Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • wp20 nɔma 3 kr. 7
  • Onyankopɔn Asɛm No, Emu Nsɛm Asesa Anaa?

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Onyankopɔn Asɛm No, Emu Nsɛm Asesa Anaa?
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Ɔmanfo De)—2020
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • KYERƐW KRONKRON A ƐWƆ HƆ NNƐ NO, YƐBƐYƐ DƐN AHU SƐ ONYANKOPƆN ANOM ASƐM NO ARA NA ƐWƆ MU?
  • Bible No, Nkurɔfo Asesa Emu Nsɛm Anaa?
    Bible Nsɛmmisa Ho Mmuae
  • A3 Nea Ɛyɛe a Yɛn Nsa Kaa Bible
    Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
  • So Yehia Nea Edi Kan no Ankasa?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1990
  • Ɛyɛɛ Dɛn Na Nhoma No Da So Wɔ Hɔ?
    Amansan Nhoma
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Ɔmanfo De)—2020
wp20 nɔma 3 kr. 7
[Kratafa 7 nfoni]

Yesaia nhoma a wohui wɔ Po a Awu Ho Nhoma Mmobɔwee no mu fã bi ne Yesaia nhoma no fã bi a wɔakyerɛ ase kɔ Arabic kasa mu na wɔayɛ ho mfoni wɔ ha yi. Nsɛm a ɛwɔ nhoma mmienu yi mu no di adanse sɛ Onyankopɔn Asɛm tim hɔ daa, ɛnsesa da

Onyankopɔn Asɛm No, Emu Nsɛm Asesa Anaa?

Nnipa binom adwene yɛ wɔn sɛ Onyankopɔn Asɛm no mu nsɛm asesa. Nanso odiyifo Yesaia kaa sɛ Onyankopɔn asɛm de, ‘etim hɔ daa.’ (Yesaia 40:8) Yɛbɛyɛ dɛn ahu sɛ ɛbɔ ahorow a Onyankopɔn ahyɛ nnipa no, wɔakora so pɛpɛɛpɛ?

Onyankopɔn wɔ tumi a ɔde bɛkora n’Asɛm no so na wabɔ ho ban sɛnea ɛbɛyɛ a obi renyi asɛm bi mfi mu anaa ɔremfa bi nka ho. Tete no, na ebinom hwɛ kyerɛwnsɛm no so kyerɛw bi, na wɔreyɛ saa a, na wɔhwɛ yiye paa. Nea na wɔyɛ ne sɛ, sɛ wɔhwɛ nea ɛwɔ hɔ dedaw no so kyerɛw bi wie a, foforo a wɔakyerɛw no, na wɔkan nkyerɛwde biara a ɛwɔ mu hwɛ sɛ wɔmfaa biribi mmɛkaa ho, wɔnsesaa biribi, anaa wonyii biribi mfii mu. Nanso, esiane sɛ nnipa tɔ sin nti, akyerɛwfo no bi dii mfomso nketenkete bi.

KYERƐW KRONKRON A ƐWƆ HƆ NNƐ NO, YƐBƐYƐ DƐN AHU SƐ ONYANKOPƆN ANOM ASƐM NO ARA NA ƐWƆ MU?

Kyerɛw Kronkron no afã bi a tetefo no de wɔn nsa kyerɛwee no, mpempem pii wɔ hɔ nnɛ. Enti sɛ ɛba sɛ nsonsonoe ketewaa bi wɔ nea wɔde nsa kyerɛwee no baako mu a, nea ɛsɛ sɛ yɛyɛ ara ne sɛ yɛde bɛtoto nea aka no ho, na ɛbɛma yɛahu baabi a ebia mfomso no wɔ. Sɛ wopɛ sɛ wuhu wei ho nsɛm pii a, kɔ jw.org, na hwɛ asɛm a wɔato din “Has the Bible Been Changed or Tampered With?”

Wo de, ma yɛmfa nhoma mmobɔwee bi a wɔfrɛ no Po a Awu Ho Nhoma Mmobɔwee no sɛ nhwɛso. Afe 1947 na nkurɔfo bi a wɔfrɛ wɔn Bedouinfo huu saa nhoma mmobɔwee no wɔ bon bi a ɛbɛn Po a Awu no mu. Kyerɛw Kronkron no afã ahorow bi na ɛwɔ saa nhoma mmobɔwee yi mu, na adi boro mfe mpem mmienu. Nsɛm a ɛwɔ nhoma mmobɔwee yi mu no, animdefo bi de totoo Kyerɛw Kronkron a ɛwɔ hɔ nnɛ no ho. Dɛn na wohui?

Abenfo no hui sɛ, Onyankopɔn Asɛm a ɛwɔ hɔ nnɛ no, sɛ wode emu nsɛm toto nsɛm a ɛwɔ nhoma mmobɔwee a akyɛ paa no ho yiye a, wubehu sɛ Kyerɛw Kronkron a Onyankopɔn ma wɔkyerɛwee no, ɛnsesae.a Enti yebetumi anya awerɛhyem sɛ, Onyankopɔn akora Kyerɛw Kronkron no mu nsɛm so pɛpɛɛpɛ ama yɛn.

Wei nti, sɛ worekenkan Onyankopɔn Asɛm a, nya ahotoso sɛ emu nsɛm no nsesae; biribiara yɛ pɛpɛɛpɛ. Seesei a yɛahu wei no, momma yɛnhwɛ nea yebetumi asua afa Onyankopɔn ho afi n’adiyifo hɔ.

a Po a Awu Ho Nhoma Mmobɔwee a Geza Vermes kyerɛɛ ase kɔɔ Borɔfo mu, kratafa 16.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena