Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w12 2/1 kr. 8-9
  • Bere Bɛn Na Harmagedon Ko No Bɛba?

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Bere Bɛn Na Harmagedon Ko No Bɛba?
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2012
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Nkɔmhyɛ a Ɛreba Mu Nnɛ
  • Nkɔmhyɛ a Ɛbɛba Mu Nnansa Yi Ara
  • Ɛbɛka Wo Dɛn?
  • Asomdwoe, Ahotɔ, ne ‘Aboa no Honi No’
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1986
  • Sɛnea Wiase Yi Bɛba Awiei
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2012
  • Ɔhene no Ko Wɔ Harmagedon
    “W’Ahenni Mmra”
  • Ahenni No Redi Tumi!
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Nea Adesua Nsɛm Wom)—2022
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2012
w12 2/1 kr. 8-9

Bere Bɛn Na Harmagedon Ko No Bɛba?

“Mihui, na hwɛ! nnipakuw kɛse bi a obiara ntumi nkan wɔn, a wofi amanaman ne mmusuakuw ne nnipa ne kasa nyinaa mu . . . Eyinom na wofi ahohiahia kɛse no mu.”—ADIYISƐM 7:9, 14.

BIRIBIARA kyerɛ sɛ Harmagedon ko no abɛn paa. Dɛn na ɛma yehu saa?

Seesei mpo Yehowa wɔ asomfo a wɔde Bible mmara a edi mu no bɔ wɔn bra wɔ wiase nyinaa. Onyankopɔn mmoa so no, wɔreboaboa nnipa mpempem pii ano afi aman ne mmusua ne kasa ahorow nyinaa mu ayɛ wɔn kuw biako wɔ koroyɛ mu. Saa biakoyɛ yi wɔ Yehowa Adansefo mu.—Yohane 13:35.

Ɛrenkyɛ, Satan bɛboaboa ne dɔm ano na ɔde n’anibere nyinaa atow ahyɛ nnipa a wɔpɛ asomdwoe yi so; ɛbɛyɛ n’ani so sɛ saa nnipa yi nni ahobammɔ biara. (Hesekiel 38:8-12; Adiyisɛm 16:13, 14, 16) Wobɛyɛ dɛn ahu sɛ saa asɛm yi yɛ nokware? Bible ma yehu nneɛma pɔtee bi a ebesisi ama yɛahu bere a Harmagedon bɛba. Seesei mpo emu pii resisi.

Nkɔmhyɛ a Ɛreba Mu Nnɛ

Yesu asuafo no bisaa no nea ɛbɛma nnipa ahu sɛ “bere a ɛwɔ hɔ yi awiei” adu. (Mateo 24:3) Bere a Yesu remma ho mmuae no, ɔkae sɛ bere bi bɛba a “ɔman bɛsɔre atia ɔman na ahenni atia ahenni, na aduankɔm ne asasewosow bɛba mmeaemmeae.” Afei ɔkae sɛ: “Eyinom nyinaa yɛ awoko yaw mfiase.” (Mateo 24:7, 8) Ɔsomafo Paulo nso frɛɛ saa bere no “nna a edi akyiri,” na ɔkae sɛ saa nna no, “mmere a emu yɛ den bɛba.” (2 Timoteo 3:1) Wunnye nni sɛ nea nkɔmhyɛ no kae no ara na ɛrekɔ so nnɛ no?

Dɛn na ɛbɛma mmere no mu ayɛ den saa? Ɔsomafo Yohane kyerɛ nea ɛbɛma aba saa. Ɔka too hɔ sɛ ‘bere tiaa bi bɛba’ ama wɔaka Satan ne n’adaemone ahyɛ asase so ha, na ɛha nkutoo na wobetumi ayɛ adwuma. Wɔka Satan ho asɛm sɛ saa bere no, ‘ne bo befuw denneennen.’ (Adiyisɛm 12:7-12) Wunhu sɛ ɛnnɛ abufuw ne atirimɔden ahyɛ nnipa mã wɔ wiase baabiara?

Bio nso Yesu kae sɛ saa ahokyere kɛse bere no mu no, adwuma kɛse bi bɛkɔ so. Ɔkaa ho asɛm sɛ: “Wɔbɛka [Onyankopɔn] ahenni ho asɛmpa yi wɔ asase so nyinaa de adi amanaman nyinaa adanse; ɛno ansa na awiei no bɛba.” (Mateo 24:14) Ɛnnɛ, Yehowa Adansefo de kasa bɛboro 500 reka Onyankopɔn Ahenni ho asɛmpa wɔ aman 235 ne akyi mu. Wotintim Bible ho nhoma abien bi a wɔato din Ɔwɛn-Aban ne Nyan! na ɛno ne nhoma a wɔkyekyɛ no pii sen nhoma foforo biara wɔ wiase. Adansefo no akyerɛ Bible no ase kɔ kasa bɛyɛ 100 mu. Adwuma a wɔyɛ no, wɔn ankasa na wotu wɔn ho ma, na ntoboa a efi komam nkutoo na wɔde yɛ adwuma no. Wunnye nni sɛ asɛnka adwuma kɛse yi remma Yesu nkɔmhyɛ no aba mu?

Bio nso Bible ma yehu nneɛma a ebesisi a ɛbɛkɔ akɔfa Yehowa Nyankopɔn ne n’atamfo ko no aba. Ma yɛnhwɛ nkɔmhyɛ a ɛte saa no abiɛsa a ɛbɛba mu nnansa yi ara.

Nkɔmhyɛ a Ɛbɛba Mu Nnansa Yi Ara

Nkɔmhyɛ 1. Bible ka sɛ amanaman no de “asomdwoe ne dwoodwoo” ho amanneɛbɔ kɛse bi bɛto gua. Ɛbɛyɛ wɔn sɛ wɔreyɛ atu wɔn haw akɛse ase. Nanso nsɛm a ebesisi wɔ saa amanneɛbɔ no akyi no renyɛ asomdwoe koraa.—1 Tesalonikafo 5:1-3.

Nkɔmhyɛ 2. Ɛno akyi no, wiase atumfoɔ bɛtow ahyɛ nyamesom akuw a ɛwɔ wiase nyinaa so. Bible mu no, wɔde akekaboa bi gyina hɔ ma atumfoɔ no, na wɔde ɔbea bi a ɔte aboa no so gyina hɔ ma atoro som a ɛwɔ wiase. (Adiyisɛm 17:3, 15-18) Bere a aboa no ani bɛba ne ho so no, na wayɛ nea Onyankopɔn pɛ asɛe ɔsom ahorow a wɔkyerɛ sɛ wɔsom Onyankopɔn no.

Ɔsomafo Yohane de sɛnkyerɛnne kyerɛɛ sɛnea nneɛma bɛkɔ. Ɔka sɛ: “Na mmɛn du a wuhui no, ne afei aboa no, eyinom bɛtan aguaman no na wɔayɛ no pasaa na wɔama wada adagyaw, na wobedi ne nam na wɔde ogya ahyew no pasaa. Onyankopɔn na ɔde hyɛɛ wɔn komam sɛ wɔmma ne nsusuwii mmra mu.”—Adiyisɛm 17:16, 17.

Nkɔmhyɛ 3. Sɛ Satan di atoro som so nkonim wie a, ɔbɛka amanaman no abom ma wɔatow ahyɛ Yehowa Nyankopɔn asomfo so.—Adiyisɛm 7:14; Mateo 24:21.

Ɛbɛka Wo Dɛn?

Sɛ wunnyaa kwan nsuaa Bible no yiye a, ɛbɛyɛ den ama wo sɛ wubegye nsɛm yi adi. Nanso wubetumi anya gyidi sɛ ne nyinaa bɛba mu, na ɛrenkyɛ koraa, nsɛm yi nyinaa besisi. Bible nkɔmhyɛ pii a aba mu dedaw no na ɛma yenya saa awerɛhyem no.a

Yehowa Adansefo gye di paa sɛ “ade nyinaa so Tumfoɔ Nyankopɔn da kɛse no mu ko no” abɛn pɛɛ. Adɛn nti na wunnye bere mfa nhwehwɛ nea enti a wogye di saa ne nea enti a ɛnsɛ sɛ wusuro saa da no? Ma wɔne wo nsusuw Bible no ho na woahu nea ɛsɛ sɛ woyɛ na Yehowa Nyankopɔn de wo aka wɔn a ɔbɛbɔ wɔn ho ban no ho. (Adiyisɛm 16:14) Nea wubesua no betumi ama woasesa w’adwene wɔ daakye ho.

[Ase hɔ asɛm]

a Sɛ wopɛ Bible nkɔmhyɛ ahorow a aba mu ho adanse a, hwɛ nhoma a wɔato din Dɛn na Bible Kyerɛkyerɛ Ankasa? a Yehowa Adansefo atintim no, ti 2, ne ti 9.

[Asɛm a wɔafa aka wɔ kratafa 8]

Wunnye nni sɛ Yehowa Adansefo adwuma no remma Bible nkɔmhyɛ aba mu?

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena