Teokrase Ɔsom Sukuu Ntĩmu
Yebesusuw nsɛmmisa a edidi so yi ho wɔ Teokrase Ɔsom Sukuu no mu wɔ dapɛn a efi ase April 28, 2014 mu.
Bere a Potifar yere yɛe sɛ ɔne Yosef bɛda no, dɛn na ɛmaa Yosef guanee? (Gen. 39:7-12) [Mar. 3, w13 2/15 kr. 4 nky. 6; w07 10/15 kr. 23 nky. 16]
Sɛ nkurɔfo ne yɛn anni no yiye anaa amane bi to yɛn a, dɛn na yebetumi asua afi Yosef nhwɛso pa no mu? (Gen. 41:14, 39, 40) [Mar. 10, w04 1/15 kr. 29 nky. 6; w04 6/1 kr. 20 nky. 4]
Dɛn na Yosef gyinaa so daa mmɔborɔhunu adi kyerɛɛ ne nuanom? [Mar. 17, w99 1/1 kr. 30 nky. 6-7]
Ɛyɛɛ dɛn na Benyamin abusua no maa nkɔmhyɛ a ɛwɔ Genesis 49:27 no baa mu? [Mar. 24, w12 1/1 kr. 29, adaka]
Yehowa ho ade bɛn na Exodus 3:7-10 ma yehu? [Mar. 31, w03 7/1 kr. 19 nky. 22-23]
Mose bere so no, dɛn na Yehowa yɛ de kyerɛe sɛ ne din no fata no? (Ex. 3:14, 15) [Mar. 31, w13 3/15 kr. 25-26 nky. 5-6]
Sɛnea Exodus 7:1 kyerɛ no, ɔkwan bɛn so na wɔyɛɛ Mose ‘Onyankopɔn maa Farao’? [Apr. 7, w04 3/15 kr. 25 nky. 7]
Ɛwom sɛ Israelfo no huu tumi kɛse a Yehowa de gyee wɔn fii Egypt no de, nanso su bɛn na wɔdaa no adi? Dɛn na yebetumi asua afi mu? (Ex. 14:30, 31) [Apr. 14, w12 3/15 kr. 26-27 nky. 8-10]
Israel man no mfiase pɛɛ na Yehowa ka kyerɛɛ wɔn sɛ ‘ɔbɛsoa wɔn ɔkɔre ntaban so.’ Adɛn nti na saa asɛm no kyerɛ sɛ Yehowa ne Israelfo no dii no ɔdɔ so? (Ex. 19:4) [Apr. 28, w96 6/15 kr. 10 nky. 5–kr. 11 nky. 2]
Ntease bɛn nti na Yehowa de ‘agyanom bɔne ho asotwe’ ba wɔn mma so? (Ex. 20:5) [Apr. 28, w04 3/15 kr. 27 nky. 1]