OZUMALƐDƖYƐ 6
Mmenii Awɔtwɛ Hɔlɩ Oyuwadɩ Fʋlɔ Be Nu
Noa ne n’abusua ne mmoa no kɔɔ adaka no mu. Yehowa too adaka no mu, na nsu no fii ase tɔe. Nsu no tɔɔ saa ara, nanso adaka no de, na ɛda nsu no ani. Afei nsu kataa asaase so nyinaa. Abɔnefo a wɔankɔ adaka no mu nyinaa wui. Nanso Noa ne n’abusua a wɔwɔ adaka no mu de, wɔanwu. Wunhu sɛ wɔn ani begye paa sɛ wɔtiee Yehowa?
Nsu tɔɔ awia ne anadwo nna mmaako mmaako 40 ansa na ɛretew. Nkakrankakra, nsu a ayiri no kɔɔ fam, na adaka no kosii bepɔw bi so. Nanso na nsu wɔ asaase so nyinaa, enti na ɛsɛ sɛ Noa ne n’abusua no twɛn kakra ansa na wɔapue afi adaka no mu.
Akyiri yi, nsu no nyinaa wee maa asaase so woe. Bere a Noa ne n’abusua kɔhyɛɛ adaka no mu no, edii bɛboro afe baako ansa na Yehowa reka akyerɛ wɔn sɛ wɔmpue. Wɔpuei no, na ɛte sɛ nea wɔaba wiase foforo bi mu. Wɔn ani gyee sɛ Yehowa agye wɔn nkwa, enti wɔbɔɔ afɔre de daa no ase.
Yehowa nso ani gyee afɔre no ho. Ɔhyɛɛ bɔ sɛ ɔremfa nsuyiri nsɛe nneɛma a ɛwɔ asaase so nyinaa bio da. Ɔmaa nyankontɔn (rainbow) bɛdaa soro de dii nea waka no ho adanse. Ɛno ne nyankontɔn a edi kan. Woahu nyankontɔn wɔ soro pɛn?
Afei Yehowa ka kyerɛɛ Noa ne n’abusua sɛ wɔnwo na wɔnhyɛ asaase so ma.
“Noa kɔɔ adaka no mu, na [nkurɔfo anhu] kosii sɛ Nsuyiri no bae bɛpraa wɔn nyinaa kɔe.”—Mateo 24:38, 39