Genesis
16 Saa berɛ yi, na Abram yere Sarai nwoo ba biara mmaa no,+ nanso na ɔwɔ Egyptni abaawa bi a wɔfrɛ no Hagar.+ 2 Ɛnna Sarai ka kyerɛɛ Abram sɛ: “Hwɛ, Yehowa asi m’awoɔ ho kwan.+ Enti mesrɛ wo, kɔ m’abaawa yi ho, na ebia ɔbɛwo ama me.”+ Na Abram tiee Sarai.+ 3 Enti Sarai maa ne kunu Abram waree Egyptni abaawa Hagar.+ Saa berɛ yi, na Abram anya mfeɛ du wɔ Kanaan asase so. 4 Enti ɔkɔɔ Hagar ho na ɔnyinsɛneeɛ. Berɛ a ɔhunuu sɛ wanyinsɛn no, na n’ani nsɔ ne maame a ɔne no teɛ no bio.+
5 Ɛnna Sarai ka kyerɛɛ Abram sɛ: “M’amanehunu yi nyinaa firi wo. Me ara na mede m’abaawa too wo kokom, afei wahunu sɛ wanyinsɛn nti n’ani nsɔ me bio. Yehowa mmu me ne wo ntam atɛn.”+ 6 Enti Abram ka kyerɛɛ Sarai sɛ:+ “Hwɛ! W’abaawa no wɔ wo nsam. Yɛ no sɛdeɛ ɛyɛ w’ani soɔ biara.”+ Na Sarai firii aseɛ teetee no maa ɔdwane firii ne nkyɛn.+
7 Akyire yi Yehowa bɔfoɔ+ hunuu no abura bi ho wɔ Sur+ kwan so wɔ serɛ so. 8 Ɔbisaa no sɛ: “Hagar, Sarai abaawa, ɛhe na wofire na ɛhe na worekorɔ?” Na ɔbuaa sɛ: “Mefiri me maame Sarai nkyɛn na meredwane.” 9 Yehowa bɔfoɔ no kaa sɛ: “San kɔ wo maame no nkyɛn na brɛ wo ho ase hyɛ n’ase.”+ 10 Afei Yehowa bɔfoɔ no ka kyerɛɛ no sɛ: “Mɛma w’asefoɔ+ adɔɔso, na obiara rentumi nkan wɔn.”+ 11 Yehowa bɔfoɔ no toaa so sɛ: “Hwɛ, woafa afuro na wobɛwo ɔbabarima na woato ne din Ismael,+ ɛfiri sɛ Yehowa ate w’amanehunu.+ 12 Ɔbɛyɛ sɛ ɛserɛ so afunumu. Na ɔbɛma ne nsa so atia obiara, na obiara bɛma ne nsa so atia no;+ ɔbɛtena ntomadan mu wɔ ne nuanom nyinaa anim.”+
13 Afei ɔfirii aseɛ bɔɔ Yehowa a ɔne no kasaeɛ no din sɛ: “Woyɛ Onyankopɔn a wohunu adeɛ.”+ Na ɔkaa sɛ: “Deɛ ɔhu me no na me nso mahu no yi?” 14 Ɛno nti wɔfrɛɛ abura no Beer-Lahai-Roi.+ Ɛwɔ Kades ne Bered ntam. 15 Na Hagar woo ɔbabarima maa Abram na Abram too abɔfra no din Ismael.+ 16 Berɛ a Hagar woo Ismael no na Abram adi mfeɛ aduɔwɔtwe nsia.