-
Dɛn Ne Onyankopɔn Ahenni?Wubetumi Anya Anigye Daa!—Nhoma a Yɛde Bɔ Bible Mu Nkɔmmɔ
-
-
ADESUA 31
Dɛn Ne Onyankopɔn Ahenni?
Onyankopɔn Ahenni no ne ade titiriw a Bible no ka ho asɛm. Yehowa nam saa Ahenni no so bɛma asaase no asan ayɛ Paradise. Yemmisa sɛ, Ahenni no koraa, ɛyɛ dɛn? Yɛyɛ dɛn hu sɛ afi ase redi tumi? Dɛn na Ahenni no atumi ayɛ, na dɛn na ɛbɛyɛ daakye? Adesua yi ne adesua mmienu a edi hɔ no bɛma yɛanya saa nsɛmmisa yi ho mmuae.
1. Dɛn ne Onyankopɔn Ahenni, na hena na ɔyɛ so Hene?
Onyankopɔn Ahenni no yɛ aban bi a Yehowa Nyankopɔn ahyehyɛ wɔ soro, na Yesu Kristo na ɔyɛ so Hene. (Mateo 4:17; Yohane 18:36) Bible ka Yesu ho asɛm sɛ: ‘Obedi Hene afebɔɔ.’ (Luka 1:32, 33) Ɛrenkyɛ, Yesu a ɔyɛ Onyankopɔn Ahenni no so Hene no bedi nnipa a ɛwɔ asaase nyinaa so.
2. Henanom na wɔne Yesu bedi ade?
Ɛnyɛ Yesu nko ara na obedi ade. Onyankopɔn ayi nnipa bi afi “abusua ne kasa ne nkurɔfo ne ɔman biara mu . . . na wɔbɛyɛ ahemfo na wɔadi asaase so.” (Adiyisɛm 5:9, 10) Nnipa dodow sɛn na wɔne Kristo bedi ade? Nea enti a yɛrebisa saa ne sɛ, efi bere a ɔbaa asaase so besi nnɛ, nnipa bebree abɛyɛ n’akyidifo. Enti wɔn nyinaa na wɔbɛkɔ soro ne no akodi ade anaa? Daabi. Wɔn mu 144,000 pɛ na wɔbɛkɔ akɔka ne ho ne no adi ade. (Kenkan Adiyisɛm 14:1-4.) Kristofo a aka nyinaa bɛtena asaase so, na Onyankopɔn Ahenni no adi wɔn so.—Dwom 37:29.
3. Adɛn nti na Onyankopɔn Ahenni no yɛ papa sen nnipa aban?
Atumfoɔ a wɔwɔ hɔ no, wɔn mu bi wɔ hɔ a, wɔbɔ mmɔden sɛ wɔbɛyɛ nneɛma pa. Nanso ɛno mpo no, ɛnyɛ biribiara na wotumi yɛ. Ɛno da nkyɛn a, obi foforo tumi besi wɔn ananmu. Ɛtɔ da a, nea ɔbɛba abesi wɔn ananmu no, ebia na onni ɔmanfo no ho adwempa. Nanso Yesu a ɔyɛ Onyankopɔn Ahenni so Hene no, ɔremfi so, na obi abesi n’ananmu. Onyankopɔn Ahenni no de, ‘wɔrensɛe no da.’ (Daniel 2:44) Yesu bedi asaase nyinaa so. Ɔrenyɛ nyiyim; ɔne obiara bedi no pɛpɛɛpɛ. Ɔwɔ ɔdɔ, ne yam ye, na ɔmpɛ nsisi, na ɔbɛboa nnipa nyinaa ama wɔanya ɔdɔ ne ayamye. Afei, ɔbɛhwɛ ama obiara ne ne yɔnko adi no yiye.—Kenkan Yesaia 11:9.
SUA PII KA HO
Ɔfã yi bɛma yɛahu nea enti a Onyankopɔn Ahenni no yɛ papa sen nnipa aban.
4. Onyankopɔn Ahenni no yɛ aban a ɛwɔ tumi a ebedi asaase nyinaa so
Ahemfo ne atumfoɔ a wɔwɔ hɔ nnɛ ne wɔn a wɔabɛsen kɔ nyinaa, Yesu Kristo wɔ tumi sen wɔn koraa. Monkenkan Mateo 28:18. Muwie a munsusuw asɛmmisa yi ho:
Adɛn nti na yebetumi aka sɛ, Yesu wɔ tumi koraa sen ahemfo ne atumfoɔ a wodi nnipa so no?
Nnipa aban de, ɛnnɛ wei bedi so a, ɔkyena na foforo aba. Afei nso, wɔn mu biara nni hɔ a odi asaase nyinaa so. Onyankopɔn Ahenni no nso ɛ? Monkenkan Daniel 7:14. Muwie a munsusuw nsɛmmisa yi ho:
Sɛnea Bible no aka no, ‘wɔrensɛe Onyankopɔn Ahenni no da.’ Adɛn nti na wei yɛ asɛmpa?
Onyankopɔn Ahenni bedi asaase nyinaa so. Wei nso yɛ asɛmpa. Adɛn ntia?
5. Ɛsɛ sɛ woyi nnipa aban nyinaa fi hɔ
Adɛn nti na ɛsɛ sɛ Onyankopɔn Ahenni besi nnipa aban ananmu? Hwɛ VIDEO yi. Muwie a munsusuw asɛmmisa yi ho:
Ɔhaw bɛn na nnipa amammu akɔfa aba?
Monkenkan Ɔsɛnkafo 8:9. Muwie a munsusuw nsɛmmisa yi ho:
Wohwɛ a, ɛsɛ sɛ Onyankopɔn Ahenni besi nnipa aban ananmu anaa? Adɛn nti na woreka saa?
6. Wɔn a wobedi Onyankopɔn Ahenni no so no te yɛn ase
Yɛn Hene Yesu ‘te yɛn mmerɛwyɛ ase,’ efisɛ wayɛ onipa pɛn. (Hebrifo 4:15) Nnipa 144,000 a wɔne Yesu bɛbom adi ade no, wɔyɛ mmarima ne mmea anokwafo a wofi “abusua ne kasa ne nkurɔfo ne ɔman biara mu.”—Adiyisɛm 5:9.
Yesu ne wɔn a wɔne no bedi ade no atena asaase so pɛn, enti wɔte nnipa ase. Wei ma wote nka sɛn? Adɛn nti na woreka saa?
Wɔn a Yehowa ayi wɔn sɛ wɔne Yesu nkodi ade no, wofi aman ahorow nyinaa so
7. Mmara a Onyankopɔn Ahenni no ahyehyɛ no yɛ papa koraa sen mmara a nnipa ahyehyɛ
Aban biara hyehyɛ mmara sɛnea ɛbɛyɛ a ne manfo benya so mfaso, na abɔ wɔn ho ban. Onyankopɔn Ahenni no nso wɔ mmara a ɛsɛ sɛ ne manfo no di so. Monkenkan 1 Korintofo 6:9-11. Muwie a munsusuw nsɛmmisa yi ho:
Sɛ obiara de Onyankopɔn mmara reyɛ adwuma a, wohwɛ a, anka sɛn na wiase bɛyɛ?a
Yehowa hwɛ kwan sɛ wɔn a Ahenni no bedi wɔn so no de ne mmara bɛyɛ adwuma. Wohwɛ a, ntease wom? Adɛn nti na woreka saa?
Wɔn a wɔmfa Onyankopɔn Ahenni no mmara nyɛ adwuma no, dɛn na ɛma yehu sɛ wobetumi asesa?—Hwɛ nkyekyɛm 11.
Aban biara hyehyɛ mmara sɛnea ɛbɛyɛ a ne manfo benya so mfaso, na abɔ wɔn ho ban. Mmara a Onyankopɔn Ahenni no ahyehyɛ no yɛ papa koraa sen mmara a nnipa aban ahyehyɛ
OBI BETUMI ABISA SƐ: “Dɛn ne Onyankopɔn Ahenni?”
Sɛ obi bisa saa a, wubeyi ano sɛn?
NEA YƐASUA
Onyankopɔn Ahenni no yɛ aban a ɛwɔ soro, na ebedi asaase nyinaa so.
Ntimu
Henanom na wobedi Onyankopɔn Ahenni no so?
Adɛn nti na Onyankopɔn Ahenni no yɛ papa sen nnipa aban?
Wɔn a Onyankopɔn Ahenni no bedi wɔn so no, sɛn na Yehowa pɛ sɛ wɔbɔ wɔn bra?
YƐ NHWEHWƐMU
Ɛhe na Ahenni no wɔ? Kenkan saa asɛm yi, na wubehu nea Yesu ka faa ho.
Onyankopɔn Ahenni no ho hia Yehowa Adansefo koraa sen nnipa aban. Adɛn ntia?
Nnipa 144,000 a Yehowa ayi wɔn sɛ wɔne Yesu nkodi ade no, kenkan saa asɛm yi, na wubehu nea Bible ka fa wɔn ho.
Dɛn na ɛboaa maame bi a na ɔda afiase ma ohuu sɛ Onyankopɔn nko ara na obetumi ayi nsisi ne ntɛnkyea afi wiase yi mu?
“Mibehuu Sɛ Onyankopɔn Nko Ara Na Obetumi Ayi Nsisi Afi Hɔ” (Nyan!)
a Yebesusuw saa mmara no bi ho wɔ Ɔfã 3.
-
-
Onyankopɔn Ahenni Redi Tumi!Wubetumi Anya Anigye Daa!—Nhoma a Yɛde Bɔ Bible Mu Nkɔmmɔ
-
-
ADESUA 32
Onyankopɔn Ahenni Redi Tumi!
Onyankopɔn Ahenni afi ase redi tumi wɔ soro. Efii ase afe 1914. Saa bere no nso na awiei mmere no fii ase. Wei kyerɛ sɛ, ɛrenkyɛ nnipa amammu bɛba awiei. Yɛrebɛhwɛ Bible nkɔmhyɛ bi a ɛma yehu saa. Afei, Bible ma yehu sɛ awiei mmere no mu no, nnipa bɛda suban ahorow bi adi, na nneɛma bi besisi wɔ wiase. Yebesusuw ɛno nso ho.
1. Bible nkɔmhyɛ bɛn na ɛma yehu sɛ, Ahenni no fii ase dii tumi afe 1914?
Daniel nhoma no kaa “mmere ason” bi ho asɛm. Ɛkaa sɛ, saa mmere nson no ba awiei a, Onyankopɔn Ahenni no befi ase adi tumi. (Daniel 4:16, 17) Mmere nson a Daniel nhoma no kaa ho asɛm no, bere a Yesu baa asaase no, ɔno nso kaa ho asɛm wɔ ɔkwan foforo so. Ɔkaa sɛ ɛyɛ “mmere a wɔde ama amanaman no,” na ɔkyerɛɛ mu sɛ, saa bere no nnya mmaa awiei. (Luka 21:24) Adesua yi mu no, yebehu sɛ mmere nson no baa awiei wɔ afe 1914 mu.
2. Efi afe 1914 reba no, nneɛma bɛn na asisi wɔ wiase, na suban bɛn na nnipa ada no adi?
Bere bi, Yesu asuafo no bisaa no sɛ: “Dɛn na ɛbɛyɛ wo mmae ho sɛnkyerɛnne, na sɛ wiase yi awiei bere no du a, dɛn na ɛbɛyɛ ho sɛnkyerɛnne?” (Mateo 24:3) Yesu maa wohuu sɛ, sɛ wɔde no si agua so sɛ Onyankopɔn Ahenni so Hene a, nneɛma bi te sɛ akokoakoko, aduankɔm, ne asaasewosow besisi. (Kenkan Mateo 24:7.) Afei nso, Bible ka too hɔ sɛ, “awiei mmere” no mu no, suban a nnipa bɛda no adi no bɛma asetena ‘ayɛ den.’ (2 Timoteo 3:1-5) Efi afe 1914 reba no, nneɛma a Yesu kaa sɛ ebesisi no, kɔ ara na ɛrekɔ anim, na nnipa abrabɔ nso sɛe ara na ɛresɛe.
3. Adɛn nti na efi bere a Onyankopɔn Ahenni fii ase dii tumi no, wiase no agye nsam saa?
Bere a wɔde Yesu sii agua so sɛ Onyankopɔn Ahenni so Hene no, ankyɛ koraa na ɔne Satan ne n’abɔfo koe wɔ soro. Satan dii nkogu, na Bible ka sɛ, “wɔtow no kyenee asaase so, na wɔtow n’abɔfo kaa ne ho gui.” (Adiyisɛm 12:9, 10, 12) Satan bo afuw paa, efisɛ onim sɛ Onyankopɔn bɛsɛe no. Ɛyaw ne amanehunu a abu so wɔ wiase nyinaa, ɔno na ɔhyɛ akyi. Enti, ɛnyɛ nwonwa sɛ nneɛma agye nsam wɔ wiase saa! Nanso, ɔhaw a Satan akɔfa aba no, Onyankopɔn Ahenni beyi ne nyinaa afi hɔ.
SUA PII KA HO
Yɛyɛ dɛn hu sɛ Ahenni no fii ase dii tumi afe 1914, na dɛn na ɛsɛ sɛ ɛka yɛn ma yɛyɛ? Yebenya nsɛmmisa yi ho mmuae wɔ saa ɔfã yi mu.
4. Bible no boa yɛn ma yetumi bu akontaa hu sɛ, afe 1914 na Onyankopɔn Ahenni fii ase dii tumi
Onyankopɔn maa Babilon Hene Nebukadnesar soo dae bi. Ná dae no fa biribi a ebesi daakye ho. Wohwɛ dae no ne sɛnea Daniel kyerɛɛ ase no a, wuhu sɛ ɛmfa Nebukadnesar ahenni nko ara ho. Mmom, na ɛsan fa Onyankopɔn Ahenni no nso ho.—Monkenkan Daniel 4:17.a
Kenkan Daniel 4:20-26. Wuwie a, nsɛm a wɔahyehyɛ wɔ kratafa 133 no, hwɛ so na fa bua nsɛmmisa a edidi so yi:
(A) Dɛn na Nebukadnesar soo ho dae? —Hwɛ nkyekyɛm 20 ne 21.
(B) Wɔbɛyɛ dua no dɛn?—Hwɛ nkyekyɛm 23.
(D) Sɛ “mmere ason” no ba awiei a, dɛn na ebesi?—Hwɛ nkyekyɛm 26.
Dua a Nebukadnesar Soo Ho Dae No, Ɛfa Onyankopɔn Ahenni No Ho Sɛn?
NKƆMHYƐ NO (Daniel 4:20-36)
Ahenni
(A) Dua tenten kɛse bi
Wobetwa Ahenni no so
(B) “Muntwa dua no,” na momma ‘mmere ason ntwam’
Ahenni no bɛsan adi tumi
(D) “W’ahenni no bɛsan abedi wo nsam bio”
Nkɔmhyɛ no baa mu mprenu. Bere a edi kan no, . . .
(E) Ná dua no gyina hɔ ma hena? —Hwɛ nkyekyɛm 22.
(Ɛ) Bere bɛn na wotwaa n’ahenni no so?—Kenkan Daniel 4:29-33.
(F) “Mmere ason” no baa awiei no, dɛn na ɛtoo Nebukadnesar?—Kenkan Daniel 4:34-36.
SƐNEA ƐBAA MU—NEA EDI KAN
Ahenni
(E) Babilon Hene Nebukadnesar
Wobetwa Ahenni no so
(Ɛ) Afe 606 awiei mu hɔ baabi no, Nebukadnesar bɔɔ dam, enti wantumi anni ade mfe nson
Ahenni no bɛsan adi tumi
(F) Nebukadnesar dam no tetee n’ani so, na obedii hene bio
Bere a nkɔmhyɛ no baa mu ne mprenu so no . . .
(G) Ná dua no gyina hɔ ma dɛn?—Kenkan 1 Beresosɛm 29:23.
(H) Bere bɛn na wotwaa ahenni no so? Yɛyɛ dɛn hu sɛ bere a Yesu wɔ asaase so no, na ahenni no nsan mmedii tumi?—Kenkan Luka 21:24.
(I) Bere bɛn na ahenni no san fii ase dii tumi, na esii wɔ he?
SƐNEA ƐBAA MU—NEA ƐTO SO MMIENU
Ahenni
(G) Israel ahemfo a na wɔte Onyankopɔn agua so anaa wɔyɛ Onyankopɔn Ahenni no ananmusifo
Wobetwa Ahenni no so
(H) Bere a wɔsɛee Yerusalem no, obiara ansi Yehowa ananmu anni hene wɔ Israel mfe 2,520
Ahenni no bɛsan adi tumi
(I) Wɔde Yesu sii agua so sɛ Onyankopɔn Ahenni so Hene wɔ soro
Mmere nson no tenten yɛ sɛn?
Sɛ yɛkan kyerɛwsɛm bi na yɛnte ase a, kyerɛwsɛm afoforo betumi aboa yɛn ama yɛate ase. Yɛbɛyɛ nhwɛso a, Adiyisɛm nhoma no ma yehu sɛ mmere mmiɛnsa ne fã yɛ nnafua 1,260. (Adiyisɛm 12:6, 14) Sɛ yɛde mmere mmiɛnsa ne fã bɔ ho mmienu a, yebenya mmere nson. Saa ara na sɛ yɛde nnafua 1,260 bɔ ho mmienu a, yebenya nnafua 2,520. Wohwɛ Bible no mu a, ɛtɔ da a, wotumi de da koro gyina hɔ ma afe. (Hesekiel 4:6) Saa pɛpɛɛpɛ na ɛte wɔ nkɔmhyɛ yi mu. Ɛno nti, mmere nson a Daniel nhoma no ka ho asɛm no yɛ mfe 2,520.
5. Efi afe 1914 reba no, wiase asesa
Yesu ka too hɔ sɛ, sɛ wɔde no si agua so sɛ Ɔhene a, nneɛma bi besisi wɔ wiase. Monkenkan Luka 21:9-11. Muwie a munsusuw asɛmmisa yi ho:
Nneɛma a Yesu kaa sɛ ebesisi no, emu nea ɛwɔ he na w’ankasa wode w’ani ahu anaa woate ho asɛm?
Ɔsomafo Paul ma yehuu sɛ, sɛ aka kakraa ama nnipa amammu aba awiei a, nnipa bɛda suban ahorow bi adi. Monkenkan 2 Timoteo 3:1-5. Muwie a munsusuw asɛmmisa yi ho:
Suban ahorow a ɔsomafo Paul bobɔɔ so no, emu nea ɛwɔ he na woahu sɛ nnipa reda no adi nnɛ?
6. Yɛ biribi fa kyerɛ sɛ wugye di sɛ Onyankopɔn Ahenni no redi tumi
Monkenkan Mateo 24:3, 14. Muwie a munsusuw nsɛmmisa yi ho:
Adwuma titiriw bɛn na ɛrekɔ so nnɛ a ɛma yehu sɛ, Onyankopɔn Ahenni no afi ase redi tumi?
Wobɛyɛ dɛn atumi ayɛ saa adwuma no bi?
Onyankopɔn Ahenni no afi ase redi tumi, na ɛrenkyɛ koraa, ebedi asaase nyinaa so. Monkenkan Hebrifo 10:24, 25. Muwie a munsusuw asɛmmisa yi ho:
Seesei a yɛahu sɛ “ɛda no rebɛn no,” dɛn na ɛsɛ sɛ yɛn mu biara yɛ?
Sɛ wuhu biribi a ebetumi aboa afoforo na agye wɔn nkwa a, dɛn na wobɛyɛ?
OBI BETUMI ABISA SƐ: “Adɛn nti na Yehowa Adansefo ka sɛ afe 1914 yɛ afe titiriw?”
Sɛ obi bisa wo saa asɛm no a, wubeyi ano sɛn?
NEA YƐASUA
Nkɔmhyɛ ne nneɛma a ɛrekɔ so wɔ wiase no da nkyɛn a, Bible no san boa yɛn ma yetumi bu akontaa hu sɛ, Onyankopɔn Ahenni no afi ase redi tumi. Sɛ yɛka Ahenni no ho asɛm kyerɛ nkurɔfo na yɛkɔ asafo nhyiam a, ɛkyerɛ sɛ yegye di sɛ afi ase redi tumi.
Ntimu
Bere a mmere nson a Daniel nhoma no kaa ho asɛm no baa awiei no, dɛn na esii?
Dɛn na ɛma wugye di paa sɛ Onyankopɔn Ahenni no fii ase dii tumi afe 1914?
Dɛn na wubetumi ayɛ de akyerɛ sɛ wugye di sɛ, Ahenni no afi ase redi tumi?
YƐ NHWEHWƐMU
Abakɔsɛm akyerɛwfo ne afoforo ka sɛ efi afe 1914 reba no, wiase no asesa koraa. Kenkan saa asɛm yi, na wubehu nsɛm a wɔaka no bi.
Kenkan saa asɛm yi, na wubehu sɛnea nkɔmhyɛ a ɛwɔ Mateo 24:14 no boaa ɔbarima bi.
Yɛyɛ dɛn hu sɛ nkɔmhyɛ a ɛwɔ Daniel ti 4 no fa Onyankopɔn Ahenni no ho? Kenkan saa asɛm yi, na wubehu.
“Bere Bɛn na Onyankopɔn Ahenni Fii Ase Dii Tumi?—Ɔfã 1” (Ɔwɛn-Aban, October 1, 2014)
Adanse bɛn na ɛma yehu sɛ, “mmere nson” a Daniel ti 4 kaa ho asɛm no baa awiei wɔ afe 1914?
“Bere Bɛn na Onyankopɔn Ahenni Fii Ase Dii Tumi? (Ɔfã 2)” (Ɔwɛn-Aban, November 1, 2014)
a Ɔfã a yɛato din Yɛ Nhwehwɛmu a ɛwɔ adesua yi mu no, sɛ wudu hɔ a, kenkan Ɔwɛn-Aban mmienu a etwa to no, na wubenya asɛm yi ho nkyerɛkyerɛmu pii.
-
-
Dɛn Na Onyankopɔn Ahenni No Bɛyɛ?Wubetumi Anya Anigye Daa!—Nhoma a Yɛde Bɔ Bible Mu Nkɔmmɔ
-
-
ADESUA 33
Dɛn Na Onyankopɔn Ahenni No Bɛyɛ?
Sɛnea yɛabehu no, Onyankopɔn Ahenni no afi ase redi tumi wɔ soro, na ɛrenkyɛ koraa, ɛbɛba abɛsesa nneɛma pii wɔ asaase so. Nneɛma pa a Ahenni no bɛyɛ ama yɛn no, yebesusuw bi ho wɔ adesua yi mu.
1. Ɔkwan bɛn so na Onyankopɔn Ahenni no bebu atɛntrenee, na ama obiara anya asomdwoe wɔ asaase yi so?
Armagedon ko no mu no, Yesu a ɔyɛ Onyankopɔn Ahenni so Hene no bɛsɛe abɔnefo, na wayi nnipa aban nyinaa afi hɔ. (Adiyisɛm 16:14, 16) Bible hyɛ yɛn bɔ sɛ: “Aka kakraa bi na nnebɔneyɛfo nni hɔ bio.” Armagedon ko no bɛma saa asɛm no aba mu. (Dwom 37:10) Yesu nam Ahenni no so bebu atɛntrenee, na wama asomdwoe ahyɛ asaase so ma.—Kenkan Yesaia 11:4.
2. Sɛ obiara a ɔwɔ asaase so yɛ nea Onyankopɔn pɛ a, wohwɛ a asetena bɛyɛ sɛn?
Sɛ Onyankopɔn Ahenni no bedi asaase so a, ‘asaase no bɛba abɛyɛ atreneefo dea, na wɔbɛtena so daa.’ (Dwom 37:29) Wo de, fa no sɛ obiara a ɔwɔ asaase so yɛ nneɛma pa nko ara, obiara dɔ Yehowa ne ne yɔnko nipa, na yare ne owu nni hɔ. Wohwɛ a, anka asetena bɛyɛ sɛn?
3. Sɛ wɔsɛe abɔnefo wie a, dɛn na Onyankopɔn Ahenni no bɛyɛ?
Sɛ wɔsɛe abɔnefo wie a, Yesu bedi ade mfe 1,000. Saa bere no, ɔne wɔn a wɔne no bedi ade a wɔn dodow yɛ 144,000 no bɛboa nnipa a wɔwɔ asaase so ama wɔade wɔn ho afi bɔne ho. Ɛntɔ ara sɛ mfirihyia 1000 no bɛba awiei no, na asaase nyinaa adan paradise. Saa bere no, nnipa nyinaa ani begye, efisɛ wɔde Yehowa mmara bɛyɛ adwuma. Ɛno akyi no, Yesu bɛsan de Ahenni no ama ne Papa, Yehowa. Efi saa bere no rekɔ no, Yehowa ‘din ho bɛtew,’ na obiara nni hɔ a obegu ne din ho fĩ bio. (Mateo 6:9, 10) Obiara bɛba abehu sɛ Yehowa yɛ Sodifo papa a odwen ne nkurɔfo ho. Afei Yehowa bɛsɛe Satan, abɔfo bɔne no, ne obiara a ɔbɛsɔre atia ne tumidi. (Adiyisɛm 20:7-10) Nneɛma pa ne nhyira a Onyankopɔn Ahenni no de bɛba asaase so no, ɛbɛtena hɔ afebɔɔ.
SUA PII KA HO
Nneɛma a Bible ahyɛ bɔ sɛ yɛn nsa bɛka daakye no, ɔfã yi bɛboa yɛn ama yɛahu nea enti a yebetumi agye adi sɛ, Onyankopɔn nam n’Ahenni no so bɛyɛ ama yɛn.
4. Onyankopɔn Ahenni beyi nnipa aban nyinaa afi hɔ
Bible ka sɛ: “Onipa di onipa so ma ewie no bɔne.” (Ɔsɛnkafo 8:9) Ɔbrɛ ne amanehunu a nnipa aban akɔfa aba nyinaa, Yehowa nam n’Ahenni no so beyi afi hɔ.
Monkenkan Daniel 2:44 ne 2 Tesalonikafo 1:6-8. Muwie a munsusuw nsɛmmisa yi ho:
Nnipa aban ne wɔn akyitaafo nyinaa, dɛn na Yehowa ne ne Ba Yesu de bɛyɛ wɔn?
Wohwɛ nea woasua afa Yehowa ne Yesu ho no a, wohwɛ a, sɛ wɔrebu nnipa atɛn a, wobebu atɛnkyea anaa wobebu atɛntrenee? Adɛn nti na woreka saa?
5. Yesu yɛ Ɔhene a ɔfata
Yesu a ɔyɛ Onyankopɔn Ahenni no so Hene no bɛyɛ nneɛma pii de aboa nnipa a wɔbɛtena asaase so no. Hwɛ VIDEO yi, na wubehu sɛ, Yesu adi kan ayɛ nneɛma bi a ɛkyerɛ sɛ ɔpɛ sɛ ɔboa nnipa. Wobɛsan ahu sɛ, Onyankopɔn ama no tumi a ɔde bɛyɛ saa.
