Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w12 8/15 kr. 3-7
  • “Me Ne Mo Wɔ Hɔ”

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • “Me Ne Mo Wɔ Hɔ”
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2012
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • NNIPA BENYA “NIMDEƐ A EDI MU”
  • “NNIPA BEBREE” BENYA “NIMDEƐ A EDI MU”
  • ‘NIMDEƐ A EDI MU ADƆƆSO’
  • ONYANKOPƆN HO NIMDEƐ BƐHYƐ ASASE SO MÃ
  • Adesamma Hia Onyankopɔn Ho Nimdeɛ
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1996
  • Wɔawo Ahenni no Wɔ Soro
    Onyankopɔn Ahenni Redi Tumi!
  • Ɛyɛɛ Dɛn na Wɔsan Huu Bible Mu Nokware No?
    Henanom Na Wɔreyɛ Yehowa Apɛde Nnɛ?
  • Nimdeɛ a Yebenya Nnɛ Ne Daa
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2005
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2012
w12 8/15 kr. 3-7

“Me Ne Mo Wɔ Hɔ”

“Nnipa bebree bɛtweetwee mu, na nimdeɛ a edi mu bɛdɔɔso.”—DAN. 12:4.

WUBEBUA DƐN?

Ɔkwan bɛn so na nnipa anya “nimdeɛ a edi mu” wɔ yɛn bere yi so?

Dɛn na ama nnipa “bebree” ahu nokware no?

Ɔkwan bɛn so na nokware nimdeɛ ‘adɔɔso’?

1, 2. (a) Dɛn na ɛma yehu sɛ Yesu ne yɛn wɔ hɔ nnɛ na daakye nso ɔbɛka yɛn ho? (b) Sɛnea Daniel 12:4 kyerɛ no, sɛ nnipa tɔ wɔn bo ase hwehwɛ Kyerɛwnsɛm no mu a, dɛn na ebefi mu aba?

FA NO sɛ wowɔ Paradise. Anɔpa biara wosɔre a wuhu sɛ wo ho asisi wo ho so. Wo ho baabiara mmu wo dwɛ, enti wode anigye na ɛsɔre fi wo mpa so. Yare biara a ɛhyehyɛ wo ho atu ayera. Afei w’ani hu ade yiye, w’asom atew wann, wo tɛkrɛma te biribiara dɛ pɛpɛɛpɛ, wo hwene yɛ adwuma kama; wo nipadua nyinaa di mũ. Wote apɔw, adwuma a woyɛ ma w’ani gye, wowɔ nnamfo bebree. Ɔhaw de, wo ne no to nkwanta a, moapae. Nhyira yi ara na yɛn nsa bɛka wɔ Onyankopɔn Ahenni ase. Yɛn Hene Yesu Kristo behyira nnipa na wakyerɛkyerɛ wɔn Yehowa ho ade.

2 Saa bere no Yehowa bɛboa n’asomfo anokwafo ma wɔn nso akyerɛkyerɛ afoforo ma wɔahu ne ho nsɛm. Efi tete nyinaa Onyankopɔn ne ne Ba no aboa anokwafo ma wɔakyerɛkyerɛ afoforo. Ansa na Yesu rekɔ soro no, ɔka kyerɛɛ n’asuafo anokwafo sɛ ɔbɛka wɔn ho. (Monkenkan Mateo 28:19, 20.) Sɛ yɛhwɛ nkɔmhyɛ a Daniel kyerɛwee wɔ Babilon no mu asɛm tiaa bi a, ɛbɛma yɛagye adi paa sɛ Yesu ne yɛn wɔ hɔ. Ɔkyerɛw nkɔmhyɛ no, bɛboro mfe 2,500 ni. Daniel kyerɛwee sɛ “awiei bere” yi mu no, “nnipa bebree bɛtweetwee mu, na nimdeɛ a edi mu bɛdɔɔso.” (Dan. 12:4) Hebri asɛmfua a wɔakyerɛ ase ‘tweetwee’ no yɛ kasakoa, na ɛkyerɛ sɛ obi bɛtɔ ne bo ase ahwehwɛ biribi mu. Hwɛ nhyira ara a wɔn a wɔtɔ wɔn bo ase tweetwee Kyerɛwnsɛm no mu benya! Wɔbɛte Onyankopɔn Asɛm no ase yiye na wɔanya nimdeɛ a edi mũ. Nkɔmhyɛ no kae nso sɛ “nimdeɛ a edi mu bɛdɔɔso.” Wɔn a wonya saa nimdeɛ no begye atom na wɔn nso de nokware no akyerɛkyerɛ afoforo. Nnipa a wɔwɔ mmaa nyinaa betumi asua nokware no. Afei momma yɛnhwɛ sɛnea nkɔmhyɛ yi abam. Eyi bɛma yɛagye adi paa sɛ Yesu ne n’asuafo wɔ hɔ nnɛ, na ɛbɛma yɛahu nso sɛ Yehowa bɛma ne bɔhyɛ nyinaa abam.

