Watchtower INTANƐTƖ ZƲ AWUUKUZIYELƐDƖKA
Watchtower
INTANƐTƖ ZƲ AWUUKUZIYELƐDƖKA
Aɣɩnda
  • BAYƖBƲLƲ
  • AWUUKU NƖƖ NNINYENI MVƲLƆ
  • DƖYƐZUMANLƐ
  • lfb ozumalɛdɩyɛ 72 owu. azʋ. 170-171
  • Kuakula Gyisɛsɩ

Vidiyo bela íni ɔfʋã ɛkɩhyɩ.

Yɛpakyɛbɛ wʋ, dɩyɛ be ɩákɔ bʋwɔ wɔ vidiyo mɔɔ ɔtwɩ̃ɩ̃ yɩ nu.

  • Kuakula Gyisɛsɩ
  • Suma Debe Wɔ Bayɩbʋlʋ Yi Nu
  • Ndwokɔ mɔɔ ɩ nɩɩ yɩ di nsɛ́
  • Gyisɛsɩ Ɩyɛlɩ Sutiye Eɣile Bela
    Fa Kilehile Wʋ Mma
  • Ndwokɔɣizialɛ Mɔɔ Ɩzʋ̃ Ɛɣɩnganlɛmaa Bɛ Ɛkɛnɩ
    Ɔwɩɛnɩlɛ Aɣanɩ Ɩbɔ Gyehova Yɩ Bulombunlililɛ Nwʋ Ɛlawulo (Mɔɔ Yesuma)—2023
Suma Debe Wɔ Bayɩbʋlʋ Yi Nu
lfb ozumalɛdɩyɛ 72 owu. azʋ. 170-171
Yesu a wadi mfe dumienu no te akyerɛkyerɛfo no mfinimfini wɔ asɔrefie hɔ

OZUMALƐDƖYƐ 72

Kuakula Gyisɛsɩ

Yosef, Maria ne wɔn ba Yesu tenaa Nasaret. Ná wɔn mmabarima ne wɔn mmabaa a aka nso ka wɔn ho. Ná Yosef yɛ kapenta adwuma de hwɛ n’abusua. Yosef kyerɛkyerɛɛ n’abusua no Yehowa ne ne Mmara ho asɛm. Ná ɔne n’abusua no kɔ hyiadan mu daa kɔsom. Afe biara nso, na wɔkɔ Yerusalem kodi Twam Afahyɛ no.

Bere a Yesu dii mfe 12 no, ɔne n’abusua twaa kwantenten kɔɔ Yerusalem sɛnea na wɔtaa yɛ no. Ná nnipa a wɔrebedi Twam Afahyɛ no dɔɔso paa wɔ kurow no mu. Afahyɛ no akyi, Yosef ne Maria sii mu sɛ wɔresan akɔ wɔn fie. Wɔn adwene yɛɛ wɔn sɛ ebia Yesu afra nnipadɔm a wɔretu kwan no mu. Nanso bere a wɔhwehwɛɛ no wɔ wɔn abusuafo mu no, wɔanhu no.

Yosef ne Maria san wɔn akyi kɔɔ Yerusalem. Wɔde nnansa kyini hwehwɛɛ wɔn ba no. Awiei koraa no, wɔkɔɔ asɔrefie hɔ. Wɔduu hɔ no, wɔhuu sɛ Yesu te akyerɛkyerɛfo no mfinimfini ayɛ aso retie wɔn. Ná ɔrebisabisa wɔn nsɛm a ɛtɔ asom nso. Akyerɛkyerɛfo no ani gyee Yesu ho paa. Enti wɔn nso fii ase bisabisaa no nsɛm. Mmuae a Yesu de maa wɔn no maa wɔn ho dwiriw wɔn. Wɔhuu sɛ Yesu te Yehowa Mmara no ase.

Bere a Yesu yerae no, ɛhaw Yosef ne Maria paa. Enti Maria kaa sɛ: ‘Me ba, yɛahwehwɛ wo abrɛ! Ɛhe na wokɔe?’ Yesu kaa sɛ: ‘Munnim sɛ ɛsɛ sɛ metena m’Agya fie?’

Yesu ne n’awofo san kɔɔ wɔn fie wɔ Nasaret. Yosef kyerɛɛ Yesu kapenta adwuma no. Bere a Yesu yɛ aberante no, wohwɛ a, na ne suban te sɛn? Bere a Yesu renyin no, onyaa nyansa pii. Afei nso, Onyankopɔn ne nnipa nyinaa pɛɛ n’asɛm paa.

Yosef ne Maria ne wɔn ba Yesu te pon bi ho. Yesu nua mmarima ne ne nua mmea binom ka wɔn ho

“O me Nyankopɔn, nea mepɛ ne sɛ mɛyɛ w’apɛde, na wo mmara wɔ me koma mu tɔnn.”—Dwom 40:8

Ndwokɔɣizialɛ: Ɛhɩnla dɩka yɛ Dwosefi nɩɩ Mɛɛlɩ nwʋnlɩ Gyisɛsɩ a? Nɩ ɩyɛɛ mɩnla wɔ kɛnɩ a?

Matiyu 13:55, 56; Maakɩ 6:3; Luuku 2:40-52; 4:16; Ditilonɔmi 16:15, 16

    Ahanta Buuku (2015-2025)
    Numá Yɩ
    Kɔ́ Numɔ
    • Aɣɩnda
    • Kyɛ́
    • Yɛ́ nzɩnzanlɩyɛ mɔɔ ɛpɛ yɩ wɔ ɛkɩhyɩ
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Mmɛla Mɔɔ Ɩwɔ Nwʋmɔ
    • Nwʋmɔ Nhyɩhyɛlɩyɛ
    • Nwʋmɔ Nninyeni
    • JW.ORG
    • Kɔ́ Numɔ
    Kyɛ́