Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w14 8/1 kr. 4
  • Onyankopɔn Ani Wɔ Wo So

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Onyankopɔn Ani Wɔ Wo So
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2014
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Tie Afoforo, Hu Wɔn Yiye, Na Nya Ayamhyehye Ma Wɔn
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Nea Adesua Nsɛm Wom)—2020
  • Sɛnkyerɛnne Kwan So Ɔyɛkyerɛ Bi a Ɛso Wɔ Yɛn Mfaso
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2006
  • Momma Yɛnhwehwɛ Onyankopɔn Akwankyerɛ Wɔ Biribiara Mu
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2008
  • Ɔboa Wɔn a Wɔn Koma Abubu
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2011
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2014
w14 8/1 kr. 4

ASƐM A ƐDA SO | ENTI WO HO HIA ONYANKOPƆN?

Onyankopɔn Ani Wɔ Wo So

“[Onyankopɔn ani] tua onipa akwan, na n’anammɔn nyinaa ohu.”​—HIOB 34:21.

Papa bi ne ne ba abarimaa redi agoru

Ɔbaatan pa biara ani ku ne mma nketewa ho, titiriw bere a wosusua paa no

NEA ENTI A EBINOM NNYE NNI: Nhwehwɛmu bi a wɔyɛɛ no nnansa yi ara kyerɛ sɛ, asase a yɛte so yi, nsoromma akuwakuw a atwa ho ahyia bɛboro ɔpepepem 100. Sɛnea ɔsoro sõ bae trɛw nti, ɛma nnipa pii bisa sɛ, ‘Nnipa a yɛnsɛ hwee a yɛte asase ketekete so de, Onyankopɔn de yɛn reyɛ dɛn?’

NEA ONYANKOPƆN ASƐM KA: Onyankopɔn amfa Bible no amma yɛn kɛkɛ ankɔpɛ baabi antena. Mmom, wama yɛn awerɛhyem sɛ: “M’ani bɛba wo so, na matu wo fo.”​—Dwom 32:8.

Susuw Hagar ho hwɛ. Ɔyɛ Egyptni bea a ɔtenaa ase bɛyɛ mfe 1,900 ansa na Yesu reba. Ná ɔte Sarai nkyɛn. Bere bi, Hagar yɛɛ aniammɔho. Enti Sarai teetee no, na oguan kɔɔ sare so. Mfomso a Hagar dii nti, na ne ho nhia Onyankopɔn bio anaa? Bible ka sɛ: “Yehowa bɔfo huu no.” Ɔbɔfo no kaa Hagar koma too ne yam, na ɔka kyerɛɛ no sɛ: “Yehowa ate w’amanehunu.” Ɛno maa Hagar ka kyerɛɛ Yehowa sɛ: “Woyɛ Onyankopɔn a wuhu ade.”​—Genesis 16:4-13.

‘Onyankopɔn a ohu ade no,’ wo nso, n’ani wɔ wo so. Ɛho mfatoho bi ni: Ɔbaatan pa biara ani ku ne mma nketewa ho, titiriw bere a wosusua paa no. Onyankopɔn nso, wɔn a wɔn asɛm yɛ mmɔbɔ paa no, wɔn koraa na n’ani ku wɔn ho kɛse. Yehowa ka sɛ: “Mete baabi a ɛkorɔn na ɛyɛ kronkron; me ne nea wabubu na ne honhom abrɛ ase na ɛte, sɛ mɛma abrɛfo honhom ne wɔn a wɔabubu wɔn no koma anya ahoɔden.”​—Yesaia 57:15.

Nanso, ebia wubebisa sɛ: ‘Onyankopɔn ani wɔ me so a, dɛn pɔtee na ɔhwɛ wɔ me ho? Ɔhwɛ me tenten anaa me kɛse? Anaasɛ ɔhwehwɛ me komam hu sɛnea mete ankasa?’

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena