Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w15 3/1 kr. 12
  • So Wonim?

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • So Wonim?
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2015
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Yakob Ani Sɔɔ Honhom Fam Nneɛma Pa
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2003
  • Yakob Kɔ Haran
    Me Nhoma a Ɛka Bible Mu Nsɛm
  • Wɔsiesiee Amanaman no Maa “Yehowa Nkyerɛkyerɛ”
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2015
  • Sɛnea Yɛbɛkyerɛkyerɛ Asɛmpa no Mu Wɔ Atumfoɔ Anim
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Nea Adesua Nsɛm Wom)—2016
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2015
w15 3/1 kr. 12

SO WONIM?

Ná ɔsomafo Paulo yɛ Roma ɔman ba; ɔkwan bɛn so na ɛboaa no?

Ɔsomafo Paulo de n’asɛm akɔdan Kaesare

Paulo kaa sɛ: “Mede asɛm no dan Kaesare!”

Sɛ na obi yɛ Roma ɔman ba a, baabiara a ɔbɛkɔ wɔ ahemman no mu no, na ɔwɔ hokwan ahorow bi. Nkuro a na ɛhyɛ Roma ase no, na ɔnhyɛ emu biara mmara ase gye Roma mmara nkutoo. Sɛ wɔde asɛm bi to no so a, na ɔbɛtumi apene so ama wɔadi n’asɛm wɔ baabi a ɔwɔ no, nanso na ɔwɔ hokwan a ɔbɛtumi aka sɛ ɔpɛ sɛ wɔdi n’asɛm wɔ Roma asɛnnibea. Sɛ ɛba sɛ wɔbu no kumfɔ a, na ɔbɛtumi de asɛm no akɔdan amrado no.

Hokwan ahorow yi nti, Cicero a na ɔyɛ nipa titiriw wɔ Roma bɛyɛ mfe 2,100 a atwam ni no kaa sɛ: “Ɛyɛ awudisɛm sɛ wɔbɛkyekyere Roma ɔman ba; na ɛyɛ atirimɔdensɛm sɛ wɔbɛbɔ no mmaa. Na sɛ obi kum no a, ɛte sɛ nea wakum n’ankasa awofo anaa ne busuani.”

Ɔsomafo Paulo kaa asɛmpa no kɛse wɔ Roma Ahemman no nyinaa mu. Ɔde hokwan a ɔwɔ sɛ Romani no dii dwuma mprɛnsa, na wɔayɛ ne nyinaa ho kyerɛwtohɔ: (1) Ɔka kyerɛɛ Filipifo mpanyimfo no sɛ wɔatiatia n’ahofadi so sɛ wɔhwee no. (2) Ɔkaa sɛ ɔyɛ Romani sɛnea ɛbɛyɛ a wɔrenhwe no wɔ Yerusalem. (3) Ɔde n’asɛm kɔdan Kaesare a ɔyɛ Roma ɔhempɔn sɛnea ɛbɛyɛ a ɔbɛtie n’asɛm.​—Asomafoɔ Nnwuma 16:37-39; 22:25-28; 25:10-12.

Tete no, dɛn na na wɔde tua nguanhwɛfo ka?

Nhyehyɛe a tete no na wɔyɛ de tɔ nguan ne mmirekyi

Nkyerɛwee a ɛkyerɛ nhyehyɛe a na wɔyɛ de tɔ nguan ne mmirekyi bɛyɛ 4,050 a atwam ni no

Yakob hwɛɛ ne wɔfa Laban nguan ne ne mmirekyi mfe 20. Mfe 14 a edi kan no, Yakob yɛɛ adwuma de gyee Laban mmabaa mmienu aware, na mfe 6 a aka no deɛ, ɔde mmoa no bi na etuaa no ka. (Genesis 30:25-33) Nwoma bi ka sɛ, “Laban ne Yakob yɛɛ nhyehyɛe maa Yakob hwɛɛ ne mmoa. Ɛbɛyɛ sɛ tete no, na wɔn a wɔkyerɛw nsɛm ne wɔn a wɔkenkan Bible no nim nhyehyɛe a ɛte saa yiye.”​—Biblical Archaeology Review.

Wɔtutuu fam huu nwoma bi wɔ nkurow bi te sɛ Nuzi, Larsa, ne mmeae foforo wɔ Iraq a ɛkyerɛ sɛ tete no na nhyehyɛe a ɛte saa wɔ hɔ. Afe biara, edu bere a wɔretwitwa mmoa no ho nhwi a na na wɔyɛ saa nhyehyɛe no. Ná nguanhwɛfo no pene so sɛ wɔbɛhwɛ mmoa dodow bi. Anini ne abere no dodow ne mfe a wɔadi so na na wɔhwɛ yɛ nhyehyɛe no. Afe akyi no, na mmoa no wura no gye mmoa no ho nhwi, nneɛma a wɔde mmoa nufusu ayɛ, nguammaa, ne nea ɛkeka ho dodow bi. Sɛ ɛkɔba sɛ oguanhwɛfo no nya boro nea mmoa no wura no regye no so a, nea aka no nyinaa bɛyɛ oguanhwɛfo no dea.

Nguammere dodow a wɔde bɛma oguanhwɛfo no na ɛbɛkyerɛ sɛnea mmoa no bɛdɔ afa. Mpɛn pii no, sɛ wɔde nguammere 100 ma oguanhwɛfo a, na wɔhwɛ kwan sɛ ɛbɛdu afe no, na wanya nguammaa 80. Sɛ oguanhwɛfo no annya dodow a mmoa no wura regye no a, na ɛsɛ sɛ oguanhwɛfo no de bi hyɛ no anan. Enti, na oguanhwɛfo no wɔ nea ɔbɛgyina so ahwɛ mmoa a wɔde ahyɛ ne nsa no so yiye.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena