Sɛ Yehowa Adansefo Yi Obi Fi Wɔn Asafo No Mu a, Wɔne No Yɛ Aka Anaa?
Yehowa Adansefo dɔ nnipa nyinaa; yedwen obiara ho, na yebu obiara. Sɛ yehu sɛ yɛn nua bi ntene ne ho nsom Onyankopɔn anaa wagyae som no a, yɛkɔ ne nkyɛn kɔboa no, yɛma no nya awerɛhyem sɛ yɛdɔ no, na yɛyɛ nea yebetumi biara boa no ma ɔsan keka ne ho wɔ som no mu.—Luka 15:4-7.
Ɛtɔ da a, obi nneyɛe tumi ma yeyi no fi asafo no mu. (1 Korintofo 5:13) Nanso yɛdɔ yɛn nuanom a yɛne wɔn wɔ asafo no mu no. Enti sɛ yehu sɛ onua bi nam kwan bɔne bi so a, yɛboa no ntɛm na ankɔba sɛ yebeyi no afi asafo no mu. Sɛ ɛkɔba sɛ yeyi no fi mu mpo a, yɛma ohu sɛ yɛda so ara dɔ no na yebu no efisɛ saa na Bible kyerɛ sɛ yɛnyɛ.—Marko 12:31; 1 Petro 2:17.
Ɛdɛn saa na obi yɛ a ɛma yeyi no fi asafo no mu?
Bible ma yɛte ase sɛ, sɛ Kristoni yɛ bɔne kɛse bi na sɛ ɔyɛ n’adwene sɛ ɔrensakra a, ɛsɛ sɛ yeyi no fi asafo no mu.a (1 Korintofo 5:11-13) Bible ma yehu bɔne akɛse a sɛ obi yɛ bi a, ebetumi ama yɛayi no afi asafo no mu. Sɛ obi yɛ kɔwensani, wudifo, ɔhyɛ ne fiefo aniɛyaa yɛ wɔn basabasa, ofi ne kunu anaa ne yere akyi anaa ɔbɔ korɔno a, ne nyinaa yɛ bɔne akɛse a Bible se obi yɛ bi a yetumi yi no fi asafo no mu.—1 Korintofo 6:9, 10; Galatifo 5:19-21; 1 Timoteo 1:9, 10.
Nanso, sɛ obi yɛ bɔne kɛse a, ɛnyɛ sɛ yefitii ara na yɛayi no afi asafo no mu. Asafo mu mpanyimfob di kan boa no sɛnea ɛbɛyɛ a ɔbɛsesa n’akwan. (Romafo 2:4) Wɔyi wɔn yam de odwo ne akorɔkorɔ ne no kasa. (Galatifo 6:1) Nea enti a mpanyimfo no yɛ saa ne sɛ, ebetumi aka onipa no koma ama wahu sɛ wayɛ bɔne, na ebia ɛbɛka no ama wasakra n’adwene. (2 Timoteo 2:24-26) Mpanyimfo no bɛkɔ so aboa no. Nanso ne nyinaa akyi, sɛ ɔkɔ so tena ne bɔne mu na wansakra a, ɛnde ɛsɛ sɛ yeyi no fi asafo no mu. Sɛ yɛreyi no afi asafo no mu a, nea mpanyimfo no yɛ ne sɛ, wɔde to asafo no anim sɛ saa nipa no nyɛ Yehowa Danseni bio.
Sɛ obi yɛ bɔne a, mpanyimfo yi wɔn yam de odwo ne akorɔkorɔ ne no kasa
Obi a wayɛ n’adwene sɛ ɔbɛtena ne bɔne mu no, sɛ yeyi no fi asafo no mu a, mfaso bɛn na ɛwɔ so? Baako ne sɛ, ɛba saa a, na yɛreboa ama Onyankopɔn mmara ayɛ adwuma wɔ asafo no mu ama asafo no ho atew. Ɛsan boa na onipa no amfa ne suban bɔne no ansan asafo no. (1 Korintofo 5:6; 15:33; 1 Petro 1:16) Afei nso, ebetumi ama wagyae ne bɔne no na wasesa n’akwan.—Hebrifo 12:11.
Sɛ Yehowa Adansefo yi obi fi wɔn asafo no mu a, wɔne ne ntam te sɛn?
Obi a yɛayi no afi asafo no mu no, Bible tu yɛn fo sɛ ‘yɛne no mmmɔ na yɛne no nnnidi mpo.’ (1 Korintofo 5:11) Enti obi a yɛayi no afi asafo no mu no, yɛne no nni hwebom. Nanso ɛno nkyerɛ sɛ saa nipa no yɛne no too nkwanta a yɛapae. Yɛde ne bu ma no. Otumi ba yɛn adesua ne yɛn nhyiam ase. Ɔba nso a yetumi kyia no.c Obetumi nso aka akyerɛ asafo mu mpanyimfo sɛ wɔmmɛboa no mma ontumi nsan nnyina ne nan so bio.
