Genesis
17 Berɛ a Abram dii mfeɛ aduɔkron nkron no, Yehowa yii ne ho adi kyerɛɛ no kaa sɛ:+ “Mene adeɛ nyinaa so Tumfoɔ Nyankopɔn.+ Nante m’anim tēē, na mma asɛm biara mmma wo ho.+ 2 Me ne wo bɛyɛ apam,+ na mɛma w’asefoɔ adɔɔso papaapa.”+
3 Ɛnna Abram de n’anim butuu hɔ,+ na Onyankopɔn toaa so ka kyerɛɛ no sɛ: 4 “Hwɛ, me ne wo ayɛ apam,+ na wobɛyɛ aman pii agya.+ 5 Wɔremfrɛ wo Abram bio, na mmom wɔbɛfrɛ wo Abraham ɛfiri sɛ mɛma woayɛ aman pii agya. 6 Na mɛma w’ase atrɛ kɛse na woayɛ aman pii, na ahemfo bɛfiri wo mu aba.+
7 “Na mɛma apam a me ne wo+ ne w’aseni* ayɛ no atena hɔ sɛ daa apam+ de akɔsi awoɔ ntoatoasoɔ a ɛbɛba nyinaa so, na mɛyɛ Onyankopɔn ama wo ne w’aseni.+ 8 Mede asase a woabɛsoɛ soɔ yi, Kanaan asase nyinaa, bɛma wo ne w’asefoɔ+ daa; na mɛyɛ wɔn Nyankopɔn.”+
9 Na Onyankopɔn ka kyerɛɛ Abraham bio sɛ: “Di m’apam so, wo ne w’asefoɔ ne awoɔ ntoatoasoɔ a wɔbɛdi akyire aba nyinaa.+ 10 Na apam a me ne mo ayɛ a wo ne w’asefoɔ nyinaa bɛdi soɔ no nie:+ Mo mu ɔbarima biara ntwa twetia.+ 11 Montwa twetia na ɛnyɛ apam a me ne mo ayɛ no ho sɛnkyerɛnne.+ 12 Na ɔbarima biara a ɔwɔ wo fie a wadi nnawɔtwe ne awoɔ ntoatoasoɔ a wɔbɛdi akyire aba nyinaa ntwa twetia,+ obiara a wɔawo no wo fie ne obiara a wode sika atɔ no afiri ɔhɔhoɔ hɔ a ɔnyɛ w’aseni. 13 Ɛsɛ sɛ ɔbarima biara a wɔawo no wo fie ne obiara a wode sika atɔ no no twa twetia;+ na m’apam ho sɛnkyerɛnne a ɛwɔ mo honam mu no bɛyɛ daa apam.+ 14 Na ɔbarima biara a wɔntwaa no twetia no, sɛ wantwa a, wɔbɛtwa saa ɔkra no afiri ne nkurɔfoɔ mu atwene.+ Wabu m’apam so.”
15 Onyankopɔn toaa so ka kyerɛɛ Abraham sɛ: “Wo yere Sarai nso, mfrɛ no Sarai bio, ɛfiri sɛ seesei ne din de Sara.+ 16 Mɛhyira no na mama no awo ɔbabarima ama wo;+ mɛhyira no ama no ayɛ aman pii;+ na n’asefoɔ bɛyɛ ahemfo.”+ 17 Na Abraham teeɛ no, ɔde n’anim butuu hɔ sereeɛ, na ɔkaa no n’akomam sɛ:+ “Ɔbarima a wadi mfeɛ ɔha bɛtumi anya ɔba, na Sara nso, ɔbaa a wadi mfeɛ aduɔkron no bɛwo anaa?”+
18 Afei Abraham ka kyerɛɛ nokorɛ Nyankopɔn no sɛ: “O sɛ Ismael bɛnya nkwa w’anim a!”+ 19 Enti Onyankopɔn kaa sɛ: “Wo yere Sara bɛwo ama wo, na wobɛto ne din Isak.+ Me ne no bɛyɛ apam, na ɛbɛyɛ apam a ɛbɛgyina daa akɔsi n’asefoɔ nyinaa soɔ.+ 20 Na mate w’abisadeɛ a ɛfa Ismael ho no nso. Mɛhyira no ama no adɔre na n’asefoɔ ayɛ pii pa.+ Atitire dumienu bɛfiri ne mu, na mɛma no ayɛ ɔman kɛseɛ.+ 21 Na m’apam no deɛ, me ne Sara ba Isak+ a ɔbɛwo no afe sɛsɛɛ+ no na ɛbɛpam.”
22 Afei Onyankopɔn ne Abraham kasa wieeɛ no ɔgyaa ne hɔ kɔɔ soro.+ 23 Ɛnna Abraham faa ne ba Ismael ne mmarima a wɔwoo wɔn ne fie nyinaa ne obiara a ɔde sika tɔɔ no, ɔbarima biara a ɔwɔ Abraham fie, na ɔtwaa wɔn twetia saa da no sɛdeɛ Onyankopɔn ka kyerɛɛ no no.+ 24 Wɔtwaa Abraham twetia no na wadi mfeɛ aduɔkron nkron.+ 25 Na wɔtwaa ne ba Ismael nso twetia no na wadi mfeɛ dumiɛnsa.+ 26 Enti saa da no ara na wɔtwaa Abraham ne ne ba Ismael nyinaa twetia.+ 27 Ne fie mmarima nyinaa, obiara a wɔwoo no fie hɔ ne obiara a ɔde sika tɔɔ no firii ɔhɔhoɔ hɔ, twaa twetia.+