Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w12 4/1 kr. 16-17
  • Adɛn Nti na Wɔbɔ Kristofo Asu?

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Adɛn Nti na Wɔbɔ Kristofo Asu?
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2012
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Woyere Wo Ho Bɔ Asu a, Wubenya Nhyira!
    Wubetumi Anya Anigye Daa!—Nhoma a Yɛde Bɔ Bible Mu Nkɔmmɔ
  • Woasiesie Wo Ho Sɛ Wobɛbɔ Asu Anaa?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Nea Adesua Nsɛm Wom)—2020
  • Nea W’asubɔ no Kyerɛ
    Som Nokware Nyankopɔn Koro No
  • Nea W’asubɔ no Kyerɛ
    Biako a Wɔayɛ De Resom Nokware Nyankopɔn Koro No
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2012
w12 4/1 kr. 16-17

Sua Biribi Fi Onyankopɔn Asɛm Mu

Adɛn Nti na Wɔbɔ Kristofo Asu?

Nea yɛrebɛka ho asɛm wɔ ha yi yɛ nsɛmmisa a ebia woabisa pɛn, na ɛbɛkyerɛ wo faako a wubetumi anya ho mmuae wɔ wo Bible mu. Yehowa Adansefo ani begye ho sɛ wɔne wo bɛbɔ ho nkɔmmɔ.

1. Yɛka asubɔ a, dɛn na ɛkyerɛ ma Kristofo?

Sɛ obi bɔ asu a, ɛkyerɛ sɛ ɔreka akyerɛ Onyankopɔn sɛ ɔpɛ sɛ ɔne no nya ayɔnkofa a emu yɛ den. Enti, sɛ Kristoni nyin na sɛ otumi sua Onyankopɔn ho ade na ɔbɛyɛ Yesu suani a, saa bere no na ɛsɛ sɛ ɔbɔ no asu, na ɛnyɛ bere a ɔyɛ abofra. (Asomafo Nnwuma 8:12; 1 Petro 3:21) Sɛ yesua Yesu ahyɛde ho ade na yedi so a, ɛno na ɛma yɛyɛ n’asuafo.—Kenkan Mateo 28:19, 20.

Yesu asomafo no bere so no, nnipa pii suaa Onyankopɔn ne Yesu ho ade a wɔantwentwɛn wɔn nan ase koraa. Ɛho nhwɛso biako ne sɛ, bere bi a ɔbarima bi behui sɛ Yesu wu no abue kwan ama nkwagye no, ɔbɛyɛɛ osuani ɛhɔ ara. Ɛnnɛ, nnipa komapafo pii abɛyɛ Yesu akyidifo.—Kenkan Asomafo Nnwuma 8:26-31, 35-38.

2. Adɛn nti na wɔbɔɔ Yesu asu?

Bere a Osuboni Yohane de Yesu hyɛɛ Asubɔnten Yordan mu no, na Yesu adi mfe bɛyɛ 30. Yesu asubɔ no kyerɛ sɛ na wasi gyinae sɛ ɔbɛyɛ nea Onyankopɔn pɛ sɛ ɔno Yesu no yɛ. (Hebrifo 10:7) Ná afei ɔde ne nkwa bɛbɔ afɔre ama adesamma bɔne. Ansa na Yesu refi soro aba asase so mpo no, na ɔdɔ n’Agya Yehowa, na na otie no bere nyinaa.—Kenkan Marko 1:9-11; Yohane 8:29; 17:5.

3. Adɛn nti na ɛsɛ sɛ wɔbɔ Kristoni asu?

Yɛn tebea nte sɛ Yesu de no, efisɛ yɛn de, wɔwoo yɛn bɔne mu. Nanso, Yesu afɔrebɔ wu no ama yɛanya hokwan sɛ yebetumi ne Onyankopɔn anya ayɔnkofa a emu yɛ den. (Romafo 5:10, 12; 12:1, 2) Ebetumi ayɛ yiye paa sɛ Onyankopɔn de yɛn bɛka n’abusua ho. (2 Korintofo 6:18) Yɛbɛyɛ dɛn anya saa hokwan yi? Gye sɛ yɛbɔ mpae wɔ kokoam hyira yɛn ho so ma Yehowa, na yɛhyɛ no bɔ sɛ yɛbɛyɛ n’apɛde yɛn nkwa nna nyinaa. Sɛ yehyira yɛn ho so wie a, ɛsɛ sɛ yɛbɔ asu ma nnipa hu sɛ yɛahyira yɛn ho so.—Kenkan Mateo 16:24; 1 Petro 4:2.

4. Nneɛma bɛn na ɛsɛ sɛ woyɛ na woafata ama asubɔ?

Yehowa Adansefo ne obiara a ɔpɛ sɛ ɔbɛn Onyankopɔn no sua Bible. Sɛ wusua Bible na wokɔ Kristofo nhyiam a, ɛhyɛ Onyankopɔn mu gyidi ne ɔdɔ a wowɔ ma no no mu den. Ɛbɛsan aboa wo ama woanya suban pa. Sɛ woma ɔdɔ, gyidi ne suban pa a wowɔ no yɛ kɛse a, ɛbɛboa wo ama woadi bɔ a woahyɛ sɛ wobɛsom Yehowa daa no so.—Kenkan Yohane 17:3; Hebrifo 10:24, 25.

Sɛ wopɛ nsɛm pii a, hwɛ nhoma a Yehowa Adansefo atintim yi, Dɛn na Bible Kyerɛkyerɛ Ankasa? ti  18.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena