Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • rr kr. 194-195
  • Yehowa Abɔ Nnipa Kɔkɔ Sɛ Ɔko Kɛse Bi Reba

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Yehowa Abɔ Nnipa Kɔkɔ Sɛ Ɔko Kɛse Bi Reba
  • Nokware Som—Yehowa Ama So Bio!
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • TETE ISRAELFO BERE SO
  • ASOMAFO NO BERE SO
  • ƐNNƐ MMERE MU
  • “M’abufuw Bɛdɛw”
    Nokware Som—Yehowa Ama So Bio!
  • Ahurusidi wɔ “Nna a Edi Akyiri” no Mu
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1986
  • Ɔhene-Kofoni No Di Nkonim wɔ Harmagedon
    Adiyisɛm—N’awiei Koraa Abɛn!
  • Yehowa Twe Ne Nkrante Fi Ne Boha Mu!
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1988
Hwɛ Pii Ka Ho
Nokware Som—Yehowa Ama So Bio!
rr kr. 194-195
Hesekiel de kɔkɔbɔ bi a Yehowa de ama no reto gua.

NKYERƐKYERƐMU A ƐWƆ ADAKA 18A MU

Yehowa Abɔ Nnipa Kɔkɔ Sɛ Ɔko Kɛse Bi Reba

Nkɔmhyɛ pii wɔ Bible mu a ɛbɔ nkurɔfo kɔkɔ sɛ ɔko kɛse bi reba, na wɔn a wɔsɔre tia Yehowa ne ne nkurɔfo no, ɔnam ɔko no so bɛsɛe wɔn nyinaa. Saa nkɔmhyɛ no kakraa bi na wɔahyehyɛ wɔ ase ha no. Wo de, hwɛ sɛnea saa kɔkɔbɔ ahorow no di nsɛ. Afei hyɛ no nsow sɛ, Yehowa ayɛ nhyehyɛe a ɛbɛma nnipa nyinaa ate saa kɔkɔbɔ no na wɔayɛ ho biribi.

TETE ISRAELFO BERE SO

HESEKIEL: “‘Mɛma sekan aba [Gog] so wɔ me mmepɔw nyinaa so.’ . . . Awurade Tumfo Yehowa asɛm ni.”—Hes. 38:18-23.

YEREMIA: “[Yehowa] ankasa bebu nnipa nyinaa atɛn. Na ɔde abɔnefo bɛma sekan.”—Yer. 25:31-33.

DANIEL: “Ɔsoro Nyankopɔn no de ahenni bi bɛba. . . . Ebebubu ahenni ahorow yi nyinaa asɛe no.”—Dan. 2:44.

ASOMAFO NO BERE SO

YESU: ‘Ahohiahia kɛse a efi wiase mfiase besi nnɛ, ebi mmae da, bɛba.’—Mat. 24:21, 22.

PAUL: ‘Yesu ne n’abɔfo a wɔwɔ tumi no de asotwe bɛba wɔn a wonnim Onyankopɔn no so.’—2 Tes. 1:6-9.

PETRO: “Yehowa da no bɛba sɛ ɔkorɔmfo, . . . na asaase ne emu nnwuma bɛda adi.”—2 Pet. 3:10.

YOHANE: ‘Sekan tenten bi a ano yɛ nnam apue afi Yesu anom, a ɔde bekunkum amanaman no.’—Adi. 19:11-18.

ƐNNƐ MMERE MU

Wɔakyerɛ Bible ase kɔ kasa pii mu sen nhoma biara, na ɛno nso ne nhoma a nnipa dodow no ara wɔ bi sen nhoma biara

YEHOWA ASOMFO A WƆWƆ HƆ NNƐ . . .

  • Kyekyɛ Bible ho nhoma ɔpepepem pii wɔ kasa ɔhaha pii mu

  • De nnɔnhwerew ɔpepehaha pii ka asɛmpa no afe biara

Yehowa Adansefo baanu ne awarefo bi resua Bible.

San kɔ ti 18, nkyekyɛm 13, 14

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena