Watchtower INTANƐTƖ ZƲ AWUUKUZIYELƐDƖKA
Watchtower
INTANƐTƖ ZƲ AWUUKUZIYELƐDƖKA
Aɣɩnda
  • BAYƖBƲLƲ
  • AWUUKU NƖƖ NNINYENI MVƲLƆ
  • DƖYƐZUMANLƐ
  • lfb ozumalɛdɩyɛ 35 owu. azʋ. 86-87
  • Hana Wɔlɩ Mpayɩ Va Bɩbɛlɩ Ɛɣalɛ Benyia

Vidiyo bela íni ɔfʋã ɛkɩhyɩ.

Yɛpakyɛbɛ wʋ, dɩyɛ be ɩákɔ bʋwɔ wɔ vidiyo mɔɔ ɔtwɩ̃ɩ̃ yɩ nu.

  • Hana Wɔlɩ Mpayɩ Va Bɩbɛlɩ Ɛɣalɛ Benyia
  • Suma Debe Wɔ Bayɩbʋlʋ Yi Nu
  • Ndwokɔ mɔɔ ɩ nɩɩ yɩ di nsɛ́
  • Kã Wʋ Ahʋnlɩnɩ Nu Odwokɔ Munwala Kile Gyehova
    Yɛ Kilisinyianɩ Ɛbɩlawɔlɛ Nɩɩ Dasɩlɛlilɛ—Dɩyɛzumanlɛ Kɛlɛta—2022
  • Gyehova Nwʋ Wʋ Ozunɛ Yɩ Na Ɩdwɩnɩ Wʋ Nwʋ
    Ɔwɩɛnɩlɛ Aɣanɩ Ɩbɔ Gyehova Yɩ Bulombunlililɛ Nwʋ Ɛlawulo (Mɔɔ Yesuma)—2024
  • Samʋwɛlɩ Ɩhɔlɩ Ɔzʋlɔ Ɩyɛlɩ Mɔɔ Ɩdɩ Baaba
    Fa Kilehile Wʋ Mma
Suma Debe Wɔ Bayɩbʋlʋ Yi Nu
lfb ozumalɛdɩyɛ 35 owu. azʋ. 86-87
Hanah de abofra Samuel rema Eli wɔ asɔrefie hɔ

OZUMALƐDƖYƐ 35

Hana Wɔlɩ Mpayɩ Va Bɩbɛlɩ Ɛɣalɛ Benyia

Ná Israelni barima bi a ɔde Elkana wɔ yerenom mmienu. Baako de Hanah, ɛnna baako nso de Penina. Nanso na Elkana dɔ Hanah paa. Da biara, na Penina serew Hanah efisɛ na Hanah nni ba biara. Nanso Penina de, na ɔwɔ mma pii. Afe biara, na Elkana ne n’abusua kɔ Silo kɔsom wɔ asɔrefie hɔ. Bere bi a wɔkɔɔ hɔ no, Elkana huu sɛ ne dɔfo Hanah werɛ ahow paa. Ɔka kyerɛɛ no sɛ: ‘Hanah mesrɛ wo, gyae su. Mewɔ hɔ ma wo. Medɔ wo.’

Akyiri yi, Hanah nko ara kɔe sɛ ɔrekɔbɔ mpae. Ɔrebɔ mpae nyinaa na ɔresu, na ɔsrɛɛ Yehowa sɛ ɔmmoa no. Ɔhyɛɛ Yehowa bɔ sɛ: ‘Yehowa, sɛ woma me ɔbabarima a, mede no bɛma wo, na ɔbɛsom wo ne nkwa nna nyinaa.’

Ɔsɔfo Panyin Eli rehwɛ Hanah; Hanah rebɔ mpae nyinaa na ɔresu

Ɔsɔfo Panyin Eli huu sɛ Hanah resu, na n’adwene yɛɛ no sɛ wabow. Hanah ka kyerɛɛ no sɛ: ‘Ɛnte saa me wura, mennom nsa biara. Mewɔ ɔhaw kɛse bi. Ɛno na mereka ho asɛm akyerɛ Yehowa.’ Eli huu sɛ nea osusuw faa Hanah ho no nyɛ nokware. Enti ɔka kyerɛɛ no sɛ: ‘Onyankopɔn mfa w’abisade mma wo.’ Afei Hanah ho tɔɔ no, na ɔsan kɔɔ ne fie. Annu afe mpo na Hanah woo ɔbabarima, na ɔtoo ne din Samuel. Wunhu sɛ Hanah ani begye paa?

Hanah werɛ amfi ɛbɔ a ɔhyɛɛ Yehowa no. Bere a otwaa Samuel nufu ara pɛ na ɔde no kɔɔ asɔrefie hɔ sɛ ɔnkɔsom. Hanah ka kyerɛɛ Eli sɛ: ‘Abofra a mebɔɔ ne ho mpae no ni. Mede no ama Yehowa ne nkwa nna nyinaa.’ Afe biara, na Elkana ne Hanah kɔsra Samuel, na ɛyɛ a wɔpam ataade nsasin kɔma no. Yehowa maa Hanah woo mmabarima mmiɛnsa ne mma mmea mmienu kaa ho.

“Monkɔ so mmisa, na wɔde bɛma mo; monkɔ so nhwehwɛ, na mubehu.”—Mateo 7:7

Ndwokɔɣizialɛ: Mɩnla ti mɔɔ nɩ Hana yɩ ɛɣɛɛlɛ wɔ a? Mɩnla ɔhʋanɩ zʋ yɛ Gyehova yilalɩ Hana a?

1 Samʋwɛlɩ 1:1–2:11, 18-21

    Ahanta Buuku (2015-2025)
    Numá Yɩ
    Kɔ́ Numɔ
    • Aɣɩnda
    • Kyɛ́
    • Yɛ́ nzɩnzanlɩyɛ mɔɔ ɛpɛ yɩ wɔ ɛkɩhyɩ
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Mmɛla Mɔɔ Ɩwɔ Nwʋmɔ
    • Nwʋmɔ Nhyɩhyɛlɩyɛ
    • Nwʋmɔ Nninyeni
    • JW.ORG
    • Kɔ́ Numɔ
    Kyɛ́