Teokrase Ɔsom Sukuu Ntĩmu
Wobesusuw nsɛmmisa a edidi so yi ho wɔ Teokrase Ɔsom Sukuu no mu wɔ dapɛn a efi ase August 29, 2011 mu.
1. Ɔkwan bɛn so na Onyankopɔn dɔ “ye sen nkwa”? (Dw. 63:3) [w01 10/15 kr. 15 nky. 17]
2. Dɛn na Dwom 70 ma yehu fa Dawid ho? [w08 9/15 kr. 4 nky. 4]
3. Dɛn na Dwom 75:5 bɔ yɛn kɔkɔ wɔ ho? [w06 7/15 kr. 11 nky. 3]
4. Bere bɛn paa na yɛhwɛ kwan sɛ Yehowa betie yɛn mpaebɔ? (Dw. 79:9) [w06 7/15 kr. 12 nky. 5]
5. Dɛn ne “sum ase nneyɛe” a wɔaka ho asɛm wɔ Dwom 90:7, 8 no? [w01 11/15 kr. 12-13 nky. 14-16]
6. Sɛnea wɔada no adi wɔ Dwom 92:12-15 no, asɛyɛde a ɛho hia bɛn na wɔn a wɔn mfe akɔ anim no wɔ wɔ asafo no mu? [w04 5/15 kr. 13-14 nky. 14-18]
7. So odwontofo no nsɛm a wɔayɛ ho kyerɛwtohɔ wɔ Dwom 102:25-27 no ne Onyankopɔn atirimpɔw a ɔwɔ ma asase no bɔ abira? (Gen. 1:28) [w08 4/1 kr. 12 nky. 1]
8. Asiane a ɛwɔ nhumu a wɔnna no adi ho asuade bɛn na wɔatwe yɛn adwene asi so wɔ Dwom 106:7 no? [w95 9/1 kr. 19 nky. 4–kr. 20 nky. 2]
9. Sɛnea Dwom 110:1, 4 kyerɛ no, bɔ bɛn na Yehowa ahyɛ wɔ Aseni anaa Mesia no ho, na ɔkwan bɛn so na eyi de nhyira bɛbrɛ adesamma nyinaa? [cl kr. 194 nky. 13]
10. Bere a odwontofo no dwinnwen ɔsom a ɔde maa Onyankopɔn ho no, ɛkaa no dɛn? (Dw. 116:12, 14) [w09 7/15 kr. 29 nky. 4-5]