Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • km 6/14 kr. 7
  • Teokrase Ɔsom Sukuu Ntĩmu

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Teokrase Ɔsom Sukuu Ntĩmu
  • Yɛn Ahenni Som—2014
Yɛn Ahenni Som—2014
km 6/14 kr. 7

Teokrase Ɔsom Sukuu Ntĩmu

Yebesusuw nsɛmmisa a edidi so yi ho wɔ Teokrase Ɔsom Sukuu no mu wɔ dapɛn a efi ase June 30, 2014 mu.

  1. Sɛ worepɛ nea wode begyigye w’ani a, adɛn nti na ɛsɛ sɛ woma asɛm a ɛwɔ Exodus 23:2 no ho hia wo paa? [May 5, w11 7/15 kr. 10-11 nky. 3-7]

  2. Yehowa ka kyerɛɛ Israel asɔfo sɛ wɔnhohoro wɔn nsa ne wɔn nan ho ansa na wɔabɔ afɔre ama no. Adɛn nti na na saa asɛm no yɛ aniberesɛm paa, na dɛn na ɛkae Onyankopɔn asomfo nnɛ? (Ex. 30:18-21) [May 19, w96 7/1 kr. 9 nky. 9]

  3. Adɛn nti na Onyankopɔn antwe Aaron aso bere a ɔyɛɛ nantwi ba honi no? (Ex. 32:1-8, 25-35) [May 19, w04 3/15 kr. 27 nky. 4]

  4. Onyankopɔn ka kyerɛɛ Israelfo sɛ mma wɔnware nnipa a wɔsom anyame foforo. Sɛ Kristoni bi pɛ sɛ ɔware a, dɛn na ɛsɛ sɛ osua fi saa asɛm yi mu? (Ex. 34:12-16) [May 26, w89-E 11/1 kr. 20-21 nky. 11-13]

  5. Adɛn nti na ɛsɛ sɛ Besalel ne Oholiab asɛm no hyɛ yɛn nkuran? (Ex. 35:30-35) [May 26, w10 9/15 kr. 10 nky. 13]

  6. Dɛn na “Ahosohyira sɛnkyerɛnne kronkron” a na ɛbɔ Israel sɔfopanyin abotiten so no ma ɔkae? Ahosohyira ho ade bɛn na yesua fi mu? (Ex. 39:30) [June 2, w01 2/1 kr. 14 nky. 2-3]

  7. Sɛ yenim sɛ yɛn yɔnko Kristoni bi ayɛ bɔne a anibere wom a, dɛn na ɛsɛ sɛ yɛyɛ? (Lev. 5:1) [June 9, w97 8/15 kr. 27]

  8. Adɛn nti na na Israelfo no bɔ asomdwoe afɔre? Ɛnnɛ, asomdwoe afɔre no gyina hɔ ma dɛn? (Lev. 7:31-33) [June 16, w12 1/15 kr. 19 nky. 11-12]

  9. Ɛbɛyɛ sɛ bɔne bɛn na Aaron mma Nadab ne Abihu yɛe, na dɛn na yesua fi saa asɛm no mu? (Lev. 10:1, 2, 9) [June 23, w04 5/15 kr. 22 nky. 6-8]

  10. Israelfo bere so no, dɛn nti na ɔbea wo foforo a, na wobu no sɛ “ne ho ntew”? (Lev. 12:2, 5) [June 23, w04 5/15 kr. 23 nky. 2]

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena