Teokrase Ɔsom Sukuu Ntĩmu
Wobesusuw nsɛmmisa a edidi so yi ho wɔ Teokrase Ɔsom Sukuu no mu wɔ dapɛn a efi ase October 28, 2013 mu.
1. Dɛn na “Kristo adwene” a yebenya no kyerɛ? (1 Kor. 2:16) [Sept. 2, w08 7/15 kr. 27 nky. 7]
2. Akwan bɛn so na ‘yeguan aguamammɔ’? (1 Kor. 6:18) [Sept. 2, w08 7/15 kr. 27 nky. 9; w04 2/15 kr. 12 nky. 9]
3. Dɛn na na Paulo kyerɛ bere a ɔkyerɛw sɛ mmea “mmua wɔn ano wɔ asafo no mu” no? (1 Kor. 14:34) [Sept. 9, w12 9/1 kr. 9, adaka]
4. Ɔkwan bɛn so na ɛsɛ sɛ Paulo asɛm a ɛwɔ 2 Korintofo 1:24 no ka asafo mu mpanyimfo a wɔwɔ hɔ nnɛ? [Sept. 16, w13 1/15 kr. 27 nky. 2-3]
5. Yɛbɛyɛ dɛn ama asɛm a ɛwɔ 2 Korintofo 9:7 no akyerɛ yɛn kwan? [Sept. 23, w09 3/15 kr. 27 nky. 11]
6. Sɛ yetie Paulo afotu a ɛwɔ Galatifo 6:4 no a, mfaso bɛn na yebenya wɔ so? [Sept. 30, w12 12/15 kr. 13 nky. 18]
7. Sɛ Bible ka sɛ ‘yɛntena ase honhom biakoyɛ mu’ a, ɛkyerɛ dɛn? (Efe. 4:3) [Oct. 7, w12 7/15 kr. 28 nky. 7]
8. Paulo tee nka dɛn wɔ nneɛma a na wagyaw wɔ akyi no ho? (Filip. 3:8) [Oct. 14, w12 3/15 kr. 27 nky. 12]
9. Dɛn na asɛm, “mommma yɛnnna te sɛ wɔn a aka no” kyerɛ? (1 Tes. 5:6) [Oct. 21, w12 3/15 kr. 10 nky. 4]
10. Ɔkwan bɛn so na Yesu afɔrebɔ wu no yɛ “agyede a ɛfata”? (1 Tim. 2:6) [Oct. 28, w11 6/15 kr. 13 nky. 11]