Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • wp20 nɔma 3 kr. 11
  • Wɔn a Wotie Onyankopɔn no Benya Nhyira

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Wɔn a Wotie Onyankopɔn no Benya Nhyira
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Ɔmanfo De)—2020
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • 1. SƐ YETIE ONYANKOPƆN A, YƐBƐYƐ ANYANSAFO
  • 2. SƐ YETIE ONYANKOPƆN A, YƐN ANI BEGYE
  • “Eyi Ne Nea Onyankopɔn Dɔ Kyerɛ”
    “Momfa Mo Ho Nsie Onyankopɔn Dɔ Mu”
  • ‘W’aso Yɛ Mmerɛw’ Anaa?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Nea Adesua Nsɛm Wom)—2023
  • “Mɛtumi Agyina Onyankopɔn Ananmu Anaa?”
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2015
  • “Mesrɛ Mo, Muntie Dae a Maso Yi”
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2014
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Ɔmanfo De)—2020
wp20 nɔma 3 kr. 11
Abusua bi abom reyɛ nneɛma bi de agye wɔn ani. Maame no ne ne mmabea no mu baako renoa aduan wɔ gyaade, na papa no nso ne baako rehwɛ mfoni wɔ asa so hɔ.

Yedi Onyankopɔn ahyɛde so a, yɛn ani begye ankasa

Wɔn a Wotie Onyankopɔn No Benya Nhyira

Odiyifo Mose kaa sɛ, sɛ yedi Onyankopɔn mmara so a, Onyankopɔn behyira yɛn. (Deuteronomium 10:13; 11:27) Ɛnyɛ suro a yesuro sɛ Onyankopɔn bɛtwe yɛn aso nti na yetie no. Mmom Onyankopɔn suban a ɛyɛ fɛ no na ɛka yɛn ma yetie no. Yɛdɔ no nti, yɛmpɛ sɛ yɛbɛyɛ biribi a ɛbɛma ne werɛ ahow. Onyankopɔn Asɛm ka sɛ: “Eyi ne nea Onyankopɔn dɔ kyerɛ, sɛ yebedi n’ahyɛde so.”—1 Yohane 5:3.

Ɛnde sɛ yetie Onyankopɔn a, ɔkwan bɛn so na yebenya ne nhyira? Yɛnhwɛ akwan mmienu.

1. SƐ YETIE ONYANKOPƆN A, YƐBƐYƐ ANYANSAFO

“Me Yehowa, mene wo Nyankopɔn, nea ɔkyerɛ wo ade a eye ma wo, nea ogya wo fa ɔkwan a ɛsɛ sɛ wofa so no so.”—YESAIA 48:17.

Yehowa Nyankopɔn a ɔyɛ yɛn Bɔfo no nim yɛn, na ɔma yɛn akwankyerɛ a yehia. Sɛ yɛpɛ sɛ ­ɔkyerɛkyerɛ yɛn ma yesisi gyinae a nyansa wom a, ɛnde ɛsɛ sɛ yesua nea Onyankopɔn pɛ sɛ yɛyɛ fi Kyerɛw Kronkron no mu na afei yɛde nea yɛasua no bɔ yɛn bra.

2. SƐ YETIE ONYANKOPƆN A, YƐN ANI BEGYE

“Anigye ne wɔn a wotie Onyankopɔn asɛm na wodi so!”—LUKA 11:28.

Ɛnnɛ, nnipa ɔpepem pii a wotie Onyankopɔn Asɛm no ani gye paa. Yɛnhwɛ ɔbarima bi a ɔwɔ Spain. Ná ne koko haw no paa. Ná ɔyɛ afoforo basabasa, na na ɔde kɔ ne yere so mpo. Da bi, ɔkenkan nhoma bi a odiyifo Mose kyerɛwee. Ná ɛfa Yakob ba Yosef a na odwo no ho. Wɔtɔn Yosef kɔɔ nkoasom mu, na wobuu no atɛnkyea de no too afiase. Nanso na ɔda so ara dwo, na ɔpɛ asomdwoe, na na ɔde bɔne kyɛ. (Genesis, ti 37-45) Ɔbarima a ɔwɔ Spain no kaa sɛ: “Bere a midwinnwen Yosef asɛm no ho no, ɛboaa me ma mebɛyɛɛ obi a odwo, ne yam ye, na ɔhyɛ ne ho so. Ɛno nti, seesei m’ani gye paa.”

Kyerɛw Kronkron no ma yenya sɛnea ɛsɛ sɛ yɛne afoforo di ho akwankyerɛ pii. Ma yensusuw saa akwankyerɛ yi bi ho nkɔ akyiri wɔ asɛm a edi hɔ no mu.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena