Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w12 9/1 kr. 21
  • “Amanaman no Behu sɛ Mene Yehowa”

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • “Amanaman no Behu sɛ Mene Yehowa”
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2012
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Sɛnea Wubetumi Ahu Onyankopɔn Din
    Nyan!—2004
  • Adɛn Nti na Ɛsɛ sɛ Yɛde Onyankopɔn Din Frɛ No?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2012
  • Onyankopɔn Din
    Nyan!—2017
  • Hyɛ Yehowa Din Kɛse no Anuonyam
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2013
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2012
w12 9/1 kr. 21

Bɛn Onyankopɔn

“Amanaman no Behu sɛ Mene Yehowa”

FA NO sɛ obi atwa asɛnkɛse bi ato wo so; anka wobɛte nka dɛn? Na sɛ saa asɛm no kɔfaa amanehunu brɛɛ nnipa bebree a wɔn ho nni asɛm nso ɛ? Nea ɛbɛyɛ biara, anka wobɛpɛ sɛ wunya hokwan kyerɛ sɛ asɛm no yɛ ntwatoso! Wunim sɛ wɔde asɛm bi a ɛte saa ato Yehowa so? Ɛnnɛ, nnipa pii di mfomso ka sɛ Onyankopɔn na wama ntɛnkyea ne amanehunu aba wiase. So Yehowa pɛ sɛ ɔtew ne din ho? Ɔpɛ paa! Ma yɛnhwɛ nea waka wɔ Hesekiel nhoma no mu.—Kenkan Hesekiel 39:7.

Yehowa ka sɛ: “Meremma wongu me din kronkron no ho fĩ bio.” Sɛ nnipa ka sɛ ɔno na wama ntɛnkyea aba a, na wɔregu ne din ho fĩ. Yɛyɛ dɛn hu saa? Sɛ Bible ka obi “din” ho asɛm a, ɛfa n’anuonyam ho. Nhoma bi ka sɛ, yɛka Onyankopɔn din a, ɛkyerɛ “nea wɔde nim no anaa sɛnea ɔda ne ho adi; ɛsan kyerɛ sɛnea nkurɔfo ate ne nka ne anuonyam a ɔwɔ.” Yɛka Yehowa din a, sɛnea wɔka ne ho asɛm nso ba mu bi. Ɛba ntɛnkyea mu a, dɛn na yenim fa Yehowa ho? Okyi ntɛnkyea koraa! Sɛ nkurɔfo bu ebinom ntɛnkyea a, ohu wɔn mmɔbɔ.a (Exodus 22:22-24) Nneɛma a Onyankopɔn kyi no, sɛ nnipa ka sɛ ɔno na ɔde ba a, na wɔregu ne din ho fĩ. Sɛ wɔyɛ saa a, na ‘wɔrebu ne din no animtiaa.’—Dwom 74:10.

Hyɛ no nsow sɛ Yehowa de asɛm “me din kronkron” no dii dwuma mprenu wɔ saa nkyekyɛm no mu. (Nkyekyɛm 7) Mpɛn pii no, sɛ Bible bɔ Yehowa din a, ɛde ka ho sɛ ɛyɛ “kronkron.” Sɛ yɛka sɛ biribi yɛ “kronkron” a, ɛkyerɛ sɛ wɔayi asi nkyɛn; ɛsan kyerɛ sɛ dekode no ho tew, na efĩ nni ho. Yehowa din no yɛ kronkron efisɛ Onyankopɔn a edin no da ne so no yɛ kronkron; wɔatwe ne ho afi biribiara a ɛyɛ bɔne na ɛho ntew ho. Sɛ yɛhwɛ no saa a, wunhu sɛ nnipa a wɔka sɛ nneɛma bɔne a ɛrekɔ so no fi Yehowa no resɛe ne “din kronkron” no koraa?

Yehowa atirimpɔw ne sɛ ɔnam n’Ahenni no so bɛtew ne din ho, na ɛno ne asɛmti a ɛda Bible no so. Wɔasi saa asɛmti no so dua wɔ Hesekiel nhoma no mu, na ɔka no mpɛn pii sɛ, “amanaman no behu sɛ mene Yehowa.” (Hesekiel 36:23; 37:28; 38:23; 39:7) Ma yɛnhyɛ no nsow sɛ, kyerɛwsɛm no anka sɛ aman no ankasa bɛhwehwɛ mu ahu sɛ ɔno ne Yehowa. Mmom ɛka sɛ ɔno na ɔbɛma “wɔahu” no. Ɛkyerɛ sɛ Yehowa abɔ ne tirim sɛ ɔbɛkeka ne ho na ama asase so aman ahu sɛ ɔno na ne din de Yehowa, Awurade Tumfoɔ a ne din gyina hɔ ma ade kronkron, ade a ɛho tew, ne ade a efi nni ho no.

Wɔn a wɔpɛ sɛ atɛnkyea ne amanehunu fi hɔ no, asɛm a wɔaka no mpɛn pii sɛ “amanaman no behu sɛ mene Yehowa” no yɛ asɛmpa ma wɔn. Ɛrenkyɛ, Yehowa bɛma saa bɔhyɛ no aba mu na ɔbɛtew ne din ho. Obeyi abɔnefosɛm ne wɔn a wɔtaa akyi nyinaa afi hɔ, nanso wɔn a wɔkyerɛ obu ma ne din na wonim nea edin no kyerɛ no, obegye wɔn nkwa. (Mmebusɛm 18:10) Sɛ wohwɛ Yehowa, Onyankopɔn a ɔyɛ kronkron na ‘ɔdɔ atɛntrenee’ yi a, so ɛnka wo mma wommɛn no?—Dwom 37:9-11, 28.

September Bible akenkan:

Hesekiel 39-48–Daniel 1-3

a Hwɛ asɛm a wɔato din “Bɛn Onyankopɔn​—Nea Ɔdɔ Atɛntrenee” a ɛwɔ October—December, 2008 Ɔwɛn-Aban mu no.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena