ASETENAM NSƐM
Yɛn Nkwa Nna Nyinaa, Yɛn Kyerɛkyerɛfo Kunini No Akyerɛkyerɛ Yɛn Nneɛma Pii
ME NE me yere ahyia nneɛma a ɛyɛ hu bebree wɔ akwampae adwuma ne asɛmpatrɛw adwuma no mu. Ebi ne, asogyafo a wɔkurakura atuo gyinagyina kwan mu, nneɛma a atuatewfo de asisiw akwan na wɔatwa gya atom ama ɛredɛw, mframa gyampantrudu, ne ɔman mufo a wɔatwa wɔn ho reko. Ɛtɔ da nso a, na ɛsɛ sɛ yeguan fi fie. Nanso yennuu yɛn ho da sɛ yesii gyinae sɛ yɛbɛyɛ bere nyinaa som adwuma no. Ɔhaw yi nyinaa mu no, Yehowa aboa yɛn na wahyira yɛn. Esiane sɛ ɔyɛ yɛn Kyerɛkyerɛfo Kunini nti, wakyerɛkyerɛ yɛn nneɛma pa pii nso.—Hiob 36:22; Yes. 30:20.
M’AWOFO NHWƐSO
Afe 1950 rekɔ awiei no, m’awofo tu fii Italy kɔtenaa Kindersley a ɛwɔ Saskatchewan, Canada. Wɔkɔɔ hɔ no, ankyɛ biara na wɔhuu nokware no, na yɛn abusua no de Yehowa som dii kan wɔ yɛn asetenam. Mekae sɛ, meyɛ abofra no, na me ne m’abusua taa kyɛ wɔ asɛnka mu paa, enti ɛtɔ da a mede di agorɔ sɛ, midii mfe nwɔtwe na mifii “akwampae boafo” adwuma ase!
Me ne m’abusua, wɔ afe 1966 mu hɔ
Ná m’awofo nni sika, nanso Yehowa som nti wɔde nneɛma bɔɔ afɔre, na ɛyɛɛ nhwɛso pa maa yɛn. Afe 1963 sei, wɔtɔn wɔn ho nneɛma pii sɛnea ɛbɛyɛ a wɔbenya sika de akɔ amanaman ntam nhyiam a wɔyɛe wɔ Pasadena, California, U.S.A no bi. Afe 1972 no, yetu kɔɔ Trail, a ɛwɔ British Columbia, Canada, na yɛkɔkaa asɛmpa no kyerɛɛ wɔn a wɔka Italy kasa wɔ hɔ no. Efi baabi a na yɛwɔ no rekɔ hɔ bɛyɛ kilomita 1,000 anaa bɛyɛ akwansin 620. Ná me papa yɛ famfam adwuma. Onyaa hokwan pii a na ɛbɛma wanya sika, nanso wamfa ne ti annye, efisɛ na ɔpɛ sɛ ɔde Yehowa som di kan.
Nhwɛso pa a m’awofo yɛ maa me ne me nuanom mmiɛnsa no, m’ani sɔ paa. Ɛno maa m’ase timii wɔ Yehowa som mu, na wɔkyerɛɛ me biribi a me werɛ remfi da me nkwa nna nyinaa. Ɛne sɛ, sɛ mehwehwɛ Ahenni no kan a, Yehowa bɛhwɛ me.—Mat. 6:33.
MIFII BERE NYINAA SOM ADWUMA ASE
Afe 1980 no, mewaree Debbie, onuawa hoɔfɛfo bi a ɔdɔ Yehowa. Ná yɛpɛ sɛ yɛyɛ bere nyinaa som adwuma no bi, enti yɛwaree akyi abosome mmiɛnsa no, Debbie fii akwampae adwuma ase. Yɛwaree afe baako akyi no, yetu kɔɔ asafo ketewa bi a wɔhia mmoa mu, na me nso mifii akwampae adwuma ase.
Yɛn ayeforohyia da, afe 1980
Bere bi akyi no, yɛn abam bui, na yɛyɛɛ yɛn adwene sɛ yebefi hɔ. Nanso yedii kan ne ɔmansin sohwɛfo no kaa ho asɛm. Ɔne yɛn kasae ɔdɔ so, nanso wamfa n’asɛm no anwadawada. Ɔkaa sɛ: “Moka ho bi na mo abam abu no. Nneɛma a ɛnkɔ yiye na mo de mo adwene asi so. Monhwehwɛ nneɛma pa a atwa mo ho ahyia no mmom, na momfa mo adwene nsi ɛno so.” Ɛno ara ne afotu a na yehia. (Dw. 141:5) Ntɛm pa ara na yɛde afotu no yɛɛ adwuma, na ankyɛ koraa na yehui sɛ ampa, nneɛma pa pii atwa yɛn ho ahyia. Ná asafo no mufo binom pɛ sɛ wɔyɛ pii ma Yehowa. Ebi yɛ mmofra, ne wɔn a wɔn ahokafo nni asafo no mu. Yesuaa biribi fii wei mu paa. Yebehui sɛ tebea biara mu no, ɛsɛ sɛ yɛde yɛn adwene si nneɛma pa a ɛwom no so, na yɛtwɛn Yehowa ma odi ɔhaw biara ho dwuma wɔ bere a ɛsɛ mu. (Mika 7:7) Yɛn ani san gyei bio, na nneɛma kɔɔ yiye.
Akwampaefo sukuu a yedii kan kɔe no, na yɛn akyerɛkyerɛfo no asom wɔ aman afoforo so pɛn. Mfoni a wɔtwitwae wɔ mmeae a na wɔasom pɛn no, wɔyii bi kyerɛɛ yɛn. Wɔkaa ɔhaw a wɔhyiae ne nhyira a wɔnyae nso kyerɛɛ yɛn. Wei maa yɛn kɔn dɔe sɛ yɛbɛyɛ asɛmpatrɛw adwuma no bi. Enti yɛde saa botae no sii yɛn ani so.
Yɛwɔ Ahenni Asa bi so wɔ British Columbia, afe 1983
Nea ɛbɛyɛ na yɛadu saa botae no ho no, afe 1984 no, yetu kɔɔ Quebec a na wɔka French kasa wɔ hɔ no. Efi British Columbia rekɔ hɔ yɛ bɛboro kilomita 4,000 anaa akwansin 2,485. Yɛkɔɔ hɔ no, na ɛsɛ sɛ yesua kasa ne amammerɛ foforo koraa. Ɔhaw foforo nso ne sɛ mpɛn pii no, ɛyɛ a na yɛn sikasɛm nkɔ yiye koraa. Bere bi mpo de, na yɛkɔsesaw ntɔmmɔ ase wɔ okuani bi afuw mu na ɛbɛnoa di. Ná Debbie tumi de ntɔmmɔ no yɛ nnuan ahorow bebree! Ɔhaw a yehyiae no nyinaa mu no, yemiaa yɛn ani de anigye gyinaa ano. Afei so, yehui sɛ Yehowa rehwɛ yɛn.—Dw. 64:10.
Da koro bi, yenyaa kɔɔl bi a na yɛnhwɛ kwan. Ná wɔreto nsa afrɛ yɛn sɛ yɛmmɛsom wɔ Canada Betel. Na yɛadi kan ahyehyɛ Gilead akwammisa krataa, enti anyɛ yɛn dɛ sɛ wɔka kyerɛɛ yɛn sɛ yɛmmra Betel. Yekodui no, yebisaa Onua Kenneth Little a na ɔyɛ Baa Boayikuw no muni no sɛ, “Gilead akwammisa krataa a yɛhyehyɛe no nso ɛ?” Obuae sɛ, “Sɛ wɔfrɛ mo a, yebehu nea yɛbɛyɛ.”
Nnawɔtwe baako akyi no, wɔtoo nsa frɛɛ me ne Debbie sɛ yɛnkɔ Gilead. Enti na ɛsɛ sɛ yesi gyinae. Onua Little ka kyerɛɛ yɛn sɛ: “Nea mobɛpaw biara, nna bi wɔ hɔ a ɛbɛyɛ mo sɛ muhui a anka mopaw baako no. Baako nyɛ papa nsen baako; Yehowa betumi ahyira emu biara so.” Yɛpenee so kɔɔ Gilead, na efi saa bere no, nkakrankakra yɛabehu sɛ asɛm a Onua Little kae no yɛ nokware. Mpɛn pii no, sɛ wɔma obi dwumadi na onhu nea ɔmpaw a, asɛm a Onua Little kae no, ɛyɛ a yɛn nso yɛka kyerɛ no.
YƐBƐYƐƐ ASƐMPATRƐWFO
(Benkum) Ulysses Glass
(Nifa) Jack Redford
Gilead adesuakuw a ɛtɔ so 83 no, adesuafo 24 a na ɛwom no, ɛyɛɛ yɛn dɛ paa sɛ na yɛka ho. Yɛyɛɛ no April afe 1987 wɔ Brooklyn, New York. Onua Ulysses Glass ne Onua Jack Redford titiriw na na wɔyɛ yɛn akyerɛkyerɛfo. Abosome nnum a yɛde suaa ade no, ankyɛ koraa na ɛbaa awiei, na yewiee sukuu no September 6, afe 1987. Ɛno akyi no, wɔmaa yɛne John ne Marie Goode kɔɔ Haiti.
Yɛwɔ Haiti, afe 1988
Asɛmpatrɛwfo a wɔawie Gilead a na wɔwɔ Haiti no, afe 1962 mu no, wɔpam wɔn fii hɔ. Efi hɔ no, wɔamfa asɛmpatrɛwfo ankɔ hɔ bio kosii bere a yɛkɔɔ hɔ no. Yewiee sukuu no nnawɔtwe mmiɛnsa akyi no, yɛkɔsom wɔ asafo ketewa bi mu; ná adawurubɔfo 35 na ɛwom, na na ɛwɔ Haiti mmepɔw bi mu. Ná yennyinyinii, na na yenni suahu nso. Afei nso, yɛn nko ara na na yɛwɔ asɛmpatrɛwfo fie hɔ. Ná ohia adokoro nnipa a ɛwɔ hɔ no, na na wɔn mu dodow no ara nso nnim akenkan. Bere a yɛhyɛɛ asɛmpatrɛw adwuma no ase foforo no, na ɔman no mu nnwo, ɛreyɛ ara ni na nkurɔfo atu aban no agu, na wobɛhwɛ na atuatewfo de nneɛma asisiw akwan atwa gya atom. Yɛreka yi, na mframa gyampantrudu nso nenam mu.
Anuanom a wɔwɔ Haiti no, na wɔde akokoduru ne anigye gyina ɔhaw a wɔhyia no ano, na yesuaa nneɛma pii fii wɔn hɔ. Wɔn mu pii wɔ hɔ a, na asetena no nyɛ fow saa mma wɔn, nanso na wɔdɔ Yehowa, na na wɔpɛ asɛnka paa. Ná onuawa bi wɔ hɔ a ne mfe akɔ anim a onnim akenkan, nanso na wakyere kyerɛwnsɛm mmaako mmaako 150 agu ne tirim. Ɔhaw a na ɛkɔ so da biara no ma yegye dii paa sɛ Ahenni no nko ara na ebetumi ayi nnipa haw afi hɔ, enti yɛyeree yɛn ho kaa asɛmpa no. Wɔn a yedii kan ne wɔn suaa Bible no, bere a yehui sɛ wɔn mu bi abɛyɛ daa akwampaefo, akwampaefo atitiriw, ne asafo mu mpanyimfo no, anigye hyɛɛ yɛn koma ma.
Mewɔ Haiti no, mihyiaa Mormonni aberante bi a ne din de Trevor; na ɔyɛ ɔsɛmpatrɛwni. Minyaa hokwan ne no bɔɔ Bible mu nkɔmmɔ baako mmienu bi. Mfe bi akyi no, me nsa kaa lɛtɛ bi fii ne hɔ a na menhwɛ kwan. Ɔkaa wom sɛ: “Merekɔbɔ asu wɔ nhyiam bi a yɛrebɛkɔ ase oo! Baabi a na meyɛ Mormon asɛmpatrɛw adwuma wɔ Haiti no, mepɛ sɛ mesan kɔ hɔ ara kɔyɛ ɔkwampaefo titiriw.” Ɔde ɔseɛ yɛɛ ɔyɔ, na ɔne ne yere de mfe pii yɛɛ akwampae adwuma no wɔ hɔ.
YƐKƆƆ EUROPE, ƐNO AKYI NO YƐKƆƆ AFRIKA
Mereyɛ adwuma wɔ Slovenia, afe 1994
Ná hokwan a yɛde bɛka Ahenni ho asɛmpa no rebue nkakrankakra wɔ Europe beae bi, enti wɔde yɛn kɔɔ hɔ sɛ yɛnkɔboa. Afe 1992 mu no, yekoduu Ljubljana, Slovenia. Ná ɛhɔ bɛn baabi a wɔtetee m’awofo ansa na wɔretu akɔ Italy no. Mmeae a na kan no ɛka bom yɛ Yugoslavia no, na ɔko gyina mu wɔ hɔ. Betel a ɛwɔ Austria ahenkurow Vienna, ne ɔfese a ɛwɔ Croatia ahenkurow Zagreb ne nea ɛwɔ Serbia ahenkurow Belgrade mu no, wɔn na na ɛhwɛ asɛnka adwuma a na yɛreyɛ wɔ mmeae a na kan no ɛka bom yɛ Yugoslavia no so. Afei de, na ɔman no mu biara rebenya ɔno ara ne Betel.
Enti na ɛho abehia sɛ yesua kasa foforo ne amammerɛ foforo. Ná kuromafo no taa ka asɛm bi sɛ, “Jezik je težek”; nea ɛkyerɛ ne sɛ, “Kasa no sua nna fam.” Ampa ara nso na ɛyɛ den! Nsakrae biara a Yehowa ahyehyɛde no de bɛba no, anuanom a na wɔfi wɔn koma nyinaa mu gye tom no, yehuu sɛnea Yehowa hyiraa wɔn. Wei yɛɛ yɛn fɛ paa. Yɛsan hui sɛ, bere biara a nneɛma nkɔ yiye no, Yehowa hwɛ siesie wɔ bere a ɛsɛ mu. Nea yɛfaa mu wɔ Slovenia no ma yesuaa nneɛma pii, wei nti ɛboaa yɛn ma yetumi gyinaa ɔhaw foforo biara a yehyiae wɔ hɔ no ano.
Nanso na nsakrae pii rebɛba. Afe 2000 mu no, wɔde yɛn kɔɔ Côte d’Ivoire, wɔ Afrika Atɔe. Ɛno akyi no, esiane ɔko a esii wɔ ɔman no mu nti, November afe 2002 mu no, wɔma yɛkɔɔ Sierra Leone. Ɛhɔ nso, na wɔako saa ara mfe 11, na afei ara na na aba awiei. Ná ɛyɛ den sɛ yebefi Côte d’Ivoire hɔ putupuru saa. Nanso nneɛma a na yɛasua nti, anigye a na yɛwɔ no antew ankɔ.
Nnipa a ɛwɔ hɔ a na wɔn ani gye asɛmpa no ho, ne yɛn nuanom a ɔko a na akɔ so mfe pii no ama wɔadi amia no, wɔn na yɛde yɛn adwene sii wɔn so. Ná wɔnni bi, nanso na wɔayɛ krado sɛ wɔne yɛn bɛkyɛ nea wɔwɔ. Onuawa baako bɛkyɛɛ Debbie ntaade. Bere a na Debbie retwetwe ne ho sɛ obegye no, onuawa no kaa sɛ: “Ɔko bere no mu no, anuanom a ɛwɔ aman foforo so boaa yɛn. Yɛn nso, adu yɛn so sɛ yɛboa.” Yɛde sii yɛn ani so sɛ yebesuasua wɔn nhwɛso no.
Eduu baabi no, yɛsan kɔɔ Côte d’Ivoire, na ɔko a na asɛ emu adwo no san yii ne ti. Enti November afe 2004 mu no, wɔde helikopta faa yɛn fii baabi a na yɛwɔ no, na bag baako pɛ na yɛn mu biara tumi de kɔe. Anadwo no, yɛdaa fam wɔ France asraafo asoɛe bi, na ade kyee no, wɔde yɛn faa wimhyɛn kɔɔ Switzerland. Yekoduu Switzerland Betel anadwo dasu mu. Baa Boayikuw no mufo ne Asomfo Ntetee Sukuu akyerɛkyerɛfo ne wɔn yerenom yɛɛ yɛn awaawaa atuu, na wɔmaa yɛn aduan dii. Afei nso, wɔmaa yɛn Switzerlandfo chocolate bebree. Wei kaa yɛn koma paa.
Merekasa akyerɛ atubrafo wɔ Côte d’Ivoire, afe 2005
Wɔma yɛkɔɔ Ghana kakra, na bere a Côte d’Ivoire man no mu dwoe no, yɛsan kɔɔ hɔ bio. Ɔhaw a na ɛwɔ atutena a yedii no mu no, ayamye a anuanom daa no adi kyerɛɛ yɛn no boaa yɛn ma yetumi gyinaa ano. Ɛwom, Yehowa hwɛ kwan sɛ n’asomfo bɛdodɔ wɔn ho, nanso me ne Debbie yɛɛ adwene sɛ, yɛbɛkyerɛ ɔdɔ a ɛte saa ho anisɔ paa. Nokwasɛm ne sɛ, saa mmere bɔne no mu mpo, yesuaa nneɛma pii.
YƐKƆƆ MIDDLE EAST
Yɛwɔ Middle East, afe 2007
Afe 2006 mu no, yɛn nsa kaa krataa bi fii wiase nyinaa adwumayɛbea ti. Krataa no mu no, wɔka kyerɛɛ yɛn sɛ yɛnkɔ Middle East. Bio, na yɛrebesua nneɛma foforo, kasa foforo, amammerɛ foforo, na yɛahyia ɔhaw afoforo. Ná amanyɔsɛm ne nyamesom adi nkurɔfo ti wɔ hɔ, enti na yɛwɔ nneɛma pii sua. Nsafo a na ɛwɔ hɔ no, na emufo ka kasa ahorow ahorow, nanso na baakoyɛ wɔ wɔn ntam, na na wɔde Bible akwankyerɛ yɛ adwuma. Wei yɛ biribi a na yɛn ani gye ho paa. Ná yɛpɛ anuanom no asɛm paa, efisɛ ɔsɔretia a na wɔn abusuafo, wɔn mfɛfo sukuufo, wɔn mfɛfo adwumayɛfo, ne wɔn a ɛte bɛn wɔn de ba wɔn so no, na wɔn mu dodow no ara tumi de akokoduru gyina ano.
Afe 2012 mu no, wɔyɛɛ nhyiam titiriw bi wɔ Tel Aviv a ɛwɔ Israel, na yɛkɔɔ bi. Pentekoste afe 33 akyi no, saa nhyiam yi ne bere a edi kan a Yehowa nkurɔfo hyiaam pii saa wɔ hɔ. Ɛnyɛ ade a yɛn werɛ betumi afi da!
Saa bere no, ɔman bi a wɔabara yɛn adwuma no afã bi wɔ hɔ no, wɔma yɛkɔsraa anuanom a ɛwɔ hɔ no. Yɛrekɔ no, yɛde yɛn nhoma ahorow no bi kɔe, yɛne wɔn kɔɔ asɛnka, na yɛkɔɔ nhyiam nketewa nso. Baabi a wobɛfa biara, wubehu sɛ asogyafo kurakura atuo gyinagyina kwan mu a wɔpɛ sɛ wɔhwehwɛ wo nneɛma mu. Nanso na adawurubɔfo a ɛwɔ hɔ no bi ka yɛn ho, enti yetumi de ahwɛyiye twaam wɔ mmeae ɛtete saa a yɛammɔ hu.
YƐSAN KƆƆ AFRIKA
Meresiesie ɔkasa a mɛma wɔ Congo, afe 2014
Afe 2013 mu no, yenyaa dwumadi foforo koraa; wɔka kyerɛɛ yɛn sɛ yɛnkɔsom wɔ Betel a ɛwɔ Kinshasa, Congo. Ɔman no so paa, na ɛhɔ nso yɛ fɛ, nanso na ohia fitaa ne ɔko reteetee wɔn. Mfiase no, yɛkaa sɛ: “Afrika de, yenim hɔ, enti yɛayɛ krado.” Nanso na yɛda so ara wɔ pii sua, ɛnkanka bere a yɛrekɔ mmeae a ɛhɔ mmuei na akwan nni hɔ no. Yenyaa nneɛma pa pii a yɛde yɛn adwene besi so. Ebi ne sɛ, ɛmfa ho sɛ na ohia adokoro anuanom no, wɔkɔɔ so de animia ne anigye gyinaa mu. Afei nso, na wɔmfa asɛnka nni agorɔ, na adesua ne nhyiam ahorow nso, na wɔbɔ mmɔden kɔ. Sɛnea Yehowa hyiraa asɛnka adwuma no so na enyaa nkɔanim no, yɛde yɛn ani hui. Mfe a yɛde yɛɛ bere nyinaa som adwuma wɔ Congo no ma yesuaa nneɛma pii, na yenyaa nnamfo pii a wɔbɛyɛɛ sɛ yɛn abusua.
Yɛreyɛ asɛnka adwuma wɔ South Africa, afe 2023
Afe 2017 rekɔ awiei no, yɛsan nyaa dwumadi foforo; yɛkɔɔ South Africa. Betel a yɛasom wɔ hɔ nyinaa, ɛha na ɛso paa, na adwuma a wɔde maa yɛn wɔ ha no mpo, na yɛnyɛɛ bi da. Ɛha nso, na nneɛma pii wɔ hɔ a ɛsɛ sɛ yesua, nanso nneɛma a yɛasua dedaw no boaa yɛn. Anuanom a wɔwɔ ha no pii de animia asom Yehowa mfe bebree, na yɛdɔ wɔn. Anuanom a ɛwɔ Betel ha no nso, ɛsono baabi a wɔn mu biara fi ne wɔn amammerɛ, nanso sɛnea wɔde baakoyɛ abom reyɛ adwuma no, ɛyɛ fɛ paa. Ɛda adi sɛ Yehowa ama ne nkurɔfo anya asomdwoe, efisɛ wɔahyɛ suban foforo no, na wɔde Bible mu afotu yɛ adwuma.
Mfe a me ne Debbie de asom Yehowa no, yɛanya dwumadi a ɛyɛ anigye pii, na yɛasua amammerɛ ne kasa ahorow nso. Ɛnyɛ bere nyinaa na ɛyɛ fow saa, nanso bere nyinaa Yehowa nam n’ahyehyɛde no ne anuanom so yi ne dɔ a enni huammɔ adi kyerɛ yɛn. (Dw. 144:2) Yegye di sɛ, bere nyinaa som adwuma no atete yɛn ma yɛn suban ne yɛn abrabɔ ayɛ fɛ paa.
Ntetee a m’awofo de maa me, mmoa a me dɔfo Debbie de ma me, ne anuanom a ɛwɔ wiase nyinaa nhwɛso pa no, m’ani sɔ paa. Efi saa bere yi rekɔ nyinaa, yɛasi yɛn bo sɛ yɛbɛma yɛn Kyerɛkyerɛfo Kunini no akɔ so akyerɛkyerɛ yɛn.