Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • km 4/15 kr. 3
  • Teokrase Ɔsom Sukuu Ntĩmu

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Teokrase Ɔsom Sukuu Ntĩmu
  • Yɛn Ahenni Som—2015
Yɛn Ahenni Som—2015
km 4/15 kr. 3

Teokrase Ɔsom Sukuu Ntĩmu

Yɛbɛsusu nsɛmmisa a ɛdidi so yi ho wɔ Teokrase Ɔsom Sukuu mu nnawɔtwe a ɛfi ase April 27, 2015 mu. Wɔde bere a yɛbɛsusu asɛm no mu biara ho aka ho sɛnea ɛbɛyɛ a wobɛtumi ayɛ ho nhwehwɛmu bere a woresiesie wo ho ama sukuu no dapɛn biara no.

  1. Dɛn ne adɔe, na bere bɛn paa na ɛhia sɛ yɛda adɔe adi? (Rut 1:16, 17) [Mar. 2, ia kr. 38 nky. 19]

  2. Dɛn na Rut yɛe a ɛma ɔnyaa din sɛ “ɔbaa pa”? (Rut 3:11) [Mar. 2, w12 10/1 kr. 23 nky. 1]

  3. Sɛ yɛkɔ ɔhaw bi mu a, ɔkwan bɛn so na Hanah nhwɛso no bɛtumi aboa yɛn? (1 Sam. 1:16-18) [Mar. 9, w07 3/15 kr. 16 nky. 4-5]

  4. Bere a Samuel yɛ abarimaa a ‘ɔrenyin Yehowa anim’ no, dɛn na ɛboaa no ma ɔtwee ne ho fii Eli mma no nneyɛe bɔne no ho? (1 Sam. 2:21) [Mar. 9, ia kr. 62 nky. 16-17]

  5. Bere a “mmarima ahuhufoɔ” bi kasa tiaa Saul ahenni no, ɔhyɛɛ ne ho so. Dɛn na yɛbɛtumi asua afi mu? (1 Sam. 10:22, 27) [Mar. 23, w05 3/15 kr. 23 nky. 1]

  6. Ná Saul susu sɛ ɔbɔ afɔre ma Yehowa a, ɛyɛ sen sɛ ɔbɛyɛ osetie ama no. Nanso na ɛnyɛ adwempa. Ɛnneɛ, dɛn na yɛbɛtumi asua afi mu? (1 Sam. 15:22, 23) [Mar. 30, w07 6/15 kr. 26 nky. 3-4]

  7. Bible ka sɛ “Yehowa deɛ, ɔhwɛ akomam.” Awerɛkyekyesɛm bɛn na ɛwɔ saa asɛm yi mu? (1 Sam. 16:7) [Apr. 6, w10 7/1 kr. 17 nky. 7]

  8. Sɛnea Mmebusɛm 1:4 kyerɛ no, dɛn na yɛwɔ a Yehowa pɛ sɛ yɛde di dwuma bere a yɛrehyia ɔhaw bi? (1 Sam. 21:12, 13) [Apr. 13, w05 3/15 kr. 24 nky. 5]

  9. Adɛn nti na yɛbɛtumi aka sɛ nneɛma a Abigail de kɔmaa Dawid ne ne mmarima no nkyerɛ sɛ ɔsɔre tiaa ne kunu tiyɛ? (1 Sam. 25:10, 11, 18, 19) [Apr. 20, ia kr. 80 nky. 16]

  10. Abigail anni mfomso biara, nanso ɔkɔpaa kyɛw. Dɛn na yɛbɛtumi asua afi mu? (1 Sam. 25:24) [Apr. 20, w02 11/1 kr. 5 nky. 1, 4]

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena