Genesis
20 Na Abraham tu kɔɔ+ Negeb asase so kɔtenaa Kades+ ne Sur+ ntam, na ɔbɛyɛɛ hɔhoɔ wɔ Gerar.+ 2 Abraham kaa ne yere Sara ho asɛm bio sɛ: “Ɔyɛ me nuabaa.”+ Enti Gerar hene Abimelek soma maa wɔkɔfaa Sara brɛɛ no.+ 3 Ɛnna Onyankopɔn baa Abimelek nkyɛn anadwo daeɛ mu, na ɔka kyerɛɛ no sɛ: “Ɔbaa a woakɔfa no yi,+ woawu awie. Hwɛ, ɔyɛ obi yere.”+ 4 Nso na Abimelek nkɔɔ ne ho.+ Enti ɔkaa sɛ: “Yehowa, wobɛkum ɔman tenenee?+ 5 Ɛnyɛ ɔno ara na ɔkaa sɛ, ‘Ɔyɛ me nuabaa’? Na ɔbaa no nso anka sɛ, ‘Ɔyɛ me nuabarima’? M’akomam fitaa, na ɛnyɛ adwemmɔne na mede yɛɛ saa.”+ 6 Ɛnna nokorɛ Nyankopɔn no ka kyerɛɛ no daeɛ no mu sɛ: “Me ara nso menim sɛ w’akomam fitaa na woyɛɛ saa,+ na me nso na mempɛ sɛ woyɛ bɔne tia me+ nti na mesii wo kwan no. Ne saa nti na mamma woamfa wo nsa anka no no.+ 7 Na afei fa ɔbaa no kɔma ne kunu, ɛfiri sɛ ɔyɛ odiyifoɔ,+ na ɔbɛsrɛ ama wo+ na woatena ase. Na sɛ woamfa no ankɔ a, kae hunu sɛ owuo na wobɛwuo, wo ne wo fiefoɔ nyinaa.”+
8 Enti Abimelek sɔree anɔpatutuutu frɛfrɛɛ ne nkoa nyinaa kaa deɛ asie nyinaa kyerɛɛ wɔn. Na mmarima no suroo paa. 9 Afei Abimelek frɛɛ Abraham na ɔka kyerɛɛ no sɛ: “Ɛdeɛn na wode ayɛ yɛn yi, na bɔne bɛn koraa na mayɛ woɔ a wode bɔne kɛseɛ yi aba me ne m’ahennie soɔ yi?+ Deɛ ɛnsɛ sɛ wɔyɛ na wode ayɛ me yi.”+ 10 Na Abimelek bisaa Abraham sɛ: “Ɛdeɛn koraa na ɛbaa wo tirim a ɛmaa woyɛɛ saa?”+ 11 Ɛnna Abraham kaa sɛ: “Mekaa no me tirim sɛ, ‘Onyankopɔn ho suro nni ha,+ anhwɛ a me yere nti wɔbɛku me.’+ 12 Na ɔyɛ me nuabaa nso ampa, me papa ba, na ɔnyɛ me maame ba; na ɔbɛyɛɛ me yere.+ 13 Berɛ a Onyankopɔn maa mefirii me papa fie dii atutena no,+ meka kyerɛɛ no sɛ, ‘Adɔeɛ+ a mepɛ sɛ woyɛ me nie: Baabiara a yɛbɛkorɔ no ka sɛ: “Ɔyɛ me nuabarima.”’”+
14 Ɛno akyi no Abimelek maa Abraham nnwan ne anantwie ne nkoa ne mfenaa, na afei ɔde ne yere Sara maa no.+ 15 Na Abimelek san kaa sɛ: “M’asase na ɛda w’anim yi, tena baabiara a wopɛ.”+ 16 Na ɔka kyerɛɛ Sara nso sɛ: “Mama wo nuabarima no nnwetɛbena apem.+ Yei na mede rete w’anim+ wɔ wɔn a wɔka wo ho nyinaa ne obiara anim; wo ho nni asɛm biara.” 17 Na Abraham bɔɔ nokorɛ Nyankopɔn no mpaeɛ;+ na Onyankopɔn saa Abimelek ne ne yere ne ne mfenaa yareɛ, na wɔfirii aseɛ wowoeɛ. 18 Deɛ ɛwɔ mu ne sɛ Abraham yere Sara nti, na Yehowa ato Abimelek fie mmaa nyinaa yafunu mu.+