Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • wp20 nɔma 3 kr. 4-5
  • Yɛn Bɔfo No Dɔ Yɛn, Na Odwen Yɛn Ho

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Yɛn Bɔfo No Dɔ Yɛn, Na Odwen Yɛn Ho
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Ɔmanfo De)—2020
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • 1.YƐN BƆFO NO NA ƆMA OWIA PUE
  • 2.YƐN BƆFO NO NA ƆMA OSU TƆ
  • 3.YƐN BƆFO NO NA ƆMA YENYA ADUAN NE NTADE
  • Kyerɛ Osu A Ɛtɔ Ho Anisɔ
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2009
  • Dɛn Nti Na Ɛsɛ Sɛ Yɛda Ɔbɔadeɛ No Ase?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1984
  • Hwehwɛ Ahenni no, na Ɛnyɛ Nneɛma
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Nea Adesua Nsɛm Wom)—2016
  • Wo Bɔfo No—Hu Sɛnea Ɔte
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1999
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Ɔmanfo De)—2020
wp20 nɔma 3 kr. 4-5
Owia no ayi ne ti wɔ bepɔw bi atifi.

Yɛn Bɔfo No Dɔ Yɛn, Na Odwen Yɛn Ho

1.YƐN BƆFO NO NA ƆMA OWIA PUE

Sɛ owia mmɔ asase yi so a, anka dɛn na yɛbɛyɛ? Yɛhwɛ nnua sɛɛ a, ahoɔden a enya fi owia no mu na ɛma ɛfefɛw nhaban, ɛpae nhwiren, na ɛsow aba. Owia nso na ɛma nnua ntini tumi twe nsu fi asase mu de foro kɔ ne nhaban mu, na ɛno akyi no, nsu no tu kɔ wim sɛ huruhurow.

Wɔayɛ tii afuw wɔ mmepɔw bi so.

2.YƐN BƆFO NO NA ƆMA OSU TƆ

Osu a ɛtɔ no, ɛyɛ akyɛde a ɛsom bo a efi Onyankopɔn hɔ. Osu tɔ a, ɛma asase ma nnɔbae ma yenya aduan di. Onyankopɔn ma osu tɔ fi soro ma nnɔbae ba ne bere mu, na yenya aduan di mee ma yɛn koma tɔ yɛn yam.

Anomaa bi si dua bi so, na ɔpɛ sɛ ɔsɔw aduaba bi a atew afi dua no so.

3.YƐN BƆFO NO NA ƆMA YENYA ADUAN NE NTADE

Agyanom pii dadwen ne sɛ wobenya aduan ne ntade ama wɔn mmusua. Nanso wo de, hwɛ nea Kyerɛwnsɛm no ka: “Monhwɛ ewim nnomaa; wongu aba na wontwa na wɔmmoaboa ano ngu asan so, nanso mo soro Agya ma wɔn aduan. So monsom bo pii nsen wɔn?”—Mateo 6:25, 26.

“Monhwɛ wuram sukooko nsua biribi, sɛnea enyin . . . ; nanso mise mo sɛ, [Ɔhene] Solomon anuonyam nyinaa akyi mpo no, wanhyehyɛ ne ho sɛ eyinom mu biako. Afei sɛ Onyankopɔn hyɛ wuram afifide . . .  atade a, so ɔrenhyɛ mo atade mmoro so?”—Mateo 6:28-30.

Sɛ Onyankopɔn betumi ama yɛn aduan ne ntade a, ɛnde obetumi nso aboa yɛn ama yɛn nsa aka nneɛma foforo a yehia wɔ yɛn asetena mu. Sɛ yɛbɔ mmɔden sɛ yɛbɛyɛ nea Onyankopɔn pɛ a, ɔbɛboa yɛn na sɛ yedua nnɔbae a wama ayɛ yiye. Obetumi nso aboa yɛn ama yɛanya adwuma ayɛ sɛnea ɛbɛyɛ a yebenya sika de atotɔ nneɛma a ­yehia.—Mateo 6:32, 33.

Yɛhwɛ sɛnea owia bɔ ne sɛnea osu tɔ, ne afei nnomaa, ne nhwiren a atwa yɛn ho ahyia a, yebetumi aka paa sɛ yɛwɔ nea enti a ɛsɛ sɛ yɛdɔ Onyankopɔn. Asɛm a edi hɔ no bɛma yɛahu ɔkwan a Ɔbɔadeɛ no afa so ne nnipa adi nkitaho.

Yɛn Bɔfo no ‘ma n’awia pue na ɔma osu tɔ.’​—MATEO 5:45

Yɛn Bɔfo no dɔ yɛn na odwen yɛn ho paa. Sɛnea agya bi a ɔwɔ ɔdɔ hwɛ n’abusua no, saa ara na yɛn Bɔfo no nso hwɛ yɛn. Kyerɛw ­Kronkron no ka Onyankopɔn ho asɛm sɛ ne yam ye, na obue ne nsam ma wunya nea wuhia efisɛ ‘onim nneɛma a ehia wo koraa ansa na woabisa no.’—Mateo 6:8.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena