Watchtower INTANƐTƖ ZƲ AWUUKUZIYELƐDƖKA
Watchtower
INTANƐTƖ ZƲ AWUUKUZIYELƐDƖKA
Aɣɩnda
  • BAYƖBƲLƲ
  • AWUUKU NƖƖ NNINYENI MVƲLƆ
  • DƖYƐZUMANLƐ
  • lfb ozumalɛdɩyɛ 41 owu. azʋ. 100-101
  • Devidi Nɩɩ Sɔɔlʋ

Vidiyo bela íni ɔfʋã ɛkɩhyɩ.

Yɛpakyɛbɛ wʋ, dɩyɛ be ɩákɔ bʋwɔ wɔ vidiyo mɔɔ ɔtwɩ̃ɩ̃ yɩ nu.

  • Devidi Nɩɩ Sɔɔlʋ
  • Suma Debe Wɔ Bayɩbʋlʋ Yi Nu
  • Ndwokɔ mɔɔ ɩ nɩɩ yɩ di nsɛ́
  • Gyisɛsɩ Yɩlɩ Sɔɔlʋ
    Suma Debe Wɔ Bayɩbʋlʋ Yi Nu
  • Asafʋ Yɩ “Nyianlɩ Azʋ̃nudwolɩyɛ”
    ‘Di Nyamɩnlɩ Bulombunlililɛ Yɩ Nwʋ Dasɩlɛ Bɔkɔbɔkɔ’
Suma Debe Wɔ Bayɩbʋlʋ Yi Nu
lfb ozumalɛdɩyɛ 41 owu. azʋ. 100-101
Dawid reteɛm; ɔrekasa akyerɛ Saul ne n’asogyafo no

OZUMALƐDƖYƐ 41

Devidi Nɩɩ Sɔɔlʋ

Bere a Dawid kum Goliat no, Ɔhene Saul de no yɛɛ n’asogyafo no so panyin. Dawid dii nkonim wɔ ɔko bebree mu, enti obegyee din paa. Bere biara a ɔbɛkɔ ɔko aba no, na mmea no de asaw ne nnwonto behyia no. Ɛyɛ a wɔto dwom sɛ: ‘Saul akum apem, na Dawid akum mpem du!’ Saul ani beree Dawid, na na ɔpɛ sɛ okum no.

Ná Dawid nim sanku bɔ paa. Da bi, na Dawid rebɔ sanku ama Saul, nanso Saul tow peaw sɛ ɔde rewɔ no. Dawid twee ne ho ntɛm maa peaw no kɔwɔɔ ɔfasu no mu. Ɛno akyi no, Saul faa akwan pii so sɛ obekum Dawid. Awiei koraa no, Dawid guanee, na ɔde ne ho kosiee wɔ sare so.

Saul ada; Dawid refa Saul peaw

Saul faa asogyafo 3,000 sɛ wɔrekɔhwehwɛ Dawid akum no. Ɔbodan a na Dawid ne ne mmarima de wɔn ho akosie mu no, ɛhɔ na Saul kopuei. Dawid mmarima no ka guu Dawid asom sɛ: ‘Wei de woanya, ɛsɛ sɛ wukum Saul.’ Dawid yɛɛ brɛoo kɔɔ Saul nkyɛn kotwaa ɔhene no ataade nguguso ano. Saul anhu no. Ɛno akyi no, ɛhaw Dawid paa sɛ wankyerɛ obu amma ɔhene a Yehowa asra no no. Wamma ne mmarima no kwan ma wɔankum Saul. Mpo, ɔfrɛɛ Saul na ɔka kyerɛɛ no sɛ, anka obetumi akum no, nanso wanyɛ. Ná wei bɛma Saul asesa n’adwene wɔ Dawid ho anaa?

Daabi. Saul kɔɔ so ara hwehwɛɛ Dawid sɛ obekum no. Anadwo bi, Dawid ne ne wɔfase Abisai yɛɛ brɛoo kɔɔ baabi a na Saul ne n’asogyafo wɔ no. Ná Abner a ɔbɔ Saul ho ban no mpo ada. Abisai kaa sɛ: ‘Wei de, yɛanya no! Ma minkum no.’ Dawid kaa sɛ: ‘Yehowa ankasa ne Saul bedi. Ma yɛmfa ne peaw no ne toa a ɔde nsu gu mu no na yɛnkɔ.’

Dawid foro kogyinaa bepɔw bi a ɛbɛn hɔ so. Sɛ ogyina hɔ a, na ohu baabi a Saul wɔ no. Dawid teɛɛm sɛ: ‘Abner, adɛn nti na woammɔ wo hene no ho ban? Saul peaw ne ne toa no wɔ he?’ Saul huu sɛ ɛnne no yɛ Dawid nne, enti Saul kaa sɛ: ‘Anka wubetumi akum me, nanso woanyɛ. Mahu sɛ wo na wobɛyɛ Israel hene a odi hɔ ampa.’ Saul san kɔɔ n’ahemfie. Nanso na ɛnyɛ Saul abusuafo nyinaa na wɔtan Dawid.

“Sɛ ɛbɛyɛ yiye a, mo fam de, monyɛ nea mubetumi biara ne nnipa nyinaa ntena asomdwoe mu. Adɔfo, munntua bɔne so ka, na mmom munnyaw mma abufuw no.”—Romafo 12:18, 19

Ndwokɔɣizialɛ: Mɩnla ti mɔɔ nɩ Sɔɔlʋ pɛ kɛɛ ikũ Devidi a? Mɩnla ti mɔɔ Devidi iákũ Sɔɔlʋ a?

1 Samʋwɛlɩ 16:14-23; 18:5-16; 19:9-12; 23:19-29; 24:1-15; 26:1-25

    Ahanta Buuku (2015-2025)
    Numá Yɩ
    Kɔ́ Numɔ
    • Aɣɩnda
    • Kyɛ́
    • Yɛ́ nzɩnzanlɩyɛ mɔɔ ɛpɛ yɩ wɔ ɛkɩhyɩ
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Mmɛla Mɔɔ Ɩwɔ Nwʋmɔ
    • Nwʋmɔ Nhyɩhyɛlɩyɛ
    • Nwʋmɔ Nninyeni
    • JW.ORG
    • Kɔ́ Numɔ
    Kyɛ́