɛ no akɔ so?

      3. Dɛn na ɛho hia wo paa wɔ w’asetena mu?

Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
Fi Mu
Kɔ Mu
  • Twi
  • Fa Mena
  • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
  • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
  • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
  • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • JW.ORG
  • Kɔ Mu
Fa Mena