NNIPA BENYA “NIMDEƐ A EDI MU”

3. Asomafo no wu akyi no, “nimdeɛ a edi mu” yɛɛ dɛn?

3 Asomafo no wu akyi no, nnipa pii wae fii nokware Kristosom ho sɛnea na Paulo aka no. (Aso. 20:28-30; 2 Tes. 2:1-3) “Nimdeɛ a edi mu” bɔɔ nnipa bebree mfe pii. Ɛnyɛ wɔn a wonnim Bible ho hwee nko na nimdeɛ a ɛte saa bɔɔ wɔn na mmom wɔn a wɔfrɛ wɔn ho Kristofo nso. Kristoman Asɔfo no kae sɛ wogye Kyerɛwnsɛm no di nanso wɔkyerɛkyerɛɛ atosɛm anaa “adaemone nkyerɛkyerɛ” a egu Onyankopɔn ho fĩ. (1 Tim. 4:1) Enti na nkurɔfo te sum mu a wonnim Onyankopɔn ho hwee. Awaefo kyerɛkyerɛɛ wɔn sɛ Onyankopɔn yɛ Baasakoro, onipa wɔ ɔkra a enwu, na afei wɔkae sɛ wɔhyew akra bi wɔ gya mu afebɔɔ.

4. Ɔkwan bɛn so na Kristofo bi fii ase hwehwɛɛ “nimdeɛ a edi mu” wɔ afe 1870 ne 1880 ntam hɔ?

4 Afe 1870 ne 1880 ntam hɔ no nneɛma sesae. Ná aka bɛyɛ mfe 40 ma “nna a edi akyiri” no afi ase. Ná Kristofo kakra a wɔwɔ koma pa wɔ Pennsylvania, U.S.A., na wohyiae tɔɔ wɔn bo ase suaa Bible hwehwɛɛ “nimdeɛ a edi mu.” (2 Tim. 3:1) Ná wɔfrɛ wɔn ho Bible Asuafo. Ɛnyɛ eyinom ne “anyansafo ne animdefo” a Yesu kae sɛ wɔde nimdeɛ besie wɔn no. (Mat. 11:25) Mmom na Bible Asuafo no brɛ wɔn ho ase; nea na ɛda wɔn koma so ne sɛ wɔbɛyɛ Onyankopɔn apɛde. Wɔtɔɔ wɔn bo ase kenkan Kyerɛwnsɛm no pɛnsɛmpɛnsɛɛ mu, na wodwinnwen ho bɔɔ mpae hwehwɛɛ Onyankopɔn akwankyerɛ. Afei, wɔfa kyerɛwsɛm bi a na wɔde atoto kyerɛw nsɛm afoforo ho na wɔahwɛ nea nnipa bi nso akyerɛw wɔ asɛnkoro no ara ho. Nkakrankakra Bible Asuafo no behuu nokware a na nkurɔfo ama so akata mfe pii no.

5. Dɛn nti na wotintim kratawa a wɔato din The Old Theology?

5 Ná Bible Asuafo no ani gye nea wɔresua no ho nanso nimdeɛ a wonyae no amma wɔanhoman. Ná wogye tom sɛ ɛyɛ nokwasɛm a ɛwɔ Bible mu dedaw, enti wɔanhoahoa wɔn ho sɛ wɔahu biribi foforo. (1 Kor. 8:1) Mmom nea wɔyɛe ne sɛ wotintim kratawa a wɔato din The Old Theology de boaa afoforo ma wohuu Bible mu nokware no. Wɔde nea wodii kan tintimii no boaa nkurɔfo ma wosuaa Bible na ama wɔatwe wɔn ho afi “nnipa atetesɛm a ɛyɛ atoro ho na wɔagye nkyerɛkyerɛ a ɛyɛ nokware a Yesu ne asomafo no kyerɛkyerɛe no atom.”—The Old Theology, No. 1, April 1889, kr. 32.

6, 7. (a) Nokware bɛn na Yehowa Adansefo abɛte ase bɛboro mfe 100 ni? (b) Nokware bɛn na w’ankasa woahu a w’ani gye ho paa?

6 Bɛboro mfe 100 ni na nnipa kakra fii ase hwehwɛɛ nokware no. Nanso seesei nneɛma a ɛso abue ama yɛn nni ano!a Nokware a yɛahu no nyɛ nsɛm bi kɛkɛ a yɛasua agu yɛn tirim. Ɛyɛ nokware a ɛma yɛde yɛn ho, na ɛboa yɛn wɔ yɛn asetenam. Ɛma yenya anigye ne anidaso nso. Ɛboa yɛn ma yehu Yehowa su a ɛyɛ fɛ ne nea ɔpɛ. Ɛma yehu Yesu yiye, nea enti a ɔbaa asase so na owui ne nea seesei ɔreyɛ. Nokware no ma yehu nea enti a Onyankopɔn ama kwan ma bɔne rekɔ so, nea enti a nnipa wu, ɔkwan a ɛsɛ sɛ yɛfa so bɔ mpae, ne nea ɛbɛma yɛanya anigye ankasa.

7 Seesei nkɔmhyɛ pii a na ‘wɔato mu’ anaa asuma mfe mpempem no, yebetumi ate ase. Nkɔmhyɛ yi renya mmamu wɔ awiei bere yi mu. (Dan. 12:9) Yebehu nkɔmhyɛ yi bi wɔ Bible no afa horow nanso ne dodow no ara wɔ Nsɛmpa no ne Adiyisɛm nhoma no mu. Nsɛm bi sisii a yɛamfa yɛn ani anhu, na Yehowa aboa yɛn ma yɛate nsɛm a ɛte saa ase. Ebi ne Yesu a wosii no hene, ɔko a ɛkɔɔ so wɔ soro ne Satan a wɔtoo no too asase so. (Adi. 12:7-12) Nneɛma pii nso kɔ so a yetumi de yɛn ani hu, na Onyankopɔn boa yɛn ma yɛte ase. Ebi ne akodi, asasewosow, ɔyaredɔm, aduankɔm, ne nnipa abɔnefo a wɔama mmere a yɛwom yi ‘mu ayɛ den.’—2 Tim. 3:1-5; Luka 21:10, 11.

8. Hena na wama yɛahu na yɛate nokware no?

8 Yesu ka kyerɛɛ n’asuafo sɛ: “Anigye ne ani a ehu nneɛma a seesei muhu yi. Na mise mo sɛ, adiyifo ne ahene bebree pɛe sɛ wohu nneɛma a seesei muhu yi nanso wɔanhu, wɔpɛe sɛ wɔte nsɛm a mote yi nanso wɔante.” (Luka 10:23, 24) Yɛn nso yɛn ani agye, na yɛda Yehowa Nyankopɔn ase sɛ wama yɛahu na yɛate saa nneɛma yi. Hwɛ sɛnea yɛn ani sɔ sɛ Onyankopɔn asoma ne honhom kronkron a ɛne “ɔboafo” no sɛ ɛmmɛkyerɛkyerɛ Yesu akyidifo ma wɔnte nokware no ase yiye! (Monkenkan Yohane 16:7, 13.) Mommma yɛn werɛ mmfi da sɛ nokware no som bo paa, enti ɛsɛ sɛ yɛboa afoforo ma wɔn nso hu nokware no!

“NNIPA BEBREE” BENYA “NIMDEƐ A EDI MU”

9. Asɛm bɛn na wɔde too gua wɔ April 1881 Ɔwɛn-Aban no mu?

9 Ɔwɛn-Aban a ɛbae April 1881 de too gua sɛ wohia asɛmpakafo 1,000. Bere a wofii ase tintim Ɔwɛn-Aban no, anni mfe abien koraa na wɔde asɛm yi too gua. Nsɛmma nhoma no kae sɛ: “Mo a mubetumi de mo bere fã anaa nea ɛboro saa ama Awurade no, yɛwɔ adwuma bi ma mo . . .  Adwuma no ni: Mo a mo ahoɔden bɛma mo kwan ma moayɛ bere nyinaa Asɛmpakafo no, monkɔ nkurow akɛse ne nketewa mu nkɔhwehwɛ Kristofo mapa. Mubehu sɛ wɔn mu pii dɔ Onyankopɔn nanso wonni nokware nimdeɛ; eyinom na momma wommehu Yɛn Agya adom ne N’asɛm mu nokware.”

10. Dɛn na nkurɔfo yɛe wɔ asɛm a wɔde too gua sɛ wɔrepɛ asɛmpakafo 1,000 no ho?

10 Saa asɛm no a Bible Asuafo no de too gua no daa no adi sɛ na wonim sɛ nokware Kristofo adwuma titiriw ne sɛ wɔbɛka asɛmpa no. Saa bere no na wɔn a wɔkɔ Bible Asuafo no nhyiam nnɔɔso saa, enti bere a wɔkae sɛ wohia bere nyinaa asɛmpakafo 1,000 no, wohwɛ a wobɛka sɛ na wɔrehããhãã wɔn ani. Nanso nnipa pii kenkan kratawa anaa Ɔwɛn-Aban no, na bere a wohuu nokware no, wɔbɛkaa asɛmpakafo no ho. Sɛ nhwɛso no, obi a ofi London, England, kenkan Ɔwɛn-Aban no ne Bible Asuafo no nhomawa bi afe 1882, na ɔkyerɛwee sɛ: “Mesrɛ mo monkyerɛ me asɛm a mɛka ne ɔkwan a mɛfa so aka no na matumi ayɛ adwuma a Onyankopɔn pɛ sɛ yɛyɛ no.”

11, 12. (a) Tete no, dɛn na na esi bere nyinaa asɛmpakafo no ani so a esi yɛn ani so nnɛ? (b) Ɔkwan bɛn so na bere nyinaa asɛmpakafo no hyehyɛɛ “adesua akuw” anaa asafo ahorow?

11 Eduu afe 1885 no, na Bible Asuafo bɛyɛ 300 na wɔde wɔn bere nyinaa reka asɛm no. Ade a na esi bere nyinaa asomfo no ani so no, ɛno ara na esi yɛn ani so nnɛ. Ná wɔpɛ sɛ wɔboa nkurɔfo ma wɔbɛyɛ Yesu Kristo asuafo. Nanso ɛsono ɔkwan a wɔfaa so boaa nkurɔfo ɛnna ɛsono sɛnea yɛyɛ no nnɛ. Ɛnnɛ yɛnka nkurɔfo mmom ne wɔn nsua Bible. Yɛne wɔn yɛ adesua no mmiako mmiako na yɛato nsa afrɛ wɔn aba asafo nhyiam. Tete no de, sɛ bere nyinaa asɛmpakafo de nhoma ma nkurɔfo na wɔn ani gye ho a, wɔka wɔn nyinaa bom ne wɔn sua Bible. Enti na wɔne anigyefo nsua ade mmiako mmiako na mmom na wɔka wɔn bom sɛ “adesua akuw” anaa asafo.

12 Nhwɛso bi ni: Afe 1907 mu no, bere nyinaa ɔsɛmpakafo bi kyin kurow bi mu hwehwɛɛ wɔn a wɔwɔ Millennial Dawn nhoma no bi. (Ná nhoma yi din foforo ne Studies in the Scriptures.) Ɔwɛn-Aban bi kyerɛɛ nea wɔyɛe. Ɛkae sɛ: “Wɔboaboaa anigyefo yi ano wɔ wɔn mu biako fie ne wɔn yɛɛ nhyiam bi. Kwasida bi asɛmpakafo no mu biako maa ɔkasa bi faa Onyankopɔn atirimpɔw ho, na Kwasida a edi hɔ no, ɔhyɛɛ wɔn nkuran sɛ wɔnkɔ so nhyia.” Afe 1911 mu no, wɔsesaa ɔkwan a wɔfa so hwehwɛ asuafo. Anuanom mmarima 58 tutuu akwan kɔɔ mmeae ahorow wɔ United States ne Canada kɔmaa baguam ɔkasa. Afei wɔkyerɛkyerɛw anigyefo a wobetiee ɔkasa no din ne wɔn address, na wɔboaboaa wɔn ano yɛɛ wɔn “adesua akuw” sɛ wonhyiam wɔ nkurɔfo afie. Eduu afe 1914 no, na Bible Asuafo no anya asafo ahorow 1,200 wɔ wiase nyinaa.

13. Sɛ wohwɛ sɛnea “nimdeɛ a edi mu” atrɛw a, dɛn na ɛyɛ wo nwonwa wɔ ho?

13 Ɛnnɛ asafo ahorow bɛyɛ 109,400 na ɛwɔ wiase nyinaa, na anuanom mmarima ne mmea bɛyɛ 895,800 na wɔreyɛ akwampae adwuma no. Nnipa bɛyɛ ɔpepem awotwe na seesei wɔanya “nimdeɛ a edi mu” de rebɔ wɔn bra. (Monkenkan Yesaia 60:22.)b Nkɔso a aba yi yɛ nwonwa paa efisɛ Yesu kae sɛ ne din nti “nnipa nyinaa bɛtan” n’asuafo. Ɔka kaa ho sɛ wɔbɛtaa n’akyidifo de wɔn agu afiase, na wɔakum bi mpo. (Luka 21:12-17) Satan ne n’adaemone ne nnipa pii bɔ mmɔden sɛ wobesiw asɛnka adwuma no kwan, nanso Yehowa nkurɔfo atrɛw asɛnka adwuma no mu ma wɔrenya asuafo bebree. Ɛnnɛ yɛreka asɛm no wɔ “asase so nyinaa”: baabi a ɛhɔ yɛ hyew, baabi a ɛhɔ yɛ nwini, mmepɔw so, anhweatam so, nkurow akɛse mu ne nkuraase. (Mat. 24:14) Sɛ ɛnyɛ Yehowa na ɔtaa yɛn akyi a anka yɛyɛ dɛn yɛ eyi?

‘NIMDEƐ A EDI MU ADƆƆSO’

14. Dɛn nti na yebetumi aka sɛ nhoma ahorow a yetintim no ama “nimdeɛ a edi mu” adɔɔso?

14 Nnipa pii reka asɛmpa no enti “nimdeɛ a edi mu” adɔɔso. Nhoma ahorow a yetintim no nso ama nimdeɛ adɔɔso. Bible Asuafo no tintim Ɔwɛn-Aban a edi kan wɔ July 1879 mu, na saa bere no na edin a ɛda so ne Zion’s Watch Tower and Herald of Christ’s Presence. Bible Asuafo no maa adwumakuw bi tintim mfuamfua 6,000 wɔ Borɔfo kasa mu. Charles Taze Russell a na wadi mfe 27 no na wɔpaw no sɛ nsɛmma nhoma no samufo, na na Bible Asuafo foforo baanum a wɔn ho akokwaw kyerɛw nsɛm ma wotintim wɔ nsɛmma nhoma no mu. Seesei wotintim Ɔwɛn-Aban no wɔ kasa 195 mu. Mfuamfua a wotintim no yɛ 42,182,000; ɛno ne nsɛmma nhoma a ahyeta wɔ asase so baabiara. Nsɛmma nhoma a edi n’akyi pɛɛ ne Nyan!, na ɛno nso wotintim mfuamfua 41,042,000 wɔ kasa 84 mu. Bio nso Yehowa Adansefo tintim nhoma akɛse ne Bible bɛyɛ ɔpepem 100 afe biara.