Bere a Yesu wɔ asaase so no, ɔyɛɛ nneɛma bi a ɛbɛma yɛahu nea Onyankopɔn Ahenni no bɛyɛ daakye. Nhyira a edidi so yi mu nea ɛwɔ he na worehwɛ kwan denneennen? Nhyira biara a wubedu so no, ɛyɛ a kenkan kyerɛwnsɛm a ɛka ho no.
BERE A YESU WƆ ASAASE SO NO . . .
SEESEI YESU WƆ SORO, NA DAAKYE . . .
ɔmaa mframa denneennen bi a ɛrebɔ gyaee.—Marko 4:36-41.
obesiesie asaase no ama asan asi ne dedaw mu.—Yesaia 35:1, 2.
ɔyɛɛ anwonwade ma nnipa pii nyaa aduan dii.—Mateo 14:17-21.
obeyi ɔkɔm afi hɔ.—Dwom 72:16.
ɔsaa ayarefo pii yare.—Luka 18:35-43.
obeyi yare nyinaa afi hɔ, na obiara benya apɔwmuden.—Yesaia 33:24.
onyanee awufo.—Luka 8:49-55.
obenyan wɔn a wɔawuwu no, na obeyi owu nso afi hɔ.—Adiyisɛm 21:3, 4.
6. Onyankopɔn Ahenni no de nhyira pii bɛbrɛ yɛn
Ná Yehowa pɛ sɛ nnipa nya asetena papa paa, wɔn ani gye, na wɔtena ase daa wɔ paradise asaase so. Ahenni no na ɛbɛma nnipa anya saa asetena no. Nneɛma a Yehowa abɔ ne tirim sɛ ɔbɛyɛ ama nnipa no, ɔnam ne Ba Yesu so bɛma yɛn nsa aka. Hwɛ VIDEO yi, na wubehu adwuma a Yesu reyɛ, na ama yɛn nsa aka saa nhyira no.
Monkenkan Dwom 145:16. Muwie a munsusuw asɛmmisa yi ho:
Kyerɛwsɛm yi ma yehu sɛ Yehowa bɛma ‘ɔteasefo biara anya nea ohia nyinaa.’ Wei ma wote nka sɛn?
EBINOM KA SƐ: “Sɛ nnipa a wɔwɔ wiase nyinaa yɛ baako a, anka wobetumi ayi wiase haw afi hɔ.”
Ɔhaw ahorow bɛn na Onyankopɔn Ahenni no beyi afi hɔ a nnipa aban rentumi nyi mfi hɔ da?
NEA YƐASUA
Nneɛma a Onyankopɔn abɔ ne tirim sɛ ɔbɛyɛ no, ɔnam n’Ahenni no so bɛyɛ ne nyinaa. Obesiesie asaase no ama ayɛ paradise, na ɔde ama apapafo atena so, na wɔbɛsom no afebɔɔ.
Ntimu
Sɛn na Onyankopɔn Ahenni no bɛma Yehowa din ho atew?
Nhyira ahorow a Bible ahyɛ bɔ sɛ yɛn nsa bɛka no, adɛn nti na yebetumi agye adi sɛ Onyankopɔn Ahenni no bɛma ne nyinaa abam?
Nhyira a Ahenni no de bɛba no, emu nea ɛwɔ he na worehwɛ kwan denneennen?
YƐ NHWEHWƐMU
Kenkan saa asɛm yi, na wubehu nea Armagedon kyerɛ ankasa.
Yesu kaa sɛ “ahohiahia kɛse” bi bɛba. Sɛ saa bere no du a, nneɛma bɛn na ebesisi? Kenkan saa asɛm yi, na wubehu.
Nhyira a Onyankopɔn Ahenni no de bɛba daakye no, hwɛ sɛnea mmusua betumi abom adwinnwen ho.
Kenkan asɛm a yɛato din “Ná Nsɛm Pii Kyere M’adwene” a ɛwɔ Ɔwɛn-Aban yi mu no, na wubehu sɛnea ɔbarima bi a na ɔyɛ ɔmammɔfo nyaa ne nsɛmmisa ho mmuae.
-