Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • wp17 nɔma 5 kr. 6
  • Abɔfo Bɔne Wɔ Hɔ Anaa?

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Abɔfo Bɔne Wɔ Hɔ Anaa?
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Ɔmanfo De)—2017
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Bible Nsɛmmisa Ho Mmuae
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2014
  • Abɔfo Sɛnea Wɔn Nneyɛe Ka Yɛn
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2006
  • Abɔfo No Yɛ “Ahonhom A Wɔsom”
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2009
  • Adaemone Wɔ Hɔ Ampa?
    Bible Nsɛmmisa Ho Mmuae
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Ɔmanfo De)—2017
wp17 nɔma 5 kr. 6
Abɔfo bɔne anaa adaemone

ASƐM A ƐDA SO | ABƆFO​—ENTI WƆWƆ HƆ AMPA? NEA ENTI A ƐFA YƐN HO

Abɔfo Bɔne Wɔ Hɔ Anaa?

Aane, abɔfo bɔne wɔ hɔ. Ɛhe na wofi bae? Kae sɛ Onyankopɔn bɔɔ abɔfo no, ɔmaa wɔn kwan sɛ wɔmpaw nea wɔpɛ. Bere a Onyankopɔn bɔɔ nnipa baanu a wodi kan, Adam ne Hawa no, ankyɛ na ɔbɔfo bi a ɔyɛ pɛ de hokwan a ɔwɔ sɛ ɔpaw nea ɔpɛ no yɛɛ bɔne. Ɔmaa atuatew fii ase wɔ asase so. Ɔdaadaa Adam ne Hawa ma wɔyɛɛ Onyankopɔn so asoɔden. (Genesis 3:1-7; Adiyisɛm 12:9) Bible ammɔ saa ɔbɔfo yi din, na ankyerɛ dibea a na ɔwɔ wɔ soro ansa na ɔreyɛ asoɔden no. Nanso n’asoɔden no akyi no, Bible frɛɛ no Satan a ɛkyerɛ “Ɔsɔretiafo,” ne Ɔbonsam a ɛkyerɛ “Otwirifo” anaa ɔnototofo.—Mateo 4:8-11.

Awerɛhosɛm ne sɛ, asoɔden no to antwa wɔ hɔ ara. Noa bere so no, abɔfo bi a na wɔka Onyankopɔn abusua a ɛwɔ soro ho ‘gyaw wɔn ankasa tenabea a ɛsɛ’ no hɔ baa asase so. Bible ankyerɛ wɔn dodow. Wɔbae no, wɔbɛdan wɔn ho nnipa, na wodii nsɛmmɔne buu brabɔne. Nea Onyankopɔn ammɔ wɔn sɛ wɔnyɛ no, ɛno na wɔbɛyɛe.—Yuda 6; Genesis 6:1-4; 1 Petro 3:19, 20.

Dɛn na ɛtoo saa abɔfo bɔne yi? Bere a Onyankopɔn de nsuyiri sɛe asase no, wɔsan danee honhom kɔɔ soro. Nanso Onyankopɔn amma saa abɔfo animguasefo yi kwan ma wɔansan ankɔ “baabi a na wɔte mfiase no.” Mmom no, ɔbrɛɛ wɔn ase kaa wɔn hyɛɛ “sum kabii bun mu.” Tebea a wɔwom no, Bible frɛ no Tartarus. (Yuda 6; 2 Petro 2:4) Saa abɔfo bɔne anaa adaemone yi de wɔn ho ahyɛ Satan Ɔbonsam ase. Ɔno na ɔyɛ “adaemone panyin” a ‘ɔkɔ so ara dan ne ho hann bɔfo.’—Mateo 12:24; 2 Korintofo 11:14.

Bible kyerɛkyerɛ sɛ Onyankopɔn de ne soro aban a yɛfrɛ no Mesia Ahenni no sii hɔ afe 1914.a Wei akyi no, wɔtoo Satan ne n’adaemone no fii soro guu asase yi so, na wontumi nkɔ soro bio. Sɛnea nsɛmmɔnedi ne brabɔne abu so wɔ asase so no, ɛyɛ adanse a ɛkyerɛ sɛ abɔfo bɔne no wɔ asase yi so na wɔn bo afuw denneennen.—Adiyisɛm 12:9-12.

Nanso, sɛnea nsɛmmɔnedi ne awudisɛm abu so no, edi adanse sɛ wɔn nneyɛe bɔne no nyinaa bɛba awiei nnansa yi ara. Ɛrenkyɛ, wɔbɛsɛe saa abɔfo bɔne atirimɔdenfo yi. Onyankopɔn Ahenni bedi paradise asase so mfe 1,000. Ɛno akyi no abɔfo bɔne no benya hokwan asɔ nnipa ahwɛ bere tiaa bi. Afei wɔbɛsɛe wɔn korakora.—Mateo 25:41; Adiyisɛm 20:1-3, 7-10.

a Wopɛ Onyankopɔn Ahenni ho nsɛm pii a, hwɛ Dɛn na Yebetumi Asua Afi Bible Mu? nhoma no ti 8. Yehowa Adansefo na wɔyɛe. Ɛsan wɔ Intanɛt so wɔ www.jw.org/tw.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena