Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • wp17 nɔma 5 kr. 3
  • Abɔfo—Wɔwɔ W’asetena So Tumi Anaa?

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Abɔfo—Wɔwɔ W’asetena So Tumi Anaa?
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Ɔmanfo De)—2017
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Wowɔ W’ankasa Wo Bɔfo a Ɔbɔ Wo Ho Ban Anaa?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Ɔmanfo De)—2017
  • Sɛnea Abɔfo Betumi Aboa Wo
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1998
  • Abɔfo No Yɛ “Ahonhom A Wɔsom”
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2009
  • Suasua Abɔfo Anokwafo No
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Nea Adesua Nsɛm Wom)—2025
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Ɔmanfo De)—2017
wp17 nɔma 5 kr. 3
Awarefo bi de Bible no rekyekye ɔbaa bi werɛ

ASƐM A ƐDA SO | ABƆFO​—ENTI WƆWƆ HƆ AMPA? NEA ENTI A ƐFA YƐN HO

Abɔfo—Wɔwɔ W’asetena So Tumi Anaa?

Ɔbarima bi a yɛfrɛ no Kenneth ne ne yere Filomena te Curaçao. Kwasida awia bi wɔkɔe sɛ wɔrekɔsra awarefo bi a wɔne wɔn sua Bible.

Kenneth kaa sɛ: “Yeduu hɔ no, na wɔato dan no mu, na kar no nso nsi hɔ. Nanso biribi yɛɛ me sɛ memfrɛ ɔbaa no wɔ fon so.”

Ɔbaa no faa fon no, na ɔkaa sɛ ne kunu kɔ adwuma. Nanso bere a ohuu sɛ Kenneth ne Filomena aba hɔ ara pɛ na okobuee pon no sɛ wɔmmra mu.

Wowuraa mu no, wohui sɛ na ɔbaa no asu agyae. Bere a Kenneth bɔɔ mpae de fii Bible adesua no ase pɛ na ɔbaa no fii ase sɛ ɔresu bio. Enti Kenneth ne Filomena tɔɔ wɔn bo ase bisaa no nea enti a ɔresu.

Ɔbaa no kyerɛkyerɛɛ mu sɛ, na wayɛ n’adwene sɛ anka obekum ne ho saa awia no. Enti bere a ogu so rekyerɛw krataa bi de agya ne kunu no na Kenneth frɛe. Anyɛ saa a, anka obekum ne ho. Ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ ɔwɔ adwenemhaw. Enti wɔde Bible mu asɛm kyekyee ne werɛ. Saa awerɛkyekyesɛm no gyee no nkwa.

Kenneth kaa sɛ: “Yɛdaa Yehowa ase sɛ ɔma yɛboaa ɔbaa a n’adwene atu afra yi. Yɛdaa no ase paa sɛ ɔma yɛfrɛɛ ɔbaa no wɔ fon so! Ebia ɔnam ɔbɔfo anaa ne honhom kronkron so na ɛyɛɛ saa.”a

Ná Kenneth ne Filomena gye di sɛ Onyankopɔn na ɔde ne ho gyee nsɛm mu. Ɛyɛɛ wɔn sɛ ɔnam ɔbɔfo anaa Ne honhom kronkron (adeyɛ tumi) so na ɛyɛɛ saa. Adwene a wonyae yi, ɛyɛ ne kwan so anaa? Anaasɛ ɔbaa no a Kenneth frɛɛ no saa bere no, ɛyɛ asɛm na ɛne asɛm hyiae kɛkɛ?

Yɛrentumi nkyerɛ. Nanso nea yenim ne sɛ, Onyankopɔn de n’abɔfo boa nkurɔfo ma wotumi som no. Nhwɛso bi ni. Bible ka sɛ Onyankopɔn nam ɔbɔfo so kyerɛɛ Kristoni ɔsɛmpakafo Filipo kwan ma ɔkɔboaa Etiopiani piani bi a ɔpɛ sɛ ɔte Kyerɛwsɛm no ase.—Asomafo Nnwuma 8:26-31.

Nyamesom pii kyerɛkyerɛ sɛ honhom abɔde wɔ hɔ. Wɔkyerɛ sɛ ebinom yam ye na wɔyɛ Onyankopɔn apɛde, ɛnna afoforo nso bɔ nnipa ho ban. Nnipa bebree wɔ hɔ a, ɛnyɛ sɛ wogye di sɛ abɔfo wɔ hɔ kɛkɛ, na mmom wogye di nso sɛ saa abɔfo no boa wɔn wɔ ɔkwan bi so. Nanso nnipa pii nso deɛ, wonnye nni mpo sɛ abɔfo wɔ hɔ.

Enti abɔfo wɔ hɔ ampa? Sɛ saa, wɔyɛɛ dɛn bae? Dɛn ne abɔfo ho nokwasɛm? Wɔwɔ w’asetena so tumi anaa? Yɛnhwɛ adanse ahorow bi.

a Yehowa yɛ Onyankopɔn din a wɔada no adi wɔ Bible mu.—Dwom 83:18.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena