Genesis
18 Akyire yi, Yehowa yii ne ho adi+ kyerɛɛ no wɔ Mamre nnua akɛseɛ no mu,+ awia ketee a wiem ayɛ hyeɛ+ na ɔte ne ntomadan ano no. 2 Ɔmaa n’ani soɔ no,+ ɔhunuu mmarima mmiɛnsa a wɔgyinagyina akyirikyiri. N’ani bɔɔ wɔn soɔ no ɔtuu mmirika firii ntomadan no ano kɔhyiaa wɔn, na ɔbɔɔ ne mu ase.+ 3 Ɛnna ɔkaa sɛ: “Yehowa, sɛ manya w’anim adom a, mesrɛ wo, ntwa w’akoa ho nkɔ.+ 4 Mesrɛ mo, momma wɔmfa nsuo kakra mmra mmɛhohoro mo nan ho,+ na monhome dua yi ase.+ 5 Na momma mempɛ paanoo sini bi mma mo na momfa nnwodwo mo akoma.+ Mowie a afei mobɛtumi akɔ, ɛfiri sɛ ɛno nti na mobɛfaa mo akoa ha yi.” Ɛnna wɔkaa sɛ: “Yɛate. Yɛ sɛdeɛ woaka no.”
6 Abraham yɛɛ ntɛm kɔɔ Sara nkyɛn ntomadan no mu, na ɔkaa sɛ: “Yɛ ntɛm! Fa esiam susukoraa mmiɛnsa* na fete fa yɛ paanoo.”+ 7 Ɛno akyi no, Abraham tuu mmirika kɔɔ ne mmoa mu kɔkyeree nantwie ba a ne ho yɛ mmerɛ na ɔyɛ de no maa n’akoa, na ɔyɛɛ ntɛm siesieeɛ.+ 8 Afei ɔde bɔta ne nufosuo ne nantwie ba a wasiesie no bɛsii wɔn anim.+ Na wɔredidie no nyinaa na ɔgyina wɔn nkyɛn wɔ dua no ase.+
9 Afei wɔbisaa no sɛ: “Wo yere Sara wɔ he?”+ Na ɔbuaa sɛ: “Ɔwɔ ntomadan mu hɔ!”+ 10 Enti ɔtoaa so sɛ: “Mɛsan aba wo nkyɛn saa berɛ yi afe sɛsɛɛ, na ɛbɛduru hɔ no na wo yere Sara anya ɔbabarima.”+ Na ɔrekasa nyinaa na Sara wɔ ntomadan no ano wɔ ɔbarima no akyi retie. 11 Ná Abraham ne Sara nyinaa anyinyini na wɔn mfeɛ akɔ animu.+ Ná Sara atwa bra.+ 12 Enti Sara firii aseɛ seree ne mu+ sɛ: “Seesei a mabɔ aberewa na me wura nso abɔ akɔkoraa yi, anigyeɛ bɛn na mɛnya?”+ 13 Ɛnna Yehowa bisaa Abraham sɛ: “Adɛn nti na Sara sere kaa sɛ, ‘mabɔ aberewa yi ɛbɛyɛ dɛn koraa na matumi awo ba?’+ 14 Biribi yɛ den ma Yehowa anaa?+ Mɛsan aba wo nkyɛn saa berɛ yi afe sɛsɛɛ, na ɛbɛduru hɔ no na Sara anya ɔbabarima.” 15 Na Sara kaa sɛ: “Mansere,” ɛfiri sɛ na ɔsuro. Ɛnna ɔkaa sɛ: “Dabi, wosereeɛ.”+
16 Akyire yi mmarima no sɔre firii hɔ de wɔn ani kyerɛɛ Sodom,+ na Abraham ne wɔn nante de gyaa wɔn kwan.+ 17 Yehowa kaa sɛ: “Mede biribi a mɛyɛ bɛhunta Abraham anaa?+ 18 Hwɛ, ɛkwan biara so Abraham bɛyɛ ɔman kɛseɛ a ɛyɛ den, na ne nti asase so aman nyinaa bɛnya nhyira.+ 19 Me ne no abɔ sɛdeɛ ɛbɛyɛ a ɔbɛma ne mma ne ne fiefoɔ a wɔbɛba akyire yi anante Yehowa akwan so ayɛ deɛ ɛtene na wabu atɛntenenee,+ na ama Yehowa ayɛ deɛ waka afa Abraham ho nyinaa ama no.”+
20 Enti Yehowa kaa sɛ: “Esũ ne nteateamu a Sodom ne Gomora ama no aba+ no ano yɛ den, na wɔn bɔne nso mu yɛ duru+ paa. 21 Mɛkɔ akɔhwɛ sɛ esũ ne nteateamu a mateɛ no te saa ampa, na sɛ ɛnte saa a mɛhunu.”+
22 Saa berɛ yi, mmarima no danee wɔn ho de wɔn ani kyerɛɛ Sodom; nanso Yehowa+ deɛ, na ɔda so gyina Abraham anim.+ 23 Ɛnna Abraham bisaa sɛ: “O enti wobɛpra ateneneefoɔ aka abɔnefoɔ ho?+ 24 Fa no sɛ ateneneefoɔ aduonum te kuro no mu, enti wobɛpra wɔn agu? Ateneneefoɔ aduonum a wɔwɔ mu yi remma wonhu kuro no mmɔbɔ?+ 25 Worentumi nni asɛm a ɛte saa, sɛ wobɛkum ɔteneneeni aka ɔbɔnefoɔ ho ama no awie ɔteneneeni sɛ ɔbɔnefoɔ!+ Worentumi nyɛ saa da.+ Asase nyinaa temmufoɔ no renyɛ deɛ ɛtene anaa?”+ 26 Afei Yehowa kaa sɛ: “Sɛ mehunu ateneneefoɔ aduonum wɔ Sodom kuro no mu a, wɔn nti mɛhu kuro no mmɔbɔ.”+ 27 Nanso Abraham kaa sɛ: “Mesrɛ wo, menim sɛ meyɛ dɔteɛ ne nsõ,+ nanso mayɛ sɛ me ne Yehowa bɛkasa. 28 Fa no sɛ aka nnipa nnum ansa na aduru ateneneefoɔ aduonum. Nnipa nnum a aka no nti wobɛsɛe kuro no nyinaa?” Ɛnna ɔkaa sɛ: “Sɛ mehunu nnipa aduanan nnum wɔ hɔ a merensɛe no.”+
29 Na Abraham san ka kyerɛɛ no sɛ: “Fa no sɛ aduanan na wɔwɔ hɔ.” Ɛnna ɔkaa sɛ: “Aduanan no nti merensɛe no.” 30 Ɔtoaa so sɛ: “Mesrɛ sɛ mma Yehowa bo mmfu+ me na menkasa:+ Fa no sɛ nnipa aduasa na wɔwɔ hɔ.” Ɛnna ɔkaa sɛ: “Sɛ mehunu aduasa wɔ hɔ a merensɛe no.” 31 Nanso ɔtoaa so sɛ: “Mesrɛ meka oo, mepɛ sɛ me ne Yehowa kɔ so kasa:+ Fa no sɛ nnipa aduonu na wɔwɔ hɔ.” Ɛnna ɔkaa sɛ: “Aduonu no nti merensɛe no.”+ 32 Afei ɔkaa sɛ: “Mesrɛ sɛ mma Yehowa bo mmfu+ me, na ma menka deɛ ɛtwa toɔ yi:+ Fa no sɛ nnipa du na wɔwɔ hɔ.” Ɛnna ɔkaa sɛ: “Edu no nti merensɛe no.”+ 33 Na Yehowa+ ne Abraham wiee kasa no ɔkɔeɛ, na Abraham nso san baa ne fie.