Genesis
21 Yehowa danee n’ani baa Sara so sɛdeɛ na waka no, na Yehowa yɛɛ Sara sɛdeɛ ɔkaeɛ no pɛpɛɛpɛ.+ 2 Na Sara nyinsɛneeɛ+ na ɔwoo ɔbabarima maa Abraham ne nkɔkoraaberɛ mu berɛ a Onyankopɔn ka kyerɛɛ no no ara mu.+ 3 Enti Abraham too abɔfra a Sara woo no maa no no din Isak.+ 4 Berɛ a Isak nyaa nnawɔtwe no, Abraham twaa no twetia sɛdeɛ Onyankopɔn hyɛɛ no no.+ 5 Wɔwoo Isak no na Abraham adi mfeɛ ɔha. 6 Ɛnna Sara kaa sɛ: “Onyankopɔn ama masere. Na obiara a ɔbɛteɛ no bɛsere.”+ 7 Ɔtoaa so sɛ: “Hwan na anka ɔbɛka akyerɛ Abraham sɛ, ‘Sara bɛma nufoɔ?’ Nanso hwɛ sɛ mawo ama no ne nkɔkoraaberɛ mu.”
8 Na Isak nyiniiɛ no wɔtwaa no nufoɔ,+ na saa da no Abraham too pono kɛseɛ. 9 Afei Sara hunuu sɛ ɛyɛ a na abɔfra a Egyptni Hagar woo no+ maa Abraham no redi Isak ho fɛ.+ 10 Enti ɔka kyerɛɛ Abraham sɛ: “Pamo afenaa yi ne ne ba no, na saa afenaa yi ba ntumi ne me ba Isak nni adeɛ!”+ 11 Nanso Abraham ba yi ho asɛm haa no yie.+ 12 Ɛnna Onyankopɔn ka kyerɛɛ Abraham sɛ: “Mma biribiara a Sara bɛka afa abarimaa no ne w’afenaa ho no nnha wo. Tie no ɛfiri sɛ deɛ wɔbɛfrɛ no w’aseni no nam Isak so na ɛbɛba.+ 13 Na mɛma afenaa no ba no+ nso ayɛ ɔman, ɛfiri sɛ ɔyɛ wo ba.”+
14 Enti Abraham sɔree anɔpahema faa paanoo ne nsuo kotokuo* de maa Hagar,+ na ɔde sii ne kɔn ho, na ɔde abarimaa no+ kaa ne ho gyaa no kwan. Na ɔkɔɔ Beer-Seba+ serɛ so, na ɔdii akyinkyinakyinkyini. 15 Afei nsuo a ɛwɔ kotokuo no mu no sae,+ na ɔgyaa abarimaa no too+ dɔtɔ bi ase. 16 Na ɔkɔpɛɛ baabi tenae, bɛyɛ sɛ deɛ wɔto agyan a ɛbɛtɔ, na ɔkaa sɛ: “Mma mennhunu abarimaa yi wuo.”+ Enti ɔkɔtenaa baabi maa ne nne so suiɛ.+
17 Ɛnna Onyankopɔn tee abarimaa no nne,+ na Onyankopɔn bɔfoɔ firi soro teaam frɛɛ Hagar sɛ:+ “Hagar, ɛdeɛn na ɛreyɛ woɔ? Nsuro na Onyankopɔn ate abarimaa no nne wɔ baabi a ɔwɔ no. 18 Sɔre, ma abarimaa no so na fa wo nsa sɔ ne mu, ɛfiri sɛ mɛma no ayɛ ɔman kɛseɛ.”+ 19 Afei Onyankopɔn buee n’ani maa no hunuu asubura bi,+ na ɔkɔsaa nsuo guu kotokuo no mu maa abarimaa no bi nomeeɛ. 20 Na Onyankopɔn dii abarimaa no akyi,+ na ɔnyini tenaa ɛserɛ so, na ɔbɛyɛɛ agyantofoɔ.+ 21 Na ɔtenaa Paran serɛ so,+ na ne maame kɔwaree ɔbaa firii Egypt asase so brɛɛ no.
22 Afei Abimelek ne ne sahene Pikol ka kyerɛɛ Abraham sɛ: “Onyankopɔn di w’akyi wɔ deɛ woyɛ nyinaa mu.+ 23 Enti ka Onyankopɔn ntam+ sɛ worentwa me ne me mma ne m’asefoɔ nkontompo;+ na sɛdeɛ me ne wo adi no adɔeɛ soɔ no,+ saa ara na wo ne me ne asase a woabɛsoɛ soɔ yi bɛdie.”+ 24 Na Abraham kaa sɛ: “Mɛka ntam.”+
25 Berɛ a Abimelek nkoa de aniɛden gyee asubura bi,+ na Abraham kaa n’anim dendeenden no, 26 Abimelek kaa sɛ: “Mennim wɔn a wɔdii saa dwuma yi, na wo ara nso wonkaa ho asɛm nkyerɛɛ me; ɛnyɛ nnɛ a, anka menteeɛ.”+ 27 Enti Abraham maa Abimelek nnwan ne anantwie+ na wɔn mmienu no yɛɛ apam.+ 28 Na Abraham yii nnwammaa abereɛ nson gyinaa nkyɛn, 29 enti Abimelek bisaa Abraham sɛ: “Nnwammaa abereɛ nson a woayi wɔn agyina nkyɛn yi kyerɛ sɛn?” 30 Ɛnna ɔkaa sɛ: “Gye nnwammaa abereɛ nson yi me nsam, na ɛnyɛ adanseɛ+ a ɛkyerɛ sɛ me na metuu saa abura yi.” 31 Ɛno nti na ɔfrɛɛ hɔ Beer-Seba no,+ ɛfiri sɛ ɛhɔ na wɔn mmienu nyinaa kaa ntam. 32 Enti wɔyɛɛ apam+ wɔ Beer-Seba, na wɔwieeɛ no Abimelek sɔre ne ne sahene Pikol san kɔɔ Filistifoɔ asase so.+ 33 Ɛno akyi no ɔtɛɛ tamarisk dua wɔ Beer-Seba na ɔbɔɔ Yehowa+ a ɔyɛ mmerɛsanten Nyankopɔn+ no din wɔ hɔ. 34 Na Abraham tenaa Filistifoɔ asase so sɛ ɔhɔhoɔ nna pii.+