Genesis
19 Afei abɔfoɔ mmienu no kɔduruu Sodom anwummerɛ, na na Lot te Sodom kuro no pono ano.+ Lot ani bɔɔ wɔn soɔ no, ɔsɔre kɔhyiaa wɔn de n’anim butuu fam.+ 2 Na ɔkaa sɛ: “Me wuranom, mesrɛ mo mommane mmra mo akoa fie mmɛda ha anadwo yi, na wɔnhohoro mo nan ho,+ na adeɛ kye a moasɔre ntɛm atoa mo akwantuo no so.”+ Ɛnna wɔkaa sɛ: “Dabi, abɔnten so na yɛbɛtena anadwo yi.”+ 3 Nanso ɔsrɛɛ wɔn dendeenden,+ enti wɔne no kɔɔ fie. Afei ɔtoo wɔn pono,+ na ɔtõõ paanoo a mmɔreka nnim+ maa wɔn, na wɔfirii aseɛ didiiɛ.
4 Wɔnnya nkɔɔ kɛtɛ soɔ no, Sodom kuro no mu mmarima bɛtwaa fie no ho hyiaeɛ,+ ɛfiri mmarimaa so kɔsi nkɔkoraa so, nnipa a wɔwɔ hɔ nyinaa bɔɔ twi baeɛ.+ 5 Na wɔteateaa mu guu Lot so sɛ: “Mmarima a wɔbaa wo nkyɛn anadwo yi no wɔ he? Fa wɔn bra na yɛne wɔn nna.”+
6 Afei Lot pue kɔɔ wɔn nkyɛn wɔ pono no ano, na ɔtoo pono no mu wɔ n’akyi. 7 Ɛnna ɔkaa sɛ: “Me nuanom, mesrɛ mo, monnyɛ bɔne saa.+ 8 Mesrɛ mo, mewɔ mma mmaa mmienu a ɔbarima biara mfaa ne ho nkaa wɔn.+ Momma memfa wɔn mmrɛ mo na monyɛ wɔn deɛ mopɛ biara.+ Na mmarima yi deɛ, mommfa mo nsa nnka wɔn,+ na ɛno nti na makora wɔn so wɔ fie ha yi.”+ 9 Ɛnna wɔkaa sɛ: “Twe wo ho!” Na wɔtoaa so sɛ: “Wobaa ha sɛ ɔhɔhoɔ+ ankonam na afei woadane ɔtemmufoɔ.+ Deɛ yɛde rebɛyɛ woɔ no bɛsene wɔn deɛ.” Na wɔtuu bum baa Lot so,+ na wɔpɛɛ sɛ wɔbubu pono no+ kɔ mu. 10 Enti mmarima no sɔɔ Lot mu twee no baa fie no mu, na wɔtoo pono no mu. 11 Na wɔmaa mmarima a wɔgyinagyina ɛpono no ano no ani firafiraeɛ,+ ɛfiri kumaa so kɔsi kɛseɛ so,+ na wɔhwehwɛɛ fie no ano kwan brɛeɛ.+
12 Afei mmarima no bisaa Lot sɛ: “Wowɔ obi ka wo ho wɔ ha? W’ase, wo mma mmarima ne wo mma mmaa anaa wo busuani biara a ɔwɔ kuro yi mu no, yi wɔn firi ha!+ 13 Na yɛrebɛsɛe ha, ɛfiri sɛ esũ ne nteamu a wɔama no aba no ano ayɛ den Yehowa anim,+ enti Yehowa asoma yɛn sɛ yɛmmɛsɛe kuro no.”+ 14 Enti Lot firii adi ne ne nsenom a wɔrebɛware ne mma mmaa no kɔkasaa sɛ: “Monsɔre! Momfiri ha, ɛfiri sɛ Yehowa rebɛsɛe kuro yi!”+ Nanso ɔyɛɛ ne nsenom ani so sɛ obi a ɔreyi nsɛnkwaa.+
15 Na adeɛ reyɛ akye no, abɔfoɔ no ani beree Lot so sɛ: “Sɔre! Fa wo yere ne wo mma mmaa mmienu a wɔwɔ ha no+ na wɔampra wo amfra kuro yi amumuyɔ!”+ 16 Berɛ a ɔretwentwɛn ne nan aseɛ no,+ Yehowa mmɔborɔhunu nti,+ mmarima no sosɔɔ ɔne ne yere ne ne mma mmaa mmienu no nsa de wɔn pue kɔɔ kuro no akyi.+ 17 Berɛ a wɔde wɔn duruu kuro no akyi no, wɔn mu baako kaa sɛ: “Monnwane nnye mo kra!+ Monnhwɛ mo akyi+ na monnnyina Mantam yi mu baabiara!+ Monnwane nkɔ bepɔ so na wɔampra mo ankɔ!”+
18 Ɛnna Lot ka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Yehowa, mesrɛ wo, nyɛ saa! 19 Mahunu ampa sɛ w’akoa anya w’anim adom+ na woatrɛ w’adɔeɛ mu ama me+ nti na wopɛ sɛ wogye me kra yi,+ nanso merentumi nnwane nkɔ bepɔ so hɔ, ɛfiri sɛ anhwɛ a na asiane bi akɔsiane me ama mawu.+ 20 Kuro yi bɛn sɛ mɛtumi adwane akɔ hɔ, na ɛyɛ ade ketewa.+ Mesrɛ wo ma mennwane nkɔ hɔ na manya me kra,+ anaa ɛnyɛ ade ketewa wɔ w’ani so?” 21 Na ɔka kyerɛɛ no sɛ: “Yei mu nso mɛtie wo,+ na merensɛe kuro a woaka ho asɛm no.+ 22 Yɛ ntɛm! Dwane kɔ hɔ, ɛfiri sɛ sɛ wonnuruu hɔ a merenyɛ hwee!”+ Na ɛno nti ɔtoo kuro no din Soar.+
23 Lot duruu Soar no, na awia apue asase so.+ 24 Afei Yehowa maa sɔfe ne egya tɔ firii soro, Yehowa nkyɛn, guu Sodom ne Gomora so.+ 25 Enti ɔsɛee nkuro yi ne Mantam no nyinaa ne nnipa a wɔwɔ nkuro no mu nyinaa ne biribiara a ɛfifi asase no soɔ.+ 26 Na ne yere twaa n’ani hwɛɛ n’akyi, na ɔdanee nkyene sie.+
27 Abraham sɔree anɔpatutuutu kɔɔ baabi a ɔgyina ne Yehowa kasaeɛ no.+ 28 Afei ɔmaa n’ani so hwɛɛ Sodom ne Gomora ne Mantam hɔ asase nyinaa na ɔhunuu sɛ biribi rekɔ so. Hwɛ, ewiem ayɛ wisie kumɔnn te sɛ fononoo* mu wisie!+ 29 Nanso berɛ a Onyankopɔn resɛe nkuro a ɛwɔ Mantam no mu no, Onyankopɔn kaee Abraham na ɔmaa wɔyii Lot firii nkuro a ɔresɛe no no mu, baabi a na ɔteɛ no.+
30 Akyire yi Lot tu firii Soar na ɔne ne mma mmaa no kɔtenaa bepɔ so,+ ɛfiri sɛ na ɔsuro sɛ ɔbɛtena Soar.+ Enti ɔne ne mma mmaa no kɔtenaa ɔbodan bi mu. 31 Na ne babaa panin no ka kyerɛɛ kumaa no sɛ: “Yɛn papa abɔ akɔkoraa na ɔbarima biara nni asase yi so a ɔbɛba yɛn ho sɛdeɛ wɔyɛ no asase so baabiara no.+ 32 Bra na yɛmma yɛn papa nsã nnom+ na yɛne no nna na yɛnnya ne hɔ mma.”+
33 Enti wɔmaa wɔn papa nsã nomee anadwo no;+ afei panin no ne no kɔdaeɛ, nanso papa no anhunu berɛ a ɔbɛdaa hɔ ne berɛ a ɔsɔreeɛ. 34 Adeɛ kyeeɛ no, panin no ka kyerɛɛ kumaa no sɛ: “Hwɛ, me ne me papa daa nnora anadwo. Ma yɛmma no nsã nnom anadwo yi nso na wo ne no nkɔda, na yɛanya yɛn papa hɔ mma.” 35 Enti wɔmaa wɔn papa nsã nomee saa anadwo no nso; afei kumaa no ne no kɔdaeɛ, nanso papa no anhunu berɛ a ɔbɛdaa hɔ ne berɛ a ɔsɔreeɛ. 36 Na Lot mma mmaa mmienu no ne wɔn papa nyinsɛneeɛ.+ 37 Akyire yi panin no woo ɔbabarima na ɔtoo ne din Moab.+ Ɔno ne Moabfoɔ agya de bɛsi nnɛ.+ 38 Na kumaa no nso woo ɔbabarima na ɔtoo ne din Ben-Ami. Ɔno ne Ammonfoɔ agya+ de bɛsi nnɛ.