OZUMALƐDƖYƐ 96
Gyisɛsɩ Yɩlɩ Sɔɔlʋ
Ná Saul yɛ Romani a wɔwoo no wɔ Tarso. Ná ɔyɛ Farisini a onim Yudafo Mmara yiye paa, na na ɔtan Kristofo. Ná ɔkɔ Kristofo mmarima ne mmea fie kɔkyekye wɔn kogu afiase. Bere bi mpo de, bere a na basabasayɛfo bi de abufuw resi osuani Stefano abo akum no no, na ogyina nkyɛn rehwɛ nea ɛrekɔ so no bi.
Nanso Kristofo a wɔwɔ Yerusalem no, sɛ Saul kyere wɔn mpo a, na ne koma ntɔ ne yam. Ɔka kyerɛɛ ɔsɔfo panyin no sɛ ɔnsoma no nkɔ Damasko, na ɔnkɔkyekye Kristofo a wɔwɔ hɔ no nso. Bere a Saul bɛn Damasko kurow no, hann bi hyerɛn twaa ne ho hyiae ma otwa hwee fam. Ɔtee nne bi sɛ: ‘Saul, adɛn nti na woretan m’ani?’ Saul bisaa sɛ: ‘Ɛyɛ wo hena?’ Ɛnne no kaa sɛ: ‘Ɛyɛ me Yesu. Kɔ Damasko na wubehu nea ɛsɛ sɛ woyɛ.’ Ɛhɔ ara na Saul ani furae, enti na ɛsɛ sɛ obi sɔ ne nsa de no kɔ kurow no mu.
Ná Kristoni barima bi wɔ Damasko a odi nokware. Yɛfrɛ no Anania. Yesu ka kyerɛɛ no wɔ anisoadehu mu sɛ: ‘Kɔ Yuda fie wɔ baabi a wɔfrɛ hɔ Tẽẽ no, na kɔhwehwɛ Saul.’ Anania kaa sɛ: ‘Awurade, mate ɔbarima yi ho asɛm paa! Ɔkyekye w’asuafo no gu afiase!’ Nanso Yesu kaa sɛ: ‘Kɔ ne nkyɛn. Mayi no sɛ ɔnka asɛmpa no wɔ aman pii so.’
Enti Anania kɔhwehwɛɛ Saul na ɔka kyerɛɛ no sɛ: ‘Me nua Saul, Yesu asoma me sɛ mimmebue w’ani.’ Ɛhɔ ara na Saul san huu ade bio. Osuaa Yesu ho ade na ɔbɛyɛɛ Yesu kyidini. Afei wɔbɔɔ Saul asu, na ɔhyɛɛ ase sɛ ɔne ne mfɛfo Kristofo rekyerɛkyerɛ wɔ hyiadan mu. Yudafo bi huu sɛ Saul rekyerɛkyerɛ nkurɔfo Yesu ho asɛm. Wo de, hwɛ sɛnea wɔn ho bedwiriw wɔn! Wɔkaa sɛ: ‘Ɛnyɛ ɔbarima koro yi ara na na ɔrekyekye Yesu asuafo no?’
Saul de mfe mmiɛnsa kyerɛkyerɛɛ nnipa a wɔwɔ Damasko no. Ná Yudafo no tan Saul, enti wɔyɛɛ wɔn adwene sɛ wɔbekum no. Nanso, ne nuanom Kristofo tee ho asɛm, na wɔboaa Saul ma oguanee. Wɔde no sii kɛntɛn mu de no faa kwan bi a ɛda ɔfasu no mu, na wɔgyaagyaa no nkakrankakra de no sii fam.
Bere a Saul kɔɔ Yerusalem no, na ɔpɛ sɛ ɔde ne ho bɔ Kristofo a wɔwɔ hɔ no. Nanso na Kristofo no suro no. Ɛnna osuani bi a ne yam ye a yɛfrɛ no Barnaba de Saul kɔɔ asomafo no hɔ ne wɔn kɔkasae, na wɔgye dii sɛ Saul asesa ampa. Saul hyɛɛ ase sɛ ɔne asafo a ɛwɔ Yerusalem no reka asɛmpa no denneennen. Akyiri yi, wɔbɛfrɛɛ no Paul.
“Kristo Yesu baa wiase sɛ ɔrebegye abɔnefo nkwa. Na mene ɔbɔnefo a ɔsen abɔnefo nyinaa.”—1 Timoteo 1:15