Sɛ yɛayi obi afi asafo no mu mpo a, obetumi aba yɛn adesua no bi
Onipa a yɛayi no afi asafo no mu no, yɛmfa no sɛ ɔwɔ yere ne mma Yehowa Adansefo a wɔne no te fie. Ɛno nso ho asɛm te sɛn? Nneɛma a na ɔne wɔn yɛ bom wɔ Nyankopɔn som mu no de, ɔrentumi ne wɔn nyɛ bio. Nanso ɛba abusuasɛm de a, wɔda so yɛ abusuafo. Esiane sɛ wɔte fie baako nti, nneɛma a ɛsɛ sɛ ɔne ne yere ne ne mma yɛ, ne ɔdɔ a ɛsɛ sɛ obiara nya ma ne yɔnko wɔ abusua no mu no, ɛbɛtoa so saa.
Sɛ yeyi obi fi asafo no mu a, obetumi aka akyerɛ mpanyimfo no sɛ wɔmmɛsra no. Sɛ wɔkɔ a, wɔbeyi wɔn yam de Bible atu no fo na wɔahyɛ no nkuran sɛ ɔnsakra n’adwene na ɔnsan mmra Onyankopɔn nkyɛn. (Sakaria 1:3) Sɛ ogyae ne bɔne na ɔde ne suban kyerɛ sɛ afei de ɔrebu bra pa a, ɛnde yɛbɛsan agye no aba asafo no mu bio. Ɛba saa a, nnipa a ɛwɔ asafo no mu no ‘beyi wɔn yam de akyɛ no, na wɔakyekye ne werɛ.’—2 Korintofo 2:6-8.
Wɔn a yeyii wɔn fii asafo no mu a wɔasan aba no, seesei wɔte nka sɛn?
Tie nsɛm a Yehowa Adansefo bi aka. Bere bi yeyii wɔn fii asafo no mu, nanso wɔasan aba Onyankopɔn nkyɛn.
“Bere a meyɛɛ m’adwene sɛ mɛsan aba asafo no mu no, na ɛyɛ me sɛ mpanyimfo no bɛfeefee mu ahwɛ nneɛma a makɔyɛ nyinaa. Nso nea wɔkae ara ne sɛ, ‘Nea mmoa adi no, ma wɔnni nkɔ; seesei yɛpɛ sɛ yɛboa wo ma wokɔ w’anim.’ Wɔkaa saa no, aaa, na me ho atɔ me sei.”—Maria, United States.
“Ná asafo no nyinaa rehwɛ kwan sɛ mɛsan aba. Ɛma mihui sɛ me ho hia. Anuanom mmea ne mmarima nyinaa gyee me fɛfɛɛfɛ ma metee nka sɛ Yehowa de me bɔne akyɛ me, na ɛboaa me ma mekɔɔ m’anim. Mpanyimfo no nso nyaa me ho adaagye. Wɔboaa me ma migyinaa me nan so. Wɔkyekyee me werɛ na wɔma mihui sɛ Yehowa dɔ me, na meda so ara som bo ma no.”—Malcom, Sierra Leone.
“Ɛyɛ me dɛ sɛ ɔdɔ a Yehowa dɔ ne nkurɔfo nti ɔhwɛ ma n’asafo no ho tew. Sɛ yeyi obi fi asafo no mu a, obi gyina akyi a ebia ɔbɛka sɛ ano yɛ hyew dodo, nanso me de, mahu sɛ ɛho hia paa, na ɛkyerɛ ɔdɔ. Ɛyɛ me dɛ sɛ Onyankopɔn yɛ agya a ɔde bɔne kyɛ na ɔdɔ ne mma.”—Sandi, United States.
a Kan no, sɛ obi te bɔne mu na yɛreyi no afi asafo no mu a, na yɛka sɛ yɛatu no afi asafo no mu, nanso seesei de, yɛka no sɛ yɛayi no afi asafo no mu, efisɛ saa na ɛwɔ Bible mu.
b Asafo mu mpanyimfo yɛ mmarima a wɔte Bible ase. Wɔde Bible mu nsɛm kyerɛkyerɛ Onyankopɔn nkurɔfo na wɔhyɛ wɔn nkuran boa wɔn akwannuasa nyinaa so. Saa adwuma a wɔyɛ yi, yentua wɔn ka.—1 Petro 5:1-3.
c Ɛtɔ da a obi a yɛayi no afi asafo no mu tumi sɛe asafo no din; ɔtumi nso sɛe ebinom adwene ma wɔn nso wɔbu bra bɔne. Wei ntaa nsi, nanso Bible kyerɛ sɛ obi yɛ saa a, ‘ɛnsɛ sɛ yekyia no.’—2 Yohane 9-11.