15. Ɛhe na yenya sika de tintim yɛn nhoma ahorow no?

15 Yɛn ankasa na yefi yɛn pɛ mu yi ntoboa de yɛ adwuma kɛse yi nyinaa. (Monkenkan Mateo 10:8.) Sɛ nnipa a wotintim nhoma hu sɛ ntoboa kɛkɛ na yɛde yɛ eyi a, ɛyɛ wɔn nwonwa ankasa efisɛ wonim sɛ mfiri, nkrataa, adubiri, ne nea ɛkeka ho bo nna fam. Onua bi a ɔtotɔ nneɛma ma Betel kae sɛ sɛ nkurɔfo ba Betel na wobehu abɛɛfo mfiri akɛse akɛse a yɛde tintim nhoma na wɔte sɛ yɛn ankasa na yeyi ntoboa de yɛ eyi nyinaa a, ɛyɛ wɔn nwonwa. Ade foforo nso a ɛyɛ wɔn nwonwa ne sɛ anuanom a wɔyɛ adwuma wɔ Betel no nyinyinii pii nanso wɔde anigye na ɛreyɛ.

ONYANKOPƆN HO NIMDEƐ BƐHYƐ ASASE SO MÃ

16. Dɛn nti na Yehowa ama nkurɔfo anya “nimdeɛ a edi mu”?

16 Ade pa bi nti na “nimdeɛ a edi mu” adɔɔso saa. Nea Onyankopɔn pɛ ne sɛ “ogye nnipa ahorow nyinaa ma wobenya nokware no ho nimdeɛ a edi mũ.” (1 Tim. 2:3, 4) Yehowa pɛ sɛ nkurɔfo hu nokware no na wɔsom no yiye na wonya ne nhyira. Yehowa ama nkurɔfo anya “nimdeɛ a edi mu” na ɔnam so aboaboa Kristofo anokwafo a wɔasra wɔn ano. Ɔreboaboa “nnipakuw kɛse” bi nso ano afi “amanaman ne mmusuakuw ne nnipa ne kasa nyinaa mu.” Eyinom na wɔwɔ anidaso sɛ wɔbɛtena ase daa wɔ asase so.—Adi. 7:9.

17. Nokware asomfo a wɔabu abɔ ho bebree no kyerɛ dɛn?

17 Nokware asomfo abu abɔ ho bebree wɔ wiase afanan nyinaa bɛyɛ mfe 130 ntam ni. Ɛno ma yehu pefee sɛ Onyankopɔn ne ne Hene a wapaw no Yesu Kristo ka Yehowa asomfo ho wɔ asase so. Wɔn na wɔkyerɛ Adansefo no kwan na wɔbɔ wɔn ho ban. Afei wɔkyerɛkyerɛ wɔn na wɔhwɛ toto nneɛma. Nkɔanim a aba yi ma yehu nso sɛ daakye Yehowa bɔhyɛ a aka nyinaa bɛbam. “Yehowa ho nimdeɛ bɛhyɛ asase so mã sɛnea nsu akata po so no.” (Yes. 11:9) Hwɛ nhyira ara a adesamma benya saa bere no!

[Ase hɔ nsɛm]

a Wohwɛ DVD a edidi so yi a, ɛbɛboa wo: Yehowa Adansefo—Gyidi a Wɔda no Adi, Ɔfã 1: Wɔafi Sum Mu, ne Yehowa Adansefo—Gyidi a Wɔda no Adi, Ɔfã 2: Wɔma Hann No Hyerɛn.

b Hwɛ Yesaia Nkɔmhyɛ No—Hann Ma Adesamma Nyinaa II, kratafa 320.

[Kratafa 6 mfonini]

Ná Bible Asuafo no brɛ wɔn ho ase; nea na ɛda wɔn koma so ne sɛ wɔbɛyɛ Onyankopɔn apɛde

[Kratafa 7 mfonini]

Yehowa ani sɔ mmɔden a worebɔ sɛ wobɛboa nkurɔfo ma woanya Onyankopɔn ho “nimdeɛ a edi mu”

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena