OZUMALƐDƖYƐ 101
Bɛvalɩ Pɔɔlʋ Bɔhɔlɩ Wulomi
Paul akwantu a ɛtɔ so mmiɛnsa no, okowiee wɔ Yerusalem. Wɔkyeree no wɔ hɔ de no kɔtoo afiase. Anadwo bi, Yesu ka kyerɛɛ Paul wɔ anisoadehu mu sɛ: ‘Wobɛkɔ Roma akɔka asɛmpa no wɔ hɔ.’ Wɔde Paul fii Yerusalem kɔɔ Kaesarea, na ɛhɔ no, odii mfe mmienu wɔ afiase. Bere a wɔredi Paul asɛm wɔ Amrado Festo anim no, Paul kaa sɛ: ‘Ma Kaesare nni m’asɛm wɔ Roma.’ Festo kaa sɛ: “Kaesare na wode asɛm no adan no, enti Kaesare hɔ na wobɛkɔ.” Wɔde Paul sii po so hyɛn mu de no kɔɔ Roma, na ne nuanom Kristofo mmienu kaa ne ho kɔe. Wɔn ne Luka ne Aristarko.
Bere a wɔwɔ po so no, mframa kɛse paa bi bɔe nna pii. Ɛbaa saa no, na ɛyɛ wɔn nyinaa sɛ wɔbewu. Nanso Paul kaa sɛ: ‘Mmarima, ɔbɔfo bi ka kyerɛɛ me wɔ dae mu sɛ: “Paul, nsuro. Mubedu Roma, na biribiara renyɛ obiara wɔ hyɛn no mu.”’ Afei Paul san kaa sɛ: ‘Munnya akokoduru! Yɛrenwu.’
Mframa no bɔe ara nna mmaako mmaako 14. Afei wɔkopuee asaase bi so. Ná ɛyɛ supɔw bi a yɛfrɛ hɔ Malta. Po so hyɛn no kɔkaa anwea mu, na ebubuu asinasin. Nanso nnipa 276 a na wɔwɔ po so hyɛn no mu nyinaa, obiara anwu. Ebinom guare kɔɔ mpoano, na ebinom nso sosɔɔ ɛhyɛn a abubu no bi mu de koduu mpoano. Nnipa a wɔwɔ Malta no hwɛɛ wɔn yiye paa, na wɔsɔɔ gya maa wɔn sɛnea ɛbɛyɛ a awɔw renne wɔn.
Abosome mmiɛnsa akyi, asogyafo no de Paul faa po so hyɛn foforo, na wɔde no kɔɔ Roma. Bere a Paul koduu hɔ no, anuanom no behyiaa no. Ohuu wɔn no, ɔdaa Yehowa ase na onyaa akokoduru. Ɛwom sɛ na wɔakyere Paul de, nanso wɔhan fie bi de no too mu maa sogyani bi hwɛɛ ne so wɔ hɔ. Ɔhyɛɛ fie hɔ mfe mmienu. Ná nkurɔfo bɛsra no wɔ fie hɔ, enti ɔkaa Onyankopɔn Ahenni ho asɛmpa kyerɛɛ wɔn, na ɔkyerɛkyerɛɛ wɔn Yesu ho ade. Paul san kyerɛw nkrataa kɔmaa nsafo a ɛwɔ Asia Kumaa ne Yudea. Ampa, Yehowa de Paul yɛɛ adwuma ma ɔkaa asɛmpa no kyerɛɛ amanaman.
“Ade nyinaa mu, yedi yɛn ho adanse sɛ yɛyɛ Onyankopɔn asomfo: Yemia yɛn ani fa nneɛma pii mu, amanehunu mu, ohia mu, ahokyere mu.”—2 Korintofo 6:4